30 OKUNAFO A NA ƆWƆ SAREFAT NO
Nea Ɔfaa Mu Nyinaa Akyi No, Onyaa Akokoduru
EBIA na ɔte nka sɛ obiara mmu ne ho akontaa, nanso saa na na ɛte anaa? Enti nea na ɔrefa mu no, na obi hu? Ná obi dwen ne ho anaa? Ná ɔyɛ ɔbaatan san yɛ okunafo. Sɛ na ɔwɔ Israel a, Onyankopɔn mmara a na ɛbɔ akunafo ne nnyanka ho ban no, anka obenya so mfaso ama ne werɛ akyekye. Nanso wei de, na ɔnyɛ Israelni. Ná ɔte Sarefat kurow a ɛwɔ Sidon mu. Saa kurow no nso, na Sidon Hene Etbaal yɛ onyamebea Astoret sɔfo wɔ hɔ. Sɛ obi som Astoret nso a, na ɛma odi bɔne akɛseakɛse, enti na atirimɔdensɛm ahyɛ kurow no mu ma. Afei nso, na ɔpɛ ne ɔkɔm rema nkurɔfo rehu amane. Ɛno nti, na wɔnhu nea wɔnyɛ wɔn ho. Sɛ okunafo hiani yi te kurow a ɛte sei mu a, ɛnyɛ nwanwa sɛ ɔbɛte nka sɛ n’anidaso asa.
Ná ɔbrɛ paa ansa na ne nsa aka aduan kakra a ɔne ne ba abarimaa no bedi. Ne nyinaa mu no, na nneɛma gye ara na ɛregye nsam. Enti ɔhwɛ sɛnea nneɛma rekɔ no a, na otumi hu sɛ wu ara na wɔbewuwu.
Nanso na Yehowa dɔ okunafo yi, na ohui sɛ ɔda nsow. Bɛyɛ mfe 1,000 akyi a Yesu Kristo baa asaase so no, ɔkaa sɛ na Israelfo no nni gyidi, nanso Yehowa hui sɛ ɔbea yi yɛ soronko. Enti wutumi hu sɛ, na wate Israelfo Nyankopɔn Yehowa ho asɛm, na ɛbɛyɛ sɛ sɛnea na ɔne ne nkurɔfo di no kaa ne koma paa. Ɛno nti ogyee Onyankopɔn dii. Nanso ɔbea a ɔnyɛ Israelni na ɔsan te abosonsomfo kurow mu yi, dɛn na na Yehowa bɛyɛ aboa no? Yehowa yɛɛ biribi maa no a na ɔnna nsoo ho dae da.
Yehowa somaa ne diyifo Elia sɛ ɔnkɔ atifi fam nkɔhwehwɛ saa okunafo yi, na ɔntena ne nkyɛn wɔ ɔpɛ bere no mu. Bere a odiyifo no duu Sarefat no, ohui sɛ ɔbea bi repɛ anyina de akɔsɔ gya. Ɔne ɔbea no kasaa kama, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa nsu kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.” Ná okunafo no nnim Elia, nanso Bible ka sɛ: “Ɔbea no siim sɛ ɔrekɔfa aba.” Ɛbɛyɛ sɛ Elia ataade a ɛhyɛ no, ne sɛnea ɔtoo ne bo ase ne no kasaa kama no ma ohui sɛ, Elia yɛ Yehowa diyifo. Ebia nea na Elia nso redwen ho ne sɛ, gyama ɔbea a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔ ne nkyɛn no ni anaa? Elia san bisaa ɔbea no hɔ biribi foforo, ɔkaa sɛ ɔbea no mmrɛ no paanoo kakraa bi.
Afei okunafo no kaa ne haw kyerɛɛ Elia. Ofii ase sɛ: “Sɛ́ Yehowa, wo Nyankopɔn te ase yi.” Asɛm a ɔkae no ma yehu sɛ na ɔwɔ gyidi wɔ nokware Nyankopɔn, anaa “Onyankopɔn teasefo” no mu. (Yer. 10:10) Afei ɔka kyerɛɛ Elia sɛ, paanoo de, onni bi, na mmom nea ɔwɔ ara ne esiam nsa ma pɛ a ɛwɔ ahina kɛse bi mu, ne ngo kakraa bi a ɛwɔ ahina ketewa bi mu. Ɔkaa sɛ ɔrekɔsɔ gya anoa aduan a aka wɔ hɔ no ama ɔne ne ba adi, ‘na wɔawu.’
Ná ɔne ne babarima redi kɔm, nanso n’aduan kakra a aka no, Yehowa diyifo bi srɛɛ no sɛ ɔmfa mma no
Afei Elia ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Nsuro.” Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi yɛɛ no nwanwa paa. Ebia adwene a ɛbaa ne tirim ne sɛ, ɔkɔm rebekum me ne me ba a wose mma minnsuro! Ne nyinaa mu no, otiee Elia. Odiyifo no nso kaa nea Yehowa bɛyɛ ama ɔbea no kyerɛɛ no. Ɔkaa sɛ, sɛ odi kan yɛ paanoo ketewa bi brɛ no a, Yehowa nso behyira no. Yehowa remma esiam ne ngo a ɛwɔ nhina mu no nsa da; enti wɔbenya wɔn ano aduan kosi sɛ ɔpɛ no betwam!
Ná okunafo no benya gyidi kɛse na ɔde n’aduan kakra a aka no ama Yehowa diyifo no anaa? Ɛbɛyɛ sɛ na onim sɛ Yehowa ayɛ nneɛma akɛseakɛse ama ne nkurɔfo, enti ɛnso no yɛ sɛ ɔbɛma ɔbea kunafo baako pɛ ne ne ba aduan. Ne nyinaa mu no, na egye akokoduru paa na ɔbea no atumi ayɛ nea odiyifo no kae no. Bible ka sɛ: “Enti ɔbea no kɔyɛɛ nea Elia kae no.”
Nea ɔbea no yɛe nti, Yehowa hyiraa no papaapa. Anwanwasɛm! Esiam no ne ngo a ɛwɔ ahina mu no ansa da, enti Elia ne okunafo no ne ne ba no kɔɔ so nyaa aduan kosii sɛ ɔpɛ no baa awiei. Nanso Yehowa yɛɛ biribi maa okunafo no a na ɛyɛ nwanwa mpo kyɛn saa. Prɛko pɛ, yare bɔɔ okunafo no ba no ma owui. Nanso Yehowa maa Elia nyanee abofra no! Wei ne bere a edi kan a Bible ka sɛ wɔnyanee obi a wawu. Bere a okunafo no huu anwanwade no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ne gyidi yɛɛ kɛse paa. Saa anwanwade no ne akokoduru a ɔbea kunafo no daa no adi nti, ama nnipa bebree nso anya akokoduru.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na okunafo a na ɔwɔ Sarefat no yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ná Sidon yɛ kurow kɛse wɔ Foinike. Nyame bɛn na na wɔsom no, na na wɔsom no sɛn? Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no kɔsom Sidonfo nyame, na nneɛma bɛn na ɛma wɔyɛe? (it “Sidon” ¶6-wcgr) A
Penta Springs Limited/Alamy Stock Photo
Mfoni A: Wei yɛ Astoret honi. Bɛboro mfe 3,500 ni na wɔyɛe
2. Ayɔnkofa bɛn na na ɛda Etbaal ne Israel hene Ahab ntam? (it “Etbaal”-wcgr)
3. Ná Foinikefo som onyamebea Astoret (Astarte). Nneɛma bɛn na na wɔyɛ de som onyamebea yi a ɛnnɛ nkurɔfo da so ara yɛ? (g94 1/8 13 ¶2-5)
4. Bere a okunafo no babarima wui no, adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ obisaa Elia sɛ: “Woaba ha sɛ worebɛkae me me bɔne na woakum me ba anaa?” (1 Ahe. 17:18; w14 2/15 15 ¶4-5) B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua?
Baabi a na ɔbea kunafo no te no, na wɔsom Baal, nanso Yehowa adwene kɔɔ ne so. Dɛn na asɛm yi ma wuhu fa Yehowa ho? Wɔn a wɔwɔ yɛn asaasesin mu no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yenya wɔ wɔn ho? (Aso. 10:35)
Gyidi ne akokoduru a okunafo a na ɔwɔ Sarefat no daa no adi no, dɛn na Kristofo a wɔn sikasɛm nkɔ yiye betumi asua afi mu? D
Mfoni D
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua okunafo a na ɔwɔ Sarefat no akokoduru?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan okunafo a na ɔwɔ Sarefat no ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛnea okunafo a na ɔwɔ Sarefat no yɛe no, dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ, Yehowa a yɛbɛfa no adamfo no hia yɛn sen honam fam nneɛma?
“Sɛ Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn a, Ɛbɛma Yɛanya Daa Nkwa” (w11 2/15 13-17)
Hwɛ adanse a ɛma yehu sɛ, biribiara a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi no, sɛ esua mpo a, Yehowa ani sɔ.