31 ISRAELNI ABAAYEWA KUMAA NO
Abofra Bi a Wɔkyeree No Kɔɔ Obi Man So Nyaa Akokoduru Kasae
BERE a na Ɔhene Yehoram di hene wɔ Israel no, na abaayewa bi wɔ kurow no mu. Bible ammɔ ne din, nanso ɛka sɛ ɔyɛɛ adepa bi. Saa bere no, na Ɔhene Yehoram ne ɔmanfo no atwe wɔn ho afi Yehowa ho, enti na Yehowa ma kwan ma Siriafo no taa bɛtow hyɛ Israelfo so fom wɔn nneɛma. Da koro a Siriafo no bae no, wɔfaa abaayewa yi kɔɔ Siria.
Ɛbɛyɛ sɛ wei maa ehu kaa abaayewa no, na n’abusuafo nso dii ho awerɛhow paa. Ɔkɔyɛɛ Naaman ne ne yere afenaa. Ná Naaman yɛ Siriafo sahene. Ɛwom sɛ na abofra no akodi obi man so de, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɔyeree ne ho maa n’ani kaa hɔ. Ebetumi aba sɛ ohui sɛ anigye nni fie hɔ, efisɛ na Naaman yare kwata. Kwata nso de, ɛyɛ yare bɔne a sɛ ɛyɛ obi a, ne ho tumi tutu akuru, na ne sa nso yɛ sa na.
Wɔn a na ɔne wɔn te no, na wɔsom atoro anyame, nanso onyaa ayamhyehye maa wɔn, na ɔdaa akokoduru nso adi
Ná nnipa asɛm yɛ abaayewa yi mmɔbɔ. Ná onim paa sɛ Naaman yɛ Israelfo tamfo, nanso na nea ato ɔne ne yere no yɛ no yaw. Ná onim sɛ Naaman betumi anya ayaresa, efisɛ anwanwade ahorow a Yehowa maa ne diyifo Elisa yɛe no, ɛbɛyɛ sɛ n’awofo kaa ho asɛm kyerɛɛ no. Ne nyinaa mu no, Nanso na ɔntee da sɛ Elisa asa kwatani bi yare. Nanso, na abaayewa no gye di paa sɛ, ne Nyankopɔn, Yehowa betumi ama ne diyifo no tumi ama waboa Naaman.
Ná obenya akokoduru aka odiyifo yi ho asɛm akyerɛ wɔn anaa? Ɔrekɔka yi, ɛrenkɔfa asɛm mmrɛ no de? Ná Naaman som Siriafo nyame Rimon, na na ɔtaa kogya Siria hene wɔ Rimon asɔrefi ma ɔkɔsom no. Ɛbɛyɛ sɛ na Siriafo no gye di sɛ saa onyame no yɛ onyame kɛse a ɔma ahum ne aprannaa ba. Ebia abaayewa no bisaa ne ho sɛ, ‘Sɛ meka me Nyankopɔn Yehowa ho asɛm kyerɛ Naaman a, ɔbɛyɛ n’ade sɛn? Naaman bo befuw sɛ makɔka biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ tumi sen Rimon anaa?’ Ɛbɛyɛ sɛ abaayewa no bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma no akokoduru. Afei onyaa akokoduru kɔka kyerɛɛ Naaman yere sɛ: “Sɛ anka me wura bɛkɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, anka ɔbɛsa ne kwata no ama no.”
Abaayewa no anom nsɛm a ɛwɔ Bible mu ara ni. Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ tia, nanso nea efi mu bae nyɛ asɛm ketewa. Nkyekyɛm a ɛtoa abaayewa no asɛm no so wɔ Bible mu no ka sɛ, Naaman kɔkaa abaayewa no asɛm no kyerɛɛ ne hene Ben-Hadad. Ɛnna ɔhene no kyerɛw krataa maa Naaman sɛ ɔmfa nkɔma Israel hene Yehoram sɛ ɔnsa ne kwata no mma no.
Bere a Naaman kɔe no, ɛbɛyɛ sɛ na ne fiefo a wɔaka akyi no nyinaa retwɛn ahwɛ nea asɛm no bɛkɔ akosi. Ebetumi aba sɛ, abaayewa no bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa mpɛn pii sɛ ɔnyɛ biribi mma Naaman nhu sɛ, ɔno Yehowa nko ara ne nokware Nyankopɔn no. Bere a Naaman kɔe no, ebetumi aba sɛ edii nna pii, anaa nnawɔtwe bebree ansa na ɔreba. Bere a obedui no, na kwata no nyinaa kɔ ma ne honam ayɛ frɔmfrɔm sɛ abofra de. Wo de, hwɛ sɛnea ne fiefo ani begye afa!
Ɛbɛyɛ sɛ bere a abaayewa no retie Naaman asɛm no, oyiyii n’asom paa. Ebia ɔtee sɛ bere a Naaman kɔɔ Elisa fie no, ɔmaa ne somfo de akwankyerɛ bi a ɛsodi nyɛ den brɛɛ Naaman, nanso ɛhyɛɛ no abufuw. Ɛnna Naaman nkoa srɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ nea odiyifo no kae no. Enti ɔkɔtɔɔ Asubɔnten Yordan mu mpɛn nson, na ne kwata no nyinaa ase tui. Nea ɛyɛ dɛ wɔ asɛm no ho koraa ne sɛ, na Naaman aka akyerɛ Elisa sɛ efi saa bere no rekɔ, abaayewa no Nyankopɔn Yehowa na ɔno nso bɛsom no!
Sɛ abaayewa kumaa no annya akokoduru anka ne Nyankopɔn ne odiyifo no ho asɛm a, ɛbɛyɛ dɛn na anka wei nyinaa atumi ayɛ yiye? Yɛn de, yennim abaayewa no din, nanso Yehowa de, onim. Sɛ yesuasua abaayewa no akokoduru a, ɛda a Yehowa benyan no no, yɛn nso yebehu no. Sɛ wuhyia no saa bere no, na wuhu ne din, na ɔka nsɛm a esisii a yɛntee da no nyinaa kyerɛ wo a, hwɛ sɛnea w’ani begye!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Israelni abaayewa kumaa no yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ɛbɛyɛ sɛ na abaayewa no suro Siriafo no, na na nneɛma bi a wɔyɛ nso ma ne ho dwiriw no. Adɛn ntia? (w96 5/15 8 ¶3) A
Courtesy of Musée du Louvre, Paris
Mfoni A: Tete Siriafo bosom; ebetumi aba sɛ ɛyɛ onyame Rimon
2. Sɛ kwata yɛ obi a, sɛn na etumi yɛ ne nipadua? (it “Kwata” ¶3-5-wcgr)
3. Adɛn nti na Naaman maa Elisa akyɛde no, wannye? (w05 8/1 9 ¶2)
4. Dɛn nti na na Elisa gye di sɛ, sɛ Naaman bɔ ne mu ase wɔ onyame Rimon anim bio a, Yehowa de bɛkyɛ no? (2 Ahe. 5:18, 19; w05 8/1 9 ¶3) B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua?
Siria asraafo a na wɔtaa tow hyɛ Israelfo so no, na Naaman yɛ wɔn sahene, nanso Yehowa saa no yare. Dɛn na woasua wɔ saa asɛm no mu a, ɛma wuhu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu na onyiyi nnipa mu? D
Mfoni D
Sɛ wopɛ sɛ wudi adanse na sɛ ehu ka wo a, dɛn na woasua afi Israelni abaayewa no asɛm no mu a ɛbɛboa wo ama woanya akokoduru?
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Israelni abaayewa no akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Israelni abaayewa no ba a, asɛm bɛn na mebisa no?a
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Israelni abaayewa no, na ne ho nhia nti na wɔamfa ne din amma Bible mu anaa?
“Adɛn Nti na Bible Kaa Ebinom ho Asɛm Nanso Ammɔ Wɔn Din?” (w13 8/1 10)
Hwɛ nea mmerante ne mmabaa betumi ayɛ na wɔanya akokoduru te sɛ Israelni abaayewa no.
a Sɛ abaayewa no nyin bɛyɛɛ panyin ansa na ɔrewu a, ɛnde owusɔre no du na sɛ wɔnyan no a, ɔrenyɛ abofra, mmom ɔbɛyɛ panyin.