Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa
Ná Ɔwɔ Gyidi Ne Akokoduru—So Wowɔ Bi?
SIRIAFO asraafo dɔm refa Israelni abeawa kumaa yi dommum. Awiei koraa no wode no kɔma Naaman, Siriafo asraafo panyin no, yere. Wo atamfo asase so wo akyirikyiri a ɛmmɛn ne fi wo Israel na na ɔresom Naaman yere.
Naaman yɛ dɔmmarima a ɔwɔ ahoɔden a wobu no kɛse. Nanso, ɔyare bɔne a wɔfrɛ no kwata a etwitwa nipadua no afã bi gu no ayɛ asraafo panyin kɛse yi. Bere a na Israelni abeawa kumaa yi wo Israel a na wonnya nkyeree no no, na wate anwonwade ahorow a Yehowa nam odiyifo Elisa so yɛe a ma a ɔmaa nkwa san baa ɔbea bi babarima mu no mpo ka ho. (2 Ahene 4:8-37) Ná abeawa a ɔnte sɛ afoforo pii no wɔ Onyankopɔn mu gyidi kɛse wɔ n’anwonwade ahorow no ho, na na ɔwɔ akokoduru sɛ ɔbɛka ho asɛm.
Enti da koro bi, sɛnea wubetumi ahu no, abeawa kumaa no ka kyerɛɛ Naaman yere sɛ: ‘Sɛ me wura bɛkɔ Samaria a, anka Yehowa diyifo a ɔwɔ hɔ no bɛsa ne kwata no.’ Akyiri yi, obi kɔkaa nea Israelni abeawa kumaa no kae no kyerɛɛ Naaman. Hwɛ sɛnea ebia Naaman ani gyee eyi ho!
Sɛnea woayɛ ho mfonini wɔ ha no, yebetumi ayɛ Naaman a ɔrekɔ abeawa kumaa no nkyɛn na waka biribi te sɛ eyi akyerɛ no no ho mfonini wɔ yɛn adwenem: ‘Mene Siria asraafo so panyin. Nanso woansuro sɛ wobɛka akyerɛ me sɛ menkɔ wo man mu, nkɔ wo Nyankopɔn no diyifo nkyɛn na wasa me kwata no. Abeawa, wowɔ gyidi kɛse ne akokoduru a pɛsɛmenkominya nnim, na woansuro sɛ me bo befuw wo wɔ wo ayamye yi ho. Mɛsrɛ kwan afi Siria hene nkyɛn na makɔ Israel.’—2 Ahene 5:1-5.
So wutumi hu wo ho sɛ wowɔ tebea a ɛte sɛ Israelni abeawa kumaa de no mu? So wunim Yehowa papayɛ ho asɛm ne sɛnea waba ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nneɛma nhyehyɛe foforo a emu na nnipa nyinaa benya ahoɔden na wobetumi atra ase daa no? (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛdɛn, sɛ nnipa pii nim nnɛ mpo a, ɛyɛ ɛho asɛm kakraa bi!
Enti, sɛ́ abofra no, ebia wubehu sɛ wowɔ tebea bi a ɛte sɛ abeawa kumaa a woayɛ ne ho mfonini wɔ ha no mu. Ɔkyerɛkyerɛfo ne sukuufo afoforo a wɔwɔ dan yi mu no nnim Yehowa ho asɛm. Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, sɛ wunya hokwan a, so wubenya gyidi ne akokoduru sɛ wobɛkasa na woaboa afoforo ma woakɔ baabi a wobetumi anya honhom mu ayaresa?
Nanso dɛn na ɛbaa Naaman so? So wɔsaa no yare? Ɛno yɛ asɛm foforo a yebesusuw ho akyiri yi.