32 ELISA
“O Yehowa, Mesrɛ Wo, Bue N’ani”
NÁ ODIYIFO Elisa ne ne somfo no wɔ Dotan. Ná Dotan yɛ kurow bi a ɛda mmepɔw mu, na na wɔde afasu atwa ho nyinaa ahyia. Da koro anɔpa bi, Elisa somfo no pue kɔɔ abɔnten, na ohuu biribi ma ɔbɔɔ hu paa! Ɔnkɔhwɛ a, Siria asraafodɔm a wɔaben wɔ akodi mu ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn ko nteaseɛnam na wɔabetwa kurow no ho ahyia yi. Anadwo na wɔbetwaa kurow no ho hyiae. Ná wɔrepɛ Odiyifo Elisa akyere no, ɔno nko ara nti na na asraafodɔm yi asoa wɔn ho aba kurow no so. Elisa somfo no de ahopopo soo mmirika mu kɔbɔɔ ne wura amanneɛ sɛ baabi a adu yi de, wɔawu awie!
Elisa de, na ɛnyɛ no nwanwa, efisɛ na wei nyɛ biribi a onhuu bi da; na nneɛma bebree de ne nkwa ato asiane mu pɛn. Mfe kakra a atwam no, Yehowa ka kyerɛɛ Odiyifo Elia a ne mfe akɔ anim no sɛ, Elisa na obedi n’ade enti ɔntete no. Wɔgu so reyɛ Yehowa adwuma no, wɔhyiaa ɔhaw paa efisɛ saa bere no, Ɔhene Ahab ne ɔhemmaa Yesebel, ne wɔn ba Ahasia yɛe ara sɛ wɔbekum wɔn. Afei nso, bere bi akyi no, dakoro Elisa ne Elia wɔ hɔ ara na ogya teaseɛnam fi soro bɛtetew wɔn mmienu ntam. Ɛnna Elia faa ahum mu kɔe. Ebetumi aba sɛ Elisa anhu n’adamfo a ne mfe akɔ anim yi bio. Nanso adwuma a Elia dii kan yɛe no, ɔtoaa so yɛe. Ná Yehowa pɛ sɛ wɔtu Baalsom ase enti Elisa dii “adiyifo mma” no anim ma wɔtoaa so yɛɛ saa adwuma no.—2 Ahe. 2:15.
Yehowa maa Elisa yeyɛɛ anwanwade bebree. Anwanwade a odiyifo no yɛe no bi ne sɛ, ɔsaa Naaman kwata maa no. Ná Naaman yɛ Siria hene Ben-Hadad sahene, enti na ɔyɛ onipa kɛse. Anka ɛsɛ sɛ ɔhene no kyerɛ nea Elisa yɛ maa ne sahene no ho anisɔ, nanso wanyɛ saa. Mmom, sɛnea na ɔyɛ daa no, ɔtoaa so maa asraafo kɔfom Israelfo nneɛma. Ɛno nti, sɛ Ben-Hadad bɔ pɔw bi, anaa ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfom Israelfo nneɛma a, na Yehowa ti ho kyerɛ Elisa. Wei hyɛɛ Siria hene no abufuw paa, na obisaa n’asomfo no sɛ wɔn mu hena na ɛyɛ a ɔkɔte ne to kyerɛ atamfo no. Asomfo no baako kaa sɛ, ɛyɛ Yehowa diyifo Elisa, “ɔno na nsɛm a woka wɔ wo pia mu mpo, ɔka kyerɛ Israel hene.” Enti bere a Ben-Hadad tee sɛ odiyifo Elisa wɔ Dotan no, ɔsomaa ne mmarima sɛ wɔnkɔkyere no.
Ná ɛte sɛnea odiyifo Elisa ne ne somfo no aka aguaa mu a wɔn anidaso asa, nanso odiyifo no de, na onim biribi a ne somfo no nnim
Elisa somfo no na odii kan huu Siria asraafodɔm no, ɛnna ɔde nteɛteɛm tuu mmirika kɔbɔɔ Elisa amanneɛ sɛ: “O me wura! Yɛbɛyɛ dɛn?” Bere a Elisa huu sɛ ne somfo no abɔ hu no, ɔkaa ne koma too ne yam, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ: “Nsuro!” Ɔsan kaa asɛm bi a ɛhyɛ gyidi den paa kyerɛɛ ne somfo no, na na ne somfo no werɛ remfi da. Ɔkaa sɛ: “Wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho.” Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a odiyifo no kae no yɛɛ ɔsomfo no nwanwa paa, na na ne tiri mu ntene no. Ebia obisaa ne ho mpo sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na nipa mmienu atumi adi asraafodɔm kɛse yi so nkonim? Enti Elisa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na onhu nea ɛrekɔ so.”
Elisa ano sii ara pɛ na Yehowa tiee ne mpaebɔ no. Nea na ɛrekɔ so a onipa aniwa rentumi nnhu no, Yehowa buee ɔsomfo no ani ma ohui. Prɛko pɛ “Ɔnkɔhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ mmepɔw no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi”! Nea ohui no, na ɛyɛ Yehowa abɔfodɔm a wɔn ho yɛ den sen nnipa asraafodɔm biara.
Siria asraafo no de, na wɔntee sɛ odogo bi renu abɛ; Elisa a na wɔrebɛkyere no no, ɛno ara na na ɛwɔ wɔn adwene mu, efisɛ wɔanhu Yehowa abɔfodɔm no. Wei nti, Elisa srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn ani mfura, na Yehowa nso tiei. Wei nkyerɛ sɛ Yehowa maa wɔn ani furae a na wɔnhu ade, mmom no, nea na wɔn aniwa hu no, na wɔnte ase. Wei nti bere a Elisa kaa sɛ obedi wɔn anim de wɔn akɔ ɔbarima a wɔrehwehwɛ no no nkyɛn no, ɛno ara ne sɛ wɔdi n’akyi saa ara. Elisa nso de wɔn twaa kwan bɛyɛ kilomita 16 (akwansin 10) de wɔn kopuee Samaria. Afei ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wɔn ani mmue. Bere a Yehowa buee wɔn ani no, ɛhɔ ara na wɔn ani baa wɔn so, na wɔhui sɛ wɔakopue Israel ahenkurow Samaria mfinimfini! Ɛbaa saa no, na Israel hene pɛ sɛ okunkum wɔn. Nanso wɔn asɛm yɛɛ Elisa mmɔbɔ, enti ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔmma wɔn biribi nni na onnyaw wɔn kwan mma wɔnkɔ wɔn kurom. Bible ka sɛ: “Siriafo dɔm a wɔfom nkurɔfo nneɛma no ansan amma Israel asaase so bio.”
Odiyifo no gyidi nti, “ohuu” sɛ abɔfodɔm bi ka wɔn ho. Mfe dodow a ɔde asom Yehowa no ma obehui sɛ, sɛ obi de nokwaredi som Yehowa a, Yehowa nso ne n’abɔfo no bɛn no, na bere nyinaa wɔayɛ krado sɛ wɔbedi aboa no. Nokwasɛm yi a na Elisa nim no, ɛbɛyɛ sɛ ɛka ho bi paa nti na onyaa akokoduru. Yɛn nso, sɛ yesuasua Elisa a, yebenya akokoduru kɛse.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Elisa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Bere a Yehowa frɛɛ Elisa sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo no, dɛn na ɔyɛe a ɛma yehu sɛ ɔyɛɛ n’ade ntɛm so de kyerɛe sɛ n’ani sɔ hokwan no? (1 Ahe. 19:19-21; it “Elisa” ¶2-wcgr) A
Mfoni A
Mfoni A
2. Elia honhom no, adɛn nti na Elisa srɛɛ “kyɛfa abien”? (2 Ahe. 2:9; w03 11/1 31)
3. Anifurae a Yehowa de baa Siriafo so no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɛnyɛ anifurae ankasa, na mmom adwenem anifurae? (it “Anifurae” ¶6-wcgr)
4. Bere a na Elisa yɛ odiyifo no, dɛn ne dɛn na otumi yɛe? (it “Elisa” ¶27-28-wcgr)
Dɛn Na Woasua?
Sɛ gyidi a yɛwɔ ma “yehu” sɛ abɔfo ka yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn? B
Mfoni B
Sɛnea Elisa hyɛɛ ne somfo no nkuran no, dɛn na asafo mu mpanyimfo ne yɛn a yɛaka betumi ayɛ de asuasua no?
Dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Elisa akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Elisa ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛ wɔde dwumadi foforo hyɛ onua bi nsa anaa wɔma no asɛyɛde foforo a, dɛn na obetumi asua afi Elisa hɔ?
Yɛnhwɛ biribi foforo a yebetumi asua afi nea esisii wɔ Elisa asetena mu.