33 YEHOIADA
Ɔbɔɔ Obi a Ɔfata Sɛ Odi Ade Ho Ban
NÁ YEHOIADA abɔ akwakoraa nanso na ɔde ahokeka som Yehowa. Afei nso nea na ɛda ne koma so ne sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Ná ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, enti ɔno na na odi ɔman no anim ma wɔsom Onyankopɔn. Nanso saa bere no, na abosonsom abu so, na na nnipa dodow no ara yɛ nneɛma bɔne.
Saa nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so no, dodow no ara, ɔbea bi a wɔfrɛ no Atalia na na ɔrehyɛ nkurɔfo kutupa. Ná ne papa ne Israel hene Ahab, na na ne maame nso ne Ɔhemmaa Yesebel. Ahab ne Yesebel yɛɛ nneɛma bɔne ara ma Yehowa kaa sɛ ɔbɛhyew wɔne wɔn asefo nyinaa ase. Ɛwom, na Atalia kunu yɛ Yuda hene, nanso na Atalia kyi nokwaresom. Akyiri yi, ne kunu wui maa ne ba bedii n’ade, nanso Yehowa maa wɔkum ne ba no. Ɛbaa saa no, Atalia ankasa sii ne ho hemmaa. Nanso na Yehowa mpɛ saa, efisɛ na wahyɛ sɛ, sɛ obi bɛyɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a ofi Dawid abusua mu tẽẽ a ɛnyɛ nkyɛn. Enti mmarima a na wɔbetumi abɛyɛ ɔhene no, Atalia yɛɛ sɛ obekunkum wɔn nyinaa na ama wakɔ so adi ade. Ɔno ara ne mmanana mpo, ɔhyɛe sɛ wɔnkunkum wɔn nyinaa, efisɛ na wɔbetumi abedi ade.
Ɔsɔfo panyin bi ne ne yere de wɔn nkwa too asiane mu bɔɔ abofra bi ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhemmaa tirimɔdenfo bi renkum no
Yehoiada waree ɔbea kokodurufo bi a ne din de Yehoseba, na na wɔsan frɛ no Yehosabat. Ná Yehoseba fi adehye abusua mu. Dawid asefo a Atalia yɛe sɛ ɔbɛhyew wɔn ase no, Yehoseba ne ne kunu Yehoiada ani annye ho koraa. Efisɛ na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛtena akongua no so daa! (2 Sam. 7:12, 13) Enti nea Yehoseba yɛe ne sɛ, ɔbɔɔ Dawid asefo no mu baako a na ɔyɛ abofra ketekete ho ban. Onyaa akokoduru wiawiaa ne ho kɔfaa abofra no fii ahemfie hɔ, na ɔde ɔne ɔbea a ɔhwɛ no no kaa abofra no ho kɔmaa ne kunu Yehoiada. Ɔsɔfo panyin Yehoiada nso de abofra no kosiee dan bi mu wɔ asɔrefie hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu no.
Ná abofra no din de Yehoas. Yehoiada de no siee Onyankopɔn asɔrefie hɔ mfe nsia de bɔɔ ne ho ban. Ɛnyɛ ade a na Yehoiada bɛfa no ahogono so koraa, efisɛ sɛ Atalia tee ho asɛm a, anka obekum wɔn. Eduu baabi no, Yehoiada buee biribiara so. Ɔfrɛɛ asahene nnum bi a wɔdi Yehowa nokware de nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no too wɔn anim. Ɔma wɔhuu sɛ, Dawid aseni bi a obetumi abɛyɛ ɔhene da so te ase! Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmpaw asraafo anaa asogyafo 500, na wɔnkyekyɛ wɔn mu akuwakuw mma wɔnnyinagyina asɔrefie hɔ, ne mmeaemmeae wɔ asɔrefi hɔ. Afei bere soe sɛ Yehoiada si abofra Yehoas hene, enti ɔmaa asogyafo no faa akode ne akyɛm kotwaa abofra no ho hyiae. Ɛnna nnipa a atwa hɔ ahyia no de anigye bɔɔ wɔn nsam. Atalia tee ara pɛ na osoo mmirika mu kɔɔ asɔrefie hɔ.
Bere a Atalia bɔ wuraa asɔrefie no adiwo hɔ ara pɛ na ohui sɛ wɔresi Yehoas hene, enti ɔyɛe sɛ obesi kwan. Ɔteɛɛm denneennen sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!” Asɛm a na ɔreka yi, na ɔno ankasa di ho fɔ, efisɛ ɔfaa nyansakwan so bɔɔ pɔw bɔne na ɔde bɛyɛɛ ɔhemmaa. Sɛ Atalia nyaa adwene sɛ obi rebɛtaa n’akyi a, ɛnde ne nsa sii fam. Efisɛ na Yehoiada afa ne ho adwene dedaw. Ɔmaa asogyafo no yeree ɔhemmaa wudifo no de no fii asɔrefie hɔ. Ɛnna wɔkokum no. Ná Yehowa aka ato hɔ dedaw sɛ “Ahab fifo nyinaa bewuwu.” (2 Ahe. 9:8) Ɛbɛyɛ sɛ Atalia ne obi a otwa to a wɔkum no wɔ ɔhemmɔne Ahab abusua mu.
Atalia wu akyi no, Yehoiada ammobɔ ne nsa angu ne bo. Ɔmaa Ɔhene Yehoas ne ɔman no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbedi Yehowa Nyankopɔn nokware. Afei nso ɔmaa wɔkum Baal sɔfo no, ɛnna wɔbubuu Baal abosom dan no. Ɛno akyi no, Yehoiada yɛɛ nea obetumi biara tetee Yehoas sɛnea ɛbɛyɛ a obenyin abɛyɛ ɔhene pa na wadi Yehowa nokware. Yehoas kɔɔ so dii Yehowa nokware kosii sɛ ɔsɔfo panyin Yehoiada wui. Bere a Yehoiada wui no, na wadi mfe 130. Ɛwom, na ɔnyɛ ɔhene nanso wɔsiee no wɔ baabi a wɔsie ahemfo wɔ Yerusalem no.
Awerɛhosɛm ne sɛ, Yehoiada wu akyi no Yehoas gyaee Yehowa som. Yuda mpanyimfo a na wɔsom abosom no, Yehoas de ne ntama kɔbɔɔ wɔn de ano, na wɔsɛee n’adwene. Wei nti, ɔmaa ɔman no som abosom. Yehowa maa n’adiyifo kotuu no fo nanso obuu nnua guu n’asom; wantie wɔn. Wɔn mu baako a otuu no fo ne Yehoiada ba Sakaria. Obisaa ɔmanfo no sɛ: “Dɛn nti na mubu Yehowa mmara nsɛm so?” Nanso Yehoas bo fuwii, na ɔma wɔkum no! Sakaria de akokoduru kɔɔ so dii ne papa anammɔn akyi kosii sɛ owui. Mfe pii akyi a Yesu Kristo baa asaase so no, ɔkaa sɛ Sakaria yɛ ɔtreneeni. Yesu te sɛ n’agya, enti ne werɛ remfi mmarima ne mmea a wɔde akokoduru ne nokwaredi som Yehowa no da.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Yehoiada yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. “Karia awɛmfo” a wɔboaa Yehoiada ma otuu Atalia ade so no, animdefo bi kyerɛ sɛ wɔyɛ henanom? (2 Ahe. 11:4, 19; it “Karia Awɛmfo”-wcgr)
2. “Adanse nhoma no,” ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dɛn, na adɛn nti na Yehoiada de too Yehoas ti so? (2 Ahe. 11:12, ase hɔ asɛm; w91 2/1 31 ¶5-6) A
Mfoni A
3. Adɛn nti na Yehoas kaa sɛ wɔnsiesie Yehowa asɔrefie hɔ? (2 Be. 24:4-7, 11-14; it “Yehoas” No. 1 ¶5-wcgr)
4. Ná Sakaria yɛ Yehoiada ba. Nanso adɛn nti na Yesu frɛɛ Sakaria “Barakia ba”? (Mat. 23:35 ho adesua asɛm a yɛato din “Barakia ba,” nwtsty-wcgr)
Dɛn Na Woasua?
Bere a Yehoiada de Yehoas kosiei no, ɛbɛyɛ sɛ na Yehoiada adi boro mfe 100. Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim no, dɛn na wɔbetumi asua afi Yehoiada hɔ? (Dw. 92:12, 14) B
Mfoni B
Bere a Yehoas tiee Yehoiada no, esii no yiye. Dɛn na mmerante ne mmabaa betumi asua afi mu?
Dɛn ne dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Yehoiada akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Yehoiada ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛ mmofra pɛ sɛ wɔfa nnamfo a, dɛn na wɔbetumi asua afi Yehoas hɔ?
“Nnamfo Bɔne Maa Yehoas Twee Ne Ho Fii Yehowa Ho” (w09˗E 4/1 24-25˗wcgr)
Hwɛ sɛnea Yehoiada nhwɛso no betumi aboa wo bere a woreyi ntoboa de aboa Yehowa som
“Ntoboa Ahorow a Ɛma Onyankopɔn Koma Ani Gye” (w05 11/1 26-27)