Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 34 kr. 154-kr. 157
  • “Ɔbataa Yehowa Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔbataa Yehowa Ho”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Ɔbataa Yehowa Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nguanhwɛfo Baason, Abirɛmpɔn Baawɔtwe​—Dɛn na Ɛkyerɛ Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 34 kr. 154-kr. 157

34 HESEKIA

“Ɔbataa Yehowa Ho”

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

YUDA ahemfo kakraa bi na edii nokware maa Yehowa, na na Hesekia ka ho. Nanso abusua a ofi mu de, wɔanni nokware amma Yehowa. Ne papa Ahas sei, wanni Yehowa nokware, na ɔmaa ne manfo som abosom. Ɔno ara ne yam ba mpo, ɔde no bɔɔ afɔre maa abosom. (2 Ahe. 16:​2-4; 2 Be. 28:​1, 3) Ebetumi aba sɛ nneɛma a Hesekia hui wɔ ne mmofraberem no, na ani yɛ nyan. Nanso onyinii no, wanni ne papa nhwɛso bɔne no akyi. Ne papa Ahas wui no, na Hesekia adi mfe 25, na obedii ne papa ade. Bere a obedii ade no ara na ofii ase de akokoduru tuu abosonsom ase.

Ɔma wɔsiesiee Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no, na abosom ne abosonsom ho nneɛma a ɛwowɔ asɔrefie hɔ nso, oyiyii ne nyinaa fii hɔ, na wɔsan fii ase som Yehowa wɔ hɔ. Adwuma a na asɔfo no yɛ no, ɔma wɔfii ase yɛe bio. Afei, ɔbɔɔ ɔman no amanneɛ sɛ wɔbedi Twam Afahyɛ kɛse bi. Israel mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no mpo, ɔsoma kɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ wɔmmra mma wɔnni saa afahyɛ no. Wɔn a wɔkɔbɔɔ amanneɛ no, ɛhɔfo no bi tweetwee wɔn, nanso ebinom bae. Nea Hesekia yɛe no hyɛɛ Israel ne Yuda ahemman no nkuran ma wɔsɛee abosom ne abosom adan, ne abosom ho nneɛma a wɔwɔ nyinaa. Kɔbere ɔwɔ a Onyankopɔn maa Mose yɛe mfe pii a atwam no nso, na wɔde adan bosom. Enti Hesekia bubuu no pasaa sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentumi nsom.

Hesekia de n’ani too fam mfe pii hui sɛ asiane rebobɔ ba Israel so. Ná Yehowa adi kan abɔ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no kɔkɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na Hesekia bedii ade no, ankyɛ biara na saa asɛm no baa mu. Asiriafo tow hyɛɛ Israel ahemman no so, na wɔsoaa wɔn mu pii kɔɔ Asiria. Ebia ɛbaa Hesekia tirim sɛ Yuda nso ho bɛka aguaa mu. Efisɛ sɛnea Israel ahemman no anni Yehowa nokware no, saa ara na Yuda nso yɛe. Wɔn mpo de, na wɔkyɛn Israel ahemman no. Yehowa nam n’adiyifo so bɔɔ Yuda man no nso kɔkɔ, na nea Yehowa bɛka biara nso, na ɛbam. Enti bere a Hesekia hui sɛ Asiriafo abetwa Yuda man ho ahyia no, ɛbɛyɛ sɛ na ne nsono gu gyam.

Ankyɛ biara na Asiriafo Hene Senaherib tirimɔdenfo no dii n’asraafo anim sɛ wɔrebɛtow ahyɛ Yuda so. Yuda nkurow a Hesekia di so no, Asiriafo no de nkakrankakra dii emu pii so nkonim. Ɛbɛyɛ sɛ saa mmere bɔne a na ama ne ho yeraw no yi mu nso na yare bi bɔɔ no, na na onim sɛ obewu. Saa bere no nso, na onni babarima biara, enti sɛ owu a, na wɔrennya obi a ɔyɛ Dawid aseni mma onni n’ade. Wei nti onyaa Yehowa mu gyidi bɔɔ mpae srɛɛ no sɛ ɔmma ne ho ntɔ no. Yehowa nso tiee no, na ɔsaa no yare. Yehowa kyerɛe sɛ ɔdɔ Hesekia paa, efisɛ ɔde mfe 15 kaa ne nkwa nna ho! Ne nyinaa mu no, na Asiriafo no da so ara retaataa Yerusalemfo.

Ná Hesekia pɛ sɛ ɔbɔ Yerusalem kurow kronkron no ho ban, enti ɔde sika kɛse bi kɔmaa Asiria hene Senaherib sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrensɛe kurow no. Senaherib gyee sika no, nanso na wawe ataa so sɛ obegye kurow no. Hesekia nso faa ne ho adwene; osisiw nsuti ne nsubɔnten a ɛwɔ kurow no akyi nyinaa, na ɔdanee nsu no ani ma ɛbɛdaa Yerusalem kurow no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔka kurow no hyem a ɔmanfo no benya nsu anom. Afei nso, kurow no afasu a na abubu no nyinaa, ɔsan sii bio. Ɔkaa ɔmanfo no koma too wɔn yam, na ɔma wɔhui sɛ Yehowa ho yɛ den sen nnipa asraafodɔm biara.

Bere a ɔtamfo bi a ne ho yɛ den baa Yerusalem so behunahunaa wɔn no, Hesekia kaa ɔman no koma too wɔn yam

Nea Hesekia yɛe no beree Senaherib kuru koraa. Ɔsomaa ne sahene Rabsake ma okohunahunaa Yerusalemfo no, na ɔkekaa nsɛm bi de buu wɔn abam. Odidii ɔhene no atɛm pɔtɔɔ na obuu Yehowa Nyankopɔn nso animtiaa. Nanso Hesekia kɔɔ so nyaa Yehowa mu gyidi, na ɔhyɛɛ ne manfo nkuran. Ɛbaa saa no, Senaherib kyerɛw nkrataa de kɔbɔɔ Hesekia hu sɛnea ɛbɛyɛ a n’abam bebu. Hesekia de nkrataa no kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ kɔtrɛw mu wɔ Yehowa anim. Nea ɔyɛe no, na ɛkyerɛ sɛ ɔde ne haw nyinaa akogu ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn no nan ase. Yehowa nso tiee no; ɔmaa ne diyifo Yesaia kɔkaa nkuranhyɛsɛm bi kyerɛɛ no. Asɛm a ɛka koma a Onyankopɔn ma wɔka kyerɛɛ Hesekia no bi ne sɛ: Senaherib remma Yerusalem, na ne mmarima rentow agyan mma hɔ.

Hesekia abu nkotodwe wɔ asɔrefie no stɛps so, na watrɛw nkrataa a Senaherib akyerɛw abrɛ no no wɔ Yehowa anim resrɛ no sɛ ɔmmoa no. Asɔfo bi gyina akyiri hɔ rehwɛ no.

Saa anadwo no ara, Yehowa somaa ne bɔfo ma ɔkɔɔ Asiriafo no asoɛe. Saa ɔbɔfo baako pɛ no de bere tiawa bi kunkum Senaherib asogyafo 185,000. Wo de, fa w’ani bu sɛ, Senaherib asɔre anɔpa na Asiriafo yi afunu sam hɔ, na n’atikɔ ayɛ duduudu na ɔde aniwu rekɔ ne kurom. Bere bi akyi no, ɔno ara ne mma kum no wɔ ne nyame Nisrok fie.

Yehowa maa Hesekia ne ne manfo dii nkonim kɛse! Asiriafo a na wɔrehyɛ ne so no fii hɔ, yare a na ɛreteetee no no gyaee. Afei nso ɔwoo ɔbabarima. Awerɛhosɛm ne sɛ, akyiri yi Hesekia maa ne ho so. Nanso, Yehowa teɛɛ ne so, na ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom. Israel ahemfo a wɔdii Yehowa nokware no, Hesekia ka ho bi. Ɛwom, na emu yɛ den ma no, nanso onyaa akokoduru gyinaa mu.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • 2 Ahene 18:1–19:37

  • 2 Beresosɛm 29:1–32:33

  • Yesaia 38:1–39:8

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Hesekia yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Dɛn na wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu a ɛma yehu sɛ, nea Bible ka fa Hesekia ho no yɛ nokware? (w11 5/1 15 ¶1-3-wcgr) A

    Zev Radovan/Alamy Stock Photo

    Mfoni A: Ahyɛnsode bi a wɔde dɔte ayɛ a wɔakyerɛw so: “Yuda Hene Hesekia, Ahas [ba no] dea.” Ɛbɛyɛ sɛ Hesekia bere so na wɔyɛe

  2. 2. Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm bi faa “ɔwɔ a ɔtow ne ho a n’ano yɛ ogya” ho. Saa asɛm no, ɛbaa mu sɛn wɔ Hesekia so? (Yes. 14:​28, 29; ip-1 190-191 ¶4-6)

  3. 3. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kohuu biribi wɔ Niniwe a wɔakyerɛw nea Senaherib yɛe wɔ so. Dɛn na Senaherib kae na dɛn na wanka? Dɛn na wei ma yehu? (g 12/10 27 ¶3-5-wcgr) B

    © The Trustees of the British Museum. Licensed under CC BY-NC-SA 4.0. Source

    Mfoni B: Ade bi a wɔde dɔte ayɛ a wɔfrɛ no Taylor Prism. Nneɛma a Senaherib ayɛ na ɛwɔ so

  4. 4. Afe 2003 no, nyansahufo bi yɛɛ nhwehwɛmu hwɛe sɛ ɛyɛ ampa sɛ Hesekia Suka a ɛwɔ hɔ nnɛ no, Hesekia bere so na wɔyɛe anaa. Dɛn na wɔhui? (w09 5/1 27 ¶3-5-wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Sɛ Kristoni bi awofo nsom Yehowa a, ɔkwan bɛn so na Hesekia nhwɛso no betumi ahyɛ no nkuran? D

    Aberante bi abusua redi obi awoda, nanso wanya akokoduru repue afi dan no mu. Okura “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no bi, na ne busuani baako abobɔ ne nsa agu ne bo apɔkyere n’ani rehwɛ no.

    Mfoni D

  • Bere a atamfo yɛe sɛ wɔrebɛtow ahyɛ Yerusalem so no, dɛn na na ehia Hesekia paa? (2 Ahe. 19:​15-19) Ɛnnɛ nso yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

  • Akokoduru a na Hesekia wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Hesekia ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Hwɛ video a ɛka koma yi, na wubehu nsɛm a esisii wɔ 2 Ahene 19:​14-36 no.

“Yɛsrɛ Wo Gye Yɛn” (5:38)

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 5:5 no, sɛn na ɛbaa mu wɔ Hesekia bere so? Ɛnnɛ nso sɛn na ɛreba mu?

“Nguanhwɛfo Baason, Abirɛmpɔn Baawɔtwe—Dɛn Na Ɛkyerɛ Nnɛ?” (w13 11/15 18-20 ¶9-18)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena