35 MANASE
Onyaa Akokoduru Sakraa N’adwene
SƐ ƐNYƐ anwanwade bi a Yehowa yɛe a, anka Manase amma wiase. Onyankopɔn faa anwanwakwan so too Ɔhene Hesekia nkwa nna mu; ɛno akyi na ɔwoo Manase. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a Manase nyaa mfe 12 na ne papa Hesekia wui. Enti abofra Manase bɛyɛɛ ɔhene, nanso ankyɛ biara na ɔtwee ne ho fii Yehowa ho. Wanni ne papa nhwɛso pa akyi.
Manase yɛɛ bɔne a ani yɛ nyan bebree. Mfe pii a ɔde dii ade no, atantanne a ɔyɛe no bi ne sɛ, ɔno ankasa som abosom, na ɔmaa ne manfo nso som abosom. Afei nso odii ahonhonsɛm, na okunkum ɔno ankasa ne yam mma de wɔn bɔɔ afɔre maa abosom. Ɔde mogyahwiegu hyɛɛ Onyankopɔn kurow Yerusalem ma, efisɛ na okunkum nnipa, na na ɔhyɛ nkurɔfo kutupa ma wɔyɛ bi. Enti bere a Manase di ade no de, na atirimɔdensɛm ahyɛ ɔman no ma. Yehowa somaa n’adiyifo ma wɔkɔbɔɔ no kɔkɔ, nanso obuu nnua guu n’asom. Enti ebia wubebisa sɛ, Manase de, akokoduru ho ade bɛn na yebetumi asua afi ne hɔ? Nanso wo de, ma yɛnhwɛ.
Da koro, Manase abrabɔ sesae prɛko pɛ. Esiane sɛ wantie kɔkɔbɔ a Yehowa adiyifo de maa no no nti, Onyankopɔn maa Asiria asraafo bɛtow hyɛɛ Yuda so. Bible ka sɛ: “Wɔde akɔtɔkorɔ kyeree Manase na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien guu no, na wɔde no kɔɔ Babilon.” Wo de, hwɛ sɛ wɔakyekyere ɔhene mua de no retwa kwantenten, ne emu ateetee. Ná ɛbɛyɛ animguase ama no paa!
Ná awudisɛm ahyɛ Manase ma, nanso Yehowa maa no kwan ma ɔsesaa n’akwan
Bere a wɔde Manase kɔtoo afiase wɔ Babilon a na ama n’ani atutu aka ne nsam no, ɔtenaa ase dwen nneɛma bɔne a wayɛ nyinaa ho. Ebia obehui sɛ wɔabrɛ no ase, wayɛ ankonam, na n’anidaso asa. Afei nso, ebia ɔbɛtee ase sɛ anyame a ɔsom wɔn no nni tumi biara, na ɛbɛyɛ sɛ odii yaw paa sɛ ɔde ɔno ankasa mma mpo bɔɔ afɔre maa wɔn. Obehui sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa. Enti nea odii kan yɛe ne sɛ, ɔbɔɔ Yehowa mpae. Bible ka sɛ, “ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase paa wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.” Yehowa nso huu sɛ wasesa, enti otiee no. Manase kɔɔ so brɛɛ ne ho ase, na ɛmaa Yehowa twe bɛn no paa. (Dw. 138:6) Manase bɔɔ “ne Nyankopɔn Yehowa” mpae, na ɔsrɛɛ no sɛ onhu ne mmɔbɔ. Wanyɛ no da koro, ‘ɔbɔɔ mpae daa.’
Mpae a na Manase bɔ no, dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? Bible ma yehu sɛ: “Ohuu no mmɔbɔ, na otiee ne nkotosrɛ.” Enti nokware Nyankopɔn no de Manase bɔne kyɛɛ no. Wamma no anso hɔ ara, ɔyɛɛ no “adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahengua so.” Afei de, na Manase anya hokwan a ɔde bɛkyerɛ paa sɛ, ampa wasesa.
Bere a Manase san kɔɔ Yerusalem no, na ohia gyidi paa efisɛ na ɛsɛ sɛ ɔboa ɔmanfo no nso ma wɔgyae abosonsom. Ade yi, nkurɔfo a seesei ɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnyae abosonsom no, ɔno ara na ɔde mfe pii piapiaa wɔn kɔɔ abosonsom mu. Ɛbɛyɛ sɛ na Manase redwen ho sɛ, Enti merebetumi adan ɔmanfo no koma ma wɔasesa ni? Ne nyinaa mu no, Manase amma wei ho adwinnwen anhyɛ ne so, mmom no, onyaa akokoduru de ne nan sii fam yɛɛ nea ɛtene. Ɔtoo afasu akɛse twaa Yerusalem ho hyiae na atamfo ammɛtow anhyɛ wɔn so. Afei nso, abosom a na ahyɛ kurow no ne Yehowa asɔrefie hɔ ma no, oyiyi fii hɔ. Osiesiee Yehowa afɔremuka no, na ofii ase bɔɔ afɔre wɔ so maa Yehowa. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ ade baako a na ɛyɛ den paa ma Manase ne sɛ obetu ne manfo fo, nanso ɔyɛɛ saa. Sɛ́ anka ɔbɛka akyerɛ Yudafo no sɛ wɔnsom abosom no, saa bere yi de, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “wɔnsom Israel Nyankopɔn Yehowa.” Manase a na bɔne adonnɔn no yi, seesei de, na wasesa koraa. Ne nhwɛso no ma yehu Yehowa suban fɛfɛɛfɛ bi, ɛne sɛ; ‘wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ.’—Dw. 86:5.
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, Manase yɛɛ nea obetumi biara, nanso wantumi antu abosonsom ase amfi kurow no mu. Ɛwom, Yehowa de Manase bɔne kyɛɛ no, nanso ne manfo a ɔma wɔdii atirimɔdensɛm ne awudisɛm no de, na Yehowa rentumi mmu n’ani ngu wɔn bɔne no so. Ná wɔnte sɛ wɔn hene no, wɔn de wɔannu wɔn ho ansesa wɔn akwan. Manase ba Amon mpo, wanni ne papa anammɔn akyi. Nanso ɛbɛyɛ sɛ Manase boaa ne banana Yosia ma ɔbɛdɔɔ Yehowa. Ebetumi aba sɛ, akokoduru ne ahobrɛase a Manase nya de sesaa n’akwan no, Yosia werɛ amfi da. Ampa, Manase de mfe pii na edii atirimɔdensɛm, nanso ɔsesae koraa. Ansa na ɔrebɛwu no, na onim paa sɛ n’Agya a ɔwɔ dɔ no de ne bɔne nyinaa akyɛ no.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Manase yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Bible ka sɛ Manase yɛɛ “bɔne kyɛn Amorifo a wodii n’anim no nyinaa.” Yɛhwɛ sɛnea Amorifo a wɔbɛtenaa Kaanan asaase so ansa na Israelfo reba no dii bɔne no, na yɛhwɛ nea Bible ka fa Manase ho yi a, dɛn na ɛma yehu fa ne bɔne no ho? (2 Ahe. 21:11; w00 10/15 16 ¶5-6; gl 10 ¶5, ase hɔ asɛm)
2. Dɛn na wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu a ɛkyerɛ sɛ Manase tenaa ase ampa, na Asiria aban na na edi tumi saa bere no? (it Manase” No. 4 ¶2-wcgr) A
© The Trustees of the British Museum. Licensed under CC BY-NC-SA 4.0. Source
Mfoni A: Wɔakohu “Yuda hene Manase” din wɔ ade bi a wɔde dɔte ayɛ so a wɔfrɛ no Esarhaddon Prism ho
3. Dɛn na ɛma yehu sɛ, na Asiriafo tumi de akɔtɔkorɔ kyere nkoa? (2 Be. 33:11; it “Darewa, Kɔtɔkorɔ” ¶4-wcgr) B
Mfoni B: Asiriafo mfoni bi a ɛwɔ ɔdan ho. Adi boro mfe 2,700
4. Bere a Yehowa kaa sɛ ɔde “susuhama” ne “prumo” bɛto Yerusalem ho no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (2 Ahe. 21:13; it “Susuhama” ¶2-wcgr)
Dɛn Na Woasua?
Dɛn na asɛm yi ma yehu fa adwensakra ho?
Manase asɛm no ma yehu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a Yehowa de kyɛ no, nanso ɛho nsunsuanso no de ebia ɛremfi hɔ. Adɛn nti na yebetumi aka saa? (Yer. 15:3-5) D
Mfoni D
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Manase akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Manase ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ sɛnea Manase asɛm no boaa onua bi ma ɔsan baa Yehowa nkyɛn.