36 YOSIA
Ɔboaa Ne Manfo Ma Wɔsan Baa Yehowa Nkyɛn
BERE a Ɔhene Manase wui no, na ne banana Yosia adi mfe nsia pɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Yosia tee sɛ ne nana yɛɛ nneɛma bɔne, nanso ɔsesaa ne suban bɛsom Yehowa. Nsakrae a ne nana yɛe no, ebetumi aba sɛ ɛkaa ne koma paa. Nanso Yosia papa Amon a obedii Manase ade no de, na ɔyɛ onipabɔnefo. Amon san maa ɔman no kɔsom abosom, na wɔyɛɛ nneɛma bɔne pii. Obedii hene no, mfe mmienu pɛ na owui, na ne ba Yosia a wadi mfe nwɔtwe no bedii n’ade.
Ebetumi aba sɛ Yosia nyaa nkurɔfo a obetumi ahwɛ wɔn asua wɔn na watumi asom Onyankopɔn yiye. Wɔn mu bi ne odiyifo Sefania, odiyifo Yeremia, odiyifobea Hulda, ne Ɔsɔfo Panyin Hilkia. Bible ka Yosia ho asɛm sɛ: “Bere a ɔda so yɛ abofra [bɛyɛ mfe 16] no, ofii ase hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn.” Odii bɛyɛ mfe 20 no, odii adwuma kɛse bi anim wɔ Yuda. Ná Ɔhene Yosia yɛ aberante a ɔwɔ akokoduru, enti abosonsom ne nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so no, Yehowa ma ofii ase tuu ase.
Ɛnyɛ Yuda nko ara na Yosia tuu abosonsom so sa wɔ hɔ, na mmom ɔkɔe ara koduu baabi a na Israel mmusuakuw du ahemman no wɔ wɔ atifi fam no. Wɔn a na wɔwɔ hɔ saa bere no, na wɔn mu pii nyɛ Israelfo, efisɛ na wɔasoa Israelfo dodow no ara kɔ obi man so ama ahɔho mmom abɛtenatena asaase no fã kɛse no ara so. Nanso Yosia kɔɔ hɔ kɔsɛee wɔn abosom ne abosonsom ho nneɛma a ɛwɔ hɔ no.
Ná Ɔhene Yosia sua de, nanso ɔde akokoduru boaa ne nkurɔfo ma wɔgyaee abosonsom san bɛsom Yehowa
Mfe bi akyi no, Yosia nsa kaa biribi a na n’ani nna. Bere a wɔgu so resiesie Yehowa asɔrefie kronkron no, Ɔsɔfo Panyin Hilkia kohuu nhoma mmobɔwee a Yehowa Mmara a ɔnam Mose so de maa Israelfo no wom no. Ná akyɛ paa na ɛbɛyɛ sɛ Mose ankasa na ɔkyerɛw emu nsɛm no! Wɔde nhoma mmobɔwee no kɔɔ Yosia anim kɔkenkan kyerɛɛ no, na ɔno nso yɛɛ aso tiei. Emu nsɛm no bubuu no paa! Obehui sɛ, nea Onyankopɔn Mmara no ka no, na ɔman no aman afi ho koraa sen sɛnea na osusuw no. Yosia behui sɛ Yehowa bo afuw ɔman no paa. Nea Yosia tee yi, na obenya akokoduru atu ho anammɔn anaa?
Ankyɛ koraa na Yosia somaa mmarima nnum sɛ wɔnkobisa Yehowa anom asɛm. Enti wɔkɔɔ odiyifobea Hulda hɔ, na ɔno nso ma wɔhuu sɛ, ampa Yehowa bo afuw Yuda, efisɛ ɔman no atew atua akyɛ. Ɛno nti, na asɛnkɛse rebobɔ ba Yuda ne Yerusalem so. Nanso odiyifobea no san kaa sɛ mmusu a ɛreba ɔman no so no remma wɔ Ɔhene Yosia bere so, efisɛ Yehowa ahu sɛ ɔwɔ koma pa, na ɔde akokoduru atu abosonsom so sa.
Ne nyinaa mu no, Yosia yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛboa ɔman no ama wɔasan abɛsom Yehowa. Ɔne ne manfo no yɛɛ apam wɔ Onyankopɔn anim sɛ wɔbedi ne Mmara nyinaa so. Abosonsom a na ɔretu so sa no nso, afei omiaa mu paa. Ɔhene no maa ɔman no dii Twam Afahyɛ kɛse bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpagyaw nokware som asi hɔ bio. Ɔne ɔman mpanyimfo no de nguan ne anantwi bebree bae ma wɔde bɔɔ afɔre maa Yehowa, na nnwontofo nso too ayeyi dwom de kamfoo Yehowa. Twam Afahyɛ akɛse a Onyankopɔn nkurɔfo dii no, na wei ka ho bi.
Yosia kɔɔ so de gyidi ne akokoduru kɛse ko tiaa abosonsom. Baabi mpo de, ɔhyew nnipa nnompe wɔ afɔremuka bi so, na ɔsɛee beae a wɔsom abosom wɔ hɔ no nso. Ɛno maa nkɔmhyɛ bi a adi mfe 300 baa mu. (1 Ahe. 13:2) Afei nso, mmeaemmeae bi a ɛwɔ Yuda a efi bere a Ɔhene Solomon twee ne ho fii Yehowa ho no, ɔmanfo no de mfe pii som abosom wɔ hɔ no, Yosia sɛee hɔ nyinaa. Nanso bere bi odii mfomso kɛse bi. Ɔkɔe sɛ ɔne Egypt hene Neko rekɔko. Yehowa nam Neko so bɔɔ Yosia kɔkɔ sɛ, sɛ wannyae a, nea ebefi mu aba no renyɛ papa. Nanso wutumi hu sɛ Yosia ammisa Yehowa adiyifo no anhwɛ sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ nea Neko reka no fi Onyankopɔn hɔ anaa. Mmom, na wayɛ n’adwene sɛ ntɔkwaw no ara na ɔbɛko. Sɛ wohwɛ nea Yosia yɛe no a, anhwɛ a wobɛka sɛ na ne bo yɛ duru, nanso nea ɔyɛe no, na ɛyɛ nkwaseasɛm. Okogyee n’ani so wui bere a na wadi mfe 39 pɛ.
Nneɛma pa pii a Yosia yɛe no, Yehowa werɛ fii anaa? Daabida! Bere a ɔhene pa yi wui no, odiyifo Yeremia twaa awerɛhow dwom maa no. Nea ɛte ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo toaa so too saa awerɛhow dwom no mfe pii. Nneɛma a Yosia yɛe wɔ n’ahenni mu ne awerɛhow nnwom a wɔde kamfoo no a ɛho asɛm wɔ Bible mu nyinaa, daakye sɛ wɔnyan no ba a, ebia ɔbɛkan ho asɛm. Biribiara kyerɛ sɛ na Yosia da Yehowa koma so, na gyidi ne akokoduru a ɔdaa no adi nso, ne werɛ amfi da.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Yosia yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Dɛn na yenim fa Yosia kyerɛwfo Safan ho? (w02 12/15 19 ¶2-6)
2. Bere a wɔkenkan Mmara no mu nsɛm kyerɛɛ Yosia no, adɛn nti na osuan n’ataade mu? (w14 4/15 32)
3. Dɛn na abakɔsɛm akyerɛwfo aka a ɛkyerɛ sɛ Farao Neko tenaa ase ampa? (2 Be. 35:22; it “Neko” ¶2-wcgr) A
StockStudio/Alamy Stock Photo
Mfoni A: Megido; ɛha na Yosia ne Farao Neko kɔkoe no
Mfoni A: Megido; ɛha na Yosia ne Farao Neko kɔkoe no
StockStudio/Alamy Stock Photo
4. Hulda hyɛɛ nkɔm sɛ Yosia bɛkɔ ne “damoa mu asomdwoe mu.” Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nkɔmhyɛ no baa mu ɛmfa ho sɛ Yosia wuu wɔ ɔko mu no? (2 Ahe. 22:20; w00 9/15 30 ¶2-3)
Dɛn Na Woasua?
Kristofo bi wɔ hɔ a, bere wɔsusua no, wɔfaa ɔhaw anaa ateetee bi mu. Saafo no, dɛn na wɔbetumi asua afi Yosia a na ne papa yɛ ɔwaefo no hɔ?
Yosia bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte Kyerɛwnsɛm no ase. (2 Be. 34:21) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? B
Mfoni B
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Yosia akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Yosia ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Gyinae a Yosia ne mmerante mmienu bi a wɔbɛyɛɛ Yuda ahemfo sisii no, hwɛ nea wubetumi asua afi mu.
Bere a Yosia retu abosonsom ase no, ɔno nko ara ahoɔden na ɔde yɛe anaa? Wubenya ho mmuae wɔ video a edi so yi mu.
Yosia Ho Asɛm No—Ɛma Yɛdɔ Yehowa Na Yekyi Bɔne—Ɔfã II—Ne Fã Bi (3:43)