37 DANIEL
Osii Ne Bo Sɛ ‘Ɔrengu Ne Ho Fĩ’
NÁ DANIEL akodi obi man so. Nea ɛbae ne sɛ, na wɔabɛsoa ɔne n’abusua afi wɔn kurom Yuda kɔ Babilon asaase so wɔ akyirikyiri. Sɛ obi fi Yuda rekɔ Babilon a, na ebedi bɛyɛ abosome nnan. Bere a wɔkoduu Babilon no, ɔhene no ma wɔbɛfaa Daniel ne mmerante afoforo fii wɔn mmusua nkyɛn de wɔn kɔɔ Babilon ahemfie. Wɔkɔɔ hɔ no, Daniel nyaa nnamfo mmiɛnsa a wɔn nso yɛ Hebrifo: Wɔn din de Hanania, Misael, ne Asaria. Bere a wɔde mmerante no kɔɔ ahemfie hɔ no, ankyɛ biara na wɔfii ase tetee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ sɛ Babilonfo.
Ná Daniel mmɛn n’abusuafo koraa, nanso onyaa akokoduru dii nokware maa Yehowa
Nea Babilon hene Nebukadnesar dii kan yɛe ne sɛ, ɔmaa n’ahemfie panyin Aspenas sesaa wɔn din. Hebri din bebree wɔ hɔ a na wɔde kamfo nokware Nyankopɔn no. Sɛ yɛfa “Daniel” sei a, ne din no asekyerɛ ne “Onyankopɔn Ne Me Temmufo.” Nanso Babilonfo de, sɛ wɔto din a, na wɔde kamfo wɔn abosom. Babilon din a wɔde too Daniel ne Beltesasar, na na ɛyɛ mpae bi a wɔbɔ kyerɛ wɔn nyame Bel a ɛkyerɛ sɛ ɔmmɔ ɔhene nkwa ho ban. Afei nso ɔhene no kaa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mmerante yi Babilonfo som ne wɔn amammerɛ. Ɔhyɛɛ mmara sɛ wɔnkyerɛ wɔn Kaldeafo kasa ne sɛnea wɔkyerɛw kasa no, na ama wɔatumi asom no wɔ n’ahemfie hɔ. Nanso na ɔhene no de wei reprapra kwan mu kɛkɛ; afei koraa na na ne kɛse reba.
Aspenas na Ɔhene Nebukadnesar de mmerante no hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ mma wɔntete wɔn. Ɔhene no kaa sɛ wɔmma mmerante no ɔhene nnuan papa ne ne nsã a ɔnom no bi. Ebetumi aba sɛ wei maa mmerante no bi ani gyei paa sɛ wɔanya saa hokwan soronko yi. Nanso Daniel behui sɛ, ɛsɛ sɛ ɔne ne nnamfo mmiɛnsa no ma wɔn ani da hɔ. Adɛn ntia?
Ebia nsɛmmisa bi a ɛbaa Daniel tirim ne sɛ: ‘Babilonfo yi nim sɛ, ɛnyɛ aduan biara na Yehowa Mmara ma kwan sɛ yedi. Enti nnuan a Onyankopɔn aka sɛ ɛho ntew no, wɔbɛhyɛ da de ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebebu Onyankopɔn mmara so anaa? Wɔbekum aboa ahwie ne mogya agu ansa na wɔde ne nam ama yɛn, anaasɛ wɔbɛdaadaa yɛn ama yɛadi mogya de ayɛ Yehowa so asoɔden? Sɛ yedi wɔn nnuan no bi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresom wɔn nyame no bi anaa? Afei nso wɔbɛma yɛn nsã bebree anom sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛn ani renna hɔ anaa?’a
Ɛbɛyɛ sɛ Daniel bɔɔ Yehowa mpae paa, na ɔne ne nnamfo mmiɛnsa no nso boom faa adwene. Daniel “sii pi wɔ ne komam” sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de asɔ Yehowa ani. Enti ɔkɔɔ Aspenas anim, na ɔde anifere srɛɛ no sɛ, nnuan a ɔhene pɛ sɛ wɔdi no, ɔne ne nnamfo mmiɛnsa no de, wɔmpɛ sɛ wɔbedi bi de agu wɔn ho fĩ. Ná Yehowa ka Daniel ho, enti ɔmaa ahemfie panyin no yɛɛ n’adesrɛ no maa no. Nanso na ɛhaw ahemfie panyin no sɛ, sɛ wɔanni ɔhene nnuan no a, ebia wɔbɛyare, na ɛba saa nso a Nebukadnesar bɛma ne ho akyere no. Daniel ne Aspenas anyiyi nsɛm ano. Nanso akyiri yi, Daniel de adwene foforo bae. Ɔde akokoduru kɔka kyerɛɛ onipa a Aspenas ayi no sɛ ɔnhwɛ wɔn so no sɛ, ɔmma wɔn nhabannuan ne nsu nko ara dadu. Ɛno akyi no, ɔmfa wɔn ntoto mmerante a aka a wɔwɔ ahemfie hɔ no ho nhwɛ. Ɔpanyin no nso penee so!
Dadu akyi no, obiara hui sɛ mmerante nnan no ho ayɛ fɛ, na wɔwɔ ahoɔden sen mmabun a aka no! Sɛnea na wɔayɛ kama no nti, wɔmaa wɔn kwan sɛ efi saa bere no, wɔnkɔ so nni aduan a wɔdi no ara. Nea esii no ma yehu sɛ, gyidi ne akokoduru a Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no daa no adi no, Yehowa hyiraa so paa. Asɛm wei de, na ɛnyɛ ade a Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no werɛ befi da.
Akyiri yi, Daniel nnamfo mmiɛnsa no hyiaa sɔhwɛ kɛse bi a ɛsɔɔ wɔn akokoduru hwɛe. Yebehu ho nsɛm pii wɔ ti a edi hɔ no mu. Daniel dii bɛyɛ mfe 100 ansa na ɔrewu, na ɔno nso hyiaa sɔhwɛ pii a anka ebetumi abrɛ n’akokoduru ase. Bere bi sei, Yehowa maa Ɔhene Nebukadnesar soo dae bi, na Daniel kyerɛɛ ase. Nanso na wei gye akokoduru paa, efisɛ na dae no fa nneɛma bɔne a ɛbɛto ɔhene a ɔyɛ ahantan yi ne n’ahenni ho. Mfe pii akyi, bere a Ɔhene Belsasar bedii ade nso, nkyerɛwee bi beguu dan ho a na ɛkyerɛ adebɔne a ɛbɛto ɔhene no. Ɛno nso Daniel na ɔkyerɛɛ nkyerɛwee no ase. Afei nso bere a ɔbɔɔ akwakoraa posoposo no, wɔtoo no too agyata a ɔkɔm adosaw wɔn amena mu sɛ anka wɔnwe no. Emu biara mu no, akokoduru a ɔdaa no adi wɔ ne mmerantebere mu no, ɛno ara bi na ɔdaa no adi; ɛso antew. Edi sɛ Yehowa bɔfo bi ka kyerɛɛ Daniel sɛ ɔyɛ ‘ɔbarima a ɔsom bo paa’ no!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Daniel yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Nsonsonoe a ɛwɔ Daniel 1:1 ne Yeremia 25:1 no, wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛn? (dp 18-19 ¶14-15)
2. Sɛn na Babilon nkyerɛwee bi ma yehu sɛ na Nebukadnesar wɔ “adekoradan” bi ma ne nyame? (Dan. 1:2; it “Adekoradan” ¶3-wcgr) A
© The Trustees of the British Museum. Licensed under CC BY-NC-SA 4.0. Source. Modifications: Box added
Mfoni A: Nkyerɛwee bi; ɛyɛ nsɛm a Nebukadnesar ka faa “adekoradan” bi a ɛwɔ Merodak asɔrefie ho
3. Dwuma bɛn na na “akɔmfo” no di? (Dan. 1:20; it “Nkonyaayi Ne Adebisa” ¶2-6-wcgr) B
Mfoni B: Babilon abopon bi ni; wɔkyerɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ so no, sɛ obi ka sɛ saman reteetee no a, ɛboa no ma “onya ne ho tetew”
4. Nhabannuan a wɔde maa Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na ɛka ho? (Dan. 1:12; dp 40 ¶25)
Dɛn Na Woasua?
Sɛnea Daniel dii nokware maa Yehowa bere mpo a na n’abusuafo nka ne ho no, dɛn na mmabun betumi asua afi mu?
Ná Daniel adi kan asi no “pi wɔ ne komam” ahu nea sɔhwɛ ba a ɔbɛyɛ ansa na ɔrehyia sɔhwɛ no mpo. Sɛn na wei boaa no ma onyaa akokoduru? (Dan. 1:8) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? D
Mfoni D
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Daniel akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Daniel ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Bible mu asɛm a yɛaka yi, hwɛ ho video.
Dɛn na mmerante ne mmabaa betumi asua afi Daniel akokoduru ne ne nokwaredi no mu?