38 HEBRIFO MMIƐNSA NO
‘Wɔdwudwoo Ogya Ano’
BABILONFO sesaa Hanania, Misael, ne Asaria din yɛɛ no Sadrak, Mesak, ne Abednego. Bere bi, wɔhyiaa ɔhaw putupuru bi, na wɔn yam a anka Daniel ka wɔn ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Daniel yɛ adamfo pa, na na ne gyidi nso yɛ den paa. Nanso bere a wɔn ho kyeree wɔn no, na Daniel nni hɔ a ɔbɛhyɛ wɔn den. Momma yɛnhwɛ nea esii.
Nea ɛkɔbae ne sɛ, na Nebukadnesar ayɛ ohoni kɛse bi a ne tenten bɛyɛ sɛ aborosan a ɛtoa so nkron, na na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ bɛyɛ mita 27 (anammɔn 88). Ɔhene no bɔɔ gua kɛse bi sɛ ɔde rehyira ohoni no so, na ɔhyɛɛ mmara sɛ aban mpanyimfo nyinaa mmra guabɔ no ase. Enti, na ɛsɛ sɛ Hebrifo mmiɛnsa yi tie ɔhene no, na wɔkɔ bi.
Ɔhene akoa baako begyinaa nnipadɔm no anim de nea ɔhene pɛ sɛ obiara yɛ too gua. Nea edi kan, na wɔbɛbɔ nnwom. Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a na wɔbɛbɔ nnwom no ne sɛ, ɛbɛkanyan wɔn a wɔahyiam no. Afei, na ɛsɛ sɛ obiara ‘butuw fam som ohoni’ no. Ná mmerante mmiɛnsa yi nim sɛ Yehowa kasa tia abosonsom. Enti dɛn na na wɔbɛyɛ?—Ex. 20:4, 5.
Ná wɔgyina nnipadɔm bi mu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkotow ohoni bi, anyɛ saa a wɔbekum wɔn; ná obiara rehwɛ wɔn
Wɔde nnwom no hyehyɛɛ so. Ɛhɔ ara, obiara bɔɔ ne mu ase som ohoni no. Nanso mmarima mmiɛnsa bi de, wɔammɔ wɔn mu ase. Enti ɛbɛyɛ sɛ na obiara rehwɛ wɔn. Kaldeafo bi kɔbɔɔ Ɔhene Nebukadnesar amanneɛ sɛ mmerante no abu ne mmara so. Wɔkaa sɛ: “Ɔhene, saa mmarima yi mmu wo. Wɔnsom w’anyame, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, wose wɔrensom no.” Ɔhene no bo fuwii, na ɔfrɛɛ mmerante no bisaa wɔn sɛ asɛm no yɛ nokware anaa. Wamma wɔankasa mpo na ofii ase hunahunaa wɔn. Ɔkaa sɛ ɔbɛsan de hokwan no ama wɔn, na sɛ wɔn mu bi san bu mmara no so de a, “ɛhɔ ara, wɔbɛtow no ato fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.” Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ, onyame biara nni hɔ a obetumi agye wɔn afi ne nsam.
Ná biribiara rentumi nsesa Hanania, Misael ne Asaria adwene. Wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, “sɛ ɛba no saa” mpo a, wɔn Nyankopɔn no betumi ayi wɔn afi owu mu. Wɔsan kaa sɛ: “Sɛ amma saa mpo a, ɔhene, yɛpɛ sɛ wuhu sɛ, yɛrensom w’anyame no, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, yɛrensom no.” Ɛno koraa na ɛhyɛɛ Nebukadnesar abufuw kɛse. Enti ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hyew paa nkyɛn sɛnea ɛyɛ a ɛyɛ no, na wɔnkyekyere mmerante mmiɛnsa no nkɔtow wɔn ngu mu. Fononoo no mu yɛɛ hyew ara ma mmarima a wɔkɔtow mmerante no guu mu no, ogyaframa no kunkum wɔn!
Afei, Nebukadnesar huu biribi a ɛmaa ne ho dwiriw no paa. Bere a ɔtoo n’ani hwɛɛ fononoo no mu no, na ɛnyɛ mmarima mmiɛnsa na ɛwom na mmom mmarima nnan. Ná wɔnenam gya no mu, nanso na wɔn ho baabiara nkae! Nebukadnesar teɛɛm sɛ ɔbarima a ɔka ho ma wɔyɛ nnan no “te sɛ anyame no ba bi.” Enti ɔtwe bɛn fononoo no, na ɔteɛɛm frɛɛ mmarima no sɛ wɔmpue mfi ogya no mu mmra.
Wo de, fa w’adwene bu sɛ mmarima mmiɛnsa yi apue afi ogya no mu a hwee nyɛɛ wɔn, na wusiw mpo nnyee wɔn ho. Ade a wɔde kyekyeree wɔn no nko ara na na afi wɔn ho. Hwɛ sɛnea nkurɔfo no ho bedwiriw wɔn afa. Nebukadnesar, opeemu no ankasa nso ho dwiriw no papaapa. Hebrifo mmiɛnsa yi a wɔmfa wɔn som nni agorɔ no, ɔhene no kamfoo wɔn sɛ wɔtiee wɔn Nyankopɔn. Ɔhene no kaa sɛ: “Wɔde wɔn ho too [wɔn Nyankopɔn] no so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛkotow anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.
Ɔhene yi hyɛɛ mmara sɛ obiara a ɔwɔ n’ahenni mu a ɔbɛkasa atia Yehowa no, wɔnkum no. Mmerante mmiɛnsa no nso, ɔbɔɔ wɔn aba so maa wɔn dibea kɔɔ soro. Nanso Yehowa yɛɛ biribi a ɛkyɛn abasobɔde a ɔhene no de maa wɔn no koraa. Ne werɛ amfi mmerante yi da. Sɛ nhwɛso no, mfe pii akyi no, Onyankopɔn maa ɔsomafo Paul kyerɛw nkurɔfo bi a na wɔwɔ gyidi ho asɛm sɛ, ‘wɔdwudwoo ogya ano.’ Bere a ɔkyerɛw saa asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na Hanania, Misael, ne Asaria ho asɛm na ɛwɔ n’adwene mu.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Hanania, Misael, ne Asaria yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Dɛn na wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu a ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Daniel ti 3 no yɛ nokware? (w23.07 31) A
© The Trustees of the British Museum. Licensed under CC BY-NC-SA 4.0. Source. Modifications: Box added
Mfoni A: Birikisi bi a wɔatõ a Nebukadnesar din wɔ so
2. Babilonfo din a wɔde maa Hebrifo mmerante mmiɛnsa no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛkyerɛ sɛn? (dp 36 ¶14)
3. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Nebukadnesar pɛ nyamesom paa? (dp 69 ¶3) B
Mfoni B: Nebukadnesar san sisii Babilon abosom adan pii, na nea asɛesɛe no nso ɔyɛɛ no yiye
4. “Nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow no nyinaa” a wɔkotow Nebukadnesar honi no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu biara wɔ wɔn anyame, nanso adɛn nti na anhaw wɔn sɛ wɔbɛsom Nebukadnesar honi no? (Dan. 3:7; dp 73 ¶10)
Dɛn Na Woasua?
Hebrifo mmerante mmiɛnsa no anni aduan biara a etia Yehowa mmara. Akyiri yi, bere a na wɔn nkwa da asiane mu no, wɔnyaa akokoduru gyinaa mu. Sɛ ɛba nneɛma a ebinom bu no sɛ ɛnyɛ bɔne mpo a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn na yɛadi Yehowa nokware? (Luka 16:10) D
Mfoni D
Sɛ yɛn som nti nkurɔfo tan yɛn ani a, suban a edidi so yi a Hebrifo mmerante mmiɛnsa no daa no adi no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua? (Dan. 3:16-18)
Ahobrɛase
Odwo
Nokwaredi
Akokoduru a na mmerante mmiɛnsa no wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Hanania, Misael, ne Asaria ba a, asɛm bɛn na mebisa wɔn?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛ nkurɔfo redi afahyɛ bi de akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn man a, dɛn na Kristoni bɛyɛ de akyerɛ sɛ onnyina ɔfã biara na bere koro no ara nso wada obu adi?