Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 39 kr. 176-kr. 179
  • “Miwu a, Na Mawu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Miwu a, Na Mawu”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Ɔdwenee Ne Nkurɔfo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Mordekai ne Ester
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 39 kr. 176-kr. 179

39 ESTER

“Miwu a, Na Mawu”

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

ƆHENE bi te n’ahengua so wɔ ahemfie na ababaawa bi bɔ wuraa hɔ. Ɔrekɔ ahemfie hɔ nyinaa na ne yam hyehye no, efisɛ na ɔhene no mfrɛɛ no, enti anka obetumi ama wɔakum no. Nanso ɔkɔe. Ababaawa bɛn na yɛreka ne ho asɛm yi, na adɛn nti na ɔkɔɔ ahemfie hɔ?

Ababaawa no din de Ester. Ne maame ne ne papa wui no, na osua, enti ne papa nua Mordekai “faa no sɛ ne ba,” na ɔtetee no. Ná wɔte Susan, na na ɛhɔ yɛ Persia Ahemman no ahenkurow. Ɛhɔ na na Mordekai yɛ adwuma sɛ ɔhene no somfo. Ester nyin bɛyɛɛ ‘ababaa a ɔbɔ si, na na ne ho yɛ fɛ paa.’

Ná Ɔhene Ahasweros (ɛbɛyɛ sɛ ɔno ne Xerxes I) repɛ yere foforo, enti ɔsomaa n’asomfo no sɛ, wɔnkokyin ahemman no mu nhwehwɛ mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ na ɔnware baako. Ɔhene asomfo no hui sɛ Ester yɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ, enti wɔde no kɔɔ ahemfie hɔ. Ansa na Ester rekɔ no, Mordekai ka kyerɛɛ no sɛ, “ɛnsɛ sɛ ɔka kyerɛ obiara” sɛ ɔyɛ Yudani.

Ná “obiara a obehu Ester” wɔ ahemfie hɔ no “pɛ n’asɛm.” Wɔde nnuru a ɛbɛma ne honam ani ayɛ fɛ srasraa no abosome 12; ɛno akyi no, wɔde no kɔɔ ɔhene anim. Ɔhene no ani “gyee ne ho, na ɔpɛɛ n’asɛm.” Mmabaa a na wɔwɔ hɔ nyinaa no, Ester na oyii no. Enti Ahemman a na ɛwɔ tumi saa bere no, Ester bɛyɛɛ so hemmaa! Nanso Ester tiee Mordekai enti wammɔ so ankyerɛ obiara sɛ ɔyɛ Yudani.

Saa bere no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a yɛfrɛ no Haman, na na ɔyɛ ɔhene abadiakyiri. Ná Haman mpɛ Mordekai asɛm, efisɛ na Mordekai nkotow no. Ná Mordekai yɛ Yehowa somfo a odi nokware, nanso ɛbɛyɛ sɛ na Haman fi ɔman a Yehowa kyi wɔn mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Mordekai ankotow no no. Wei maa Haman bo fuw Mordekai paa, na ɔbɔɔ pɔw bi a ɛbɛma wɔakunkum Yudafo a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Bere a Mordekai tee ɛpɔw a Haman abɔ no, ne werɛ howee paa. Enti ɔsoma ma wɔkɔbɔɔ Ester amanneɛ sɛ ɔnkɔ ɔhene anim nkɔsrɛ mma ne manfo. Ná Ester hia akokoduru kɛse ansa na watumi ayɛ saa.

Ester kyerɛɛ mu kyerɛɛ Mordekai sɛ, sɛ ɔkɔ ɔhene anim bere a ɔmfrɛɛ no a, ebetumi ama wakum no. Ɔhene no nso de, na wɔnim no sɛ obi a onni koko koraa. Ne nyinaa mu no, Mordekai hyɛɛ no nkuran, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ebetumi aba sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔbɛbɔ wɔn ho ban nti na wabɛyɛ ɔhemmaa no. Enti Ester nyaa akokoduru, na ɔkaa mpo sɛ: “Mɛkɔ; miwu a, na mawu.” Ɔkaa sɛ, ɔmanfo no nyɛ akɔnkyen nnansa. Mpae a ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔe, ne nea wɔbɔ maa no deɛ, ɛnyɛ agorɔ! Ɛno akyi no, ɔkɔɔ ɔhene anim.

Ɔhemmaa Ester gyina ahemfie adiwo no kwan ano rebɔ mpae wɔ ne tirim. Awɛmfo a wɔwɔ ahemfie hɔ no bi rehwɛ no. Ɔhene Ahasweros nso te n’ahengua mu, na baabi a Ester gyina no, ɔhene no nhu no.

Nanso bere a Ahasweros hui sɛ Ester abegyina ahemfie no adiwo hɔ no, ne bo amfuw no, na wanhyɛ nso sɛ wɔnkum no. Mmom, ɔhene no bisaa no nea ɔnyɛ mma no. Ɛnna Ester ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔrebɛtow pon, na ɔpɛ sɛ ɔhene ne Haman ba ase. Bere a wɔbaa apontow no ase no, Ester maa n’ani daa hɔ, na ɔhwɛɛ n’ano yiye na wanka ɛpɔw a Haman abɔ no ho asɛm. Ɔsan too nsa frɛɛ ɔhene no ne Haman sɛ, sɛ ade kye a, wɔnsan mmra apontow foforo ase. Ansa na Haman rekɔ saa apontow no ase no, ɔma wɔyɛɛ dua tenten bi sɛ wɔbɛsɛn Mordekai wɔ so. Ná Haman nim sɛ ɔrema wɔakum Mordekai, nanso na onnim sɛ ɔno ara na ɔrefrɛfrɛ ne wu.

Ná ɛsɛ sɛ ɔfa anifere kwan so ne ne kunu a ɔyɛ ɔhempɔn a ɔwɔ tumi no kasa na wɔanhyew Onyankopɔn nkurɔfo ase

Bere a wɔwɔ apontow a ɛtɔ so mmienu no ase no, Ahasweros san bisaa Ester sɛ dɛn na ɔnyɛ mma no. Saa bere yi de, Ester kaa ne koma so ade. Ɔdaa obu adi, na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, obi abɔ pɔw sɛ ɔrebekunkum ɔne ne manfo. Ɔsan kaa sɛ, anka ɔbɛyɛ dinn a ɔrenkasa ho, nanso saa pɔw no bɛma ɔhene nso ahwere ade kɛse. Asɛm no yɛɛ Ahasweros nwanwa paa, na obisaa sɛ hena na ɔbɔɔ saa pɔw no. Ɛnna Ester kaa sɛ, saa onipabɔnefo no ne Haman! Enti ɔhene no bo fuwii paa, na ɔhyɛe sɛ wɔnkum Haman. Nea ekowiei ne sɛ, dua tenten a Haman ma wɔyɛe sɛ wɔbɛsɛn Mordekai wɔ so no, ɔno mmom na wɔsɛn no wɔ so.

Mordekai ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Persia Ahemman mu nyinaa, na Haman pɛ sɛ ɔhyew wɔn ase. Nanso, Haman ne atamfo a wɔsɔre tiaa Yehowa ne ne nkurɔfo no mmom na wɔn ase hyewee. Enti ababaawa kokodurufo a ɔwɔ gyidi yi, ɔno na Yehowa nam ne so bɔɔ ne nkurɔfo ho ban.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Ester 1:1–9:​1, 5, 13-17

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Ester yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Adanse bɛn na ɛma yehu sɛ, Bible mu asɛm yi yɛ nokware? (ia 138, adaka) A

    Ungnad, Arthur. “Neubabylonische Privaturkunden aus der Sammlung Amherst.” Archiv für Orientforschung, vol. 19, 1959, pp. 74–82

    Mfoni A: Tete Persia abopon bi a wɔakyerɛw Marduka (Mordekai) wɔ so

  2. 2. Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Mordekai ammɔ ne mu ase amma Haman? (ia 131 ¶18)

  3. 3. Yudafo a na Haman pɛ sɛ ɔhyew wɔn ase no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na Satan ne ahonhommɔne no hyɛ akyi? (g02 9/8 23 ¶3–24 ¶2) B

    Cube. Lot of Yahali, puru. Neo-Assyrian Clay. ( YPM BC 021122). Courtesy of the Peabody Museum, Division of Anthropology, Babylonian Collection, Yale University; peabody.yale.edu

    Mfoni B: Tete ade bi a ayɛ sɛ ludu aba a wɔde bɔ ntonto

  4. 4. Nkɔmhyɛ bɛn na ɛnam Mordekai ne Ester so baa mu? (ia 142, adaka)

Dɛn Na Woasua?

  • Bere mpo a na Onyankopɔn nkurɔfo nka Ester ho no, ɔyɛɛ osetie, na ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ onyansafo. Dɛn na mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi asua afi ne hɔ?

  • Ahasweros tiee ne yere Ester, efisɛ ɔkwan a Ester faa so ne no kasae no kyerɛ sɛ na ɔyɛ obi a ɔwɔ abotare, obu ade, na odi nokware. Dɛn na Kristofo mmea a wɔaware betumi ayɛ de asuasua no? D

    Onuawa bi ne ne kunu a ɔnyɛ ɔdansefo apue akɔtena wuram baabi reto gya, na wɔrenom kɔfe. Wabue ne Bible mu, ɛnna watene ne nsa rekyerɛ ne kunu no abɔde a ɛyɛ fɛ.

    Mfoni D

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Ester akokoduru no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Ester asetenam asɛm a ɛwɔ ha yi, sɛ Onyankopɔn nyan no ba a, asɛm bɛn na mebisa no afa ho?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Hwɛ asuade a mmofra betumi asua afi Ester hɔ wɔ nnwom ho video yi mu.

Ester Nyaa Akokoduru (2:09)

Sɛ anuanom nkwa da asiane mu a, dɛn na yɛn nuanom a ɛwɔ hɔ nnɛ yɛ de bɔ wɔn ho ban de suasua Ester?

Suasua Wɔn a Wɔn Abotare Nti Wɔnyaa Bɔhyɛ Ahorow No—Mordekai Ne Ester (3:05)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena