40 NEHEMIA
Ɔsan Sii Ɔfasu No
NÁ NEHEMIA te Persia ahenkurow Susan mu, nanso na n’ani da so ara wɔ n’akyi. Ná Yerusalem da ne koma so, enti ne yam a, anka ɔda so wɔ hɔ, efisɛ ɛhɔ na na Yehowa asɔrefie no wɔ. Onyankopɔn nkurɔfo kodii obi man so mfe pii, na na wɔasan aba wɔn nkyi, nanso ɛde besi saa bere no nyinaa, na nokwaresom nsan nsii ne dedaw mu bio. Ná Yerusalem kurow no afasu abubu, na saa bere no nso, sɛ kurow bi fasu bubu a, na nkurɔfo mpɛ sɛ wɔtena kurow no mu, efisɛ na atamfo betumi atow ahyɛ wɔn so bere biara.
Ná Nehemia yɛ aban panyin a ɔhyɛ Persia hene Artasasta ase, na na nkurɔfo bu no paa. Ade baako a na ɛyɛ fɛ paa wɔ ne ho ne sɛ, na ɔyɛ Yehowa somfo a odi nokware. Da koro, Nehemia nuabarima fi Yerusalem bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔmanfo no “asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguase aka wɔn,” efisɛ Yerusalem afasu no bubui no, wɔnsan nsii bio.
Asɛm no bubuu Nehemia, na akyiri yi ɔkyerɛw sɛ: “Metenaa ase sui, na midii awerɛhow nna pii.” Ɔbɔɔ Yehowa mpae, na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔnkae ne nkurɔfo na ɔmmoa wɔn. Akyiri yi, na Nehemia rehwie nsã ama Ɔhene Artasasta, na ɔhene no hui sɛ n’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, enti obisaa no nea enti a ne werɛ ahow. Nehemia yam hyee no, nanso onyaa akokoduru kaa nea ato Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɛnna Artasasta bisaa Nehemia nea ɔnyɛ mma no. Bible ka sɛ: “Ntɛm ara na [Nehemia bɔɔ] ɔsoro Nyankopɔn mpae.” Afei ɔka kyerɛɛ ɔhenkɛse yi sɛ ɔpɛ sɛ ofi Persia kakra na ɔkɔboa ma wɔsan to Yerusalem afasu no na wɔsisi n’apon. Nea Nehemia de too ɔhene no anim nyinaa, ɔpenee so!
Nehemia twaa kwantenten a ɛso fa yɛ hu kɔɔ Yerusalem. Okoduu hɔ no, anadwo bi, ɔno nko ara kɔhwɛɛ kurow no afasu no ne n’apon a abubu no. Afei ɔboaboaa ɔmanfo no ano hyɛɛ wɔn nkuran, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mma wɔnsan nto afasu no. Wannyaw adwuma no ammɔ wɔn so; ɔno nso de ne ho hyɛɛ mu bi. Wɔn a wɔbɛyɛɛ adwuma no, na wɔn mu bi yɛ asikafo ne wɔn a wɔagye din te sɛ sikadwumfo ne asoafo. Asoafo no baako mpo ne ne mma mmea na ɛbɛyɛɛ adwuma no.
Ná Yudafo no wɔ atamfo bebree, na na wɔmpɛ sɛ Yerusalem bɛba abɛyɛ kurow a ɛyɛ den na wɔwɔ ahobammɔ. Ahyɛase no, atamfo no dii wɔn ho fɛw, na wɔbuu wɔn animtiaa. Wɔn mu baako kaa sɛ, ɔfasu a Nehemia ne ne nkurɔfo reto no, sakraman mpo betumi abubu agu. Nanso Nehemia amfii wɔn; ɔkɔɔ so hyɛɛ ɔmanfo no nkuran ma wɔtoaa adwuma no so.
Atamfo tweetwee Nehemia na wɔhunahunaa no, nanso ɔhwɛ ma wɔsan too Yerusalem fasu no
Ɔsɔretia a atamfo no de baa wɔn so no mu yɛɛ den, na bere a wɔtoo ɔfasu no koduu mfinimfini no, na atamfo reboaboa wɔn ho ano afi mmeae nyinaa abɛtow ahyɛ wɔn so! Enti Nehemia yɛɛ biribi de bɔɔ kurow no ho ban. Atamfo no huu saa no, adwene a wɔfae sɛ wɔbɛtow ahyɛ wɔn so no, wɔgyaee. Efi saa bere no, Nehemia ne adwumayɛfo no mu fã de akode wɛnee, ɛnna fã a aka no nso toaa adwuma no so. Nanso atamfo no faa adwene foforo.
Wɔhunahunaa Nehemia, sɛnea ɛbɛyɛ a obeguan akɔhyɛ Yehowa asɔrefi a ɛhɔ yɛ kronkron no mu, na ɛno nso de, na etia Onyankopɔn mmara. Enti Nehemia anyɛ saa. Mmom ɔkaa sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na minguan?” Ɔtoaa so yɛɛ n’adwuma, efisɛ na onim sɛ Yudafo no reyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na Yehowa nso taa wɔn akyi. Yehowa kyerɛe sɛ ɔtaa wɔn akyi ampa, efisɛ nna 52 pɛ na wɔde too ɔfasu no nyinaa wiei, na atamfo a na wɔretweetwee wɔn tan wɔn ani no anim guu ase.
Ná Nehemia hia akokoduru a ɔde bedi ne manfo anim aboa wɔn ma wɔasom Yehowa yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yudafo asikafo no, na wɔbɔ nkurɔfo bosea gye nsiho akɛse, enti bere a Nehemia tee no, ɔde akokoduru boaa wɔn ma wɔhui sɛ nea wɔreyɛ no nye. Akyiri yi a ɔtee sɛ Yudafo mmarima no bi awareware mmea a wɔnyɛ Yehowa asomfo no, ɛno nso ɔka sii wɔn anim sɛ nea wɔayɛ no tia Onyankopɔn mmara.
Bere bi a na ɔmanfo no ankasa mfomso ama wɔn abam abu no, Nehemia kaa wɔn koma too wɔn yam. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa mu anigye ne mo abannennen.” Ná Nehemia nim paa sɛ, sɛ yɛsom anigye Nyankopɔn no a, ɛma yenya anigye a edi mu, na ɛno paa na ɛma ahobammɔ na ɛnyɛ ɔfasu anaa abannennen. Ɛnnɛ yi nyinaa, sɛ yehyia ɔhaw bi a, anigye a yɛwɔ nti yenya akokoduru gyina mu.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Nehemia yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ná Nehemia hyɛ nsã ma ɔhene. Saa adwuma no, kyerɛ sɛnea na ɛte. (w10-E 7/1 9 ¶5-7-wcgr) A
National Museum of Iran, Tehran, Iran/Bridgeman Images
Mfoni A: Persiafo mfoni bi a wɔadrɔdrɔ wɔ dan ho; ɛyɛ nsahyɛfo bi a ogyina Artasasta nanabarima ɔhempɔn Dario anim
2. Dɛn na Salum mma mmea no yɛe a ɛma yehu sɛ na wɔnte sɛ Tekoafo mmarima a wɔyɛ atitiriw no? (Neh. 3:5, 12; w19.10 23 ¶11)
3. Ɛyɛɛ dɛn na wɔn a wɔsoasoa nneɛma no tumi de “wɔn nsa baako yɛɛ adwuma, na wɔde baako nso kuraa akode” mu? (Neh. 4:17, 18; w06 2/1 9 ¶1) B
MfoniB
4. Adɛn nti na na ɛhaw Nehemia sɛ Yudafo no bi mma ntumi nka Hebri kasa? (Neh. 13:23-27; w16.10 14 ¶4)
Dɛn Na Woasua?
Asafo mu mpanyimfo bɛyɛ dɛn asuasua Nehemia . . .
na wɔde wɔn ho ato Yehowa so? (Neh. 1:4-11; 4:14; 13:1-3)
na wɔayi wɔn yam ne wɔn nuanom abom ayɛ adwuma? (Neh. 4:15, 21-23)
na wɔayɛ aso atie wɔn nuanom? (Neh. 5:1-7) D
MfoniD
Ná Nehemia wɔ dibea kɛse wɔ ahemfie, nanso ɔde ne nyinaa too nkyɛn bɛyɛɛ Yehowa adwuma denneennen, na Yehowa nso hyiraa no. Dɛn na yebetumi asua afi mu?
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Nehemia akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Nehemia ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Bere a Nehemia hyiaa ɔhaw no, ɔbɔɔ Yehowa mpae na ɔno nso tiee no. Dɛn na yebetumi asua afi Nehemia hɔ?
“Onyankopɔn Tiee Ne Mpaebɔ” (Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org a yɛato din “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”)
Video yi mu no, wubehu sɛnea Nehemia daa akokoduru adi bere a atamfo yɛe ara sɛ wɔbesi no kwan no.
Nehemia: “Yehowa Mu Anigye Ne Mo Abannennen”—Ɔfã I—Ne Fã Bi (5:22)