Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 8/1 kr. 8-11
  • Onyankopɔn Kɔkɔbɔ No A Wɔde Bɛma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Kɔkɔbɔ No A Wɔde Bɛma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KAN TEBEA BI A ƐTE SƐ ƐNNƐ DE YI
  • WIASE NYINAA ƆSƐE A ƐTE SAA ABƐN
  • NOKWARE ANIDASO FIBEA KORO NO
  • Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Nnɛ Renwu Mfi Yɛn Asase Yi So Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Wiase Bi a Wɔsɛee No
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Wogye Wɔn Nkwa Twa Ahohiahia Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 8/1 kr. 8-11

Onyankopɔn Kɔkɔbɔ No A Wɔde Bɛma

“Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.”​—Mat. 24:21, 22, Twi Bible Foforo.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase yi abɛyɛ kurow kɛse biako? (b) Asiane ahorow bɛn na nnipa nyinaa a wɔabɛyɛ te sɛ afipamfo no de ba?

ƐNNƐ wiase yi nyinaa ayɛ te sɛ kurow kɛse biako. Ɛdenam akwantu afiri a ɛho yɛ hare sen biara so no, yetumi tu fi okyinsoromma yi ano kosi ano anaasɛ yefi atifi kosi anaafo wɔ nea ennu da koro mu. Ɛdenam amanaman ntam telefon nhama anaasɛ radio so no, ɛkame ayɛ sɛ yetumi ne adamfo a ɔwɔ asase so baabiara kasa. Yetumi di aman ahorow so nnuan, na eyinom mu no yɛde yɛn ho to nnipa pii a wɔwɔ asase yi so mmeae horow so.

2 Esiane sɛ woaka yɛn nyinaa abom saa nti, adesamma nyinaa hyia asiane koro no ara. Bɛyɛ mfe 66 a atwam ni, kyerɛ sɛ, wɔ afeha yi ara mu no, nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa hyiaa wiase nyinaa ko a ɛyɛ hu. Bere a wiase nyinaa ko a enye koraa no baa awiei no akyi mfe aduonu biako no, wiase no hyiaa ɔko foforo a ɛyɛ hu mpo sen saa. Na nnɛ, saa wiase nyinaa akodi no akyi mfe 36 no, wɔde biribi a enye koraa rehunahuna yɛn. Nokwarem no, obiara ntumi nka sɛ: ‘Oo, nea ɛba wɔ akyirikyiri nohoa no rentumi nka me wɔ ha!’ Sɛ́ obi bedwen na wakasa saa no yɛ n’ankasa ho a ɔdaadaa. Mprempren de yɛn nyinaa te sɛ afipamfo, nanso yɛn ade a yɛnyɛ no te sɛ afipamfo no na ɛde asɛm ba, yiw, na ɛno na ɛde asiane ba wiase. Wɔde kɔkɔbɔ ahorow a emu yɛ den rema.

3. (a) Dɛn nti na nnipa a wɔhwɛ ade yiye gye di sɛ wiase yi wɔ asiane ankasa mu? (b) Dɛn ne wiase anyansafo suban wɔ Onyankopɔn ho?

3 Esiane emu den a ɛyɛ no nti, ebia akyinnyegyefo bi bebisa sɛ, So wiase yi nyinaa wɔ asiane mu ampa? Wɔ saa asemmisa yi ho no, nnipa a wɔhwɛ ade yiye a wonyɛ asiane ho adawurubɔfo ara kwa bua sɛ Yiw! Wɔn mmuae a ɛyɛ hu no nyɛ nea egyina nea adesamma ankasa betumi de ayɛ wɔn ho so ara kwa. Biribi wɔ hɔ a emu yɛ den sen saa a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Na so ebetumi aba saa ampa? Yiw. Ɔkwan bɛn so? Esiane Onipa a asase yi ne mmoa ne nnipa a wɔwɔ so nyinaa yɛ ne de no nti. Ampa, nnipa kakraa bi na wɔwɔ hɔ nnɛ a wosusuw ne ho. Wiase anyansafo a wɔwɔ afeha a adebɔ ho nyansahu akɔ anim yi mu no te nka sɛ wɔde wɔn ho wɔ adwenem araa ma ɛho nhia sɛ wogye Ɔbɔadeɛ bi di anaasɛ wobisa sɛ, Dɛn na ɛwɔ n’adwenem? Nanso Ɔbɔadeɛ no tirim nyɛ den sɛ ɔrensusuw nnipa amanehunu ho. Ɛwom sɛ wobu wɔn ani gu no so te sɛ nea onni hɔ anaasɛ ɔwɔ akyirikyiri a hwee mfa ne ho anaasɛ onni wɔn ho anigye de.

4. (a) Sɛ́ asase yi wura no, Yehowa susuw n’ade ho dɛn? (b) Dɛn na ɛho hia sɛ wɔyɛ na asase abɛyɛ baabi a ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛtra?

4 Nanso so ɛnsɛ sɛ obi a biribi yɛ ne de no susuw dekode no ho? Ɛsɛ sɛ ɛyɛ no ahiasɛm sɛ ɔbɛhwɛ so yiye. Titiriw sɛ dekode no yɛ ade a ɛsom bo ankasa a. Saa na yɛn Bɔfo no te nka. Ɛdefa ne siesie ho no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔresɛe asase no nnɛ na asiane wɔ hɔ sɛ wobetumi asɛe no akɔ akyiri kɛse. Ɛte sɛnea bere a ɛsɛ sɛ woyi wɔn a wɔresɛe asase a na anka ɛyɛ fɛ fi mfiase no fi ho no aboro so dedaw mpo. Mprempren de ɛsɛ sɛ bere a ɔde bɛyɛ saa nsiesie adwuma yi yɛ nea abɛn. Wama wɔakyerɛw nhoma bi wɔ ho. Sɛnea ɛka no, dɛn na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ?

KAN TEBEA BI A ƐTE SƐ ƐNNƐ DE YI

5. Bere bɛn wɔ mmere a atwam no mu na adesamma baa tebea bi a ɛte sɛ nea ɛwɔ hɔ nnɛ no mu?

5 Ebia ɛbɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ wobɛte sɛ bere bi a atwam no adesamma a na wɔte ase saa bere no nyinaa hyiaa tebea bi a ɛte sɛ nea asase sofo nyinaa wom nnɛ no. Saa bere no asɛm bi sii asase so nyinaa. Ɛbae wɔ ɔbarima bi a yɛn a yɛte ase nnɛ nyinaa yɛ n’asefo bere so. Saa ɔbarima yi a ɔyɛ yɛn nyinaa agya no ne Lamek ba Noa. Ɛdefa Noa nna no ho no, nhoma a Ɔbɔadeɛ no ma wofi honhom mu kyerɛwee no ka sɛ: “Noa woo mmabanin baasa; Sem, Ham ne Yafet. Ná asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma. Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, na honam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.”​—Gen. 6:10-12.

6, 7. (a) Noa bere so no, kɔkɔbɔ bɛn na wɔde maa wiase? (b) Ɛyɛɛ dɛn na asase yi bɛyɛɛ asomdwoe trabea bio?

6 Saa bere no dɛn na ɛbae na asase yi asan abɛyɛ asomdwoe ne dwoodwoo trabea? So saa basabasayɛfo a na wɔresɛe asase no de wɔn ho hyɛɛ wiase nyinaa akodi mu na wɔnam saa kwan no so tɔree wɔn ase anaa? So na kɔkɔbɔ a wɔhyɛɛ Noa ma ɔde mae saa bere no yɛ kɔkɔbɔ a ɛfa ɔsɛe a nnipa de bɛba a, adesamma rentumi nnyina ano ho anaa? Dabida! Mmom no, ɔsoro kɔkɔbɔ na ɔde maa adesamma, nea na Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ ɔmfa mma. Ɛmaa nnipa nyinaa tee nea na ɔbɔadeɛ Nyankopɔn no rebɛyɛ ma asase yi ayɛ baabi a nnipa pa betumi anya asomdwoe ne dwoodwoo asetra mu anigye. Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ Noa sɛ nkurɔfo no rentie no, na enti ɛsɛ sɛ ɔpam hyɛn, anaasɛ adaka a etumi tɛw nsu ani, ma ne ho ne n’abusua, akra baawɔtwe. Afe 2370 A.Y.B. mu da a wɔahyɛ no, asase so nyinaa nsuyiri no fii ase. Ná ɛyɛ “Onyankopɔn adeyɛ.” Adesamma a nsu faa wɔn no nyaa wɔn nneyɛe so akatua.

7 Saa tete “Onyankopɔn adeyɛ” no ho baa adesamma nyinaa mfaso. Ɛmaa adesamma abusua no nyaa mfiase foforo fii trenee abusua a emufo suro Onyankopɔn mu, wɔ asase a na asomdwoe ne dwoodwoo asetra wɔ so so bere tenten bi.

WIASE NYINAA ƆSƐE A ƐTE SAA ABƐN

8. (a) Yesu Kristo de Noa nna no totoo nnɛ da yi ho wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Dɛn na abɛn, na enti dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ho?

8 Ɛno nkutoo ne bere a atwam a adesamma nyinaa hyiaa ɔsɛe. Ɛyɛɛ yɛn bere yi a wiase a nnipa ɔpepepem pii wom wɔ amane mu no ho mfonini. Ɛnyɛ asɛm a yɛde yɛn ankasa nnipa adwene reka akɔ akyiri dodo. Yɛnka nkɔ akyiri nsen nea obi a wagye din kɛse wɔ wiase, odiyifo a ɔso sen Noa, kae no. Oyi ne Yesu Kristo. Ɔreka yɛn bere yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen. Na sɛnea nna a edi nsu a eyirii no anim no mu no, wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu, de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no: sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen.” (Mat. 24:37-39) Sɛnea Kristo ankasa nkɔmhyɛ a ɛfa wiase nsɛm tebea ho wɔ ne ba wɔ asase so a aniwa nhu no mu kyerɛ no, yɛn wiase nsɛm tebea fi afe 1914 no te sɛ Noa nna no mu de no. Nea ɛne no hyia no, ɛbɛyɛ sɛ “Onyankopɔn adeyɛ” a, ɛte saa ara abɛn. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔka kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ama no ho asɛm kyerɛ adesamma a wɔwɔ asiane mu no nyinaa. Asemmisa no ne sɛ, Henanom na wɔbɛyɛ te sɛ wɔn a wɔne Noa kɔɔ adaka no mu no?

9. (a) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ “ahohiahia kɛse” a wɔkaa ho asɛm siei no abɛn? (b) Ɛwom sɛ “ahohiahia kɛse” baa Yerusalem so 70 Y.B. mu de, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “ahohiahia kɛse” ho no mmamu kɛse ba daakye?

9 Nea Ɔbɔadeɛ no nhoma a efi honhom mu, Bible no, ka no akyi mpo no, yɛwɔ nea enti a yebetumi agye adi sɛ nneɛma nhyehyɛe yi wɔ ‘n’awiei bere’ mu. Ɛkame ayɛ sɛ ne nna a edi akyiri no asã. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ n’awiei koraa no de ɔhaw na ɛbɛba, “ahohiahia kɛse” a ɛsen Noa bere so nsuyiri no wɔ ne kɛse ne ɔsɛe a ɛde bɛba no fam. Noa bere no ho asɛm a Yesu kae no yɛ ne nkɔmhyɛ a etwa to a ɔde mae wɔ afe 33 Y.B. mu no fã. Na ne nkɔmhyɛ no kɔ akyiri sen Yerusalem a na Romafo bɛsɛe no afe 70 Y.B. mu no, yiw, ná ɛba bedu yɛn bere so. Ná saa kurow kronkron no a wɔsɛee no no ne “ahohiahia kɛse” no awiei ma Yudafo a na wɔwɔ Roma mantam Yudea mu wɔ Mfinimfini Apuei no. Nanso, ɛda adi sɛ, na Yesu wɔ nea ɛsen Yerusalem a wɔbɛsɛe no saa bere no wɔ n’adwene mu, bere a ɔkae sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi ɛmmae da de bedu nnɛ [afe 33 Y.B. mu] na ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so tiaa a, anka wɔrennye ɔhonam biara; na wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so tiaa.”​—Mat. 24:21, 22; Marko 13:19, 20.

10, 11. Ɔsomafo Petro kaa wiase nyinaa sɛe a ɛreba no ho asɛm dɛn? (b) Adwene bɛn na nnipa dodow no ara kura nnɛ wɔ wiase nyinaa ɔsɛe a Onyankopɔn de bɛba ho?

10 Yesu suani, ɔsomafo Petro, de wiase no awiei wɔ Noa nna no mu totoo nnɛyi nneɛma nhyehyɛe no awiei wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no ho nkɔmhyɛ kwan so. (Dan. 12:4) Te sɛ nsu pii a ɛtɔe wɔ Noa nna mu no, Petro ka siei sɛ ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so asase no nko na “ogya” bɛhyew, na mmom sɛnkyerɛnne kwan so ɔsoro no nso. (2 Pet. 3:5-12) Ntotoho a ɔyɛe no mu no, Petro anka Yerusalem a Romafo sɛee no ne wu sɛ mogya dansefo no akyi bere tiaa bi no ho asɛm.

11 Petro nna no mu no na Kristofo gye nea wɔtaa frɛ no “wiase awiei” no di. (Mat. 24:3) Na nnɛ nso ɛ, wɔ mfeha dunkron akyi, titiriw wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo anaasɛ wɔyɛ Kristoman asɔre horow no mufo no mu? So wogye ade a ɛte saa di? Dabi! Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔrepere hwehwɛ wiase a wɔabu no fɔ yi mu honam fam nneɛma no.

12. (a) Wiase sɛe bɛn na nnipa atitiriw a wɔte ase nnɛ suro mprempren? (b) Ɔkwan bɛn na nnipa susuw sɛ wobetumi afa so asiw ɔsɛe a ɛbɛba wiase ano?

12 Nanso, nnipa atitiriw bi wɔ hɔ nnɛ a nea ɛbɛba daakye ho asɛm a wɔka no nyɛ nea egyina Bible so, na mmom wɔka biribi a ɛfa “wiase awiei” ho. Wɔrebɔ yɛn kɔkɔ sɛ ebetumi aba. Saa na ayɛ fi bere a wɔtoo atomik ɔtopae abien no wɔ Wiase Ko II awiei wɔ 1945 mu no. Ɛnnɛ aman horow a wɔfrɛ wɔn “nuklea tumi horow” no wɔ nuklea ɔtopae ahorow, na wɔwɔ nea ɛdɔɔso araa a ebetumi akum abɔde biara a nkwa wom wɔ asase so no mpɛn pii, sɛ wobetumi ayɛ saa a. Wɔka owia hann mu ahoɔden a wɔde ayɛ ɔtopae ho asɛm kokoam mpo. Eyi bekunkum adesamma nyinaa na agyaw wɔn ho nneɛma a nkwa nni mu no. Nanso mfaso bɛn na ɛwɔ adan a esisi hɔ so, sɛ nnipa ateasefo nni hɔ a wɔbɛtra mu a? Wɔbɛyɛ “awufo kurow” anaasɛ “awufo wiase” ara kwa. Na hena na n’ani gye ade a ɛte saa ho? Asiane no yɛ nea akyinnye biara nni ho. Amanaman Nkabom a mprempren aman 153 na wɔwom no yɛ nea wɔhwɛ kwan sɛ ebesiw ɔsɛe a ɛte saa ano. Nanso Amanaman Nkabom a Nuklea Tumi Horow no nyinaa wom no nyɛ nea ebetumi asiw sɛe a adesamma ankasa bɛsɛe wɔn ho no ano.

13. (a) Nkwa ne owu ho asemmisa bɛn na ɛho hia sɛ wobua? (b) Dɛn nti na nnipa a wɔmpɛ nyamesom nni mmuae biara a edi mu, na so mmuae bi a ɛte saa wɔ hɔ?

13 Hena na obetumi agye adesamma afi sɛe a wɔn ankasa bɛsɛe wɔn ho, adi wɔn ho dɔm, no mu? Afei de ɛsɛ sɛ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔmpɛ nyamesom biara no susuw saa asɛm no ho yiye. Esiane sɛ wonnye Bible no nni nti no, wontumi mma mmuae biara a ntease wom. Wontumi ntwe adwene nkɔ ogyefo biara so. So eyi kyerɛ sɛ ogyefo biara ni hɔ? Anigye so no, ɛnte saa!

NOKWARE ANIDASO FIBEA KORO NO

14. Dɛn nti na ntease wom sɛ yegye di sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ atirimpɔw bi ma asase no?

14 Adebɔ ho nyansahufo ntumi nkyerɛ sɛ yɛn asase yi ne adesamma a wɔwɔ so no na wɔyɛɛ wɔn ankasa ho. Ná ɛsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Na ɔno nso ɛ? Afeha a ɛto so dunsia Ansa na Yɛn Bere yi reba no mu tɔnn no, ɔde honhom kaa ɔbarima gyidifo bi a wɔfrɛ no Hiob ma ɔdaa adebɔ ho nokwasɛm bi adi sɛ ɔde yɛn asase yi sɛn wim, na enti so ɔde sɛn hɔ kwa? (Hiob 26:7) So mpofirim ara kwa na nnipa ɔpepem pii baa so? So eyi yɛ mfomso a ɔyɛe anaasɛ nea onni ho atirimpɔw biara? Mprempren yi wama abɔde ateasefo pii aba asase yi so. So na ɛyɛ n’adwene sɛ adesamma ɔpepepem pii a wɔwɔ so nnɛ no bekunkum wɔn ho na wɔagyaw yɛn asase yi ma asensɛn wim te sɛ okyinsoromma bi a awu anaa? Yɛrentumi nsusuw sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛte saa a nyansa nni mu esiane nea ɔka kyerɛ yɛn no nti.

15. (a) Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw wɔ asase ho? (b) Enti dɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nnansa yi ara?

15 Ɔde honhom kaa onyansafo Salomo, Ɔhene Dawid ba no, ma ɔkyerɛwee wɔ Bible mu sɛ: “[Adesamma] awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.” (Ɔsɛnk. 1:4) Ɔde honhom kaa Yesaia nso ma ɔkyerɛwee sɛ: “Na sɛ Yehowa a ɔbɔɔ soro no se ni . . . nea ɔnwenee asase na ɔyɛe no, wammɔ no hunu, ɔnwenee sɛ wɔntra so: Mene Yehowa, na obi nni hɔ bio.” (Yes. 45:18) Enti, ɔhyɛ bɔ sɛ ɔremma asase yi nna hɔ kwa a onipa nte so. Enti ade a wɔbɛpopa afi asase yi ani koraa ne nneɛma nhyehyɛe yi a nnipa amumɔyɛfo de asi hɔ wɔ Onyankopɔn asase yi so no. Eyi fam no yebetumi afa aseda nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu no aka sɛ: “Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ ase, sɛ woafa wo tumi, na woadi hene. Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu . . . na woasɛe wɔn a wɔsɛe asase no.”​—Adi. 11:17, 18.

16. (a) Nhyehyɛe kɛse bɛn na amanaman no wɔ mprempren, na eyi fam no, kɔkɔbɔ bɛn na wɔde rema? (b) Nanso, kɔkɔbɔ bɛn na yɛn nyinaa betie no nyansa mu?

16 Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi nkonim wɔ akodi mu nti, amanaman no ayɛ akode ahorow pii a wobetumi de ‘asɛe asase no’ akɔ akyiri sɛnea wobetumi. Wɔayɛ mmoawa ahorow, nnuru ahorow, ne ɔtopae ahorow a ɛyɛ hu krado a wobetumi de adi dwuma bere biara atia ɔtamfo biara. Eyi nyɛ asɛm a wɔde sie. Wɔde kɔkɔbɔ nketenkete ma wɔ mmeae horow wɔ asiane a adesamma wom no ho. Kɔkɔbɔ ahorow a ɛtete saa no yɛ nea wɔde ma ne bere so na ɛfata, nanso emfi asase yi Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, nkyɛn. Ne kɔkɔbɔ a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no fa nea ɔno ankasa bɛyɛ de ‘asɛe wɔn a wɔsɛe asase,’ a ɛyɛ ade a n’ankasa abɔ, no ho. N’adeyɛ nyɛ nea ɛbɛsɛe nnipa nyinaa. Ebegyaw nnipa bi a wɔsɔ n’ani. Nnipa a wɔpɛ nkwa, titiriw daa nkwa wɔ paradise, pɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔte saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena