Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 8/1 kr. 6-7
  • Ɔkwan A Wɔfa So Gyae Sigaretnom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wɔfa So Gyae Sigaretnom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • PƐ A WOBƐPƐ SƐ WUGYAE
  • NNEƐMA AHOROW A ƐBƐBOA MA OBI ATUMI AGYAE
  • NEA ENTI A GYAE A WUBEGYAE HO WƆ MFASO
  • Wubetumi Agyae!
    Nyan!—1981
  • Ɔkwan a Wubetumi Afa So Agyae Tawanom
    Nyan!—2000
  • Si W’adwene Pi
    Nyan!—2010
  • “Wubetumi Agyae—Yegyaee!”
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 8/1 kr. 6-7

Ɔkwan A Wɔfa So Gyae Sigaretnom

NEA edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔnom sigaret no pɛ sɛ obegyae ampa. Ohia biribi a emu yɛ den a ɛbɛkanyan no. Jacquelyn Rogers a ɔtew kuw bi sɛ ɔde reboa wɔn a wɔnom sigaret ma wɔagyae no ka sɛ ogu so rebɔ mmɔden sɛ obekanyan nkurɔfo. Ɔka sɛ: “Yɛma nkurɔfo nya gyidi sɛ wobetumi agyae.” Bebree a wɔnom sigaret no ntumi nnyae esiane gye a wonnye nni nti​—wonnye nni sɛ wobetumi agyae.

So nhyehyɛe ahorow ne nnuru ahorow a wɔayeyɛ sɛ wɔde bɛboa nkurɔfo no betumi ama obi agyae? Ɛda adi sɛ aboa ebinom. Obi a na ɔnom sigaret pii kae sɛ: “Sɛ mannya mmoa a anka merentumi nnyae.” Nanso sɛnea Dr. Neil Solomon a ɔde nnuru ahorow ahorow maa oyi a na ɔnom sigaret no kae wɔ nnuru a ɔde mae no ho no: “Biribiara nni ho a ɛyɛ nwonwa. Sɛ wompɛ sɛ wugyae a, ɛrentumi mmoa.”

PƐ A WOBƐPƐ SƐ WUGYAE

Yiw, gyae a obetumi agyae no gyina nea ɔnom sigaret no tirim a wabɔ ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obegyae no so kɛse. Sɛ ɔnyɛɛ n’adwene sɛ obegyae a, aduru a ɛma obi gyae sigaretnom biara nni hɔ a ɛbɛboa. Nanso sɛ ɛno ka ho a, obi betumi agyae a ɔntɔ aduru a ne bo yɛ den a wɔde gyae sigaretnom. Nnipa ɔha biara mu aduakron a na anka wɔnom sigaret gyaee a wɔamfa saa nnuru ahorow no bi. Sɛnea World Health nsɛmma nhoma kae no: “Ade titiriw a ɛbɛma obi agyae anaasɛ onnyae no yɛ, na ɛbɛkɔ so ayɛ, ɔpɛ a nea ɔnom sigaret no wɔ sɛ obegyae. Nea aka no nyɛ den.” Nanso ɔkwan bɛn na obi bɛfa so anya ɔpɛ sɛ obegyae?

Wɔ bebree fam no, kae a wɔkae wɔn ho daa sɛ sigaret nom di awu no ama wɔanya ɔpɛ no. Sɛnea oduruyɛfo bi a ɔwɔ Miami a ogye tom sɛ na n’ani gye sigaret ho no kae no: “Ade biako a ɛmma mennom sigaret ne ehu.” Nhyehyɛe horow a ɛkasa tia sigaretnom no binom ma ehu a ɛte saa ka nkurɔfo, na wosi sɛnea sigaretnom di nipadua no awu so dua. Adwene ho nimdefo David M. Fineman kae sɛ wɔn a wɔnom sigaret no ho mfonini a ɔyɛ wɔ n’adwene mu no na ɛboaa ɔno ne afoforo ma wogyaee: “Na menom sigaret, na ɛno akyi no meyɛ sɛnea ɛredi me nipadua awu amonom hɔ ara no ho mfonini wɔ m’adwene mu. Mebɔɔ mmɔden sɛ mesusuw mfonini ahorow yi ho.”

Nanso eyi nyɛ nea etumi kanyan ebinom sɛnea ɛsɛ ma wogyae. Sɛnea ɔyere fiehwɛfo bi a ɔwɔ New York kyerɛkyerɛɛ mu no: “Sɛ mankɔ oduruyɛfo bi hɔ amma wanka ankyerɛ me sɛ sɛ mannyae sigaretnom a akisikuru bekum me a, anka merennyae. Ná sigaretnom yɛ ade titiriw wɔ m’asetra mu, na na ɛho hia me kɛse sen aduan. Ɛkame ayɛ sɛ na menom sigaret daa nyinaa. Ɛtɔ da bi a, bere a menennam fie hɔ mpo no na mikura ade a mede sigaret nsõ gu mu wɔ me nsam.” Dɛn na emu yɛ den a obetumi aka wɔn a sigaretnom agye ntini kɛse wɔ wɔn mu no ma wɔagyae?

Ɔyere fiehwɛfo a ofi New York yi fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Nanso sua a osuae sɛ sigaretnom tia Onyankopɔn mmara no amma wammɔ ne tirim sɛ obegyae. Ɔkae sɛ: “Mepɛe sɛ migyae, nanso na akɔ me mu dodo. Na minni ahoɔden a mede bɛyɛ saa.”

Ɔkyerɛkyerɛɛ nea awiei koraa no ɛma ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyae no mu. “Me kunu gyee Bible nokware ahorow a na ɔresua no toom, ogyaee sigaretnom na ɔbɔɔ asu. M’ani gyei kɛse. Mampɛ sɛ mɛyɛ biribi de asiw Yehowa Nyankopɔn a yɛbɛsom no ɔkwan a ɛsɔ ani so na yɛanya nkwa wɔ ne nneɛma nhyehyɛe foforo no mu no kwan, enti mebɔɔ me tirim sɛ me nso megyae.” Na ogyaee!

NNEƐMA AHOROW A ƐBƐBOA MA OBI ATUMI AGYAE

Nneɛma ahorow wɔ hɔ a ɛbɛboa ma woanya ɔpɛ sɛ wubegyae. Nea ɛho hia titiriw ne mmoa a Onyankopɔn betumi de ama no. New Yorkni ɔyere fiehwɛfo a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae daa, na ɛdenam ne mmoa so no, mikuraa me tirimbɔ no mu sɛ merennom sigaret bio da.” Nanso ebinom bɔ mpae na wontumi nnyae ara. Dɛn ntia?

Ebetumi ayɛ mmere horow a wɔbɔ mpae no. Obi a na ɔnom sigaret bɔɔ mpae anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae, na anadwo de ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahoɔden, na bere a wayɛ mmerɛw na wanom sigaret no, ɔbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ wadi mfomso wɔ nea wayɛ no ho. Adamfo Kristoni bi bisaa no sɛ: “So ɛnyɛ bere a worekɔfa sigaret no ne bere a wuhia Onyankopɔn mmoa ankasa?” Bere a ɔbarima no fii ase bɔɔ mpae bere a ɛte saa mu no, ɛboaa no ma ogyaee sigaretnom!

Nnamfo a wɔyɛ mmoa, titiriw wɔn a wɔn ankasa adi sigaretnom so nkonim na ne saa nti wobetumi asi so dua sɛ wubetumi agyae no yɛ mmoa kɛse. Enti hwehwɛ nnamfo a wɔte saa. Ma wonhu gyinae a woasi sɛ wuregyae sigaretnom no, na bisa wɔn hɔ mmoa.

Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so gyae? So ɛdenam sigaret dodow a wɔnom no da koro no so a wɔtew, na wɔnam so gyae no nkakrankakra so anaa? Anaasɛ, ɛne sɛ wubeyi da bi asi hɔ na saa da no du a, woagyae ntɛm ara anaa?

Nea ɛne adwene a bebree kura bɔ abira no, wɔn a wɔagyae sigaretnom ho adesua kyerɛe sɛ wɔn a wɔnom sigaret no tumi di nneɛma a ebetumi ama wɔasan akyi no so nkonim denam gyae a wogyae prɛko pɛ no so. Nhwehwɛmufo Saul M. Shiffman ne Murray E. Jarvik a wɔwɔ California Sukuu Kunini a ɛwɔ Los Angeles no mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ nkakrankakra a wɔbɛyɛ no no betumi ama “ahohiahia no mu atwe denam wɔn akɔnnɔ no mu a ɛbɛyɛ den bere ne bere mu no so. Na ɛda adi sɛ eyi betumi ama wɔasan akɔ sigaretnom no so.”

Bere a wɔagyae no akyi nna kakra a edi kan no betumi ayɛ nea emu yɛ den pii. Enti, sɛ́ nea ɛbɛboa wo no, susuw mfaso horow a wubenya bere a wonnom sigaret no ho. Biako ne sika a ɛkora so no. Ebetumi ayɛ pii. Ɔbarima bi kyerɛwee sɛ: “Mprempren mede dɔla 2 te adaka bi mu da biara​—sika a anka mede bɛtɔ sigaret no.” “Sɛ edu afe na mibue so a, ɛbɛboro dɔla, 700, na ebetumi atɔ atade pa a emu yɛ duru anaa biribi foforo a ɛte saa ama me yere.”

Ɛdenam tirimbɔ a emu yɛ den so no, bebree a wɔnom sigaret no gyae nnawɔtwe anaa nea ɛte saa, na wogyina ahohiahia a edi kan no ano. Nanso sɛnea World Health kyerɛ no, “ahohiahia a emu yɛ den no taa fi ase dapɛn a edi kan ne nea ɛto so abiɛsa no ntam hɔ. Ɛha na ebinom san akyi.” Enti ɛho hia sɛ ɔko no kɔ so!

Bere biara a wote nka sɛ wuhia sigaret no, gye ahome akɛse abien anaa abiɛsa. Fa biribi a wubetumi de asi ananmu kura wo nsam. Hwehwɛ biribi to w’anom, biribi te sɛ tɔfe, nkate, atadwe, carrot anaa chewing gum. Nom biribi a ɛyɛ nsunsu pii​—biribi te sɛ akutu anaasɛ nsu pa ankasa. Afei nso, yɛ nhyehyɛe na didi bere ano.

W’apɔw mu pii a wobɛteɛteɛ nso betumi aboa ankasa. Ebia wubetumi asɔ biribi te sɛ ammirikatu, bɔɔlbɔ, asuguare ne nneɛma a ɛtete saa ahwɛ. Nya ahomegye pii. Da ntɛm. Nya boasetɔ. Sɛ wopɛ ankasa a, wubetumi agyae sigaretnom!

NEA ENTI A GYAE A WUBEGYAE HO WƆ MFASO

Mfaso horow a ebefi gyae a wubegyae mu aba no dɔɔso. Nea ɛka ho ne apɔwmuden ne nkwa tenten, nanso pii ka ho. Obi a wagyae sigaretnom kae sɛ: “Mahu nneɛma nketenkete pii a ɛwɔ hɔ a ɛyɛ anigye no bio, te sɛ biribi dɛw a wobɛte ankasa. Sɛ mitu mpase wɔ nnua ahorow ase a, mete nka sɛ hua a mete no nyɛ biako pɛ​—egu ahorow ahorow, ɛte sɛ nea woakɔ baabi foforo koraa.”

Nanso, mfaso a ɛsen biara no ne hu a wuhu sɛ ɛdenam gyae a wugyaee so no, woretwe wo ho afi suban bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani na wo nnamfonom pii mpɛ no ho. Sɛ wuhia mmoa a ɛbɛma woagyae sigaretnom esiane sɛ wohwehwɛ Yehowa Nyankopɔn anim dom nti a, kyerɛw kɔma wɔn a wotintim Ɔwɛn-Aban no. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛma ɔsomfo a ne ho akokwaw a ɛbɛyɛ ɔno nso anigye sɛ ɔbɛba no aba wo fie de Kyerɛwsɛm mu nsɛm afoforo ne nkuranhyɛ a ɛbɛboa wo ma woagyae no abrɛ wo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena