N’anidaso No Yɛ Paara
Afe yi mfiase hɔ baabi no abeawa bi a ɔkɔ ntoaso sukuu wɔ New Jersey kyerɛw sukuu ayɛsɛm bi. Ade a wɔkae sɛ ɔnkyerɛw ne sɛ: “Sɛ wutuu kwan kɔɔ daakye a, ɛhe na anka wobɛpɛ sɛ wukodu? Bɔ afe no din. Kyerɛw sɛnea wiase no bɛyɛ. Kyerɛ sɛnea nnipa no bɛyɛ. Kyerɛ sɛnea wɔn asetra te; adwuma a wɔyɛ; aduan a wodi; ne ade.” Abofra a wadi mfe 15—a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako—kyerɛw eyi:
“Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”
“Mede mfe pii asua Bible no, na m’ani gye saa asɛm yi ho titiriw. Masusuw kyerɛwsɛm yi mu asɛmfua biara ho, na daa m’adwene mu yɛ me naa sɛ ebia tebea horow yi betumi aba asase so daakye ampa. Enti, te sɛ onipa biara no, meyɛɛ afiri bi de tuu kwan kɔɔ daakye akyirikyiri.
“Akwantu no kɔɔ so fɛfɛɛfɛ. Mitwaa mfe du simma biako biara. Bere a migyina faako no wiase a atwa me ho ahyia no sakrae kɛse. Nneɛma a ɛyɛ hu pii sisii: asasewosow, akodi, ɔkɔm, amumɔyɛ, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:6-8 wɔ Bible mu no. Nanso saa nneɛma yi twaam wɔ m’ani so. Nea edi hɔ no, mihuu ɔsɛe a ɛbaa biribiara a atwa me ho ahyia no so. Ná biribi resɛe nkurɔfo, ɛnyɛ akodi nneɛma a wɔn ankasa ayeyɛ no, na mmom adebɔ mu tumi horow a ano yɛ den a obi a ɔkorɔn sen onipa de redi dwuma.
“Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛnantew brɛoo na matumi ahu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛresisi no nyinaa. Afei mihuu nnipa a wɔreyɛ adwuma denneennen, wɔreprapra, wɔresisi adan na wɔresiesie biribiara. Ɛda adi sɛ wonyaa nkwa wɔ ɔsɛe no mu na enti woresiesie asase ani. Ná wɔn nyinaa de biakoyɛ reyɛ adwuma. Bere a eyi twaam no, mihuu mmarima ne mmea afoforo pii wɔ asase so. Na minnim faako a wofi. Mehwɛe kosii sɛ mihuu ɔbarima bi a ɔsɛ me nenabarima—yiw, na ɛyɛ me nenabarima. Owui 1972. Mehwɛɛ m’afiri no hwɛe sɛ ebia ɛnyɛ sɛ meresan akyi. Dabi. Na merekɔ anim ara, nanso na merehu nnipa a wɔawuwu. Afei mekaee kyerɛwsɛm a ɛwɔ Bible mu wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 no: ‘Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.’ Na merehu owusɔre no ankasa.
“Afei mituu mmirika kɛse ma na nneɛma a mihu nyinaa twam ntɛmntɛm. Meyɛɛ m’adwene sɛ megyina. Faako a migyinae no yɛ faako a mifii m’akwantu no ase fii no, ɛno ara ne sɛ na ɛyɛ daakye. . . .
“Akyirikyiri nohoa no mihuu abofra a ɔne aboa kɛse bi redi agoru . . . na ɔne GYATA . . . redi agoru ankasa! Mepɛe sɛ mitu mmirika kɔbɔ no kɔkɔ, nanso biribi siw me kwan. Na gyata no nyɛ keka, na ɔte sɛ agyinamoa a ɔne abofra redi agoru. Bere a menam fam rekɔ anim no, mihuu asomdwoe a ɛwɔ nnipa ne mmoa ntam, ne mmoa ne mmoa ntam yi pii. Na biakoyɛ a ɛyɛ fɛ sen biara ne adesamma ntam de no. Ná mmusua horow no nyinaa reka kasa koro na na wɔnam te sɛ anuanom mmarima ne mmea. . . . Mihui sɛ saa nnipa yi nni sintɔ biara. Na wonni nyarewa biara. Na wɔyɛ pɛ. Afei biribi maa me ho dwiriw me. Wɔyɛ nnipa koro no ara a mihuu wɔn mfe 400 a atwam ni wɔ m’akwantu no mu no, nanso na wɔnyɛɛ nkwakora ne mmerewa. Na obiara nyare, obiara nwu. . . .
“M’ani gyei ankasa wɔ saa daakye a ɛyɛ nwonwa yi mu. Afei, masan aba fie, wɔ m’ankasa me bere mu. Anyɛ yiye koraa no biribiara a mekenkanee wɔ Bible mu no mu ada hɔ yiye wɔ m’adwene mu. Mɛpɛ sɛ mesan kɔ hɔ bio na me ne saa nnipa no kɔtra hɔ daa. Nanso mekaee Bible mu asɛm bi a ɛhyɛɛ me nkuran sɛ ebia mehu, na ɛrenkyɛ. Ɛwɔ Dwom 37:10, 11: ‘Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’”