Mmofra, So Bible Abrabɔ Pa No Ne Ɔkwan A Eye Sen Biara?
“Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.
1. Dɛn nti na mmofrabere yɛ bere pa wɔ asetra mu, nanso su bɛn na ebinom wɔ?
“YƐN mmofrabere mu ne yɛn anuonyam bere,” saa na anwensɛm kyerɛwfo no kae. Mmofra bebree gye tom, efisɛ ɛyɛ anigye bere ne bere a obi nni mpanyinbere mu asɛyɛde horow a emu yɛ duru biara. Nanso mmofra pii de ahopere pɛ sɛ wonya anigyede ahorow a ɛwɔ hɔ ma mmofra ne mpanyin no nyinaa mu kyɛfa. Yebetumi aka wɔn su no ho asɛm tiaa sɛ: ‘Yɛrentwɛn; yiw, yɛpɛ anigyede biara mprempren ara.’
2. (a) Dɛn na nnansa yi nkontaabu kyerɛ wɔ mmofra ne abrabɔ ho? (b) So wote nka sɛ nneyɛe yi reka mmofra a wɔwɔ Kristofo asafo no mu?
2 Nea anigyede biara a wɔhwehwɛ wɔ ‘mmerante anaa mmabaa bere’ yi mu de aba ne mmofra pii a wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbea ne ɔbarima nna a edi aware anim a wɔfrɛ no aguamammɔ mu sen bere biara wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu no.a Ɔbea ne ɔbarima ntam abrabɔ bɔne a abu so yi aka mmofra binom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu mpo. Sɛ́ Kristoni no, ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn na ɛma ɛyɛ den ma abofra sɛ ɔbɛma ne ho atew, titiriw wɔ “nna a edi akyiri” yi mu?’—Ɔsɛnkafo 11:10; 2 Timoteo 3:1-5.
NHYƐSO NO KƆ ANIM!
3, 4. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw mma mmofra sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔn ho tew? (b) Ɔkwan bɛn so na nhyɛso a efi mfɛfo hɔ ne ntease a wohia de ɔhaw ahorow ba?
3 Bere a wɔrenyin no, ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ fi ase. Saa bere yi a wɔfrɛ no ‘mpanyinyɛ mfiase’ wɔ Bible mu yi, taa de ɔbarima anaa ɔbea ho anigye kɛse ba. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, wo, sɛ obi a ɔrenyin no, ɔbarima ne ɔbea ntam akɔnnɔ ahorow haw wo. Nanso, nnɛyi anigyede ne dawurubɔ nkrataa ahorow a ɛkamfo ɔbarima ne ɔbea nna no kanyan akɔnnɔ yi.—1 Korintofo 7:36.
4 Nhyɛso a efi mmofra afoforo hɔ no nso betumi ayɛ nea emu yɛ den, sɛnea Kristoni sukuuni abeawa kumaa bi kyerɛkyerɛ mu no: “Ɛyɛ den ankasa sɛ wobɛyɛ soronko nnɛyi. Mmeawa a wɔwɔ sukuu no mu bi bisaa me sɛ me ne ɔbarima ada pɛn. Bere a mekae sɛ dabi no, wɔn nyinaa fii ase serewee. Ɛyɛɛ me sɛ minsu ankasa na menka sɛ mayɛ.” Bio nso, mmofra hia ɔdɔ ne ntease, na ebia wɔrennya eyi wɔ fie. Wɔpɛ ɔbarima anaa ɔbea adamfo a n’ani gye wɔn ho yiye na ɔne wɔn yɛ adwene. Nkitahodi a efi nkate mu a ɛte sɛɛ betumi de ɔbarima ne ɔbea nna aba. Nkate afoforo a abu so yi nyinaa ama mmofra binom ayɛ basaa. Ebia wobebisa sɛ, ‘So biribi a anigye wom saa betumi ayɛ bɔne? So Bible abrabɔ pa no ne ɔkwan a eye ankasa?’
ƆKWAN A EYE SEN BIARA
5. (a) Dɛn na Yesaia 48:17 ka kyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn ho? (b) Sɛnea 1 Tesalonikafo 4:3-8 kyerɛ no, dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma yɛn wɔ abrabɔ fam?
5 Yɛn soro Agya no kaee ne nkurɔfo a wapaw wɔn no sɛ: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene Nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Dɛn ne ‘ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so’ wɔ abrabɔ mu no? “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ [anaasɛ, ɔhwehwɛ] sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade [nipadua] ahotew ne nidi mu, ɔnyɛ akɔnnɔ anibere mu . . . Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu.”—1 Tesalonikafo 4:3-8.
6. (a) Dɛn na ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ aguamammɔ ho, na dɛn ntia? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi ma mmofra susuw wɔn kwan a wɔnam so ho?
6 Onyankopɔn pɛ wɔ abrabɔ ho no mu da hɔ—‘di wo nipadua so’; yi wo ho fi aguamammɔ ne afideyɛ mu. Mo mmofra a moahyira mo nkwa so ama Onyankopɔn no, mo ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den na moabɛyɛ ahyehyɛde a ɛho tew no fã. Hwɛ anigye ara a adeyɛ a ɛte sɛɛ ma Onyankopɔn nya! Nanso sɛ́ wode wo ho bɛhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu no bɛyɛ te sɛ “Kristo akwaa” a wɔasra wɔn no muni a ‘ɔde ne ho abɔ Awurade’ na ‘ɔde ne ho kɔbɔɔ aguaman ho.’ Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɛmpare me!” abɛyɛ abusuabɔ a ɛsom bo a ɛte sɛɛ a wɔsɛe no koraa. Bɔne foforo biara nte saa, efisɛ “nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.” Ɛda adi sɛ bɔne a ɛte sɛɛ betumi asɛe honhom mu abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kae sɛ “munguan aguamammɔ.” Yiw, “munguan”! Nnyina hɔ nsusuw ho anaasɛ mmɔ ho nkɔmmɔ. Kɔ akyirikyiri koraa sɛnea wubetumi—ntɛm! Nanso sɛ obi ‘anguan’ amfi abrabɔ a ɛte sɛɛ mu nso ɛ?—1 Korintofo 6:15-18.
“WƆYƐ WƆN HO BƆNE”
7-9. (a) Dɛn na 2 Petro 2:9-13 ka wɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ bɔne mu no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ebinom a wɔde wɔn ho hyɛɛ afideyɛ mu no ‘ayɛ wɔn ho bɔne’?
7 Ɔsomafo Petro se, wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔka “anuonyamfo” ho nsɛmmɔne na wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ bɔne mu no, ‘yɛ wɔn ho bɔne sɛ nnebɔneyɛ ho akatua.’ (2 Petro 2:9-13, NW) Ɔbarima ne ɔbea ntam nneyɛe bɔne ho ‘akatua horow’ yi kɔ akyiri sen babaso anaasɛ nyinsɛn a aguamammɔ de ba. Ɛsɛe ɔdɔ, obu ne asomdwoe. Sɛ nhwɛso no, aberante ne ababaa bi a “wɔkɔɔ akyiri dodo,” bɔɔ aguaman, de awerɛhow gye toom sɛ:
“Ná ɛyɛ abasamtu kɛse. Yɛannya anigye anaa ɔdɔ a emu yɛ hyew biara sɛnea na yesusuw sɛ ɛte no. Mmom no, mibehuu bɔne ankasa a adeyɛ no yɛ no.”
“Misui anadwo no nyinaa.”
“Metee nka sɛ maba fam te sɛ ɔkraman. Ná ɛyɛ awerɛhow kɛse. Obu a mewɔ ma me ho ne ababaa no kɔɔ fam. Nokwarem, mihui sɛ merenunu ɔbea no sɛ ɔmaa kwan ma ɛbaa saa.”
8 Ɛnyɛ aguamammɔ nko na yɛn soro Agya no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ho na mmom ‘afideyɛ’ nso. (1 Tesalonikafo 4:7) Bere a asɛm yi fa nneɛma pii ho no, ɛka abrabɔ a ɛho ntew ho asɛm nso. Sɛ nhwɛso no, wɔn ho a woyi gu (boasipem) yɛ suban a ‘ɛho ntew’ a mmofra pii de wɔn ho ahyem. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛkanyan “akɔnnɔ” no na ebetumi de bɔne kɛse aba. Wɔ baabi a onipa no amma n’ani ammere sɛ obedi so no, saa nsusuwii yi de ɔhaw ahorow ba wɔ aware akyi. Aberante bi ho dwirii no bere a ohui wɔ aware akyi sɛ ne nneyɛe bɔne a akyɛ a ɛne ne ho a oyi gu no, amma wantumi amma aware “aboade” no. Asram pii a ɛyɛ awerɛhow dii akyi!—1 Korintofo 7:3.
9 Mmerante ne mmabaa binom de wɔn ho ahyɛ wɔn ho mu a wosuso wɔ ɔkwan a ɛtwetwe akɔnnɔ so mu. Eyi nso yɛ ‘afideyɛ’ na ɛnyɛ den sɛ ebetumi de aguamammɔ aba, na ɛtaa de ba nso. Adeyɛ yi betumi ama “akɔnnɔ” aka obi akodu baabi a ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Aberante bi kae sɛ: “Wuhu wo ho sɛ wote sɛ aboa, a ɔwɔ mmoa akɔnnɔ, a wɔ nkate mu no ɛsɛe ade.” Nea su a ɛte sɛɛ de aba ne aware nhyehyɛe ahorow a emu tetewb na wɔn a akyiri yi wɔware no, mpɛn pii ɛde ɔhaw ahorow brɛ wɔn. Aberante bi ne ne yere paee mu kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ yɛyɛɛ biribiara koduu aguamammɔ so, na ɛkaa kakraa bi ma yɛbɔe ansa na yɛreware. Ɛwom sɛ yenyaa mmoa fii mpanyimfo no hɔ de, nanso nneɛma anyɛ sɛnea ɛte bio. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛsan anya obu a na yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no bio.”
10. Dɛn nti na ‘afideyɛ’ pira ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree?
10 Bere a obi a ɔnwaree fi ase de ne ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam nneyɛe ahorow a ɛwɔ hɔ ma awarefo no bi mu no, ebetumi adaadaa onii no ma waware obi a onni su ahorow a wohia wɔ okunu pa anaa ɔyere pa ho no. Ɔbarima ne ɔbea nna kata adwene a enhyia koraa so na ɛda adi wɔ aware no akyi, na ɛde ɔhaw ahorow ba. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ wɔ ayeforo ahorow 265 a wohyiae a na mmea no nyem mu no, edii mfe anum akyi no na emu 15 pɛ na aka a ɛwɔ hɔ! Nhwehwɛmu foforo kyerɛ sɛ, obi de ne ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu a, ɛyɛ mmerɛw kɛse ma no sɛ ɔbɛsɛe aware. Enti mmerante ne mmabaa, mommma nnipa a wɔka sɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa a wonya ansa na wɔaware no de aware a ɛyɛ anigye ba no “nsɛnhunu” no nnaadaa mo. (Efesofo 5:6) Ebinom mpo kyerɛ sɛ, sɛ woannya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa bere a woadi mfe bi no a wobɛyare. Eyi yɛ atoro. Ɔyare biara nni hɔ a nnuruyɛfo akyerɛ sɛ ahotew na ɛde ba da! Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa binom a wodii akoma akyi mmom sen ɔdɔ no, anu wɔn ho wɔ wɔn asetra a aka nyinaa mu!
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de asotwe ma wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne ho? (b) Dɛn na Hiob ka wɔ wɔn a wɔsen wɔn kɔn tia Onyankopɔn no ho? (d) Afei asemmisa bɛn na yebesusuw ho?
11 Mma wo werɛ mfi sɛ “[Yehowa] ne eyinom nyinaa [aguamammɔ ne afideyɛ] weredifo.” (1 Tesalonikafo 4:6) Saa asotwe yi betumi ayɛ w’ahonim a ɛbɛhaw wo, nteɛso a efi asafo mu mpanyimfo hɔ, anaasɛ nea wugui no a wubetwa. Ɛwom, sɛ yenu yɛn ho a, Yehowa de firi, na ɔkata yɛn mmarato so koraa. Nanso ebinom sen wɔn kɔn na wonntie Onyankopɔn mmara ahorow. Hiob bisae sɛ: “Hena na wasen ne kɔn wɔ [Onyankopɔn] so na asi no yiye? (Hiob 9:4) Obiara nni hɔ! Ɛyɛ Yehowa yaw sɛ obehu sɛ ‘obi asen ne kɔn.’ Ɛyɛ mpanyimfo a wosususw yɛn ho no yaw sɛ woahu yɛn mmofra no pii sɛ wohu amane ahorow a yɛadi kan abobɔ din no. Ahwɛfo yi hu sɛ obiara ntumi mmu Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow so na “asi no yiye.” Sɛnea Kristoni abofra biako a onuu ne ho wɔ abrabɔ bɔne ho ka kyerɛɛ n’asafo mu mpanyimfo no: “Me yam a anka matumi aka akyerɛ abofra biara a ɔwɔ Nokware no mu sɛ, ‘Nyɛ bi!’ Ebia Yehowa de wo bɔne befiri wo, nanso ebia wo werɛ remfi daa. Wobɛkae adebɔne no daa. Mfaso nni so.” Mpanyimfo no ne Yehowa bom ka sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ.”—Yesaia 48:18.
12 Nanso ɔkwan bɛn so na abofra a ɔyɛ Kristoni betumi adi Yehowa mmara nsɛm so na wakwati ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne ho afiri ne sɔhwɛ ahorow pii no?
FA WO KOMA MA W’AWOFO
13. Ɔkwan bɛn so na mmofra a wɔwɔ awofo a wɔyɛ Kristofo betumi de Mmebusɛm 23:26 adi dwuma, na dɛn na ebefi mu aba?
13 “Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.” (Mmebusɛm 23:26) Saa asɛm yi gye nea ɛsen osetie ara kwa a wobɛyɛ. Ɛsɛ sɛ abofra ka ne nsɛm kyerɛ n’awofo na onya wɔn mu ahotoso. Nanso, sɛ́ abofra no, ebia wobɛte nka sɛ wo Papa anaa wo Maame a ɔyɛ Kristoni no nte wo nkate horow ase. Kristoni abeawa bi a ná ho a woyi gu haw no a na ohia mmoa tee nka wɔ saa kwan yi so. Ɛhaw no sɛ ɔne ne na bɛkasa. Ɔbɛyɛ n’ade dɛn? So ɔbɛte ase? Abeawa no kae sɛ: “Bere a meka kyerɛɛ no no, otiei na wanyeyaw me. Ɔde ne nsa too me kɔn mu, kae sɛ ɔdɔ me, na ɔbɛboa me ma madi ɔhaw no so. Yɛkaa ho asɛm a fɛre biara nnim na bere a yewiei no osoo me mu na yɛboom bɔɔ mpae. Efi saa bere no, mitumi ka biribiara ho asɛm kyerɛ no.”
14. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra bu wɔn awofo a wosuro Nyankopɔn no mmara ahorow dɛn?
14 Yiw, mmofra anya mmoa denam wɔn awofo Kristofo mu ahotoso a wonya so. Wɔma wɔn awofo a wosuro Nyankopɔn no akwan ‘sɔ wɔn ani’ na wobu wɔn mmara nsɛm ne nteɛso sɛ “ntweaban” a ɛsom bo mmom sen sɛ wobebu no sɛ ‘hama,’ a ɛyɛ den a, ɛmma wonnya kwan ‘nnye wɔn ani.’ (Mmebusɛm 1:8, 9) So wudi w’awofo nokware ankasa? Anaasɛ wote sɛ abofra biako a ɔkae sɛ: “Sɛ mewɔ m’awofo nkyɛn a, meyɛ nea wɔpɛ sɛ meyɛ, nanso sɛ mifi hɔ a, meyɛ nea mepɛ sɛ meyɛ” no? Ɛdenam awofo a wosuro Nyankopɔn a wobɛbɛn wɔn so no, wubetumi anya mmoa na woakwati ɔhaw ahorow a mfaso nni so no pii. Wɔn a ebia wonni awofo Kristofo no betumi akɔ Kristofo a wɔanyin—mmarima ne mmea—ne afei mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu nkyɛn. Hwehwɛ wɔn mmoa a efi ɔpɛ mu no.—Tito 2:3, 4; Yakobo 5:14, 15.
DI WO NIPADUA NYA
15. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ sɛnea ɔyɛ n’ade no mu wɔ 1 Korintofo 9:27, na ɔkwan bɛn so na abofra betumi ayɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so?
15 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya [ɛnyɛ, ‘edi me nya.’], na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (1 Korintofo 9:27) Paulo hyɛɛ ne ho so. Enti, saa ara na sɛ́ wobɛma nipadua no akɔnnɔ ahorow adi wo so mmom no, di kan siw tebea horow a ɛtwetwe akɔnnɔ no ano na hyɛ da twe wo ho fi ho. Sɛ nhwɛso no, wunim nea ɛbɛba wo nipa dua no akɔnnɔ ahorow so, sɛ wokenkan nhoma ahorow na wohwɛ TV ne sini ahorow a ɛkamfo ɔbarima ne ɔbea nna a. Enti, twe wo ho fi ho sɛ adebɔne! Nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi (baabi a wɔpene so) bere a wunsiesiee wo ho mmaa aware, asaw ahorow bi, apontow a enni akwankyerɛ pa, ne baabi a ɔbarima ne ɔbea nkutoo tumi nantew, nyinaa kanyan “akɔnnɔ.” Enti montwe mo ho mfi ho na “munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso.”—Kolosefo 3:5.
16. Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni ɔbarima ne ɔbea nya bere a wɔayɛ nhyehyɛe na wɔresiesie wɔn ho ama aware no?
16 Titiriw bere a ɔbarima ne ɔbea bi ayɛ nhyehyɛe na wɔresiesie wɔn ho ama aware no, ɛho hia sɛ wɔhwɛ wɔn ho so yiye. Sɛ́ wɔn nkutoo wɔ kar mu, ɔdan mu (obi a ebia ne nkutoo te) , anaasɛ beae bi a atew ne ho a ɛnyɛ fie, betumi ama nnipa baanu no ayɛ nneɛma a ɛho ntew. Obi a wadi mfe 17 kaa no pen sɛ: “Obiara betumi aka sɛ, ‘yenim bere a ɛsɛ sɛ yegyae.’ Ampa, obi betumi abu bere a ɛsɛ sɛ ogyae, nanso baahe na wobetumi? Eye sɛ mobɛtwe mo ho afi tebea no ho. Momma afoforo nka mo ho.” Yiw, obi a ɔka mo ho no betumi ama moanya ahoɔden adi akɔnnɔ ahorow a ɛwɔ mo mu no so bere a monam. Afei nso, munnya “anohyeto ahorow” wɔ faako a mobɛda mo dɔ adi akodu no ho. Munni so.
17. So ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn fekubɔ ahorow yiye? Dɛn ntia?
17 Sɛ nipadua no pɛ sɛ ɛbɛn wɔn a wɔn bra asɛe a, twe wo ho fi fekubɔ a ɛte saa mu. Bible no se: “Ma wo kwan mfi [ɔbea a ne bra asɛe] ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fi pon ano.” (Mmebusɛm 5:8) Ɛwom, bere a mmofra wɔ sukuu no, wɔne nnipa a wɔn bra asɛe pii bom yɛ ade. Nanso so wo ne wɔn bɔ fekuw? Abeawa bi a wadi mfe 18 daa nnipa pii nkate adi bere a ɔkae sɛ: “Fekuw a wobɔ nya w’abrabɔ so tumi kɛse. Bere a woatie wɔn nkɔmmɔbɔ ahorow a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho akyi no, wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɛte. Wunhu sɛnea ɔbarima ne ɔbea nna te ankasa. So ɛyɛ anigye sɛnea wɔka no? Minim sɛ eyi yɛ nokware efisɛ mewɔ ɔba a merehwɛ no esiane nokwasɛm ahorow yi nti.”—Mmebusɛm 13:20.
18. Sɛ wodi wo ho fɛw esiane sɛ wo ho tew nti a, nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni abofra susuw ho?
18 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ nnipa a wobu bra bɔne bewiawia wɔn ho abɛhyɛ Kristofo asafo no mu. Enti, momma mo ani nna hɔ. Sɛ wugye di sɛ ebia obi yɛ eyinom mu bi a fa no ma mpanyimfo no ma wɔmfa honhom mu mmoa mma no. Saa yɛ so no na worekyerɛ ɔdɔ ankasa ama ɔno na ebia na worebɔ afoforo a wɔwɔ asafo no mu nso ho ban. Ampa, ebia wiasefo a wɔn bra asɛe no bi bedi wo ho fɛw esiane wo gyinabea a ɛho tew no nti. Nanso, susuw ho hwɛ! So ɛsɛ sɛ woma nnipa a wɔyɛ “ɔporɔw nkoa”—yiw, nkoa ma wɔn ankasa akɔnnɔ ahorow—ma w’ani wu? (2 Petro 2:19) Hena na ɔwɔ ahoɔden kɛse—ɔbea (anaa ɔbarima) a wasɛe, obu bra bɔne a ‘otiw n’adɔfo,’ anaasɛ ɔbaabun a ne ho tew a obetumi aka wɔ n’abrabɔ pa ho sɛ, “meyɛ ɔfasu” no? (Nnwom mu Dwom 8:10; fa toto Hosea 2:7 ho.) Mo mu hena na ɔbɛpɛ sɛ ɔhwere obu a ɔwɔ, na ɔde ne ‘nidi ama ebinom’?—Mmebusɛm 5:9; Yuda 4, 8-13.
19. (a) Henanom na ‘wodii wɔn nipadua nya’—ɔbarima ne ɔbea a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Nnwom mu Dwom no mu no, anaasɛ Amnon? (b) Dɛn na efii emu biara mu bae?
19 Wo nipadua no a wubedi so, wobɛhyɛ so no, remma wunnu wo ho daakye. Susuw Sulamni ababaa no ne ne dɔfo guanhwɛfo no anigye bere a awiei koraa wɔwaree no ho hwɛ. Ɛdenam afoforo mmoa, ne wɔn ankasa mmɔdenbɔ so no, wodii wɔn nipadua akɔnnɔ so na wɔyɛɛ wɔn a wɔn ho tew. Ɛwom sɛ ná wɔka nsɛm a ɔdɔ wom de, nanso wɔammu bra bɔne ansa na wɔreware, na wɔnam saa yɛ so abrɛ anigye a wobenya bere a wɔaware akyi no ase. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ Amnon a akɔnnɔ bɔne hyɛɛ no a wantumi antwɛn na ne ‘nipadua dii no nya’ kɔɔ aguamammɔ mu no ho.—Nnwom mu Dwom 2:16; 4:16; 5:1; 2 Samuel 13:1, 2, 10-16.
WO NE ONYANKOPƆN NNYA ABUSUABƆ
20. (a) Dɛn na ebetumi aba bere a obi ne Onyankopɔn nni abusuabɔ ankasa no? (b) Dɛn na na nnipa a wɔn bra asɛe a Paulo kaa wɔn ho asɛm wɔ Romafo ti biako no nni?
20 Ababaa bi a wadi mfe 22 a wɔtetee no fi mmofraase wɔ Kristofo fi paee mu kae sɛ: “Me ne Yehowa annya abusuabɔ ankasa. Ná Onyankopɔn nyɛ onipa ankasa mma me. Misusuw sɛ ɛno nti na bere a mebɔɔ aguaman no, anhaw me ankasa no.” Ná ne tebea no te sɛ nnipa a wɔn bra asɛe a Paulo kaa wɔn ho asɛm no. Ná “wonim Nyankopɔn”; ná ‘wonim n’ahyɛde yiye,’ nanso ná wonni “nokware nimdeɛ.”c (Romafo 1:21, 28, 32) “Nimdeɛ a emu dɔ na emu yɛ den kɛse, ne hu a wohu no”d yi, a ɛsɛ sɛ obi ankasa nya, a ná ɛsɛ sɛ enya nkɔso no na na wonni. Wo, sɛ abofra no, so wowɔ saa “nokware nimdeɛ” yi? Ɛho hia sɛ wo ankasa wusua Onyankopɔn Asɛm no daa sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu Onyankopɔn su horow no. Kae sɛnea saa “nokware nimdeɛ” yi hyɛɛ tete Kristofo no den no. (Hwɛ kratafa 5) Nanso nea ɛsen nhomasua ho hia.
21, 22. Dɛn na ɛbɛma obi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ ankasa a emu yɛ den?
21 Mpaebɔ a efi koma mu de obi bɛn Onyankopɔn. Kristoni abeawa bi a abrabɔ bɔne nyaa no nanso akyiri yi n’ani baa ne ho so kae sɛ:
“Ɔkwan koro pɛ a wobɛfa so ama saa abusuabɔ no akɔ so ne mpaebɔ, ɛnyɛ nea wɔbɔ no bi ara kwa na mmom nea efi koma mu pɛɛ. Sɛ meka nea mete nka wɔ me mu kyerɛ Yehowa na minya daa nkitahodi yi a, mihu sɛ ɔyɛ Onipa ankasa a n’ani gye m’asetra ho. Me ne no abusuabɔ no ne ade a ɛho hia me titiriw wɔ wiase.”
22 So wo mpaebɔ mu yɛ den saa? So woyɛ nea ɛne no hyia? Afei nso, denam ‘Onyankopɔn yɔnko-dwumayɛfo’ a wobɛyɛ, na wode wo ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu so no, w’anigye ne wo botae horow bɛyɛ sɛ Onyankopɔn de. Eyi ankasa bɛka wo abɛn Yehowa. Kae sɛ, wo nkutoo na wubetumi ne Onyankopɔn anya saa abusuabɔ yi.—1 Korintofo 3:9.
23. (a) So ɔko a etia abrabɔ bɔne no bɛkɔ so daa? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛbɔ mmɔden biara de asɔ Yehowa ani?
23 Ampa, nnɛ, ɔhaw no wɔ mmofra so. Sɛ́ wubedi nokware yɛ akodi da biara. Nanso, sɛ wotra ‘mpanyinyɛ mfiase’ no a, ɔko no mu betumi ayɛ mmerɛw. Bio nso, ɔko no renkɔ so daa. Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe Satan, ɔdaadaafo panyin a ɔhyɛ abrabɔ bɔne a ɛrekɔ so no akyi no. Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a abɛn pɛɛ no mu no, trenee betwa yɛn ho ahyia a ɛbɛma yɛn kwan a yɛnam so no ayɛ mmerɛw koraa. Susuw saa nhyehyɛe foforo no mu nhyira horow no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ wo ne ababaa bi a ɔkaa sɛnea ɔte nka fa no bɛyɛ adwene, ɔkae sɛ: “Misusuw biribiara a Yehowa ayɛ ama me ne nea wahyɛ me ho bɔ no ho. Ɔmpaa abaw wɔ me ho ɛ. Wahyira me wɔ akwan horow pii so. Minim sɛ nea eye ma me nkutoo na ɔpɛ, na mepɛ sɛ mesɔ n’ani. Daa nkwa fata mmɔden biara a, yɛbɛbɔ ama Yehowa.”—Romafo 16:20; 2 Petro 3:13.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ kratafa 3 na woahu nkontaabu a ɛyɛ nwonwa no.
b Nhwehwɛmufo binom kyerɛ sɛ, wɔn ho mu a wɔtaa suso wɔ ɔkwan a ɛtwetwe akɔnnɔ so no yɛ nneɛma atitiriw a ɛmma aware nhyehyɛe ahorow nyɛ yiye no biako. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no aware nhyehyɛe abiɛsa biara a wɔyɛ mu biako ntumi nkowie aware mu.
c The Expositor’s Greek Testament.
d Wɔ nkyekyem 21 no Paulo de Hela asɛmfua gnoʹsis no di dwuma, bere a wɔ nkyekyem 28 no ɔde e·piʹgno·sis a ɛyɛ asɛmfua a emu yɛ den no di dwuma. Ɛkyerɛ nimdeɛ a emu dɔ na edi mu koraa.
Helani ɔbenfo Richard C. Trench wɔ Synonyms of the New Testament no mu.
Wɔ ntimu mu no, so wutumi bua nsemmisa yi?
◼ Dɛn ne Onyankopɔn pɛ ma Kristofo wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ ho?
◼ Dɛn nti na ɔbarima ne ɔbea ntam ‘afideyɛ’ pira nnipa baanu a wɔnwaree?
◼ Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra bu mmoa a egyina Bible so a wɔn awofo a wosuro Nyankopɔn de ma no dɛn?
◼ Ɛsɛ sɛ Kristofo ɔbarima ne ɔbea hwɛ yiye dɛn bere a wɔresiesie wɔn ho ama aware?
◼ Ɔkwan bɛn so na obi betumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den?
[Kratafa 9 mfoni]
Abrabɔ bɔne pira efisɛ ɛsɛe ahonim ne obu a obi wɔ
ABRABƆ BƆNE
OBU A WƆHWERE
[Kratafa 12 mfoni]
Abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn benya a ɛnam mpaebɔ so di dwuma sɛ ahobammɔ