Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
“Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye.”—Mmebusɛm 23:15.
1. Anigye titiriw bɛn na awofo betumi anya, na dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ho sɛ́ ɔwofo?
ANIGYE bɛn ara na ɛyɛ sɛ wɔbɛhwɛ mmofra nketewa a wɔrenyin ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn nkoa a wɔn ho akokwaw! Nkakrankakra no wonya ɔpɛ sɛ wobehu nneɛma mu, wonya nimdeɛ, wonya ntease, wogyina Kristofo nokware no afã, wɔn ho kokwaw, wohyira wɔn ho so ma Onyankopɔn na wɔba bɛyɛ ne nkoa anokwafo. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wo mma wɔ adeyɛ fɛfɛ yi mu? Ɛda adi sɛ eyi gye mmɔdenbɔ. Ɔsomafo Paulo bisae sɛ ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo begye nea wɔntee ne ho asɛm no adi,” na sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛkyerɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?—Romafo 10:14.
2. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so aboa yɛn mma ma wɔanya Yehowa Nyankopɔn ho anisɔ?
2 Nneɛma pii ma mmofra nkumaa ho dwiriw wɔn. Afafantɔ, anomaa, nhwiren, omununkum, nsoromma—nneɛma a ɛtete sɛɛ nyinaa yɛ wɔn nwonwa. Hokwan ahorow a eye bɛn na eyinom de ma yɛn ma yɛaka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma no! Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Eye sɛ wɔda [Yehowa] ase.” (Dwom 92:1) Wubetumi ada no ase wɔ abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa, ɔhonam fam nneɛma a ɛho hia ne n’Asɛm mu nokware no ho. Wo mma behu anisɔ a wowɔ na wɔn werɛ remfi da.—Dwom 8:3, 4; 19:1; Romafo 1:20; Deuteronomium 8:10; Mmebusɛm 22:6.
3. Dɛn ne ɔkwan pa biako a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ yɛn mma? Ma nhwɛso horow.
3 Mmofra nketewa ani gye nneɛma ho nsɛm a wɔka kyerɛ wɔn ho. Ná Onyankopɔn nim eyi. Ɔma wɔkyerɛw nsɛm pii a esisii too hɔ wɔ Bible mu—nsɛm a ebetumi akyerɛkyerɛ mmofra nkumaa mpo Onyankopɔn akwan. Sɛ nhwɛso no, eyinom kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya gyidi sɛnea Abraham nyae no, nya Ne mu ahotoso sɛnea Yosua ne Kaleb yɛe no, tie No wɔ mmofraase sɛnea Samuel ne Timoteo yɛe no, na yegyina pintinn ma yɛn gyidi te sɛ mmerante Sadrak, Mesak ne Abednego.a
4. Mmofra a wosuaa Onyankopɔn akwan ho nhwɛso horow bɛn na yɛwɔ, ɛnnɛ de ne Bible mmere mu de?
4 Mmofra sua ade ntɛmntɛm. Wosua nsɛm ahorow a wɔde bɔ nneɛma ho dawuru, ne nneɛma afoforo bi a ɛtɔ da bi a ná wo yam a anka mmofra no ante. Hwɛ hia ara a ɛho hia kɛse sɛ yɛboa wɔn ma wosua Onyankopɔn ne n’akwan ho ade! Nnipa pii aka sɛnea mmofra tumi ma mmuae fɛfɛ wɔ Kristofo nhyiam horow ase, sɛnea wotumi nya Teokrase Ɔsom Sukuu no mu kyɛfa bere a wɔda so yɛ mmofra, ho asɛm. Mmofra a wɔtete saa yɛ ɛbo a Bible afotu a ɛfa abayɛn ho som no ho nhwɛso ankasa. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo a wɔyɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma bere nyinaa, na na ɛsɛ sɛ wɔde “mmofra” no mpo ba ma wobetie Onyankopɔn mmara a wɔkenkan no. Ná ɛsɛ sɛ wɔn mma tie na ‘wosua, suro Yehowa, wɔn Nyankopɔn.’—Deuteronomium 31:12, 13; 6:5-9.
5, 6. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so aboa wo mma ma wɔasua Onyankopɔn akwan?
5 Ebia wowɔ Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ pii, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wo mma nso wɔ saa nimdeɛ no. Wonnya nimdeɛ mfi awo mu. Ɛyɛ wo asɛyɛde sɛ́ ɔwofo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa no, ma wɔn ani agye ho, na wɔanya ɔpɛ sɛ wobesua.
6 So wo mma te Bible mu nkyerɛkyerɛ ase? So wɔasua emu nnyinasosɛm ma da biara da asetra? So wo ne wɔn yɛ daa abusua Bible adesua? Sɛ wɔda so susua a, so wo ne wɔn asua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No nhoma no mu nsɛmti aduanan nsia a wɔakyerɛw no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte ase no? Sɛ woayɛ saa, na sɛ wo mma no renyinyin a, so wo ne wɔn asua Your Youth—Getting the Best out of It, a ɛda nsɛm a ɛbɛboa mmofra ma wɔahyia asetra mu nsɛm adi no? Bible se efi “mmofraase” no wɔkyerɛkyerɛɛ aberantewa Timoteo nneɛma a ɛtete saa. Sɛnea Yakob susuw ‘mmofra no ahoɔden ho’ bere a na wɔnam rekɔ Seir no da hia a ehia sɛ woyɛ brɛbrɛ sɛnea wɔn mmɔdenbɔ te no adi. Ɛsɛ sɛ adesua a wo ne wɔn yɛ no yɛ nea wobetumi ate ase, na ne tenten yɛ nea ɛfata sɛnea wɔn mfe te.—2 Timoteo 3:15; Genesis 33:14.
Tumi A Nokware Wɔ
7, 8. (a) Dɛn nti na nokware no ho nimdeɛ ho hia kɛse? (b) Ɔkwan bɛn na awofo betumi afa so aboa wɔn mma ma wɔanya Kristofo nhyiam horow ho anisɔ?
7 Onyankopɔn nokware no yɛ nea tumi wom. Etumi sakra nnipa a wɔanyinyin adwene ne wɔn nipasu. Bible se “munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu.” (Efesofo 4:22-24; Kolosefo 3:9, 10) Esiane sɛ ɛwɔ tumi saa nti, Kristofo nokware no betumi de ahobammɔ kɛse ama wo mma. Mpɛn pii no mmofra kyerɛ mmɔden a wɔn awofo bɔ bere nyinaa sɛ wɔde wɔn bɛkɔ nhyiam horow a wosua Onyankopɔn Asɛm wɔ hɔ ho anisɔ, sɛ́ ebia mfiase no na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ anaasɛ wɔn ani nnye ho. Aberantewa bi kae sɛ: “Mfiase no na mempɛ sɛ mekɔ ankasa. Ná mente ase ahẽ biara. Afei m’ani begyee ho kɛse efisɛ mihui sɛ: Merenya Bible mu nimdeɛ!”
8 Awofo pii di kan ne wɔn mma siesie wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ na mmofra no ate ase. Ebinom hyɛ wɔn mma nkuran ma wɔkaakae adesua no mu nsɛntitiriw kakra na wɔbɔ eyinom ho nkɔmmɔ wɔ kwan so bere a wɔrekɔ fie. Yebetumi ayɛ nkɔmmɔbɔ a ɛtete sɛɛ a ɛyɛ anigye bere a Israel mmusua horow akɔsom wɔ Yerusalem na wɔresan akɔ wɔn kurom no ho mfonini wɔ yɛn adwene mu.—Deuteronomium 31:10-13; Luka 2:41, 42.
Ɔsom Adwuma
9, 10. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔanya Kristofo som adwuma no ho anisɔ na wɔanya mu anigye?
9 Ɛdefa baguam asɛnka adwuma no mu kyɛfa a wobenya ho no, ebia wo mma no besusuw ɔsom adwuma no ho sɛnea Yeremia yɛe no: “Ao, [Yehowa] Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Enti, ɛho hia sɛ yɛtete wɔn nkakrankakra. Sɛnea mfe a wɔadi ne nkɔso a wɔanya no te no, wobetumi abɔ agoo, de nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo ama, akenkan Kyerɛwsɛm, de Bible ho nhoma ama wɔ afie a ɛwɔ mpɔtam hɔ mu, na ebia wɔayɛ Bible adesua mpo.—Yeremia 1:6, 7.
10 Wo ankasa wo suban bɛka wo mma kɛse. Ɔdansefo kumaa bi se: “Me maame ani gye ɔsom adwuma no ho ankasa. Bere biara a ɔbɛsan aba fie no ɔwɔ biribi a ɛyɛ anigye a ɔbɛka akyerɛ.” Sɛ mmofra yɛ nnwuma afoforo na ɛnã atumi de bosome bi asi hɔ de ayɛ akwampae adwuma (asɛnka adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ) a, wɔte nka sɛ wone no na ɛreyɛ adwuma no na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn ankasa benya hokwan a ɛte saa. Aberantewa bi a wadi mfe aduonu biako se: “M’awofo daa no adi bere nyinaa sɛ wogye di sɛ akwampae adwuma no ne adwuma a eye sen biara wɔ asetra mu.” Abofra foforo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Menkae bere bi a wɔamfa akwampae adwuma no ansi yɛn anim sɛ botae.” Mmofra betumi adi ahurusi na wɔanya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye wɔ Yehowa som mu, efisɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn,” na Kristo Yesu yɛ “Otumfoɔ koro a ɔwɔ anigye.”—1 Timoteo 1:11; 6:15, New World Translation.
Anisɔ
11-13. Dɛn ne mfaso horow bi a gyidi ma wo mma nya wɔ: (a) daakye ho suro ho? (b) owu ho suro ho?
11 Ɛho hia sɛ mohwɛ sɛ mo mma wɔ nneɛma a wɔwɔ a ebia afoforo nni bi no ho anisɔ.
12 Ade biako a wɔwɔ ne ahobammɔ. Nnɛyi mmofra taa bɔ wiase nsɛm a emu yɛ den ho nkɔmmɔ wɔ sukuu mu, na wohu wɔ TV so. Wɔka efĩ a abu so, atomik ɔko ne wiase sɛe a ebetumi aba ho asɛm. Nea ɛnte sɛ wɔn no, mmofra a wɔyɛ Adansefo wɔ awerɛhyem na wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Wonim sɛ Onyankopɔn remma nneɛma nkɔ akyiri saa, na mmom ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
13 Owu ma ehu ka wɔn nnamfonom pii. Abofra bi a wadi mfe dumiɛnsa kae sɛ: “Sɛ́ obi benyin ara kwa a n’anidaso ne sɛ obewu nyɛ nea ntease wom.” Mo mmofra no nim sɛ Bible se awufo ‘nnim biribiara.’ Na ‘wɔn tirim a wɔbobɔe yera,’ na enti wontumi nyɛ wɔn ayayade. Wonim nso sɛ Kyerɛwnsɛm no hyɛ nkwa ho bɔ—sɛ nnipa pii a wɔwɔ wɔn adamoa mu ‘befi adi,’ efisɛ ‘da a edi akyiri no, owusɔre bɛba.’ Mo mmofra no tumi kenkan awerɛkyekye nsɛm yi afi Bible mu wɔ Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Dwom 146:4; Yohane 5:28, 29 ne Yohane 11:11-25.
14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nokware no a wɔwɔ yɛ nea ɛho hia ma wo mma?
14 Bio nso, so mo mma nim hia a nokware a wɔwɔ no ho hia? Abofra ɔdansefo bi kae sɛ: “Nea ɛtwee me baa nokware no ho ne nea ɛyɛ no—nokware no. Ná mepɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nneɛma mu bere nyinaa, mibisae daa sɛ: Dɛn ntia? Bible no mu da hɔ pefee, wubetumi adi akyi.” Yesu kae sɛ: ‘Nokware no bɛma woade wo ho.’ Ama nnipa mpempem pii ade wɔn ho, a ɛnyɛ nyamesom mu nnommumfa ho nko, na mmom wɔade wɔn ho afi nnubɔne, ahohwibɔ, babaso ho asiane, gyidihunu, atoro nkyerɛkyerɛ ne dadwen ne haw ahorow a ahyɛ wiase bɔne yi ma, no ho.—Yohane 8:32.
15. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware ahorow a wɔada no adi wɔ kyerɛw nsɛm a edidi so yi mu no kanyan awofo ne mmofra: (a) 1 Yohane 4:9, 10? (b) 2 Petro 3:13?
15 So woakyerɛkyerɛ wo mma hia a Onyankopɔn dɔ ne ne mmɔborohunu ho hia? So wonim nea na ɛkyerɛ ma no sɛ ɔbɛsoma ne Ba aba asase so sɛ agyede no? (1 Yohane 4:9, 10; Romafo 8:38, 39) So wɔn ani gye nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso no ho? (2 Petro 3:13) Nhyira horow a ɛte sɛɛ ho anidaso a mo ankasa mowɔ no bɛhyɛ mo mma nkuran ma wɔanya ho anisɔ. Kyerɛwnsɛm no se ɛsɛ sɛ awofo suro Onyankopɔn na wodi ne mmara nsɛm so na “asi wɔn ne wɔn mma yiye daa.”—Deuteronomium 5:29.
16. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra ma wohu wɔ ɛbo a Onyankopɔn Asɛm som wɔ wɔn abusua mu ho?
16 So mo mma hu nea ebia nimdeɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu ayɛ ama abusua no anaa? Ebia mo mma wɔ mmofra afoforo a wɔne wɔn kɔ sukuu a ebia, esiane awaregu nti wɔwɔ ɛnanom anaa agyanom baanu anaa baasa. Sɛ mode no yɛ abusua a biakoyɛ wom, a awofo no abom atra wɔn nkwa nna nyinaa a, so wo mma no hu sɛ eyi ne Bible nnyinasosɛm hyia? (Hebrifo 13:4) So wohu sɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible no mu no boa wɔn ma wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ, fekubɔ, atirimpɔw, akwankyerɛ, dwumadi ne biribi a ɛsom bo a nnipa pii nni anaa?
17, 18. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ahu sɛ Onyankopɔn Asɛm som bo ma wɔn? (a) wɔ mmusua a emu apaapae nyamesom mu mu? (b) wɔ afie a agyanom anaa ɛnanom nni ahokafo no mu?
17 Nanso ebia woresusuw sɛ: ‘M’abusua yɛ nea emu apaapae—me kunu (anaasɛ me yere) mfa nnyinasosɛm a ɛte saa nni dwuma.’ Ɛno nyɛ nea esiw wo kwan sɛ wode bedi dwuma. Bible se ‘nsa betumi aka’ okununom a wonnye nni denam “ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so.” Sɛ wo nhwɛso pa no tumi ka wo hokafo a onnye nni no adwene a, susuw sɛnea nnyinasosɛm pa a wode di dwuma nokware mu no betumi aka wo mma no ho hwɛ!—1 Petro 3:1, 2.
18 Anaasɛ ebia woyɛ ɔwofo a wunni ɔhokafo a ɛsɛ sɛ wo nkutoo wotete wo ba. Sɛ saa a, ma wo mmofra nhu saa tebea a emu yɛ den yi. Mommoa mo ho mo ho. Ma wonhu nsonoe a ɛda wɔn asetra ne mmusua afoforo a wonim a ebia ɛnanom anaasɛ agyanom no nni ahokafo ntam no. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ wɔbɛtra ofie a asabow, asanom bebrebe, aguamammɔ ne ɔhonam nnwuma afoforo nni hɔ mu!—1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19-21.
Dwumadi Ahorow A Ɛfata
19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma anya nkɔmmɔbɔ ne fekubɔ a wohia? (b) Dɛn na ebetumi de aba?
19 Mmofra hia agodi. Nneɛma ahorow a anigye wom a Bible kyerɛ sɛ ɛkɔɔ so bere a wɔsan de Yerusalem asɔrefi no sii hɔ no mu biako ne ‘mmarimaawa ne mmeawa a wogoru wɔ ne mmɔnten so.’ (Sakaria 8:5) Wo bere ho hia mmofra nso. Bere a wubenya ama wɔn, ma wɔakasa na woate nea wɔwɔ ka ankasa no so nkutoo na wonam betumi ne wɔn adi nkitaho, ahu wɔn nsɛm a emu yɛ den na woaboa wɔn. Bere a Kristofo mmofra nni afahyɛ ahorow a efi abosonsom mu no, wɔn awofo taa yɛ nhyehyɛe ahorow ma wɔn a ɛbɛma wɔn ani agye—fi a wofi adi kɔpasepase mmeae horow, hyia a wohyiam gye wɔn ani, ne nneɛma pa afoforo a ɛyɛ anigye a abusua no bom yɛ. Wonya akyɛde ahorow bere ne bere mu wɔ afe no nyinaa mu. Mmusua bi wɔ hɔ a wɔhyɛ da to pon bere biara a nenanom bɛba abɛsra wɔn. Awofo hyɛ fekubɔ pa a wɔne Kristofo mmofra afoforo benya ho nkuran. Sɛ abusua no atew ne ho wɔ akyirikyiri baabi a, mmofra betumi anya nnamfo wɔ Kristofo nhyiam horow ase a wɔne wɔn di nkrataakyerɛw.
20 Agya bi taa bisa ne mma sɛ: “So mote nka sɛ moahwere biribi esiane mo gyidi nti?” Mmuae no ne sɛ “Dabida!” Abofra bi a ɔde n’asetra totoo ne mfɛfo sukuufo de ho kae sɛ: “Ade biako a minni bi ne ɔhaw ahorow.”
Mmoa A Afoforo De Ma
21. Bere a yenim sɛ mmofra ntetee yɛ awofo asɛyɛde no, ɔkwan bɛn so na afoforo betumi aboa?
21 Sɛ́ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn mma ho asɛyɛde no yɛ yɛn ankasa asɛyɛde. Bible da no adi sɛ ɛsɛ sɛ agya no di kan, na ɛsɛ sɛ ɛna no boa. Ese: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo nã mmara.” (Mmebusɛm 1:8; Efesofo 6:4) Nanso eyi nkyerɛ sɛ afoforo rentumi mmoa. Asafo no yɛ abusua, na mpɛn pii no mmarima mpanyimfo a wɔn ho akokwaw ka mmoa titiriw a obi de maa wɔn wɔ asafo no mu bere a wɔyɛ mmofra ho asɛm. Adansefo mmɔdenbɔfo de anigye kae nnipa a wɔde wɔn fii adi ne wɔn konyaa Kristofo som adwuma no mu kyɛfa bere tenten a atwam ni no. Mmofra ani gye ho yiye bere a mpanyimfo kyerɛ wɔn ho anigye a ɛte saa na wɔboa wɔn ma wɔnantew ɔkwan pa no so no.—Mmebusɛm 13:20.
Mo Ankasa Mo Nhwɛso
22. Nhwɛso a moyɛ no ho hia dɛn?
22 Ɛho hia sɛ mo mma hu sɛ mohwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn nkyɛn, ne sɛ n’Asɛm no na mode bɔ mo bra—sɛ mugye di ankasa na mode di dwuma wɔ mo asetra mu. (Dwom 143:10) Wohu mo nneyɛe. Sɛ mubu nhyiam horow sɛ adesoa, kasa tia mpanyimfo, keka asafo no mufo ho nsɛm na munwiinwii wɔ bere a mode yɛ ɔsom adwuma no ho a, ebia mo mma besua mo nhwɛso bɔne no. Nanso sɛ mubu saa teokrase nhyehyɛe horow yi sɛ nhyira a ɛso nni a efi Yehowa nkyɛn a, ebia mo mma bɛyɛ saa ara. Abayɛn nyɛ nneɛma akɛse kakraa bi a wɔyɛ, na mmom nneɛma nketenkete pii. Sɛ moyɛ nneɛma nketenkete no yiye da biara a, ebia mubetumi adi akɛse biara a ɛbɛsɔre ho dwuma.—Luka 16:10; Mateo 25:21.
23. Ɔkwan bɛn so na nea wohwɛ kwan no betumi aka wo mma?
23 Ɛho hia sɛ wo mma hu sɛnea wo koma da wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ wodɔ wɔn ankasa, ne sɛ sɛ wɔanni nnyinasosɛm pa akyi a, ɛbɛyɛ wo yaw yiye. Salomo kyerɛwee sɛ: “Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye.” Afei nso: “Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi.” (Mmebusɛm 23:15, 24) Nanso, sɛ—bere a wo mma renyin na ebia wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya ahofadi no—wɔyɛ biribi a ebia wo ne wɔn aka ho asɛm ma enti wonim sɛ ɛyɛ bɔne nso ɛ? Mpɛ ntɛm nyi w’adwene mfi wɔn so anaasɛ nnyae sɛ wobɛboa wɔn. Kae sɛ wɔn nso wɔnyɛ pɛ, na ebia na wɔrehyia nsakrae bere a emu yɛ den. Huammɔ a wadi wo nyinaa akyi no, kɔ so sɛ wobɛma ada adi wɔ ɔkwan a ntease wom nanso emu da hɔ pefee so sɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm akyi a wobedi bɛyɛ nea eye sen biara ma wɔn.—Yakobo 3:2.
24. Sɛ wɔde nnyinasosɛm pa atete wɔn mma a, mfaso bɛn na awofo betumi ahwɛ kwan?
24 Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ yɛn mma nyin bɛyɛ mmerante ne mmabaa pa, na yehu sɛ wofi ase di wɔn ankasa asɛyɛde horow ho dwuma na wɔde nneɛma a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn no redi dwuma wɔ asetra mu. Sɛnea Paulo tuu aberantewa Timoteo fo no, saa ara na yɛka kyerɛ yɛn mma: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Ɛno na yebetumi aka wɔ yɛn honam fam mma, a na wɔabɛyɛ yɛn honhom mu mma nso no ho sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔaka eyi ne nsɛm afoforo akyerɛ wɔ ɔkwan bi a ɛyɛ mmerɛw ma mmofra nkumaa sɛ wɔbɛte ase so wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mu, a wo nsa betumi aka bi afi wɔn a wɔyɛ nsɛmma nhoma yi, anaa Yehowa Adansefo mu biara, nkyɛn.
So Wokae Nsɛntitiriw Yi?
□ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi kyerɛkyerɛ yɛn mma Onyankopɔn ne ne nokware no ho ade?
□ Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ama wo mma ani agye Kristofo nhyiam horow ho?
□ Sɛ́ awofo a yɛwɔ ɔdɔ no, ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aboa yɛn mma nkakrankakra wɔ ɔsom adwuma no mu?
□ Yɛpɛ sɛ yɛhwɛ sɛ wɔn ani sɔ nhyira horow bɛn?
[Kratafa 15 adaka]
Mmofra hia nteɛso, akwankyerɛ ne ahyɛde horow. Bible se: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmebusɛm 22:15) Nanso sɛ awofo ani kũ ho sɛ wɔde ahyɛde horow bɛma na wɔahwɛ sɛ wɔn mma te eyinom ase na wodi so a, mmofra te ahobammɔ nka—sɛ wɔn awofo remma wɔnyɛ nneɛma a ebetumi apira wɔn.
[Kratafa 16, 17 mfoni]
Bere a abofra nyin ɔhonam fam no . . . awofo betumi aboa ne honhom mu nkɔso