Sɛ́ Wubewu Ama Nkyerɛkyerɛ Bi
WƆWOO no wɔ Tudela, Spain bɛyɛ 1511 mu. Osuaa nnuruyɛ ne ayaresa wɔ Paris na akyiri yi ɔyɛɛ adwuma wɔ Franse nkurow pii mu. Wagye din esiane sɛ ɔboa ma wohuu nea wɔfrɛ no Engiresi kasa mu Pulmonam-circulation (sɛnea mogya no di dwuma wɔ ahurututu no mu) nti.
Nanso, wɔhyɛɛ no ma oguan fii ne man mu wɔ ne mpanyimmere mu, ma mpo ɔsakraa ne din. Bere a ɔrekɔ Italy, wɔ August 13, 1553 mu no, ogyinae wɔ Geneva, Switzerland. Wohuu no kyeree no, na wɔ August 14 no, Protestantfo kannifo John Calvin ma wodii n’asɛm. Wosii gyinae dɛn? Odi fɔ! Atemmu? Owu! Enti October 27, 1553 mu no, wɔhyew no wɔ dua so wɔ Geneva kurotia.
Ɛyɛ hena? Michael Servetus. Odii dɛn ho fɔ? Awudi? Apoobɔ? Nsɛmmɔnedi foforo bi? Dabi, wokum no sɛ abususɛnkafo esiane sɛ ɔkasa tiaa Kristoman tete nkyerɛkyerɛ a ɛne “Baasakoro Kronkron” no nti.
Ɛde besi nnɛ no Baasakoro nkyerɛkyerɛ no yɛ nea akyinnyegye wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, Amerikani ɔsɛmpakafo Billy Graham kyerɛ sɛ: “Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ankasa, na Agya Nyankopɔn no nyɛ kɛse nsen no wɔ ɔkwan biara so.” Na nea ɛne eyi bɔ abira no, mfe pii a atwam no mu no, Pentecostal sɔfo bi kae wɔ Denver Post afã bi mu sɛ ɔbɛma nea obehu Baasakoro nkyerɛkyerɛ no wɔ Bible mu no Amerika sika dɔla ɔpepem biako. Ɔkyerɛe sɛ Baasakoro no yɛ nnipa nkyerɛkyerɛ na “ɛyɛ atoro a ntease nni mu.”
Ebia wubebisa sɛ, ‘So eyi sakra asɛm no? So nea wugye di fa ho?’ Yiw ɛfa ho. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu Kristo kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa sɛ wobehu wo sɛ nokware Nyankopɔn koro no ne Yesu, wo somafo no sɛ Kristo” (Yohane 17:3, An American Translation) Yɛn daa yiyedi gyina nokware nimdeɛ a yebenya wɔ “nokware Nyankopɔn koro no” mu no so. Enti nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware? So Yesu Kristo yɛ “Onyankopɔn Ba” anaasɛ Ɔba Nyankopɔn? Nsonsonoe kɛse da ntam!