Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 1/1 kr. 4-7
  • So Wo Som Sɔ Onyankopɔn Ani Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Som Sɔ Onyankopɔn Ani Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Asɔrefo Yi Ɔdɔ Adi
  • Nokware Som Ma Onyankopɔn Din So
  • Ɔsom A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
  • Ɔsom Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛsom No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Nea Enti A Onyankopɔn Hyira Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 1/1 kr. 4-7

So Wo Som Sɔ Onyankopɔn Ani Ankasa?

‘ONYANKOPƆN nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe de.’ (1 Korintofo 14:33) Ɛnde, ɛyɛ ampa sɛ nyamesom ahorow pii no ne wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛbɔ ne ho abira no nyinaa rentumi nyɛ nea Onyankopɔn ani sɔ. Enti, ɔsom koro pɛ na ebetumi ayɛ nea edu nea wɔhwehwɛ wɔ nokware som ho no ho. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu saa nyamesom koro a ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa no?

Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom te nka sɛ eyi a wɔbɛhwehwɛ no te sɛ nea wohwehwɛ paane wɔ sare a wɔaboa ano mu. Sɛ wobɛporo ne nyinaa so no betumi ayɛ adwuma a ɛso ara yiye! Nanso ɔkwan tiawa wɔ hɔ​—twebo a ano yɛ den a wɔde bɛhwehwɛ. Ɛbɛtwe paane no afi sare no mu. Saa ara na wubetumi de Bible no adi dwuma sɛ twebo de atwe nokware afi nea ɛnteɛ no mu. Nanso ɔkwan bɛn so na Bible no yɛ saa? Ɛdenam ɔsom a Onyankopɔn pene so a ɛkyerɛkyerɛ mu no so.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ yebekwati asiane a ɛne nyamesom mu ahofama a yɛbɛbrɛ no ase abedu nea eye ma yɛn anaasɛ nea yɛn ani gye ho nkutoo so no a, ɛnde Bible mu nokware nimdeɛ ho hia.

Bio nso, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘asɔre wɔ honhom ne nokware mu’? Ɛdenam akwankyerɛ a ɛyɛ nokware a Onyankopɔn de ama wɔ honhom akwankyerɛ ase wɔ n’Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no mu akyi a yebedi no so.

Nokware Asɔrefo Yi Ɔdɔ Adi

Dɛn na Onyankopɔn Asɛm no boa yɛn ma yɛhwɛ kwan wɔ nokware som ho? Yenya ho adwene bi ntɛm ara wɔ nsɛmfua abiɛsa mu: “Onyankopɔn ne ɔdɔ.” (1 Yohane 4:16) Enti, ɛsɛ sɛ ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no yɛ nea egyina nokware dɔ so.

Wɔ ɛho dwumadi mu no, dɛn na ɛno kyerɛ? Nyamesom a Onyankopɔn pene so no rentumi mfa mfɛfo nnipa ho nitan nhyɛ emufo no mu na ɛrentumi mma ho kwan nso. Bible no ahyɛde tiawa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:39) Ɛno kyerɛ twe a wɔbɛtwe wɔn ho afi wiase yi nitan, afoforo ho adwemmɔne a wonya, ne ntawntawdi ahorow no ho. Ɛkyerɛ akodi a wɔrensua bio ne asomdwoe akyi a wobedi.​—Yesaia 2:2-4.

Sɛ asɛm yi ho nhwɛso no: So yebetumi asusuw “Franseni” ɔsomafo Paulo a ɔrekɔ akokum “Germani” ɔsomafo Petro esiane sɛ aman ahorow a wofi so no ne wɔn ho anya ɔko nti? Nanso, wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no, nyamesom ahorow pii de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu de maa wɔn aman ahorow no kɛse araa ma wɔmaa asraafo no asɔfo ahorow! Wɔ bere koro no ara mu no, “Kristofo” asɔfo a wɔwɔ afanu no nyinaa bɔɔ Onyankopɔn koro no ara mpae sɛ ɔmma wonni nkonim. Nanso so Onyankopɔn ne ne ho di mpaapaemu? So wobetumi atwetwe no akɔ nea Ɔbenfo Albert Einstein kaa ho asɛm sɛ “mmofra yare” a ɛne ɔmampɛ, “adesamma ntoburo” no mu? Dabida! Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn nyamesom sɔ Onyankopɔn ani ankasa no yɛ wɔn a wonni afã biara na woyi nokware dɔ adi. (Yohane 13:34, 35; 17:16) ‘Wɔnkɔ ɔsa wɔ ɔhonam mu.’​—Fa toto 2 Korintofo 10:3, 4 ho.

Nokware Som Ma Onyankopɔn Din So

Ɔsomafo Paulo twee adwene sii ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani agyiraehyɛde foforo so bere a ɔkae sɛ ɛwom sɛ wɔfrɛ pii sɛ anyame ne awuranom de, nanso wɔ nokware asɔrefo mu de ‘Onyankopɔn ne Agya koro’ pɛ na ɔwɔ hɔ no. (1 Korintofo 8:5, 6) Ɛnde, ɛyɛ ampa sɛ wɔn a wɔsɔ Onyankopɔn ani no behu ne din na wɔde adi dwuma.

Wɔ Bible no mfitiase kasa no mu no, wɔhyɛ da bɔ Onyankopɔn din no bɛboro mpɛn 7,000. Sɛ nhwɛso no, Dwom 83:18 kenkan wɔ Twi Bible dedaw no mu sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo ara nko ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Ɛnde dɛn nti na nyamesom ahorow pii no mufo sɔre Onyankopɔn bi a onni din? Na dɛn nti na woyi ne din no fi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu? Ɛda adi sɛ ɛno nyɛ ɔkwan a wofa so sɔ Onyankopɔn ani, efisɛ Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew.”​—Mateo 6:9.

Ɔsom A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

So nyamesom kuw bi wɔ wiase nyinaa a edu nneɛma atitiriw abien a wɔhwehwɛ wɔ nokware som ho a yɛasusuw ho mprempren ara no ho? So nyamesom bi wɔ hɔ a woyi ɔdɔ a Kristo kyerɛkyerɛe no adi ankasa? Na so saa nnipa koro no ara hyɛ Onyankopɔn anuonyam nokwarem a wodi ne din ni wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu?

Ɛyɛ nokwasɛm a wodi ho adanse kɛse sɛ Yehowa Adansefo nni afã biara wɔ amanaman no akodi ahorow no mu. Esiane eyi nti, wɔahu amane wɔ dadeban ne afiase ahorow mu. Sɛ anka wobegyae wɔn nnyinasosɛm ahorow a egyina Bible so mu mmom no, wɔpaw sɛ wɔbɛfa mogya adansefo kwan a tete Kristofo faa so no so. Nea ɛkanyan wɔn ma wɔfa saa kwan yi so ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa. Ɔdɔ a ɛte sɛɛ yɛ nokware som a ɛsɔ Onyankopɔn ani no agyiraehyɛde biako.

Nnipa pii ahu Yehowa Adansefo ho kyerɛwtohɔ fɛfɛ a ɛfa eyi ho no. Sɛ nhwɛso no, wɔ mfe kakraa bi a atwam no mu no, South Amerikafo atesɛm krataa bi kyerɛwfo kae sɛ Adansefo no “pow sɛ wɔbɛsom sɛ asraafo esiane ahonim nti.” Ɔtoaa so sɛ: ‘Sɛ́ mmofra mpo no, Yehowa Adansefo nim sɛ, sɛ wodi mfe dunwɔtwe a ɛsɛ sɛ wodi bere tenten bi wɔ afiase esiane afã biara a wonni nti. Wogye asotwe no tom sɛ wɔn nyamesom mu gyidi no fã. Wɔyɛ wɔn ade bɔkɔɔ na wɔpɛ asomdwoe nso.’

Na ade foforo a wɔhwehwɛ wɔ ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho no nso ɛ? Ampa, henanom na wodi din kronkron, Yehowa, no ni? Ɛda adi ankasa sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔnam wɔn asɛnka adwuma ne wɔn abrabɔ so reyɛ eyi wɔ wiase nyinaa.​—Romafo 10:13-15.

Dɛn nti na wunhu Yehowa Adansefo no yiye? Nsɛm a ɛwɔ benkum so ha no da wɔn gyidi ahorow no bi adi a Kyerɛwnsɛm ahorow nti a wɔyɛ saa no ka ho. Fa sɔhwɛ tiawa yi di dwuma wɔ ɔkwan a Adansefo no fa so som no ho hwɛ: So edu Onyankopɔn nokware gyinapɛn ahorow a wɔada no adi wɔ Bible mu no ho? So ɛresow asomdwoe aba a ɛne ɔdɔ a ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokware som fã no? So edi Onyankopɔn din no ni? Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ eyi nyinaa a, ɛnde na woahu nyamesom a ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa no.

[Adaka wɔ kratafa 6]

NEA YEHOWA ADANSEFO GYE DI

NEA WOGYE DI NEA EGYINA SO WƆ BIBLE MU

Onyankopɔn din ne Yehowa Exodus 6:3; Dwom 83:18

Bible no yɛ Onyankopɔn asɛm Yohane 17:17;

2 Timoteo 3:16, 17

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba Mateo 3:16, 17;

Yohane 14:28

Onipa mfi adannandi mu na Genesis 1:27; 2:7

mmom wɔbɔɔ no

Adam bɔne nti na nipa wu Romafo 5:12

Ɔkra no nni hɔ bio wɔ owu akyi Ɔsɛnkafo 9:5, 10;

Hesekiel 18:4

Hell yɛ adesamma adamoa no Hiob 14:13;

Adiyisɛm 20:13,

King James Version

Awufo anidaso ne owusɔre no Yohane 5:28, 29; 11:25;

Asomafo no Nnwuma 24:15

Ná Kristo asase so asetra no yɛ

agyede ma nnipa asoɔmmerɛwfo Mateo 20:28; 1 Petro 2:24;

1 Yohane 2:1, 2

Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔbɔ

no mpae denam Kristo so Mateo 6:9;

Yohane 14:6, 13, 14

Ɛsɛ sɛ wodi abrabɔ mmara a ɛfa 1 Korintofo 6:9, 10

abrabɔ ho no so

Ɛnsɛ sɛ wɔde ahoni di dwuma Exodus 20:4-6;

wɔ ɔsom mu 1 Korintofo 10:14

Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi Deuteronomium 18:10-12;

ahonhonsɛmdi ho Galatifo 5:19-21

Ɛnsɛ sɛ obi gye mogya gu ne Genesis 9:3, 4;

nipadua mu Asomafo no Nnwuma 15:28, 29

Ɛsɛ sɛ Kristoni twe ne ho fi Yohane 15:19; 17:16;

wiase no ho Yakobo 1:27; 4:4

Ɛsɛ sɛ Kristofo di adanse,

wɔbɔ “asɛmpa” no dawuru Yesaia 43:10-12;

Mateo 24:14; 28:19, 20

Asubɔ denam nsu mu a wɔde obi

hyɛ so yɛ ahosohyira ma Marko 1:9, 10;

Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne Yohane 3:23;

Asomafo no Nnwuma 19:4, 5

Nyamesom mu abodin ahorow mfata Hiob 32:21, 22;

Mateo 23:8-12

Yɛwɔ “awiei bere” mu mprenmpren Daniel 12:4;

Mateo 24:3-14;

2 Timoteo 3:1-5

Kristo ba no yɛ honhom mu de Mateo 24:3; Yohane 14:19;

1 Petro 3:18

Satan ne wiase yi sodifo a Yohane 12:31;

aniwa nhu no no 1 Yohane 5:19

Onyankopɔn bɛsɛe mprempren Daniel 2:44;

nneɛma nhyehyɛe bɔne yi Adiyisɛm 16:14, 16; 18:1-8

Ahenni wɔ Kristo ase bedi Yesaia 9:6, 7;

asase so tumi wɔ trenee mu Daniel 7:13, 14;

Mateo 6:10

“Kuw ketewa” ne Kristo bedi Luka 12:32;

hene wɔ soro Adiyisɛm 14:1-4; 20:4

Nnipa afoforo a Onyankopɔn Luka 23:43; Yohane 3:16

gye wɔn tom benya nkwa wɔ

Paradise asase so

[Kratafa 5 mfoni]

Wobɛyɛ dɛn ahu paane wɔ sare a wɔaboa ano mu?

Wobɛyɛ dɛn ahu nokware som?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena