Ɔwɛn-Aban—Nea Ɛboa Ma Wosiw Nsɛmmɔnedi Ano
Naomi abeawa a wadi mfe ason a wɔte Manchester, de anigye kyerɛw kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo Baa Dwumadibea a ɛwɔ London no sɛ: “Bere a mekɔɔ yɛn Post Office no, mihuu yɛn nsɛmma nhoma no biako a wɔayɛ no mfonini kɛse a wɔde atare hɔ, nea ɔbea bi a ɔbarima a okura sekan regye ne bag afi ne nsam wɔ akyi no. Manchester mantam no mu polisifo akyerɛw de rebɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ akorɔnfo ho!” Dɛn na ɛmaa eyi bɛyɛɛ nsɛmmɔnedi ano a wosiw ho mfonini soronko no?
Bere a Yehowa Adansefo no mu biako redi adanse wɔ Manchester borɔn bi so no, ɔde May 1, 1985, Ɔwɛn-Aban a n’atifi asɛm ne “Yɛn Mmere a Emu Yɛ Den Yi—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Wom Saa?” no bi maa ɔbarima bi. Aberante no de nsɛmma nhoma no hyɛɛ ne kotoku mu, nanso bere a ɔrekɔ fie no, wowiaa no. Bere a ɔtraa ase na ɔrekaakae nea esii a ɛyɛ nwonwa no, ɔkaee nsɛmma nhoma no na ofii ase kenkanee. Bere a polisifo a wɔwɔ dwumadibea a ɛhwɛ nsɛmmɔnedi ano a wobesiw so no mu biako baa ne nkyɛn no, ɔde nsɛmma nhoma no kyerɛɛ no na ɔka kyerɛɛ no sɛ wansusuw sɛ obi bewia no da.
Polisini no ani gyee mfonini a ɛwɔ akyi no ho kɛse na ɔkae sɛ ekura nneɛma ahorow nyinaa a ɛho hia ma wɔde abɔ ɔmanfo kɔkɔ wɔ korɔnbɔ ho no. Wɔpenee so maa wɔn ntɛm ara sɛ wobetumi ayɛ mfonini yi bi sɛ nsɛmmɔnedi ano a wobesiw ho ammanebɔ na eyi ma wɔkyeykyɛɛ 3,000 wɔ Manchester Mantam no mu.