Amumɔyɛ Ano A Wubegyina Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
SO WUSURO sɛ wubepue anadwo? So wuhia krado abien anaa abiɛsa wɔ w’apon ne mfɛnsere ano? So wɔawia wo kar anaa baesekre pɛn? So wɔatu wo kar mu radio pɛn? So ehu ka wo bere a wonam mmorɔn bi so?
Sɛ woma nsemmisa yi mu biara ho mmuae sɛ yiw a, ɛnde na worebɔ mmɔden agyina amumɔyɛ ano wɔ basabasayɛ wiase mu. Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ho? So Bible no betumi aboa wo ma woagyina ano?
Amumɔyɛfo Adwene ne Atɛntrenee
Nnipa atitiriw abiɛsa na wɔwɔ amumɔyɛ wiase no mu: amumɔyɛfo, polisifo, ne wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne. Dɛn na ehia na ama wo a wobetumi adi wo nsɛmmɔne no, atumi agyina amumɔyɛ ano? So wubetumi anya nnipa abiɛsa yi mu bi so nkɛntɛnso? Sɛ nhwɛso no, so wubetumi asakra omumɔyɛfo no?
Amumɔyɛfo pii de amumɔyɛ ayɛ wɔn adwuma. Wɔapaw ɛno sɛ ɛne asetra kwan a ɛyɛ mmerɛw. Ɛte sɛ nea adwene a wokura ne sɛ ‘sɛ wubetumi ne afoforo adi wɔn nneɛma a wonya no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma?’ Adwowtwafo nim sɛ wɔn a wotwa wɔn dwow no pii de sika a wokura no bɛma wɔn komm. Na esiane sɛ nneɛma a esiw kyere a wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔto afiase no kwan dɔɔso nti, wɔn fam de, mfaso wɔ amumɔyɛ mu.
Bio nso, sɛnea wodi nsɛm wɔ nsennibea no yɛ hwanyann ne bere sɛe. Aman pii so no, nsennibea, atemmufo, ne afiase adan nnɔɔso koraa. Amumɔyɛ ho nsɛm a ɛsɛ sɛ wodi no boro wɔn so. Sɛnea wommu atɛntrenee ntɛm no ama tebea no ayɛ sɛ nea Bible no kaa ho asɛm bɛboro mfe mpem abiɛsa a atwam ni no: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.” Bible nnyinasosɛm yi ma ɛda adi sɛ anidaso kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi adi ho dwuma denam amumɔyɛfo a wɔbɛtew wɔn dodow so anaa wɔbɛma wɔasakra no so.—Ɔsɛnkafo 8:11.
Nnipa a wɔto so abien a wɔne polisifo no nso ɛ? So anidaso bi wɔ hɔ sɛ polisifo betumi adi tebea no so nkonim? Wɔn ankasa bebua sɛ: Esiane sɛ mmara ahorow no di boa amumɔyɛfo, na mmaranimfo amimfo kyinkyim mmara no ma nea odi fɔ no fa ne ho di, na ɔmanfo mpɛ sɛ wotua afiase pii a ɛsosoe a wobesisi ho ka, na polisifo nnɔɔso nti, wontumi nnyɛ biribi papa biara mfa nsiw amumɔyɛ a abu so no ano.
Nea ɛka ne nnipa a wɔto so abiɛsa, wɔn a wobetumi adi wɔn nsɛmmɔne no: yɛn, a yɛyɛ ɔmanfo no. So biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na aboa yɛn ma yɛatumi agyina nea ɛreyɛ adan basabasayɛ tebea yi ano yiye anaa?
Nyansa ne Atɛmpa
Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm no se: “Fa nyansa ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn. Ɛno na wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo, na wo nan anhintiw.” Wobetumi de afotu yi adi dwuma wɔ tebea horow a ebetumi ama wɔadi obi nsɛmmɔne no mu. Sɛnea nyansa betumi aboa yɛn wɔ tebea yi mu no bi ne nea ɛwɔ he?—Mmebusɛm 3:21-23.
Amumɔyɛfo te sɛ nkekaboa a wɔkyere mmoa afoforo. Wɔhwehwɛ wɔn a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sen biara. Wɔmpɛ apereperedi a ebetumi ama wɔakyere wɔn, bere a wobetumi anya ade koro no ara afi obi a ne nya fi ne nkyɛn yɛ mmerɛw hɔ.
Enti wɔtow hyɛ wɔn a wɔanyinyin, ayarefo, wɔn a wɔayera, ne wɔn a wonnim sɛ wɔwɔ asiane tebea mu so. Nsɛmmɔnedifo yi paw bere ne beae a eye sen biara ma wɔn na wɔde atow ahyɛ afoforo so. Ɛha na wɔn a wɔn nsa betumi aka wɔn no betumi de nyansa adi dwuma.
Sɛnea Bible no ka wɔn ho asɛm no, wɔn a wɔpɛ bɔne taa yɛ wɔn nnwuma wɔ sum mu. (Romafo 13:12; Efesofo 5:11, 12) Ɛyɛ nokware nnɛ sɛ wodi nsɛmmɔne a wɔde tia nnipa ne agyapade no anadwo. (Fa toto Hiob 24:14; 1 Tesalonikafo 5:2 ho.) Enti, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, onyansafo bɛkwati sɛ ɔbɛnantew mmeae a ɛyɛ hu bere a ade asa. Wɔ New York kuropɔn a amumɔyɛ ahyɛ hɔ ma mu no, polisifo daa amanneɛbɔ da no adi sɛ wotwa nnipa pii dwow bere a owia akɔtɔ akyi, ne titiriw no bere a nnɔndu apa ho, na mpɛn pii no, wɔresan akɔ wɔn afie mu. Amumɔyɛfo no nantew mmorɔn a nnipa nni so no so hwehwɛ wɔn a wɔn nsa bɛka wɔn. Enti, sɛ ɛsɛ sɛ wopaw sɛ wobɛtwɛn aforo bɔs anaa wobɛfa taksi anaasɛ sɛ wobɛnantew baabi a ɛyɛ hu a, nya abotare na twɛn. Anyɛ saa a, wubetumi anya osuahu a ɛyɛ yaw.
Wɔboroo Kristoni bi pasaa wiaa ne nneɛma bere a sɛ anka ɔbɛtwɛn aforo bɔs bɛyɛ anadwo nnɔndu mmom no, ɔnantew twaa kwan tiawa bi bere a anim abiribiri no. Na nnipa afoforo wɔ borɔn no so, nanso na nsɛmmɔnedifo baasa asum nea n’ani nni ne ho so no afiri. Sɛ obiako hu sɛ obi a wɔn nsa betumi aka no nam kwan mu reba a, ɔma afoforo no sɛnkyerɛnne. Wɔboroo onii ko no wiaa ne nneɛma a wɔanka asɛm biako po. Wowiei ntɛm araa ma obi a ɔbɛn hɔ po antumi anyɛ ho hwee. Nea wotwaa no dwow no gye toom akyiri yi sɛ: “Bere foforo no, mɛtwɛn aforo bɔs no.”
Sɛ wɔde nnɛyi akobɔfo a wɔnenam mmorɔn so no toto “Artful Dodger,” a ɔyɛ atotobɔtom kumaa bi a ɔwɔ Dickens anansesɛm nhoma Oliver Twist mu no ho a, na ɔyɛ nsusuwso a ne ho dwo koraa. Nea ɛne Artful Dodger no bɔ abira no, ɛmfa ho sɛ mfe ahe na nnɛyi akorɔnfo ne adwowtwafo adi, wɔtaa kura tuo anaa sekan, na wɔde bedi dwuma. Akwantufo a wɔayera, ahɔho, ne wɔn a wɔretu mpase wɔ kuropɔn a nnipa dɔɔso wom mu ne wɔn a ɛnyɛ den sɛ amumɔyɛfo amimfo yi nsa bɛka wɔn. Wobewia nea wɔn nsa bɛka biara ntɛm sen sɛnea wutumi bu w’ani! Dɛn na ebetumi ama owifo ani abere biribi? Sika kɔnmuade anaa agude foforo biara a wɔhyɛ ma ɛho da hɔ. Mfoninitwa afiri a ɛsɛn ɔkwantufo bi kɔn ho. Ɛtɛ sɛ nea obi akyerɛw abɔ ne ho sɛ “Bra bewia!” Enti, ehia ahwɛyiye. Fa agude biara sie, na kura mfonintwa afiri no ɔkwan a ɛremma ɛnna adi so, te sɛ ebia wode besie wo bag mu. Eyi da nyansa adi.
Anidahɔ yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so gyina amumɔyɛ ano. Bible no se: “Onyansafo de, n’aniwa wɔ ne tirim, na ɔkwasea de, esum mu na ɔnantew.” (Ɔsɛnkafo 2:14) Kɔkɔbɔ yi a obi de bedi dwuma wɔ amumɔyɛ ho no bɛma wahyɛ nnipa a wogyinagyina hɔ a ɛte sɛ nea wonni hwee yɛ no nsow. Hwɛ wo ho yiye wɔ akorɔnfo a ebia wobefi w’akyi ahwim wo bag bere a wonam kwankyɛn no ho. Esiane sɛ ebinom tra baesekre so na wohwim afoforo nneɛma bere a wotwam wɔ wɔn ho no nti, nnantew kwan no ho pɛɛ da, titiriw bere a wukura bag bi no. Kwati mfiri a nnipa nnim mu tra. Wubenya ahobammɔ wɔ mmeae a nnipa pii ne hann pii wɔ hɔ. Akorɔnfo mpɛ sɛ afoforo hu wɔn na wɔhyɛ wɔn nsow. Ɔpon ani a wobu kowia ade yɛ amumɔyɛ a abu so foforo bi a sɛ nkurɔfo ma wɔn ani ba wɔn ho so wɔ amumɔyɛ ho a, anka wobetumi akwati. Bible no de mfatoho a ɛfata yi dii dwuma sɛ: “Wɔfa mfɛnsere mu ba sɛ awifo.” (Yoel 2:9) Nyansa remma wunnyaw apon ne mfɛnsere a wontom krado. Ɛyɛ ampa bere nyinaa sɛ ɔhaw a wɔkwati ye sen n’asiesie. Ɛka kakraa a wobɛbɔ de abɔ wo fie ho ban no yɛ korɔnbɔ ne opira ho ahobammɔ ankasa.
Na sɛ Wotwa Wo Dwow Nso Ɛ?
Yiw, sɛ ahwɛyiye a woyɛ nyinaa akyi no, odwowtwafo bi hyia wo nso ɛ? Bɔ mmɔden sɛ woremmɔ hu anaasɛ woremfa ahopere nyɛ biribi. Kae sɛ ebia ɔkorɔnfo no nso suro na ɔrente nea woyɛ ase yiye. Sɛ ɔbɛma kwan a, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛkasa na moasusuw nsɛm ho. (Odwowtwafo no betumi ayɛ ɔbea.) Ɛtɔ mmere bi a, adwowtwafo ho dwudwo bere a wohu sɛ nea wɔretow ahyɛ ne so no yɛ nokware Kristoni ɔnokwafo no. Ɛmfa ho nea wɔbɛyɛ no, sɛ wo sika anaa agyapade bi nkutoo na wɔhwehwɛ a, ɛnsɛ sɛ wosɔre tia. Dan nea wɔhwehwɛ biara ma wɔn. Bible no kyerɛkyerɛ sɛ obi nkwa som bo sen biribiara a ebia ɔwɔ.—Fa toto Marko 8:36 ho.
Bɔ mmɔden hyɛ odwowtwafo no su horow a ɛda nsow biara nsow, sɛ ɛyɛ n’atade anaa sɛnea ne nipadua te, a womma onhu sɛ worehwɛ no pii. Ɔkasa dɛn? Eyinom nyinaa ho bɛba mfaso bere a wokɔbɔ amumɔyɛ no ho amanneɛ kyerɛ polisifo no, efisɛ amumɔyɛfo pii yɛ wɔn a wonim wɔn yiye, na wɔn mu biara wɔ ɔkwan a ɔfa so di nsɛmmɔne, ma enti wɔn hu renyɛ den.
Na akode a wode bɛhyɛ wo ho de abɔ wo ho ban nso ɛ? Nokwarem no, nyansa nnim sɛ Kristoni de akode bɛhyɛ ne ho. Sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedifo bi sɛ woretwe ne so akode bi a, ɔrentwentwɛn ne nan ase sɛ obepira wo anaasɛ obekum wo. Bio nso, sɛ wode akode ahyɛ wo ho sɛ wode bɛko atia ntuafo a, ɛnde ɔkwan bɛn so na wubedi Bible nnyinasosɛm sɛ “mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu” no so?—Romafo 12:18.
Ɛmfa ho ahwɛyiye biara a wobɛyɛ akyi no, hwee nni hɔ a wubetumi agyina so aka sɛ wɔrenni wo nsɛmmɔne da bi. Wɔ nkuropɔn a amumɔyɛ ahyɛ mu ma mu no, nea ehia ara ne sɛ wowɔ beae a ennye wɔ bere a ɛmfata mu. Nnansa yi ara wɔ New York no, mmaranimfo bi fii ne office sɛ ɔrekɔnom kafe. Ɔhyɛn adidibea hɔ ara pɛ na mmofra bi de atuo bɛtow hyɛɛ wɔn so. Otuo boba bi bɔɔ mmaranimfo no ti kum no. Esiane ‘bere ne nea ɛrebɛba a wanhu ansie’ nti, ɔhweree ne nkwa. Awerɛhosɛm bɛn ni! So anidaso bi wɔ hɔ sɛ wobetumi anya amumɔyɛ a abu so wɔ wiase no mu mprempren no ano aduru anaa?—Ɔsɛnkafo 9:11.
Bere a Amumɔyɛ Bɛba Awiei
Bɛyɛ nea ɛrekɔ mfe mpem abien ni no, Yesu ka siei sɛ awo ntoatoaso bi bɛba a wobehu nneɛma a ɛyɛ hu sen awo ntoatoaso biara a atwam. Esiane TV ne nkitaho a wotumi di no ntɛmntɛm nti, ɔpepem pii anaa ɔpepehaha pii hu amumɔyɛ bere a ɛrekɔ so no ankasa wɔ wɔn TV so dwumadi mu. Wiase no abɛyɛ sɛ akuraa bi, na wɔte nsɛm a esisi wɔ wiase no wɔ baabiara ntɛmntɛm. Enti, nkurɔfo hu nea ɛrekɔ so ankasa no da biara, na sɛnea Yesu ka siei no, “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no” ama nnipa pii “atotɔ beraw.”—Luka 21:26.
Yesu huu nsɛm a asisi fi 1914 no siei, nsɛm a ebedi ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ anim aba. (Mateo 24:3-14) Nanso ɔkae nso sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn.” (Luka 21:31) Ɛno kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn trenee nniso abedi dwuma titiriw bi wɔ asase so.—Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:1-4.
Saa nniso no ase no, ahobrɛasefo, wɔn a wɔpɛ asomdwoe, ne wɔn a wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn nkutoo na wobenya Paradise tebea horow mu kyɛfã. Dɛn na ɛbɛba amumɔyɛfo ne abɔnefo so? “Ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono. Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.” Basabasayɛ ne amumɔyɛ rentra saa trenee ɔsoro nniso no ase.—Dwom 37:2, 9.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu saa wiase asomdwoe nniso a ɛbɛtra hɔ daa no ho anidaso a egyina Bible so no ho nsɛm pii a, kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no anaa kɔ wɔn Ahenni Asa a ɛwɔ mo hɔnom no so. Wɔde anigye bɛboa wo ma woate Bible no ase a wonnye hwee.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.”
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Sɛ wɔde nnɛyi adwowtwafo toto Charles Dickens atotobɔtom a wɔfrɛ no Artful Dodger no ho a, na ne ho nkokwawee koraa
[Mfonini Fibea]
Graphic Works of GEORGE CRUIKSHANK, by Richard A. Vogler, Dover Publications, Inc.