Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/1 kr. 3-4
  • Amumɔyɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amumɔyɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Amumɔyɛ Ano A Wubegyina Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/1 kr. 3-4

Amumɔyɛ Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu

AMUMƆYƐ nyɛ ade a nnansa yi ara na aba. Awudi a edi kan no sii bɛyɛ mfe mpempem pii a atwam ni, bere a Kain kum ne nua Habel. Wɔaka mmonnaato ne mmarima a wɔne wɔn ho da ho asɛm wɔ tete Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. (Genesis 3:8; 19:4, 5; 34:1-4) Na wotwa nkurɔfo dwow wɔ Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan no mu, sɛnea Samariani ɔyamyefo ho bɛ no kyerɛ no. (Luka 10:29-37) Nanso nsonsonoe bi wom nnɛ.

Nnipa a wɔwɔ wiase nkuropɔn atitiriw pii mu, sɛ ɛyɛ New York, London, Calcutta, anaa Bogotá no, te nka sɛ amumɔyɛ adɔɔso pii na ɛyɛ hu sen kan no. India Today nsɛmma nhoma no mu amanneɛbɔ bi a ekura asɛmti “Basabasayɛ a Wɔde Ayɛ Ɔsom” no ka sɛ: “Biribi a ɛhaw adwene, a ɛreyɛ asɛe abrabɔ pa ne asetra a ɛno ne ade a ɛnyɛ den a ɛka ɔman no bom no, ne basabasayɛ, atuatew, ne sakasakayɛ a wɔde wɔn ho ama ne yɛ te sɛ ɔsom no.” Ɛtɔ mmere bi a, wɔ amumɔyɛ a wɔko tia mu no, polisifo mpo pɛ sɛ wɔyɛ ade tra nea mmara a wɔbɛhwɛ ma wɔadi so no ma ho kwan, na wɔn ankasa nso fa amumɔyɛ akwan so yɛ ade. Amanneɛbɔ a efi India a wɔadi kan aka ho asɛm no se: “Wɔda so ara te nnipa a wowu wɔ polisifo afiase ho asɛm.” Na ɛte saara wɔ aman afoforo so.

Ɛte sɛ nea ka a nsɛmmɔne betumi aka wo no reyɛ kɛse. Amanneɛbɔ bi a efi United States se “amumɔyɛ a basabasayɛ wom anaa korɔnbɔ kaa Amerikafo afie anan biara mu biako wɔ 1988 mu.” Bio nso, nkurɔfo de wɔn ho rehyɛ amumɔyɛ a basabasayɛ wom mu bere a wɔyɛ mmofra. Latin-Amerika nsɛmma nhoma Visión se “sicariofo [wɔn a wokum nnipa gye sika] du biara mu baakron yɛ mmofra. [Wɔyɛ] ‘mmofra’ wɔ nipadua mu na wɔwɔ ahobammɔ wɔ mmara mu.” Bio nso, mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ amumɔyɛ a basabasayɛ wom mu no abu so wɔ wiase nyinaa.

Bible no ka siei bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni sɛ: ‘Nanso hu eyi, sɛ nna a edi akyiri no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni dɔ, wɔn a wonni ahosodi, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, atirimɔdenfo, wɔn a wɔhoman. Nnipa bɔne ne asisifo bɛkɔ anim bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.’​—2 Timoteo 3:1-4, 13.

Efi 1914 reba no, adanse pii ada no adi sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den no mu. Wiase nyinaa akodi ahorow abien ne akodi akɛse afoforo a asisi wɔ wiase no mu no ama ayɛ nea wontumi nni so, emu ayɛ basabasa. Amumɔyɛ abu so. Nkuropɔn pii mu no, amumɔyɛfo di tumi, na wɔasakra nnipa pii a wodi mmara so no asetra kwan. Sɛnea U.S. mmarahyɛfo bi a wonim no yiye kae no: “Nneɛma pii na ɛhaw yɛn adwene afei, nneɛma a na anka yensuro. Ɛtɔ mmere bi a, ehu ka yɛn araa ma yɛdan nneduafo, na wɔn a anka ɛsɛ sɛ wɔde wɔn to afiase no mmom ade wɔn ho.”

Nea afi mu aba ne sɛ, nnɛ nnipa reyɛ nneɛma ho ahwɛyiye a na anka ɛho nhia mfe 20 anaa 30 a atwam no mu. Wɔde krado abien anaa abiɛsa na ɛtõ apon mu, na wɔde dade bram akyi. Nnipa a wɔwɔ mmeaemmeae de sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛma odwowtwafo hyɛ wɔn ho na wɔakwati boro a awifo bɛboro wɔn esiane biribiara a wɔannya amma wɔn nti. Ebedu sɛ owia rekɔtɔ no, na nnipa resã wɔ mmorɔn pii so, ma ɛka wɔn a wonnim, nkwaseafo, ne wɔn a nsɛm tebea ama wɔwɔ hɔ no​—na ɛnyɛ den sɛ abɔnefo a wɔnenam nkuropɔn mu mmeae a basabasayɛ wom no mu no nsa bɛka wɔn.

Dɛn na yebetumi ayɛ na wɔanni yɛn nsɛmmɔne wɔ basabasayɛ wiase yi mu? Yɛbɛyɛ dɛn agyina ano?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena