Nsuyiri No—Tete Bere No Mu Kɔkɔbɔ
WƆ ADESAMMA ho abakɔsɛm tenten no mu no, asiane ahorow pii asisi a ebi te sɛ Bepɔw St. Helens de no, na ebi nso sen saa. Nanso emu biara nni hɔ a ɛte sɛ Noa Nsuyiri no. Ná Nsuyiri no yɛ kɛse na ɛsɛee ade araa ma ɛho asɛm yɛ nea aka adesamma adwene mu wɔ wiase nyinaa.
Wɔka Nsuyiri no ho asɛm ahorow 150 wɔ asase so mmeae ahorow pii a Babilon, Rome, India, Australia ne Amerika ka ho. Ɛwom sɛ ɛsono anansesɛm ahorow yi mu nsɛm de, nanso ne nyinaa gye abrabɔ ho asɛm a ɛde Nsuyiri no bae, adesamma a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔsɛe wɔn, ne nya a abusua bi nyaa nkwa wɔ adaka bi mu no tom. Ɔsɛe a esii wɔ wiase nyinaa nkutoo na ebetumi aka nnipa pii adwene mu akyɛ saa.
Bible suani biako kyerɛwee sɛ: “‘Emu nsɛm no a ne nyinaa ne ne ho hyia no yɛ adanse a akyinnye biara nni ho sɛ asɛm no nyɛ bɔ-srɛmka; anansesɛm yɛ onipa biako asɛm, ɛnyɛ amansan asɛm; enti saa asɛm no wɔ abakɔsɛm mu nnyinaso; ɛyɛ biribi a esii ankasa wɔ adesamma mfiase ho asɛm.” Nanso dɛn nti na asɛm a esii bere tenten a atwam ni no yɛ kɔkɔbɔ ma awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no?
Ɛho hia titiriw sɛ yebehu tebea horow a ɛde Nsuyiri no bae no. Sɛnea ɛne tebea horow a ɛwɔ wiase nnɛ no sɛ no ma Nsuyiri no yɛ nea ɛkyerɛ biribi ma yɛn. Sɛnea abakɔsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Genesis mu no ka saa tebea horow no ho asɛm ni: “Na [Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.”—Genesis 6:5, 12.
Ná adesamma wiase no nyinaa asɛe wɔ abrabɔ fam, na na wɔn tirim adwene yɛ bɔne nko bere nyinaa. Esiane eyi nti, na “anuɔden ahyɛ asase so ma.” (Genesis 6:11) Ná wɔn asetra nyinaa yɛ nea wɔde di honam fam nneɛma ne ɔbarima ne ɔbea nna mu akɔnnɔ akyi. Yesu Kristo twee adwene sii ɛno so bere a ɔkaa eyi no: “Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:38, 39) Ná honam akɔnnɔ akyi a wobedi nkutoo na wɔn ani gye ho.
Noa dii kan de kɔkɔbɔ mae mfe pii nanso saa awo ntoatoaso no annye anni. Ná wonhuu nsuyiri a ɛte saa bi da. Esiane sɛ na nneɛma kɔ so te sɛ nea ɛte no ara nti, woantie kɔkɔbɔ no. “Wɔanhu.” Ná ɛmfa wɔn ho sɛ ɛyɛ kɔkɔbɔ a efi wɔn Bɔfo no hɔ denam Noa so.
Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim, efisɛ wɔn anuɔden ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.” (Genesis 6:13) Bere a Nsuyiri no bae no, wɔkoraa Noa ne n’abusua no so efisɛ wotiee kɔkɔbɔ no na wodii Onyankopɔn akwankyerɛ no akyi. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma eyi ho asɛm hia yɛn titiriw?
Tebea Horow A Nsɛdi Wom
Te sɛ nna a edi Nsuyiri no anim no, basabasayɛ abu so titiriw fi Wiase Ko I. Amammuisɛm mu basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ aman ahorow ntam de akodi ahorow a asɛe ade kɛse na ɛyɛ hu sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu aba. Basabasayɛ no mu atrɛw adu nkurow mu, mmorɔn so, ne afi mu; ɛma ehu ka akwantufo mpo. Bio nso, television, sini, ne nhoma ahorow mu nsɛm yɛ nea ɛfa basabasayɛ ho titiriw.
Nsɛdi foforo ne nnɛyi asetra kwan no. Ɔbarima ne ɔbea nna ne honam fam nneɛma ho akɔnnɔ ne nea awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no ani gye ho titiriw. Wɔ wiase nyinaa no, yehu ɔbrasɛe a nea ɛde aba ne mmaninyare ahorow a ɛyɛ hu. Awaresɛe, aguamammɔ, ne mmarima a wɔne wɔn ho da, abu so. Te sɛ awo ntoatoaso a edii Nsuyiri no anim no, awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no dɔ anigyede ne honam fam ahonyade sen Nyankopɔn.
Esiane sɛ nnipa a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no abrabɔ bɔne no ‘yɛɛ Onyankopɔn yaw’ nti, so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔbɛte nka saa ara nnɛ wɔ abrabɔ bɔne a abu so wɔ wiase nyinaa no ho? So ɛnsɛ sɛ nea ɔyɛɛ Noa bere so wiase no yɛ kɔkɔbɔ ma awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no? So ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ wobesusuw sɛ obenya adwene a ɛte sɛ nea yehu wɔ Genesis 6:5-7 no? Bere a Onyankopɔn hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii no, “ɛyɛɛ no yaw ne komam. Na [Yehowa] kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani.” Onyankopɔn nam Bible akyerɛwfo a honhom kaa wɔn no so aka sɛ ɔde atemmu a ɛte saa ara bɛba ahopɛfo awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no so. Ɛrebɛn ɔsɛe a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no.
Nna A Edi Akyiri
Bere a Bible ɔkyerɛwfo a honhom kaa no ma ɔkyerɛw Timoteo krataa a ɛto so abien no rehwɛ yɛn bere yi kwan no, ɔkaa tebea a asɛe a yehu mprempren wɔ wiase nyinaa no ho asɛm. Ɔkae wɔ ti 3, nkyekyem 1 kosi 4 sɛ: “Na hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”
Yesu Kristo nso hyɛɛ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no ho nkɔm. Wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no, ɔkaa basabasayɛ kɛse a yɛahu fi Wiase Ko I no ho asɛm sɛ: “Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Ɔkaa amumɔyɛ a abu so nnɛ ne daakye ho hu a aka nkurɔfo no nso ho asɛm. Yesu kae sɛ: “Sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Ɔkae nso sɛ “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”—Luka 21:26.
Asɛm “nna a edi akyiri” no kyerɛ ade koro no ara ma mprempren awo ntoatoaso yi te sɛ nea na ɛte ma awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no—adesamma nneɛma nhyehyɛe no fã kɛse awiei. Bible ɔkyerɛwfo Paulo a honhom kaa no no ka wɔ 2 Tesalonikafo 1:8, 9 sɛ, Onyankopɔn nam Yesu Kristo so ‘bedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no werɛ. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, afi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam ho.’
Wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no hui sɛ wɔapopa saa awo ntoatoaso no afi asase ani. Wɔsɛee nnipa no ne nea na wɔn ani gye ho no nyinaa. Saa ara na ɔsoro aweredi bɛma basabasayɛfo awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no aba awiei. “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ.”—Dwom 37:10.
Wubetumi Anya Nkwa
Nsɛdi a ɛwɔ awo ntoatoaso a edii Nsuyiri no anim ne yɛn de yi mu no nyɛ nea ɛfa nnipa no bɔne ne wɔn sɛe nko ho. Sɛnea nnipa bi nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no, saa ara na ebinom benya nkwa wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei no mu. Wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no yɛ ahobrɛasefo a wɔammɔ wɔn bra te sɛ afoforo a wɔaka no. Ná wɔyɛ nnipa a wɔdɔ trenee a wotiee Onyankopɔn ne kɔkɔbɔ a ɔde mae no. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Genesis 6:8, 9 sɛ: “Noa de, onyaa ɔdom wɔ [Yehowa] anim. . . . Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu.” Ɛdefa ɔno ne ne mfɛfo a ɔne wɔn nyaa nkwa no ho no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ Onyankopɔn ‘ankora tete wiase no so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so.’—2 Petro 2:5.
Onyankopɔn adiyifo ma yɛn awerɛhyem sɛ nnipadɔm kɛse benya nkwa wɔ ɔsɛe a Onyankopɔn de reba mprempren nneɛma nhyehyɛe yi so no mu. Wɔn nso bɛyɛ ahobrɛasefo a wɔdɔ trenee a wodi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi te sɛ nea Noa yɛe no. Bere a odwontofo no aka abɔnefo sɛe no ho asɛm akyi no, ose: “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11; Adiyisɛm 7:9, 13, 14.
Yesu ka too hɔ sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ wiase nyinaa wɔ nna a edi akyiri no mu. Eyi ne ɔkwan a wɔnam so reboaboa nnipa a wɔdɔ trenee no ano ama nkwagye. Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso wɔ ne bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo a wɔpaapae wɔn mu no ho no mu. Na ɔde ɛbɛ no baa awiei sɛ nnipa abɔnefo a wɔte sɛ mpapo no “befi hɔ akɔ daa [ntwa-fi-hɔ] mu; na nnipa trenee [a wɔte sɛ nguanten] no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:31-46.
Ɛwom sɛ Nsuyiri no bae akyɛ de, nanso ɛyɛ kɔkɔbɔ a emu da hɔ pefee ma yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu kɔkɔbɔ so. Sɛnea Bible ka no, wɔkyerɛw ho asɛm no too hɔ ‘maa yɛn kyerɛkyerɛ.’ (Romafo 15:4) Ɛyɛ kɔkɔbɔ a etia tra a obi bɛtra ase wɔ basabasayɛ, akɔnnɔ, ne honam fam nneɛma akyidi mu te sɛ wiase no a ontie yɛn Bɔfo no. Ɔnsakra. Onyankopɔn sɛee awo ntoatoaso a edii Nsuyiri no anim no esiane wɔn bɔne nti. Esiane ade koro no ara nti, ɔbɛsɛe awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no ne n’amammui, aguadi, ne atoro som nhyehyɛe no.
Sɛ yebenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere no mu a, ɛsɛ sɛ yetie tete bere mu kɔkɔbɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ trenee te sɛ nea nnipa baawɔtwe a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no yɛe no. Na ɛdefa nkwagye ho no, ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛwɔ Sefania 2:3 no: “Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no mu no wodidii na wɔnomee, wowaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Enti monwɛn, efisɛ minnim da ko a mo wura bɛba. Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammetu ne dan ase amma mu. Eyi nti munsiesie mo ho nsie efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.”—Mateo 24:37-39, 42-44
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Sɛnea Noa ne n’abusua nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no, saa ara na wubetumi aka nnipa a wɔwɔ anigye a wobetwa nhyehyɛe yi no ho