Kɔkɔbɔ A Wɔantie
WƆ MAY 18, 1980 mu no, bepɔw a wɔfrɛ no St. Helens a ɛwɔ United States no yɛɛ biribi a ɛyɛɛ bi bɛyɛ mfe 123 ni. Biribi tow fii n’apampam bɛyɛ anammɔn 1,300, na ɛsɛee asase a ne trɛw bɛyɛ akwansin 230, na ekunkum nnipa bɛboro 69.
Eyi nyɛ nea wɔamfa kɔkɔbɔ amma wɔ ho ansa na ɛreba. Bɛyɛ asram abien ansa na eyi resi no, asasewosow a ano nyɛ den pii sii wɔ mpɔtam hɔ, na pii sisii wɔ ɛno akyi. Nsõ ne ogya tow fii bepɔw no mu kɔɔ soro bɛyɛ akwansin anan. Ɛwom sɛ ɛrebedu April mu no na bepɔw no so ayɛ dinn kakraa de, nanso wohui sɛ bepɔw no fã bi repuw aba soro a da koro biara ɛkɔ soro bɛyɛ anammɔn anum.
Wɔ ɛho nyansahufo fam no, na sɛnkyerɛnne ahorow yi kyerɛ pefee sɛ ogya rebɛtow afi bepɔw no atifi. Wɔbɔɔ kɔkɔ Sɛ nkurɔfo mfi faako a bepɔw no wɔ no. Nanso nnipa pii antie kɔkɔbɔ no.
Harry Truman a ɔyɛ ahɔhodan bi a ɛwɔ Spirit Lake a ɛwɔ bepɔw no ase no wura no ampɛ sɛ obefi hɔ akɔ. Ná watra hɔ mfe 50 ma enti onnye nni sɛ bepɔw fɛfɛ yi bɛma asomdwoe a ɛwɔ hɔ no asɛe. Afoforo de wɔn kar faa kwan a wɔasiw no nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ ɛ wɔbɛkɔ akogyina baabi na wɔahwɛ bepɔw a ɛte sɛ nea ayɛ dinn no.
Bere a ɛpaee no, ahoɔhare a nsõ ne mframa a ɛyɛ hyew no de fii bepɔw no mu no yɛ akwansin 200 dɔnhwerew biako biara! Ebubuu nnua ɔpepem pii, na nnipa a wɔantie kɔkɔbɔ no hweree wɔn nkwa. Ebinom wuwui a na wokurakura afiri a wɔde twa mfonini no bi. Atɛkyɛ a ɛyɛ hyew no siee Harry Truman ne n’ahɔhodan no.
Ahoɔhare a na atɛkyɛ no de retene afi bepɔw no so no yɛ akwansin 50 dɔnhwerew biako biara. Bere a wimhyɛn kafo bi bɔɔ nnipa a wɔwɔ atɛkyɛ no kwan mu kɔkɔ no, ebinom antie n’asɛm no. Ɔkae sɛ: “Mannye anni. Mekaa nea ɛreba no kyerɛɛ wɔn nanso wɔserewee na wɔde wɔn nsa nyamaa me.” Ankyɛ na wɔn serew no danee awerɛhow.
Gye a wonnye kɔkɔbɔ a ɛyɛ nokware nni no nyɛ ade foforo, ne titiriw no bere a eyi fa biribi a nkurɔfo nhuu bi da ho no. Wɔka sɛ, biribiara rensi efisɛ efi wɔn tete agyanom bere so no, nneɛma nyinaa te nea ɛte. Su a ɛte sɛɛ bɛyɛ nea asiane wom, sɛ ɛyɛ nea ɛma obi bu n’ani gu tete kɔkɔbɔ a ɛfa ɔsɛe a ɛbɛyɛ nea ɛsen Bepɔw St. Helens a ɛpaee no so a. Dɛn ne saa ɔsɛe no? Na wo su ne dɛn wɔ ɛho kɔkɔbɔ no ho? So wubebu w’ani agu so a wunnye nni, anaasɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wubetie na woanya nkwa? Hwɛ sɛnea ɛte wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
H. Armstrong Roberts