Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/1 kr. 31
  • Yehowa Hyira Pa a Wɔmpa Abaw No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Hyira Pa a Wɔmpa Abaw No So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Migyinaa Pintinn Sɛ Kristo Sraani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Meretwɛn Ahenni A ‘Emfi Wiase’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ No Ho Mfaso Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Onyankopɔn Nhwɛ Nnipa Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Yehowa Hyira Pa a Wɔmpa Abaw No So

YEHOWA ADANSEFO wɔ ɔdɔ a emu dɔ ma Yehowa Nyankopɔn na asɛyɛde a wɔwɔ wɔn yɔnko nnipa ho no ka wɔn ma wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma obiara anya hokwan atie Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Ɛno nti na onuawa bi sii ne bo sɛ ɔbɛka asɛm akyerɛ asraafo ne wɔn mmusua a na wɔwɔ asraafo atrae a ɛwɔ n’asasesin mu no. Bere biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa no, ɔsraani panyin bi a ɔte hɔ no mma no nkɔ hɔ. Ɔka sɛ: “Enti misii gyinae sɛ mehu asraafo no nyinaa panyin.

Bere a menam telefon so ne ne kyerɛwfo kasae no, wampene sɛ me ne asraafo panyin no bɛkasa. Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛkɔ ne nkyɛn wɔ ne fi, efisɛ na ɔnte asraafo atrae hɔ. Bere a meyɛɛ saa no, obisaa faako a mifi. Nea eye no, wɔwoo me wɔ supɔw ketewa no so wɔ Fiji. Esiane obu a ɔwɔ ma me nti, otiee m’adesrɛ no na ɔkae sɛ wate Yehowa Adansefo ho asɛm nanso wɔnkyerɛkyerɛɛ yɛn adwuma no mu nkyerɛɛ no da. Ɛma minyaa hokwan soronko bi de dii no adanse na ogyee Bible adesua mmoa abiɛsa fii me nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ memmra n’adwumayɛbea wɔ asraafo atrae Benada a edi hɔ no anɔpa nnɔnkron. Bere a me ne onuawa foforo bi duu hɔ no na wɔaka yɛn nsrahwɛ no ho asɛm akyerɛ awɛmfo no dedaw na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔama yɛn kwan sɛ yɛnka asɛm no wɔ hɔ. Awɛmfo no panyin kae sɛ: ‘Afei merebɔ asraafo mpanyimfo no nyinaa amanneɛ sɛ Fida ɛsɛ sɛ wobue apon nyinaa ma mo na ɛwom sɛ ɛsono yɛn nyinaa asɔre de, nanso mo de no betumi ayɛ nea wɔde bɔ ɔsoro Ahenni no ne wiase awiei no ho kɔkɔ.’

Ɔtoa so sɛ “bere a yeduu hɔ Fida no, asraafo kar bi a akasam wom faa atrae hɔ nyinaa bɔɔ amanneɛ sɛ: ‘Mmea mpanyimfo baanu bi bɛba atrae ha abɛbɔ mo kɔkɔ, enti yɛsrɛ mo mommue mo apon na muntie wɔn. Mo ne wɔn nnnye akyinnye anaasɛ monnna ɔtan adi nnkyerɛ wɔn.’ Yɛyɛɛ adwuma wɔ atrae hɔ fi anɔpa 8:30 kosii anwummere 5:00 na yɛmemaa nhoma 100 ne nsɛmma nhoma 200. Dɛn na efii mu bae? Yɛayɛ sankɔhwɛ pii na wɔafi Bible adesua pii ase.”

Osuahu a ɛyɛ anigye yi fi supɔw foforo a ɛwɔ South Pacific a nnansa yi akwampaefo atitiriw afi asɛnka adwuma no ase wɔ hɔ no so. United Church no akannifo sɔre tia saa akwampaefo atitiriw yi. Bere a wɔn mansin sohwɛfo kɔsraa wɔn no, ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛyɛ sankɔhwɛ bi bere a ɔhene a ɔwɔ akuraa hɔ no a asɔre no akannifo adaadaa no no ampene so sɛ ɔbɛma Yehowa Adansefo kwan ma wɔaba akuraa no ase no. Bere a woduu hɔ no, na ɔhene no nni hɔ enti wɔfrɛɛ onigyeni no na wodii no adanse fɛfɛ. Bere a wofii hɔ kɔe no, wohui sɛ ɔkorow kɛse bi reba na na ɛda adi sɛ afiri a ɛda mu no asɛe enti na nnipa no rehare. Yiw, na ɛyɛ ɔhene a ɔwɔ akuraa no ase no na wantumi ammedu ntɛm ammesiw sankɔhwɛ no kwan. Bere a akwampaefo no san kɔɔ fie no, wɔde kruu borɔfo ka kyerɛɛ ɔmansin sohwɛfo no sɛ:”Me fella thinkim might angel now breaking engine belong him.” (Yesusuw sɛ ɔbɔfo hoɔdenfo bi na ɔbɛsɛee n’afiri a ɛda ɔkorow no mu no).

Enti Yehowa hyiraa pa a saa anuanom yi ampa abaw sɛ wobetie n’ahyɛde sɛ wɔnka “ahenni ho asɛmpa yi” no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena