Kyerɛwnsɛm mu Asuade Ahorow: Obadia 1-21
Ɔsoro Kɔkɔbɔ Ahorow A Ɛfa Wo Ho
“NEA ɔka mo no, waka m’aniwa kesuwa.” (Sakaria 2:8) Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi yɛ kɔkɔbɔ ma obiara: Yehowa hu nea amanaman no de yɛ ne nkurɔfo. Nanso dɛn na ɛba ɔman a emmu ɔsoro kɔkɔbɔ a ɛte saa na ɛde ne nsa ka Onyankopɔn nkurɔfo na ɛyɛ wɔn bɔne no so? Nhoma a ɛnware koraa sen biara wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛne Obadia no bua asɛm no.
Asiane ma Edom
Obiara rentumi nguan Yehowa atemmu. Obadia nkɔmhyɛ a wɔde mae bɛyɛ 607 A.Y.B. mu no kaa Edomfo a wobetu wɔn afi wɔn asase so a ɛmfa ho sɛ na ɛte sɛ nea wɔn tebea no yɛ dwoodwoo na ɛkorɔn “nsoromma ntam” no siei. Na ɛwom sɛ wɔnna Bible nhoma yi kyerɛwfo no ankasa asetra mu nsɛm adi de, nanso ɔtra ase sɛnea ne din no nkyerɛase a ɛne “Yehowa Somfo” no kyerɛ. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam atemmu a ano yɛ den a ɔka kyerɛ no so. Sɛ Edom hwe ase a ne nnamfo a ɔne wɔn ayɛ apam no bɛfow no koraa. N’anyansafo ne atumfo no mpo remfi mu nka.—Nkyekyem 1-9.
Onyankopɔn de amanehunu ba wɔn a wodi basabasa a wɔyɛ tia ne nkurɔfo ho fɔ no so. Dɛn nti na Edomfo amanehunu no ba? Basabasa a wɔyɛ tiaa wɔn nuanom, Yakob mma mpɛn pii no ntia. Sɛ́ Esau asefo no, na Edomfo ne Israelfo bɔ abusua. Nanso, wɔbɔ wɔn sobo sɛ wɔfow wɔn nua, wodi Yerusalem asehwe ho ahurusi nitan so, na wɔde wɔn a wofii mu kae no hyɛ atamfo nsa de wie eyi. Ne saa nti na Edom asɔw ne sɛe ano.—Nkyekyem 10-16.
Wɔasan de Yakob Fi Asi Hɔ
Yehowa bɔhyɛ ahorow yɛ nea wotumi de ho to so mmere nyinaa. Obadia bere so no, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Ne nkurɔfo bɛsan afa wɔn asase ne pii nso adi bio. Wɔrempaapae Israel mu bio. Wɔbɛsan aka Yakob fi, Yuda mmusuakuw abien ahemman no, ne Yosef fi, kusuu fam mmusuakuw du ahemman no abom bio na wɔahyew Edom sɛnea ogya hyew sare na wɔafa Edom asase no atra so. Obadia de nkuranhyɛsɛm rewie no, ɔpaem ka sɛ Israelfo a wɔasan de wɔn aba no de biakoyɛ bɛsɔre wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ ne nkoa. Ampa, ahenni no bɛyɛ Yehowa dea.—Nkyekyem 17-21.
Asuade ma nnɛ: Kɔkɔbɔ ahorow a wobu ani gu so sow aba a ɔhaw wom. Enti, ɛsɛ sɛ Obadia kɔkɔbɔ a emu da hɔ no san gyigye wɔ wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nnɛ no asom: Wobetwa wɔn a wɔko tia Yehowa ne ne nkurɔfo no afi hɔ daa.
Kyerɛwnsɛm mu Asuade Ahorow:Yona 1:1–4:11
KWATI amanehunu! Hwehwɛ mmɔborohunu! Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam asuade a efi nokware abakɔsɛm bi a ɛboro mfe 2,800—Yona nhoma—mu no a wubetie so. Honhom mu ntease ahyɛ saa nhoma yi a odiyifo Yona a ofi Galilea kyerɛwee bɛyɛ 844 A.Y.B no ma.
Yona Guan
Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na wagyina yɛn akyi wɔ ne som mu. Nanso, Yona guan fi adwuma bi a Onyankopɔn de ama no no ho mmom sen sɛ ɔde ne ho bɛto Yehowa so ma waso ne mu. Ampa, na n’adwuma no nyɛ mmerɛw. Na ɛsɛ sɛ ɔkɔbɔ Niniwe ɔbɔnefo a n’ani nwu asɛm no ɔhaw a efi soro reba no ho kɔkɔ. Nanso Yona de n’ani kyerɛ baabi foforo na ɔkɔtra hyɛn mu sɛ ɔrekɔ Tarsis a mprempren ɛne Spain no. Ɔkwan mu no, ahum bi a ano yɛ den yiye ma enti nkwa a hyɛn no ne emufo benya no ho asɛm yɛ den tu. Yona ka ne bɔne, hyɛn mufo no ma no so tow no kyene fi hyɛn no mu, na ɛpo no yɛ dinn. Apataa kɛse bi mene odiyifo no.—1:1-17.
Onyankopɔn asomfo betumi anya ahotoso sɛ obetie wɔn mpaebɔ. Wɔ apataa no yam no, Yona teɛm frɛ Yehowa srɛ mmoa, ɔnam mpaebɔ so da Onyankopɔn ase sɛ wagye no afi nsu ɔdamoa mu na ɔhyɛ bɔ sɛ obetua nea wahyɛ ho bɔ no. Ankyɛ, wɔfe no to asase kesee so.—2:1-10.
Yona kɔ Niniwe
Nguan adwuma biara a efi Yehowa hɔ da. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a odiyifo yi a na anka ɔtwentwɛn ne nan ase no anya saa asuade yi no, ɔkɔka asɛm “kurow kɛse” no mu. Yona bɔ kɔkɔ bi a ɛyɛ tiawa nanso ɛyɛ penpen sɛ: “Ɛha adaduanan na Niniwe abutuw.” Wɔ sɛnea nneɛma sakrae wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so mu no, Niniwefo sakra wɔn adwene na wɔkwati amanehunu no.—3:1-10.
Onipa rentumi nto Onyankopɔn mmɔborohunu ano hye. Yona bo fuw sɛ wɔakyɛe Niniwe so. Nanso ɛdenam afifide bi so no, Yehowa kyerɛ Yona sɛ obehu mmɔbɔ sɛnea N’ankasa ɔpɛ pa te.—4:1-11.
Asuade ma nnɛ: Wɔnam ɔsoro nkɔmhyɛ tie so betumi akwati amanehunu! Suasua Niniwefo no. Fi ahobrɛase mu tie Yesu Kristo, odiyifo a ɔkyɛn Yona no.—Luka 11:32.
[Adaka wɔ kratafa 30]
BIBLE MU NSƐM A WƆAHWEHWƐ MU
○ Obadia Nkyekyem 7—Wɔ Bible mmere mu no, na obi a wɔne no to nsa ‘di aduan’ no kyerɛ adamfofa apam bi. Asɛm a ɛne ne ho nhyia bɛn ni! Babilonfo a wɔne Edom “wɔ apam” no na wɔbɛsɛe no. Ampa, Nebukadnesar bere so Babilonfo no maa Edomfo kyɛfa wɔ Yuda nneɛma a wɔfowee no mu bere a wɔyɛɛ Yerusalem amamfo no akyi. Nanso akyiri yi Babilon hene Nabonido siw Edomfo aguadi ne aguadisɛm adwene no ano koraa prɛko.
○ Nkyekyem 10—Na Edom ti atõ sɛ ‘wobetwa no akyene akosi daa’ esiane nitammɔne ne pirim a wapirim wɔ ɔdɔ a onni ma ɔman a ɛyɛ ne nua, “Yuda mma,” no nti. (Nkyekyem 12) Na ɔman asetɔre a ɛte saa no kyerɛ sɛ Edomfo man a ɛwɔ nniso ne ɔmanfo a wɔwɔ asase so beae pɔtee bi no bɛyera afi asase ani korakora. Ɛnnɛ, nnipa biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ sɛ wɔyɛ Edomfo; wɔabɛyɛ “sɛ wɔn a wonni hɔ.”—Nkyekyem 16.
[Adaka wɔ kratafa 31]
BIBLE MU NSƐM A WƆAHWEHWƐ MU
○ Yona 1:17—Esiane sɛ bonsu ti ne ne menewam sõ nti, obetumi amene onipa. Ɛwom sɛ bonsu ho yɛ nã wɔ Mfinimfini Po no mu de, nanso bere bi na apofofo a woyi bonsu gyina wɔ Yopa. Apataa bi a wonim sɛ odi ahyɛn akyi wɔ Mfinimfini Po no mu na odi biribiara a wɔtow kyene po no mu ne oboodede kɛse fitaa no. Ɛno nso betumi amene onipa mũ. Nanso wɔ Yona asɛm no mu no, Onyankopɔn de “apataa kɛse bi” a ebia ɛyɛ abɔde bi a nnɛyi nyansahu nnim na edii dwuma.
○ 2:1, 2—Ɛda adi sɛ Yona annya tebea pa bi a eye ma anwonsɛm kyerɛw bere a na ɔwɔ “apataa no yam” no. Nanso akyiri yi ɔkyerɛw nea ohui no too hɔ. Nsɛm a esii nea ɛwɔ Nnwom no mu so dua a ɛdaa ne nkate ahorow adi no fi ne komam tɔnn.—Fa 2:2 toto Dwom 120:1 ne Dwom 130:1 ho na fa Yon 2:5 toto Dwom 69:1 ho.
○ 3:3—Wɔanka Niniwe kɛse ho asɛm no antra so. Ɛwom sɛ na afasu a na atwa ho ahyia no bɛyɛ akwansin 8 pɛ de, nanso ɛda adi pefee sɛ na ne nkurotia nso a ebia emu twe bɛyɛ akwansin 26 no ka kurow no din no ho.
○ 3:10—Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nuu ne ho” no kyerɛ sɛ “obi sakra n’adwene wɔ adeyɛ bi a atwam (anaa wayɛ adwene sɛ ɔbɛyɛ) ho.” Enti, Yehowa betumi ‘anu ne ho’ anaasɛ ɔbɛsakra n’adwene wɔ asotwe a ɔde bɛba adesamma a wodi mfomso so no ho bere a wɔasakra wɔn adwene nokwarem no.