Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 9/15 kr. 30-31
  • Nea Nti a Réunion wɔ Ahenni Asa Ahorow Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Nti a Réunion wɔ Ahenni Asa Ahorow Pii
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dɛn Nti na Ahenni Asa Ahorow Pii wɔ Hɔ?
  • Wodi Akwanside Ahorow So
  • Ɛho Anuonyam no yɛ Yehowa Dea
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 9/15 kr. 30-31

Nea Nti a Réunion wɔ Ahenni Asa Ahorow Pii

RÉUNION supɔw ketewaa no da Indian Ocean kɛse no mu bɛyɛ akwansin 400 wɔ Madagascar apuei fam. Ɛwom sɛ supɔw no tenten bɛyɛ akwansin 40 na ne trɛw bɛyɛ akwansin 30 pɛ de, nanso ogya mmepɔw ne ogya a ɛtaa tu fi mu pii wɔ hɔ. Bepɔw a ɛware sen biara wɔ hɔ a ne tenten yɛ anammɔn 10,069 no ne Piton des Neiges (Sukyerɛmma Bepɔw) a anka ɛyɛ ogya bepɔw no. Ogya bepɔw a wɔato din Piton de la Fournaise (Fononoo Bepɔw) a ne tenten yɛ anammɔn 8,612 no wɔ supɔw no kesee fam apuei. Sɛ etu anadwo a, ɛyɛ fɛ yiye! Akwan akɔntɔnkye pii deda abon no mu na ɛma wohu ahodwiriwde bi a wɔato din sɛ Réunion ade huhu a ɛyɛ fɛ.

Dɛn Nti na Ahenni Asa Ahorow Pii wɔ Hɔ?

Nanso, Réunion fɛ a ɛyɛ no ankasa da adi wɔ sɛnea supɔw no sotefo pii tie “ahenni no ho asɛmpa” a Yehowa Adansefo ka no. (Mateo 24:14) Wofii wɔn asɛnka adwuma no ase afe 1960, bere a bere nyinaa asomfo baanu fi Franse kɔɔ hɔ no. Mprempren, mfe 30 akyi no, Adansefo 1,665 reka Ahenni nkrasɛm no kyerɛ nnipa 582,000 a adagyew nnim​—sɛ wɔkyekyem a, Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 350 wɔ supɔw no so.

Nkɔso a ɛte saa no ama ahia sɛ wosisi nhyiambea ahorow a ɛfata na Adansefo no atumi atoa wɔn som no ne honhom fam ɔkyerɛkyerɛ no so. (Hebrifo 10:24, 25) Réunion asafo horow 19 no mu 13 asisi wɔn ankasa Ahenni Asa dedaw. Esiane sɛ ahum akɛse taa tu wɔ beae yi nti, eyi yɛ adan a ɛwɔ ahoɔden yiye a egye bere​—ne sika pii​—na wɔde asi. Esiane sɛ Adansefo a wɔwɔ supɔw no so no mu pii akatua nnɔɔso ahe biara na wɔwɔ mmusua akɛse a wɔhwɛ wɔn nti, ɔkwan bɛn so na wɔatumi asisi Asa ahorow yi? Sɛnea Bible ka no, mmuae no ne sɛ ‘Yehowa nsa nyɛ tiaa.’​—Yesaia 59:1.

Wodi Akwanside Ahorow So

Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea Yehowa kaa nkurɔfo koma ma wɔboaa ma wosii Ahenni Asa wɔ kurow ketewaa St.-Louis, a ɛwɔ Réunion kesee fam atɔe no. Bere a wɔpenee ne si ho nhyehyɛe so nea edi kan no, Ɔdansefo kumaa bi ka kyerɛɛ ne sukuu mu adansi ho ɔkyerɛkyerɛfo sɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama rebesi Ahenni Asa bi. Ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ankasa boae nko, na mmom ɔde ne sukuufo no nyinaa baa beae a wosi ɔdan no ma wɔbɛboae ma wotuu ne fapem no nso. Akyiri yi, ɔde nnade a ehia sɛ wɔde yɛ fapem no mae.

Bere a adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama ɔha ne akyi bae dapɔnna bi sɛ wɔrebegu kɔnkrit wɔ beae a ɛbɛyɛ sɛ anammɔn 2,000 no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wobehui sɛ wɔatoto kurow no mu nsu mu. Wɔbɛyɛ dɛn afɔtɔ kɔnkrit no bere a wonni nsu? Adwumayɛfo no mu biako a onim adwumayɛfo a wodum ogya panyin no sii gyinae sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ɔhaw no mu akyerɛ ɔbarima yamyefo yi. Bere tiaa bi akyi no, lɔre a wɔde dum ogya bi baa baabi a wosi ɔdan no. Ná nsu a ɛdɔɔso a ɛbɛso adwuma no wɔ lɔre no mu, na wɔn a wodum ogya no maa kwan ma esii hɔ da mũ no nyinaa! Ntease wom sɛ adwumayɛfo no nyinaa fii wɔn koma mu yɛɛ adwuma no.

Yehowa mmoa daa adi wɔ ɔkwan a wɔnam so dii akwanside afoforo so no mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi mu wɔ ɔdansi no mu no, na wɔawie nsɛmso no a ɛsɛ sɛ wɔde akanea soronko 22 bi a na wɔakra wɔ asram awotwe a atwam no mu hyehyɛ. Nanso, adwumakuw no kyerɛw anuanom no sɛ wɔagyae nea wɔhwehwɛ no yɛ. Dɛn na wobetumi ayɛ? So na ɛsɛ sɛ wɔsesa ɔdan no ne nsɛmso no yɛbea? Dabi, efisɛ saa bere no mu ara na anuanom no tee sɛ ɛhɔnom ɔdansifo bi wɔ akanea koro no ara bi a anka ɔdebɛyɛ adwuma bi, nanso wanyɛ da.

Wobisaa no sɛ “ahe na wowɔ?”

Obuae sɛ “bɛyɛ 25.”

Wɔkɔtɔɔ akanea no ntɛm ara de bɛhyehyɛe.

Bere a adwuma no rekɔ so no, obi a na wafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no ani gyee ɔdan fɛfɛ no ho yiye.

Obisae sɛ “so muhia biribi foforo bio?”

Onua biako buae sɛ “yiw, yehia akasam afiri.”

Wobuae saa no, onigyefo foforo yi yii cheque ntɛm ara na ɔde ntoboa a ɛkame ayɛ sɛ ebetumi atɔ akasam afiri foforo koraa mae. Ntoboa ahorow yi ne bosea a Ɔwɛn Aban Asafo ti a ɛwɔ United States fi ayamye mu de mae no boaa asafo no ma wowiee Ahenni Asa fɛfɛ yi si.

Ne titiriw koraa no, St. Louis asafo no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa Onua Carey W. Barber, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni ma obebuee Ahenni Asa no ano maa wɔn wɔ December 1988 mu. Ná Onua Barber befi Asafo no ti wɔ Brooklyn, New York abebue baa dwumadibea a ɛwɔ supɔw a ɛbɛn hɔ a ɛne Mauritius no so no ano. Bere a St. Louis anuanom no tee eyi ho asɛm no, wɔ adapɛn abiɛsa pɛ mu no, woyii ntoboa a ebetumi atua ɔne Mauritius baa boayikuw no muni biako wimhyɛn ka afi Mauritius aba Réunion. Esiane nkɔso a aba fi saa bere no nti, wɔakyɛ St. Louis asafo no mu. Mprempren asafo ahorow abien na wohyia wɔ Ahenni Asa no so.

Ɛho Anuonyam no yɛ Yehowa Dea

Asafo ahorow a ɛwɔ Réunion no nso ɛ? Esiane sɛnea wɔyɛ Ahenni ho asɛnka adwuma no ho ade pa nti, nnipa a wohyiam wɔ Ahenni Asa so no dodow boro Yehowa Adansefo a wɔwɔ supɔw no so dodow nyinaa so ɔha mu nkyem 150 kosi 200. Enti, nea nti a wohia Ahenni Asa pii wɔ Réunion no da adi pefee. Nokwarem no, St. Louis de no akyi no, wɔasi foforo abiɛsa, na ama ne dodow nkabom ayɛ 13 ama asafo horow 19 a ɛwɔ supɔw no so no.

Eyinom nyinaa ho anuonyam no yɛ Yehowa a ɔka siei sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, Yehowa, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu” no dea. (Yesaia 60:22) Nkɔmhyɛ yi anya mmamu wɔ supɔw fɛfɛ yi so sɛnea ɛte wɔ asase no so mmeae afoforo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena