Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 10/1 kr. 3
  • So Wo Kɔn Dɔ Bere A . . .

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Kɔn Dɔ Bere A . . .
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 10/1 kr. 3

So Wo Kɔn Dɔ Bere A . . .

□ wubetumi ate ahobammɔ nka wɔ wo fie​—bere biara?

□ ɛho renhia sɛ wunya krado, nnade a wɔde bram apon akyi, kɔkɔbɔ dɔn, apon mu ntokuru, ban, awɛmfo, akraman, ne ahobammɔ nneɛma afoforo?

□ wo nkutoo betumi anantew mmorɔn so wɔ ahobammɔ a edi mu ankasa mu, anadwo mpo?

□ nnubɔne a epira nnipa ne ɔhaw ahorow a ɛde ba no bɛyɛ nea wɔnkae bio?

□ akodi nyinaa agyae na wɔrenyɛ akode bio anaasɛ wɔremmoaboa ano ngu hɔ?

□ ɛnsɛ sɛ nnuan, mframa, ne nsu a wɔasɛe no ho asɛm haw wo bio?

□ wɔayi nsɛmmɔnedi nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie, atopae a ehunahuna nkurɔfo afi hɔ koraa?

□ wɔbɛbɔ asase so nneɛma ankasa ho ban, wɔbɛhwɛ so, na wɔde adi dwuma nyansa mu ma ɛho aba obiara mfaso?

□ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya nyɛ tumi ahorow a ɛno na ɛkanyan adesamma bio?

□ mmofra bekura wɔn ho a enni asɛm mu na wɔde obu ama afoforo ne wɔn agyapade?

□ wɔrenhyɛ mmea so na wɔmma wɔn ho nka mu?

□ mmara ne ahyɛde ahorow bɛyɛ nea eye ma obiara na wɔde atɛntrenee adi ho dwuma ama obiara yiyedi?

□ nniso begyina ahiade ankasa so asisi gyinae ahorow na mmom ɛnyɛ amansɛmdi so?

□ ɛnyɛ sɛ wɔbɛka ahofadi ne pɛ a nnipa nyinaa yɛ ho asɛm nko na mmom wɔde bedi dwuma no?

□ ohia nni hɔ bio, na mmom nnipa nyinaa benya nea wohia ama wɔn akwahosan, yiyedi, ne anigye?

□ wɔpɛ mmofra asɛm, wɔhwɛ wɔn yiye na wɔnyɛ wɔn basabasa anaasɛ wonnyaw wɔn?

□ wobedi ɔyare ne owu so nkonim, na yare bɔne a ɛyɛ hu biara nni hɔ?

□ obiara a wuhyia no no bɛyɛ ɔyamyefo, ɔboafo,ne obi a wo tumi de ho to ne so?

□ obiara nkwa bɛyɛ nea ɛsom bo ampa, na obiara betumi anya anigye a ɛtra hɔ daa?

□ nyamesom renyɛ ade a ɛde mpaapaemu ba a ekowie nsusuwii mu kateeyɛ, ɔtan, ne akodi mu bio?

nnipa nyinaa benya mmeae a ɛdɔɔso na eye atra, na afi a wonnya ntra mu bɛyɛ ade a atwam?

Sɛ wubetumi abua nea ɛwɔ atifi hɔ no biara sɛ yiw a, w’ani begye sɛ wobɛkenkan nsɛm a edidi so yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena