Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 10/1 kr. 4-5
  • Yehia Wiase Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehia Wiase Foforo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wiase Asomdwoe Abɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔko Asesa Nnansa Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Onipa Rentumi Mfa Asomdwoe Mma?
    Nyan!—1982
  • Wiase a Akodi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 10/1 kr. 4-5

Yehia Wiase Foforo

TWA W’ANI na hwɛ tebea horow a atwa wo ho nyinaa ahyia no. So wopɛ nea wuhu no?

Ebia w’ankasa wowɔ ofi fɛfɛ bi wɔ beae bi a ɛhɔ yɛ anigye na wɔhwɛ hɔ yiye. Ebi nso a na wowɔ adwuma a akatua no ye a wopɛ. Nea ɛka ho no, ebia na wo ne w’adɔfo wɔ akwahosan pa sɛnea ɛsɛ. Woka ne nyinaa bom a, ebia wobɛte nka sɛ wowɔ ahobammɔ ne anigye kakra.

Nanso susuw afipamfo afoforo, ɔman a wote mu no afã afoforo, nsase afoforo ho. Hwɛ wiase nyinaa. So ɛyɛ ade pa bi na wuhu no? Ɛyɛ nea ɛma abotɔyam, asomdwoe, ne yiyedi ampa?

Sɛnea nsɛm bi a wɔka siei wɔ afeha yi mfiase kyerɛ no, ɛsɛ sɛ anka ebesi saa bere yi no, nyansahu atumi ayi nyarewa atitiriw nyinaa afi hɔ, ama obiara anya nnuan a ɛdɔɔso, ama nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ayɛ nea egyina pintinn na enya nkɔanim, na ɛde asomdwoe bere bi aba. Nanso dɛn na aba ankasa?

Ɛho nhia sɛ wohwehwɛ nneɛma mu kɔ akyiri pii na woahu sɛ asomdwoe nni yɛn okyinsoroma yi so. Michael Renner kae wɔ State of the World 1990 mu sɛ: “Efi Bible mmere so no, wɔatu nkurɔfo fo sɛ wɔmfa wɔn nkrante mmobɔ nsɔw. Ɛmmae da sɛ afotu a ɛte saa no ayɛ nea ɛfata kɛse sen nnɛ. Asraadi tumi akyidi a wonnyae no de adesamma abɛn wɔn ase a wɔbɛtɔre ho pɛɛ.”

Aman mu basabasayɛ ne akodi a ɛsɛe wiase aman pii no ho amanneɛbɔ abu so. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, na wɔredi ako ahorow 22 wɔ 1988 mu.a Nnipa ahe na wowuwui wɔ saa akodi no mu? St. Louis Post-Dispatch se ɛde besi saa afe no ne ɛno mu no, “nnipa a wokunkum wɔn wɔ ako a na wɔredi wɔ 1988 mu no nyinaa dodow yɛ 4,645,000. Nnipa a wokunkum wɔn no mu ɔha biara mu aduɔsɔn asia nyɛ asraafo.”

So nsɛm a esisi wiase mprempren no da no adi sɛ asomdwoe wiase bi da yɛn anim? Asɛm bi a epuei wɔ San Jose Mercury News a wotintim wɔ California, U.S.A. no mu no se: “Wɔkeka sɛ Ɔko Nwininwini no regu na asomdwoe rebɛba. Nanso san hwɛ bio. Wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu no, ɔko gu so dennen a nsɛm a wobesiesie ho anidaso biara nni hɔ. Eyinom ne wiase no akodi ahorow a ahintaw. Mpɛn pii no, ɛyɛ ntawntawdi a ɛma nniso ahorow sɔre tia wɔn ankasa nkurɔfo: ɔmanfo apereperedi a ehwie mogya gu a ɛfa asase, ɔsom, mmusua ntam akame akamedi, amammui tumi, ne nnubɔne mpo ho. . . . Efi Afrika Abɛn no so kosi Asia Kesee fam Apuei no, ɔko ahyɛ nnipa ɔpepem pii ama wɔaguan afi wɔn afi mu. Wonnua mfum nnuan, wotua ayaresabea ahorow, wɔsɛe nyɛmmoa, wokunkum awofo atirimɔden so wɔ wɔn mma anim, wɔyɛ mmarimaa a wɔadi mfe du nneɛma asoafo ne afei asraafo, wɔto mmeawa nkumaa mmonnaa. Wɔ nsase a werɛ afi wɔn titiriw yi so no, ɔko asɛe nneɛma pii na ɛde asetra mu basabasayɛ a ebia saa aman yi rentumi nyi wɔn ho mfi mu nwie da aba. . . . Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ akodi pii bae wɔ 1980 mfe no mu sen mfe du foforo biara wɔ abakɔsɛm mu.”

Wɔn a wotumi guan kɔ aman a wɔanya nkɔanim kɛse mu no mu pii hu sɛ nsɛmmɔnedi a basabasayɛ wom ho ahunahuna sɛe asomdwoe a wɔhwehwɛ no. U.S.News & World Report bɔ amanneɛ sɛ: “Nsɛmmɔnedi a ebu fa [United States] so no akɔ so wɔ 1980 mfe no mu wɔ ka a wɔka siei sɛ ano bɛbrɛ ase no nyinaa akyi. Afe soronko bi mu no: Nsɛmmɔnedi a anibere wom te sɛ awudi, ɔhwe, ne nneɛma a wobubu kowia ɔpepem 8.1 na ɛwɔ hɔ. . . . Nea ɛhaw adwene wɔ eyi nyinaa mu kyɛn biara no ne sɛnea mogyahwiegu abu so baabiara na ayɛ nea wontumi nkyerɛ bere a ɛbɛba no. Ka a nsɛmmɔnedi ka obiara no abɛyɛ nea wontumi ntu mfi hɔ. U.S. Bureau of Justice Statistics bu ano sɛ nsɛmmɔnedi kɔ so sɛnea ɛwɔ hɔ mprempren yi a, mmofra a mprempren wɔadi mfe 12 no mu ɔha biara mu 83 na nsɛmmɔnedi ankasa anaasɛ ɛho mmɔden a wɔbɛbɔ no bɛka wɔn. . . . Wontumi nhu sɛ wɔbɛtwe ɔman mu nsɛmmɔnedifo aso na ɛmma ntɛm nso. Ɔman no mu nyinaa no, nsɛmmɔnedi akɛse anum mu biako pɛ na polisifo tumi di ho dwuma.” Tebea horow a ɛte saa ara wɔ wiase nyinaa. Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no bɔ “nsɛmmɔnedi ne sɛnea anibere wom nyinaa a ɛredɔɔso wɔ wiase mmeae pii” no ho amanneɛ.

Nanso sɛ ɔko, akode, ne nsɛmmɔnedi nyinaa fi asase so ntɛm ara mpo a, nkwa bɛkɔ so ayɛ nea ɛda asiane mu. Worldwatch Institute no kyerɛ wɔ wɔn State of the World 1990 amanneɛbɔ no mu sɛ: “Ohia buruburoo, nyarewa a abu so, ne akenkan ne akyerɛw a nnipa pii nnim ne nea ɛda adi wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu nnipa ɔpepehaha pii asetra mu. Adesamma nyinaa​—adefo anaasɛ ahiafo, wɔn a wɔwɔ sraadi mu ahoɔden, wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ sraadi mu​—rehyia nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no sɛe bi a ɛyɛ hu a ebi mmae da.”

Yiw, wɔresɛe nhyehyɛe ahorow a ɛkora nkwa so a ɛno na adesamma nyinaa de wɔn ho to so no. Samufo Paul Hoffman kyerɛwee wɔ Discover nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Asase no nyinaa aba tebea bɔne mu [sen sɛnea ɛyɛe wɔ 1970 mu]. Sumina so nwura reba fie. Mframa ahorow a ɛde ɔhyew ba rema wim ayɛ hyew. Okyinsoroma no nkatabo a egye owia hyew no mu reyɛ hare. Anhweatam mu retrɛw, na kwaebirentuw resa. Nnua ne mmoa ahorow ahorow ase rehyew a 17 yera dɔnhwerew biara.”

Fa nea efi asase ne nsu a wɔkɔ so sɛe no mu ba no ka ho. Fa wiase nnipa dodow a wɔredɔɔso ntɛmntɛm a ɛma wosisi adan wɔ nsase a wɔyɛ so afuw pii so anaasɛ wɔyɛ nneɛma afoforo wɔ so ma enti mmoa ne nnua ase tɔre no kɔ anim no ka ho. Susuw nsu a wɔnom a ɛho taa yɛ na ne osu yerɛdɛdɛ a ɛtɔ ɔhaw no ho. Fa nea efi mframa a wɔsɛe no kɛse mu ba a ɛde akwahosan to asiane mu ne nneɛma funu a ɛsɛe ade nsɛnnennen no ka ho. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, amanehunu na ɛde bɛba adesamma abusua no so. Sɛ́ yɛne hena anaasɛ ɛhe na yɛte no, yehia mframa, aduan, nsu, ne nea wɔde yɛ nneɛma ahorow na yɛatumi atra ase. Yehia no sɛnea ɛnsɛee na ɛdɔɔso. State of the World 1990 no se: “Ahiafo fam no, na 1980 mfe no yɛ amanehunu a ano ammrɛ ase, nnuan kakraa bi ne awuwuawuwu a ɛkɔ soro bere.”

Bere a adesamma abusua no da asiane mu akwan pii so saa no, so obi betumi aka sɛ ɛnyɛ nea yehia wiase foforo denneennen? Nanso so ɛno betumi aba ankasa? Ɛhe na wiase foforo a ɛte sɛ befi aba? Akwanside ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wodi so ansa na yɛn okyinsoroma no ayɛ nea wɔbebu no sɛ ahobammɔ wɔ so na ɛreyɛ yiye? Ma yɛnhwɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔkyerɛ “ɔko” ase sɛ ntawntawdi a anyɛ yiye koraa no nniso biako ho wom, a anyɛ yiye koraa no wokunkum nnipa 1,000 wom afe biako mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

WHO photo by P. Almasy

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena