Hann No A Wɔde Kɔ Mmeae A Ɛwɔ Akyirikyiri Wɔ Bolivia
BOLIVIA mmepɔw atenten no kusuu fam ne apuei fam na asase tamaa a afifide pii wɔ so no da. Nsubɔnten a ɔhweam no ano yɛ den a ɛsen fa kwae ne sare pradadada mu no da ntam. Ahenni asɛmpa no a wɔbɛka wɔ mmeae a ɛte sɛɛ a ɛwɔ akyirikyiri no te dɛn?
Fa no sɛ wote ɔkorow kɛse bi a wɔde dutan sin bi a wɔatu mu tokuru na afiri bi a ɛbɔ akyi twe na ɛyɛe no mu. Eyi yɛ bere nyinaa asomfo baasia a wofi Trinidad, kurow bi a ɛwɔ Bolivia fã bi a wɔfrɛ hɔ sɛ El Beni no osuahu. Na wɔayɛ akwantu yi ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi adanse wɔ nsu no ano nkurow a wɔmfaa “ahenni no ho asɛmpa” no nkɔɔ hɔ da no mu. (Mateo 24:14) Bere a wɔfaa nsu tɛtrɛɛ bi ani akyi no, ɔkorow no kɔfaa asuten bi a esua ani kɔɔ Mamoré Asubɔnten ho.
Wɔn mu biako ka sɛ: “Na ɛkame ayɛ sɛ yɛadu Mamoré no ho awie, bere a yehui sɛ ne fã a etwa to no ayow. Atɛkyɛ no mene yɛn besii yɛn asrɛ bere a yefii ɔkorow no mu sii no! Me yere yeraa ne mpaboa bere a ɔrebɔ mmɔden afi atɛkyɛ no mu no. Nanso esiane sɛ wɔn a wɔretwam no boaa yɛn nti, yetumi twee ɔkorow a emu yɛ duru no fii atɛkyɛ no mu na yɛde kosii baabi a ɛhɔ akyen. Wɔ nnɔnhwerew abien ɔbrɛ akyi no, yekoduu Mamoré.
“Afei yɛfaa asubɔnten a afifide sisi ne kɔn a ɛkorɔn no so no ani bɔkɔɔ. Sɛ asudanna akɛse te ɔkorow no nnyigyei a, wosi fi nnuasin a ɛdeda nsu no ani no ho kɔ nsu no mu, na ɛtɔ mmere bi a, po mu mmoa bi a wɔfrɛ wɔn dolphins a wɔn ho yɛ fɛ pue fi nsu no mu na wɔsan tɔ mu bio. Ogya bi a wɔasɔ asuogya de pam mmoawa nketenkete no wusiw kumɔnn na ɛma yehu faako a ɛsɛ sɛ yedi kan gyina. Bere a yɛde ɔkorow no sii nnubaa bi ntam no, yɛne nnipa a wɔwɔ adamfofa su no bɔɔ Ahenni nhyira a ɛreba no ho nkɔmmɔ. Wofi anisɔ mu maa yɛn nnuaba ne nkesua.
“Bere a na ade resa no, yegyinagyinae wɔ mmeae afoforo guu nokware aba pii. Yeduu San Antonio no, na ade asa. Na nkuraasefo no adeda. Nanso, bere a wɔtee sɛ wɔrebeyi sini no, wofii ase sosɔɔ akanea. Wɔde ɔpɔnkɔ bi saa teaseɛnam de kɔfaa yɛn nneɛma baa kurow no mu. Nnipa pii huu Yehowa Adansefo wɔ sini no mu, ne afei, anim ne anim.
“Ade kyee no, yɛtoaa so kɔɔ mmeae afoforo. Na mmea rehoro wɔn nneɛma, na na wɔreguare akokoaa bi mpo wɔ osudanna nworaa kɛse bi mu wɔ asukɔn a ɛkorɔn bi so. Na wɔntee Bible nkrasɛm no da. Baabi no, mpataa nketenkete huruhuru fii nsu no mu wɔ yɛn ɔkorow no nkyɛn na pii bɛtotɔɔ mu. Enti, yeyii sini no wiei no, yenyaa kyenam wee ansa na yɛrekɔda. Akwantu no baa awiei no, na yɛde nhoma pii amema wɔ beae a ɛwɔ akyirikyiri yi, na yenyaa akomatɔyam sɛ yɛaboa pii ma wɔate asɛmpa no nea edi kan.—Fa toto Romafo 15:20, 21 ho.
Abɔfo Akwankyerɛ ho Adanse
Afei fa no sɛ watu kwan rekɔhwehwɛ obi wɔ nkurow a emufo yɛ 12,000 mu, a ɛne bere a edi kan a worekɔ hɔ. Wunnim hwee wɔ ne ho gye ne din nko. Na ɛno ne asennennen a ɛsɛ sɛ bere nyinaa asomfo baanu a wɔkɔɔ Guayaramerin a na wɔwɔ anidaso sɛ wobehu obi a wasua Bible no akɔ nhyiam horow wɔ kurow bi mu pɛn, nanso watu akɔtra kurow yi mu no di ho dwuma. Wɔhomee wiei no, akwampaefo awarefo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wobetu mpase akɔ abɔnten, faako a nnipadɔm tete apon ho redidi anaasɛ wɔrebɔ nkɔmmɔbɔ ara kwa no. Ntɛm ara ɔbarima bi baa awarefo no nkyɛn na ofii ase ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Wobisaa no sɛ ebia onim ɔbea a wɔrehwehwɛ no no anaa. Ɔkae sɛ “dabi, nanso n’asebea yɛ Yehowa Ɔdansefo.” Esiane sɛ na wonim sɛ Adansefo nni kurom hɔ nti, wosusuwii sɛ ebia wayɛ basaa.
Nanso, ade kyee no, wɔkɔsraa ɔbaa panyin yi a ontumi nnantew a ne nan biako mu abu no. Ose: “Meyɛ Yehowa Ɔdansefo, nanso wonnya mmɔɔ me asu ɛ. Bere a wobisaa no sɛ hena na ɔkyerɛɛ no nokware no, ɔde ne nsa kyerɛɛ ne nenabea mfonini a ɛbɔ ɔfasu no ho no, na ɔkae sɛ: “Ɔno na ɔkyerɛɛ me.” Wɔn ho dwiriw wɔn! Na ɛyɛ ababaa a wɔhwehwɛ no no! Wobisae sɛ: “Dɛn nti na w’ase barima no kae sɛ onnim no no?” Obuae sɛ: “Oo, mprempren waware, na ne kunu din a wɔde frɛ no no nkutoo na onim.” Saa bere no na ne nenabea no nni hɔ, nanso ɛno akyi no wɔnam krataakyerɛw so ne no yɛɛ Bible adesua. Dɛn na efii mu bae? Ɔne ne nenabea no nyinaa nyaa nkɔso koduu baabi a wɔbɔɔ wɔn asu. Wɔn fi no yɛɛ Ahenni Asa maa asafo a na ɛredɔ no, na sɛ bere nyinaa somfo no, ababaa no akyerɛ nnipa pii kwan aba Yehowa ahyehyɛde no mu.
Asɛm a Wɔka wɔ Baabi a Osutɔ ne Owiabɔ Yɛ Kɛse wɔ Hɔ
Afei, fa no sɛ wo wimhyɛn no akosi sare so baabi wɔ San Joaquín, wɔ Bolivia baabi a osutɔ ne owiabɔ yɛ kɛse wɔ hɔ. Bere a wususuw ɔyare bi a ekunkum kurow yi mufo nkyem anum mu biako wɔ mfe abien a atwam no mu ho no, ehu ka wo.
Na akwampaefo awarefo a wɔde wimhyɛn afi Trinidad aba no ahu nkurɔfo no ahɔhoyɛ su dedaw. Okunu no ka sɛ: “Bible mu nkɔmmɔ a yɛne obi bɔɔ wɔ wimhyɛn no mu no ma ɔde yɛn kɔtraa ne fie a yɛantua hwee. Yɛn fiewura no tɔn aduan maa yɛn aboɔmmerɛw mpo, na ɛma yetumi de yɛn bere nyinaa yɛɛ yɛn asɛnka adwuma no. Yeduu ara pɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmra asraafo atrae ntɛm ara. Bere a asraafo panyin no hui sɛ yɛnyɛ ɔman anidanfo na mmom Yehowa Adansefo no, ɔdaa anigye soronko bi adi, na ogyee Bible ne Bible nhoma nso, na ɔkraa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Ɛno akyi no, ɛkame ayɛ sɛ kurow no muni biara tiee Bible mu bɔhyɛ a ɛfa akwahosan a edi mu a ɛbɛba daakye ho no yiye.”—Adiyisɛm 21:4.
Na bere nyinaa asomfo baanan pɛ sɛ wofi San Joaquín kɔ San Ramon, nanso na nea a wobetumi de atu kwan no ne teaseɛnam a nantwi twe. Wɔde nhoma nnaka yɛɛ akongua. Esiane teaseɛnam no anan a wɔde nnua ayɛ no sorokɔ ne sɛnea ehuruhurui kɛse no nti, ankyɛ nnaka no moamoae. Sɛnea na ɛkɔ no maa nkokɔ a wɔwom no yɛɛ siamoo.
Bere a wɔde nnɔnhwerew du afa kwaewa bi mu no, woduu baabi a na ɔkwan biara nna hɔ mpo, na na ade resa. Ofirikafo no ka kyerɛɛ kuw no sɛ, “Misusuw sɛ yɛayera!” Na wɔafi ase bisa wɔn ho sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn atumi atra kwaewa a awɔ ne nkeka mmoa a wɔn ho yɛ hu wom yi mu?’ bere a ofirikafo no de kaa ho sɛ “Mommma ɛnnhaw mo. Mmoa no akɔ hɔ pɛn.” Na ɛyɛ ampa. Dɔnhwerew biako ntam no, wopue fii kwaewa no mu a wɔadu San Ramon pɛɛ!
Wɔ ha nso, wɔde nna pii kaa Paradise a ɛreba no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a na wɔntee da no. Ɔdansefo biara nte ha; nanso biribi sii a ɛsakraa ɛno.
Na Katolekfo ɔsɛmpatrɛwfo bi di Adansefo no akyi bere a wɔkɔ afie afie no. Ɔkwan bi so no, wohyiae na wohuu no sɛ ɔwɔ ofie a edi hɔ a wɔkɔɔ mu no mu. Esiane sɛ n’adamfofa su yɛɛ wɔn nwonwa nti, wɔmaa no Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no biako. Ɛwom sɛ na n’ani nnye ho papa biara de, nanso ɔde nhoma no maa n’akummaa, ɔkenkan ne nyinaa, ɔkɔɔ so suaa ade, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔdansefo a wɔabɔ no asu.
Nsubɔnten a Ɛwɔ Baabi a Osutɔ ne Owiabɔ Yɛ Kɛse wɔ Hɔ so Ɔhaw
Fa no sɛ wote ahyɛmma bi a ɛnam nsu a ɛso fa yɛ hu na ɔhweam no ano yɛ den ani kudɔɔ so. Abotan a ahintaw, atɛkyɛ asukɔn, nnutan, ne ɔhweam a ano yɛ den yɛ asiane ahorow no mu kakraa bi pɛ. Aberekuri pii wɔ saa nsu yi mu. Na nsɛnnennen a ɛte sɛɛ na na anuanom a wɔwɔ Riberalta a na ɛsɛ sɛ wodi nnipa a wɔtete nsu ho wɔ mpɔtam hɔ adanse no hyia.
Nea ɛbɛyɛ na wɔadu mmeae yi a atew ne ho no, wɔyɛɛ ahyɛmma bi a wɔfrɛ no Luz de los Rios (Nsubɔnten Hann). Bere a ɔmantam ne ɔmansin so ahwɛfo no bɛsraa wɔn no, wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔsɔ ahyɛmma no ahwɛ. Biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ kosii sɛ ahyɛmma no atifi kɔsoaa dubaa bi a ɛsɛn hɔ. Ɔhweam bi a ano yɛ den dan ahyɛmma no kɔbɔɔ dua bi a abu da hɔ. Dubaa bi a abu a ano feafeaa te sɛ afoa hwirow ahyɛmma no nkyɛn—ɛkaa kakraa bi na ɛwɔ ɔmantam sohwɛfo no yere no! Nsu baa mu, ahyɛmma no dan butuwii, na ehwiee emu nnipa no guu nsu no mu. Na ɔmantam sohwɛfo no ne ne yere nnim asuguare! Wɔnam wɔn a wonim asuguare mmoa so tumi puei a hwee a anyɛ wɔn. Nanso wɔanhu ahyɛmma no koraa. Nna bi akyi no, wohui wɔ akwansin abiɛsa wɔ nsu no anafo. Na wɔn nneɛma nyinaa a nhoma nnaka 20 ka ho ayera.
Boliviafo nsu ani asraafo boae ma wɔsan de sii nsu no ani, na bere a wɔde adapɛn bi asiesie akyi no, na ahyɛmma no rebesim akowie n’akwantu a edi kan. Wofii akwantu a ehu wom no ase no, na wim ayɛ kusuu na na ahyɛmma no mu afiri no ho aka.
Evangelistfo behyiaa anuanom no wɔ baabi a wodii kan gyinae no, na wodii wɔn ho fɛw sɛ: “Mo ɔkorow ketewa yi nnye mma asubɔnten yi!” Afiri a ɛma anyinam ahoɔden kanea bi a ɛsɛee maa mmɔden a wɔbɔe sɛ wobeyi sini akyerɛ wɔn no yɛɛ ɔkwa. Adansefo no san baa ahyɛmma no mu no, wɔtee sɛ ahyɛmma afoforo de akasam abɛbɔ kɔkɔ sɛ “atoro adiyifo” reba. Ɛda adi pefee sɛ Evangelistfo no na ɛyɛɛ saa. Nanso, ɛmaa nkurɔfo no nyaa ɔpɛ kɛse sɛ wobetie mmom.
Ɛwom sɛ nsrahwɛ yi de “atoro adiyifo” no nsɛm a ɛsɛe adwene no baa awiei de, nanso anuanom no yɛɛ basaa, efisɛ na wɔwɔ nnafua 21 akwantu a ɛde wɔn bɛkɔ Fortaleza da wɔn anim.
Wɔ ɔkwan no so no, wodii abusua bi a wɔte akyirikyiri hene adanse; otiei yiye. Wɔnam Bible mu ɔkasa bi a akwampaefo no mu biako mae so de nokware anidaso ma awufo kyekyee ayiyɛfo bi a wɔwɔ baabi a atew ne ho werɛ. Akwakoraa bi n’abogyesɛ tenten fitaa daa anisɔ a efi komam adi, na obisaa sɛnea obetumi akra yɛn nsɛmma nhoma no mfe du ho asɛm! Wɔ Fortaleza no, nnipa 120 bɛhwɛɛ Asafo ti no mfonini no.
Hwɛ akomatɔyam araa a akwampaefo yi nyae sɛ wɔde nokware hann no kɔɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri! Nokwarem no, ɔkwan a ahotɔ wom biara nni hɔ a obi bɛfa so de ne nkwa adi dwuma sen sɛ ɔde bɛsom nkwa ankasa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn.—Dwom 63:3, 4.
[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 26]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
BOLIVIA
Guayaramerín
Riberalta
Fortaleza
San Joaquín
San Ramón
Trinidad
San Antonio