Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/15 kr. 24-25
  • Nea Enti a Kristosom Korɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Kristosom Korɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo Korɔn Sen Abɔfo ne Mose
  • Kristofo Hyɛn Onyankopɔn Home Mu
  • Asɔfodi ne Apam a Ɛkorɔn
  • Gyidi ho Hia!
  • Bere A Wiase Amanehunu Bɛn No​—‘Monhwɛ Yesu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nguan Foforo No Ne Apam Foforo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Mommɔ Afɔre a Ɛsɔ Yehowa Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nhyira A Ɛkyɛn So A Apam Foforo No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/15 kr. 24-25

Nea Enti a Kristosom Korɔn

Hebrifo Nhoma no mu Nsɛntitiriw

YEHOWA NYANKOPƆN de ɔsom mu nneɛma a ɛkorɔn mae, bere a ɔsomaa ne Ba, Yesu Kristo baa asase so no. Ɛte saa, efisɛ Yesu, Nea Ɔde Kristosom bae no korɔn sen abɔfo ne odiyifo Mose. Kristo asɔfodi korɔn kɛse, sɛ wɔde toto tete Israel Lewifo asɔfodi no ho a. Na Yesu afɔrebɔ no korɔn yiye sen afɔre a wɔde mmoa bɔe wɔ Mose Mmara no ase no.

Wɔada nsɛntitiriw yi adi pefee wɔ nhoma a wɔde kɔmaa Hebrifo no mu. Ɛda adi sɛ ɔsomafo Paulo na ɔkyerɛw nhoma no wɔ Roma bɛyɛ 61 Y.B., de kɔmaa Yudea Hebrifo gyidifo no. Efi tete no, na Hela ne Asia Kristofo kyerɛ sɛ Paulo ne ne kyerɛwfo, na Hebri Kyerɛwnsɛm no a ɔkyerɛwfo no nim no yiye ne nsɛm a wahyehyɛ no nnidiso nnidiso sɛnea ɛsɛ a ɔde di dwuma, a ɔsomafo no na ɔtaa yɛ saa no si eyi so dua. Ebia ne ho adwemmɔne a na Yudafo no wɔ nti na wankyerɛw ne din wom, efisɛ na wonim no sɛ “amanaman mu somafo.” (Romafo 11:13) Afei ma yɛnhwɛ Kristosom mu nneɛma a ɛkorɔn a ɛda adi wɔ Paulo nhoma a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu no yiye.

Kristo Korɔn Sen Abɔfo ne Mose

Nea edi kan a wɔada no adi ne Onyankopɔn Ba no dibea a ɛkorɔn no. (1:1-3:6) Abɔfo som no, na n’ahenni nniso gyina Onyankopɔn so. Enti ɛsɛ sɛ yetie nea Ɔba no kae no yiye. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛwom mpo sɛ na onipa Yesu no ba fam sen abɔfo de, nanso wɔmaa no so sen wɔn, na wɔde asase a nnipa te so a ɛbɛba no so tumi maa no.

Yesu Kristo korɔn sen Mose nso. Ɔkwan bɛn so? Na Mose yɛ Onyankopɔn Israel fi mu somfo ara kwa. Nanso, Yehowa ama Yesu di ofi mũ no nyinaa, anaasɛ Onyankopɔn nkurɔfo asafo no so.

Kristofo Hyɛn Onyankopɔn Home Mu

Afei ɔsomafo no da no adi sɛ yebetumi ahyɛn Onyankopɔn home mu. (3:7-4:13) Israelfo a wogyee wɔn fii Misraim nkoasom mu no antumi anhyɛn mu esiane asoɔden ne gyidi a na wonni nti. Nanso sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn mu gyidi na yɛde osetie di Kristo akyi a, yebetumi ahyɛn saa ɔhome no mu. Afei, sɛ anka yebedi dapɛn dapɛn Homeda kɛkɛ no, yebenya pɛsɛmenkominya nnwuma nyinaa a yebegyae no mu nhyira horow a ɛkorɔn no da biara.

Onyankopɔn home mu a yɛbɛhyɛn no yɛ n’asɛm a “ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom mu” no mu bɔhyɛ biako. Ɛyɛ saa, a nea ɛkyerɛ ne sɛ etumi hu botae ne su horow, na ɛpaapae honam akɔnnɔ ne adwene mu. (Fa toto Romafo 7:25 ho.) Sɛ yɛn “kra” anaasɛ yɛn nkwa sɛ nnipa no wɔ “honhom” anaasɛ su pa a, yebetumi ahyɛn Onyankopɔn home mu.

Asɔfodi ne Apam a Ɛkorɔn

Afei, Paulo kyerɛ sɛnea Kristo asɔfodi ne apam foforo no korɔn fa no. (4:14-10:31) Yesu Kristo a bɔne nni ne ho no wɔ ayamhyehye ma adesamma abɔnefo, efisɛ te sɛ yɛn no, wɔasɔ no ahwɛ wɔ nneɛma nyinaa mu. Afei nso, Onyankopɔn apaw no “daa sɔfo panyin, Melkisedek akwan so.” Esiane sɛ Yesu nte sɛ Lewifo asɔfo mpanyin no nti, ɔwɔ nkwa a wontumi nsɛe no, ma enti onni adedifo wɔ n’adwuma a egye nkwa no mu. Na ɛnsɛ sɛ ɔbɔ mmoa afɔre, efisɛ ɔde ne nipadua a bɔne nni ho a ɛkorɔn no bɔɔ afɔre, na ɔde ne mogya bo kɔɔ soro.

Apam foforo a Yesu mogya ma edii mu no korɔn sen Mmara Apam no. Onyankopɔn mmara wɔ apam no mufo koma mu, na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn. (Yeremia 31:31-34) Eyi ho aseda kanyan wɔn ma wɔka wɔn anidaso ho asɛm wɔ baguam, na wɔne wɔn mfɛfo gyidifo hyiam. Nea ɛnte sɛ wɔn no, wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no rennya wɔn bɔne ho afɔrebɔ bio.

Gyidi ho Hia!

Yehia gyidi na yɛanya apam foforo a ɛkorɔn no so mfaso. (10:32-12:29) Sɛ yebenya nea Yehowa ahyɛ ho bɔ no a, boasetɔ nso ho hia. Yɛwɔ adansefo ‘mununkum kɛse’ a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba a wɔatwa yɛn ho ahyia. Nanso, ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yesusuw Yesu adeyɛ a mfomso biara nni ho wɔ amanehunu mu no ho. Yebetumi abu amanehunu a Onyankopɔn ma kwan ma ɛba yɛn so no mu biara sɛ nteɛso a ebetumi asow trenee asomdwoe aba. Ɛsɛ sɛ nokware a Yehowa bɔhyɛ ahorow yɛ no ma ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma no wɔ “fɛre ne ahodaso” mu no yɛ kɛse.

Paulo de afotu wie. (13:1-25) Ɛsɛ sɛ gyidi kanyan yɛn ma yɛda onuadɔ adi, yenya ahɔhoyɛ su, yɛkae yɛn mfɛfo gyidifo a wohu amane, yedi aware ni, na ‘yɛpene nea yɛwɔ.’ Ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no gyidi, na yetie wɔn. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkwati ɔwae, soa ahohora a Yesu soae no bi, ‘bɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa,’ na yɛkɔ so yɛ papa. Abrabɔ a ɛte sɛɛ nso ka nokware Kristosom mu nneɛma a ɛkorɔn no ho.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa  24]

Asubɔ Ahorow: Na ɔsom a wɔde ma wɔ Israel ahyiae ntamadan no mu afã horow fa “nnuan ne annone ne asubɔ ahorow nkutoo” ho. (Hebrifo 9:9, 10, New World Translation) Na asubɔ ahorow yi yɛ ɔsom mu aguare ahorow a na Mose Mmara no hwehwɛ. Na wɔhohoro anwenne a ɛho agu fi ho, na na obi ntade a ɔbɛhoro na waguare ka ne ho a ɔbɛtew wɔ ɔsom mu no ho. (Leviticus 11:32; 14:8, 9; 15:5) Na asɔfo guare na wɔhohoro nneɛma a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no ho. (Exodus 29:4; 30:17-21; Leviticus 1:13; 2 Beresosɛm 4:6) Nanso na ‘nkuruwa ne mpɔre ne kɔberesɛn asubɔ’ wɔ ɔsom mu a na Yudafo binom yɛ bere a Mesia no bae no nka “asubɔ ahorow” no ho; saa ara nso na na ɛnyɛ nsu mu nsu a Yohane Suboni bɔe anaasɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn sɛ Kristofo asubɔ ho asɛm na na Hebrifo 9:10 reka.​—Mateo 28:19, 20; Marko 7:4; Luka 3:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena