Onuadɔ Yɛ Ade
Filemon Nhoma no mu Nsɛntitiriw
YESU KRISTO de “ahyɛde foforo” maa n’akyidifo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho te sɛ nea ɔdɔɔ wɔn no. (Yohane 13:34, 35) Esiane saa ɔdɔ no nti, ‘wobewu ama wɔn ho wɔn ho mpo. Yiw, onuadɔ wɔ ahoɔden kɛse na ɛyɛ ade.
Na ɔsomafo Paulo gye di sɛ onuadɔ bɛkanyan Filemon, Kristoni bi a na ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kolose a ɛwɔ Asia Kumaa no muni. Na ɔdɔ akanyan Filemon dedaw ma ɔde ne fi ama sɛ wɔmfa nni dwuma sɛ Kristofo nhyiambea. Na Filemon akoa Onesimo aguan, a ebia owiaa sika na ɔde atua ɔkwan a otu kɔɔ Roma no ho ka, faako a okohyiaa Paulo akyiri yi, na ogyee Kristosom toom no.
Bere a na Paulo da afiase wɔ Roma wɔ bɛyɛ 60-61 Y.B. mu no, ɔkyerɛw nhoma a ɔde kɔmaa Filemon titiriw. Kenkan nhoma yi na wubehu sɛ ɛyɛ ɔdɔ ne anifere ho nhwɛso pa—nea Yehowa nkurɔfo betumi asuasua yiye.
Ɔdɔ ne Gyidi ho Nkamfo
Paul rekasa akyerɛ Filemon ne afoforo no, odii kan kamfoo wɔn. (Nkyekyem 1-7) Ɔsomafo no kɔɔ so tee ɔdɔ a na Filemon wɔ ma Kristo ne ahotefo no nyinaa ne ne gyidi ho asɛm. Eyi kanyan Paulo ma ɔde aseda maa Yehowa na ɛma onyaa anigye ne awerɛkyekye kɛse. So yɛkamfo mfɛfo gyidifo a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ ɔdɔ ne gyidi mu no? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.
Sɛnea Paulo nsɛm no kyerɛ no, afotu a wogyina ɔdɔ so de ma no ye bere nyinaa wɔ sɛnea yɛne yɛn mfɛfo Kristofo di no mu (Nkyekyem 8-14) Wɔ nsɛm a ɔsomafo no de anifere kae akyi no, ɔkae sɛ ɛwom sɛ obetumi ahyɛ Filemon ‘ma wayɛ ade a ɛsɛ’ de, nanso ɔpaw sɛ obetu no fo mmom. Sɛ ɔnyɛ dɛn? Sɛ ɔnsan mfa ayamye nnye Onesimo! Na anka Paulo pɛ sɛ Onesimo kɔ so som no, nanso na ɔremfi Filemon akyi nyɛ saa.
Sɛnea afei Paulo kyerɛe no, mfaso taa ba nsɛm a ɛte sɛ nea enye a esisi no so. (Nkyekyem 15-21) Nokwarem no, na biribi pa bi afi guan a Onesimo guanee no mu aba. Dɛn ntia? Efisɛ afei de, Filemon betumi anya no bio sɛ onua Kristoni nokwafo a ofi ne pɛ mu yɛ ade, na ɛnyɛ sɛ akoa a onni nokware a wɔhyɛ no ma ɔyɛ ade. Paulo ka kyerɛɛ Filemon sɛ onsan nnye Onesimo te sɛ nea anka obegye ɔno Paulo no ara pɛ. Sɛ Onesimo ayɛ Filemon bɔne bi a, ɔsomafo no bɛhyɛ n’ananmu. Sɛnea ɔbɛma Filemon anya ɔpɛ kɛse sɛ ɔbɛyɛ nea ɔka no, ɔkaee no sɛ ɔno nso de ɔsomafo no ka wɔ Kristoni a wabɛyɛ no ho. Enti, na Paulo gye di sɛ Filemon bɛyɛɛ pii asen nea obisae sɛ ɔnyɛ no. Abisade a anifere ne ɔdɔ wom bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo di.
Paulo de anidaso, nkyia, ne yiyedi na ewiee ne nhoma no. (Nkyekyem 22-25) Na ɔwɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ wobeyi no afi afiase denam mpae a afoforo bɔ ma no no so. (Sɛnea Paulo nhoma a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo kyerɛ no, wobuaa saa mpaebɔ no.) Paulo rewie ne nhoma no, ɔdaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ Yesu Kristo dom a ɛnsɛ yɛn no betumi aka honhom a Filemon ne ne mfɛfo Yehowa asomfo da no adi no adi.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
Ɔsen Akoa: Paulo kaa Filemon akoa Onesimo a oguanee no sanba ho asɛm sɛ: “Ebia . . . ɔne wo tetew mu kakra, sɛ wubenya no daa, ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titiriw, na ɛkantom wo, ɔhonam ne Awurade fam.” (Filemon 15, 16) Wɔ Roman Ahemman no mu no, na ahemman no ma kwan ma wɔde nkurɔfo yɛ nkoa, na na Paulo gye “atumfo a wɔkorɔn” a wɔte sɛɛ no tom. (Romafo 13:1-7, New World Translation) Wanhyɛ sɛ nkoa ntew atua, na mmom ɔboaa saafo no ma wonyaa honhom mu ahofadi sɛ Kristofo. Paulo de Onesimo san kɔmaa Filemon ma ɛne n’ankasa afotu a ɔde maa nkoa sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom no hyiae. (Kolosefo 3:22-24; Tito 2:9, 10) Na afei Onesimo sen wiaseni akoa. Na ɔyɛ yɔnko gyidini a wɔdɔ no a na ɔbɛbrɛ ne ho ase wɔ nsɛso kwan so ama Filemon sɛ akoa pa, obi a nnyinasosɛm pa kyerɛ no kwan na ɔda onuadɔ adi.