Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/15 kr. 22
  • Momma Mo Ho Nyɛ Dɛn Gyidi Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Mo Ho Nyɛ Dɛn Gyidi Mu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Wɔhwehwɛ Afi Ahwɛfo Hɔ?
  • Fa Ɔkyerɛ Pa Ma
  • Ma Nkyerɛkyerɛ Pa Nyɛ W’asetra Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Tito—‘Yɔnko Dwumayɛfo Ma Mo Yiyedi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tito, Filemon, ne Hebrifo no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Asafo Ahorow a Ɛde Denhyɛ Ma wɔ Ɔdɔ ne Biakoyɛ Mu
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/15 kr. 22

Momma Mo Ho Nyɛ Dɛn Gyidi Mu!

Tito Nhoma No Mu Nsɛntitiriw

NA ƐSƐ sɛ ani ku Mediteranea supɔw Kreta so Kristofo asafo ahorow no ho wɔ honhom fam. Hena na obetumi aboa wɔn? Ɔsomafo Paulo yɔnko dwumayeni Tito! Na ɔwɔ akokoduru, ɔfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ, ɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden, na ɔyɛ den gyidi mu.

Paulo kɔ Kreta wɔ n’afiasenna a edi kan ne nea ɛto so abien wɔ Roma no ntam. Ogyaw Tito wɔ supɔw no so sɛ onsiesie nneɛma bi na ɔmpaw asafo no mpanyimfo. Na wɔbɛma Tito aka atoro akyerɛkyerɛfo anim na wayɛ nhwɛso pa. Eyi nyinaa da adi wɔ Paulo nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Tito, a ebetumi aba sɛ ɔkyerɛw fi Makedonia wɔ afe 61 ne 64 Y.B ntam no mu. Ɔsomafo no afotu a nnɛ ahwɛfo ne mfɛfo gyidifo de bedi dwuma no betumi aboa wɔn ma wɔanya akokoduru, wɔayɛ nsi, na wɔayɛ den honhom mu.

Dɛn na Wɔhwehwɛ Afi Ahwɛfo Hɔ?

Na ehia sɛ ɔpaw ahwɛfo na odi ɔhaw a anibere wom bi ho dwuma. (1:1-16) Sɛ wɔbɛpaw ɔbarima bi sɛ ɔhwɛfo a, ɛnsɛ sɛ wonya ne ho asɛm bi ka, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso pa wɔ n’ankasa asetra ne n’abusua asetra mu, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔkari pɛ, na ɔwɔ ahosodi. Na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nea ɛyɛ nokware, otu fo na ɔka akyinnyegyefo anim. Na akokoduru ho hia efisɛ na ɛsɛ sɛ ɔma ahuhusɛnkafo ka wɔn ano tom. Na wɔn a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn saa titiriw ne wɔn a wodi twetiatwa akyi no, efisɛ na wɔadan afi abutuw. Sɛ na asafo ahorow no bɛkɔ so ayɛ den wɔ honhom mu a, na ebehia sɛ ɔma wɔn nkaanim a emu yɛ den. Ɛnnɛ, Kristofo ahwɛfo nso hia akokoduru na wɔde nkaanim ama, na wɔatu fo a adwene a wɔde yɛ saa ne sɛ wɔbɛhyɛ asafo no den.

Fa Ɔkyerɛ Pa Ma

Na ɛsɛ sɛ Tito de honhom mu ɔkyerɛ pa kyerɛkyerɛ afoforo. (2:1-15) Na ɛsɛ sɛ nkwakoraa yɛ nhwɛso pa wɔ nneɛma a wɔyɛ no sɛnea ɛsɛ mu, wɔ animduru, adwenemtew, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ mu. Na ɛsɛ sɛ mmerewa ‘bɔ wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron.’

Sɛ ‘wɔn a wɔkyerɛkyerɛ nsɛm pa no,’ wobetumi aboa mmabaa ma wɔanya wɔn nnwuma sɛ ɔyerenom ne ɛnanom no ho adwene pa. Na ɛsɛ sɛ mmerante adwene mu tew, na nkoa brɛ wɔn ho ase ma wɔn wuranom wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔahyɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ anuonyam so. Na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa kyi amumɔyɛ, na wɔde adwenemtew tra nneɛma nhyehyɛe yi mu bere a wɔretwɛn Onyankopɔn ne Yesu Kristo a “ɔde ne ho ma maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden” anuonyam ahoyi no.

Paulo afotu a ɔde wie no ma yenya honhom mu ahoɔden. (3:1-15) Ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ɔkwan pa so ma ahene, na yɛda odwo adi. Kristofo wɔ daa nkwa ho anidaso, na na ɛsɛ sɛ wosi Paulo nsɛm no so dua na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn adwene asi nnwuma pa so. Na ɛsɛ sɛ wɔkwati nsemmisa a nyansa nnim, ne Mmara no ho akasakasa na wɔpow obi a ɔde mpaapaemu ba bere a wɔatu no fo mprenu akyi no. Sɛ mpanyimfo de afotu a ɛte sɛɛ di dwuma a, wɔne wɔn mfɛfo gyidifo ho bɛyɛ den wɔ gyidi mu.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa  22]

Wɔnnyɛ Asadweam: Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ mmea kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu de, nanso anuawanom mmerewa betumi akyerɛkyerɛ mmabaa wɔ kokoam. Nanso sɛ wobetumi atu mpɔn wɔ eyi yɛ mu a, ɛsɛ sɛ mmerewa tie Paulo nsɛm yi: “Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonntwiri nnipa, wɔnnyɛ ɔsadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa.” (Tito 2:1-5; 1 Timoteo 2:11-14) Esiane sɛnea wosusuw nea efi asanom mu ba ho nti, ɛsɛ sɛ ahwɛfo, asafo mu asomfo, ne mmerewa de anidahɔ nom nsa, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ asadweam. (1 Timoteo 3:2, 3, 8, 11) Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa kwati asabow, na ehia sɛ wɔkwati sɛ wɔbɛnom mosa bere as wɔreyɛ “adwuma kronkron” a ɛne asɛmpaka no.​—Romafo 15:16, New World Translation; Mmebusɛm 23:20, 21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena