Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/1 kr. 10-13
  • Nneɛma Pii A Mewɔ A Megyina So De Aseda Ama Bɛn Ara Ni!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Pii A Mewɔ A Megyina So De Aseda Ama Bɛn Ara Ni!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuu a Mekɔe
  • Amanaman Ntam Nhyiam Horow
  • Mebɛyɛ ɔkwampaefo
  • Nsɛm ho Amanneɛbɔfo Mmoa
  • Metraa Ase Maa Nnwom
    Nyan!—1985
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Ahenni No A Wɔhwehwɛ No Kan—Ɛyɛ Asetra A Ahobammɔ Ne Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/1 kr. 10-13

Nneɛma Pii A Mewɔ A Megyina So De Aseda Ama Bɛn Ara Ni!

SƐNEA LOTTIE HALL KA KYERƐE

ESII bere a yefi Calcutta, India rekɔ Rangoon, Burma, wɔ 1963 mu. Yɛde wimhyɛn fii Calcutta bere tiaa bi akyi no, onua biako hui sɛ afiri no mu ngo resosɔ gu wimhyɛn no ntaban so. Wimhyɛn no mu adwumayɛfo tee eyi no, wɔhyɛe sɛ wimhyɛn no nsi fam ntɛm ara. Na ɛsɛ sɛ wodi kan ma wimhyɛn no mu petrol bebree gu fam na ama atumi akosi fam. Wimhyɛn no mu odwumayɛni bi teɛɛm sɛ, “Sɛ mopɛ sɛ mobɔ mpae a, monyɛ saa mprempren!” Nokwarem no, yɛbɔɔ mpae sɛ sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, ɔmma yenkosi fam dwoodwoo, na ɛyɛɛ saa. Ampa, na yɛanya biribi a ɛsɛ sɛ yɛde ho aseda ma!

Yiw, na mewɔ nneɛma pii nso a ɛsɛ sɛ mede ho aseda ma. Bere a madi mfe 79 no, meda so ara wɔ akwahosan pa ne ahoɔden kakraa bi a mede yɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no. Bio nso, manya osuahu ahorow a ɛda nsow pii aka nhyira horow a Yehowa nkurɔfo nyinaa tumi nya no ho. Ne nyinaa mu no, manya hokwan a ɛsom bo de bɛboro mfe 60 asom Yehowa, na mede bɛboro saa bere no fã ayɛ bere nyinaa ɔsomfo anaa ɔkwampaefo.

Me papa na ofii ne nyinaa ase bere a yɛwɔ Carbondale, Illinois no. Na ɔkɔ Disciples of Christ asɔre no na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Nanso osuahu a onyae wɔ Bible kɔlege abien bi mu no maa n’abam bui, efisɛ na okura n’ankasa nsusuwii ahorow wɔ Basakoro, ɔkra a enwu da, ne daa ayayade ho.

Akyiri yi no, ɔtee Bible mu nokware a Bible Suani ɔkwampaefo bi de brɛɛ no wɔ 1924 mu, bere a na madi mfe 12 pɛ no ase. Me papa hui sɛ afoforo wɔ hɔ a wɔte nka te sɛ ɔno ara, sɛ Baasakoro, hell-gya, ne onipa kra a enwu da no yɛ atoro nkyerɛkyerɛ no, n’ani gyei. Ankyɛ na yɛn abusua no fii ase ne Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, kɔɔ wɔn nhyiam horow. Yehowa ne n’Asɛm ho nokware a misuae no yɛ biribi a mede ho aseda mae ampa.

Nanso ankyɛ na ɔhaw bi sii. Ɛbɛdaa adi sɛ ɔbarima a ɔde nokware ahorow yi brɛɛ me papa no nni nokware na obu ɔbra bɔne. Ɔtoo me papa hintidua, nanso ɛnyɛ me ne me maame. Na madi mfe 15, a me ne mmofra baasia mu panyin, na me ne me maame bataa nokware no ho.

Wɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1927 ahohuru bere mu sɛ wɔbɛyɛ Bible Asuafo nhyiam kɛse bi wɔ Toronto, Canada. Me papa kae sɛ onnya sika mfa nkɔ, nanso na me maame yɛ ɔbea a wasi ne bo. Ofii ase tontɔn ofie nneɛma bi, na nhyiam bere no dui no, na wanya dɔla awotwe. Me ne no faa sika no na yɛsrɛsrɛɛ nkurɔfo traa wɔn mfiri mu kɔɔ Toronto, a ɛyɛ akwansin apem kwan no. Egyee nnanum na yɛtraa mfiri 37 mu ansa na yekodui, na na aka da koro ansa na wɔafi nhyiam no ase. Esiane sɛ na yɛn sika a aka no sua nti, yɛsrɛɛ sɛ wɔmma yɛn dabere a wonnye ho hwee, na yenyaa bi. Bere a Onua A. H. Macmillan tee yɛn akwantu no ho asɛm no, ɔkyerɛw ho asɛm kɔmaa nhyiam no atesɛm krataa, na ɔde asɛm a edi hɔ yi yɛɛ asɛmti: “Keteke Sika a Ɛkɔ Soro Nhaw Bible Asuafo Yi.”

Me maame nam nkratasin a ɔkyerɛw kɔmaa me papa so ma ohuu nea ɛrekɔ so. Enti, dwumadi no reyɛ akɔ awiei no, osii gyinae sɛ ɔbɛba na ɔde kar bedui ansa na wɔrema baguam ɔkasa no wɔ nhyiam no da a etwa to no so. Afei de na enhia sɛ yɛsrɛsrɛ afoforo tra wɔn mfiri mu de san kɔ fie. Nhyiam bɛn ara na na ɛyɛ sɛɛ yi! Aseda bɛn ara na mede mae sɛɛ yi sɛ yetumi kɔe, na hwɛ sɛnea medaa ase wɔ sɛnea ɛboaa me papa ma otumi gyinaa n’anan so bio wɔ honhom mu!

Mfe pii mu no, sɛ wobisa me asɔre ko a mekɔ a, mibua sɛ “IBSA,” nkyerɛwde a egyina hɔ ma International Bible Students Association (Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw). Nanso na m’ani nnye saa din no ho bere nyinaa. Enti m’ani sɔe sɛ wɔ nhyiam a wɔyɛɛ no 1931 mu wɔ Columbus, Ohio, ase no, yɛfaa din foforo Yehowa Adansefo.

Sukuu a Mekɔe

Nnwom ka nhyira ahorow pii a ama m’asetra atu mpɔn no ho. Na m’ani gye nnwom ho yiye, na misuaa sankubɔ wɔ me mmofraase. Minyaa hokwan bɔɔ sanku bere a wɔreto dwom wɔ asafo no mu mfe pii. Ansa na Ɔwɛn Aban Asafo no refi ase ayɛ Ahenni nnwom wɔ apaawa so no, ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ɔsom wɔ Papua New Guinea ka kyerɛɛ me bere bi sɛ memmɔ yɛn nnwom no bi na wɔnkyere ngu hama so sɛnea ɛbɛyɛ na Papuafo no atumi asua to. Ɛno yɛ biribi a m’ani gyee ne yɛ ho ankasa.

Nanso na abɛn a m’ani gye ho yiye ne nea wɔfrɛ no clarinet no. Na m’ani gye ho sɛ mɛhyɛn abɛn no ama kɔlege nnwontofo kuw no. Kɔlege ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee sɛnea mehyɛn abɛn no ho araa ma ɔsrɛɛ sɛ memmɛka mmarima nnwontofo kuw no ho. Saa bere no mu no, na ɔbea biara ne mmarima nnwontofo kuw mmɔ dwom, enti wɔtee nea ɔkyerɛkyerɛfo no aka no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtew atua. Wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ wɔtew atua a, wɔbɛpam wɔn no, wɔsakraa wɔn adwene. Yɛyɛɛ biribi foforo bi nso a na anka wɔnyɛ bere a ɛho hiaa sɛ me ne nnwontofo kuw no tu aprenten da mu nyinaa no. Atesɛm krataa buu no sɛ anwonwasɛm na wɔde nkyerɛwde akɛseakɛse kyerɛw ho asɛm sɛ: “Abeawa Dwontofo a Ɔka Mmarima Pii Ho.”

Awiei koraa no, wɔyɛɛ me nnwom kyerɛ ho sɔhwɛ. Nanso misusuw nsɛnnennen ahorow a sɛ mekɔkyerɛ nnwom a, ebetumi asɔre ho, te sɛ ebia wɔbɛka sɛ menkyerɛ anaa memmɔ ɔsom anaa ɔman nnwom no, misii gyinae sɛ mɛyɛ biribi foforo, na wɔma mekɔ kyerɛɛ wiase abakɔsɛm. Nanso nsakrae a meyɛe yi ansiw me kwan wɔ mfe pii akyi sɛ mɛhyɛn m’abɛn no wɔ nhyiam nnwontofo akuw mu wɔ nsase pii so, bere a mituu kwan kɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam ahorow ase no.

Bere bi akyi no, mebɛyɛɛ wiase abakɔsɛm kyerɛkyerɛfo wɔ ntoaso sukuu kɛse bi a ɛwɔ Detroit mpɔtam bi mu, na bere bi sukuu panyin no kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ nhoma a wɔde sua ade mu biako a eye. Mehwehwɛɛ mu no, mihui sɛ nhoma a na wɔde di dwuma saa bere no bɔ Yehowa din mpɛn awotwe, na nea aba foforo no mmɔ Hebrifo Nyankopɔn no din, ɛwom sɛ ɛbɔɔ abosonsom aman pii anyame te sɛ Ra, Molek, Seus, ne Jupiter din de. Bere a nhomatɔnfo no baa me nkyɛn no, mibisaa no nea nti a wɔammɔ Yehowa din wɔ ne nhoma no mu, na ɔkae sɛ: “Dabi, Yehowa Adansefo nti, yɛremfa saa din no nhyɛ yɛn nhoma mu.” Enti meka mekyerɛɛ no sɛ: “Wiɛ! Ɛnde merenkamfo wo nhoma no nkyerɛ.” Opiaa nhoma no hyɛɛ ne bag mu na opuee faa ɔpon no mu kɔe.

Akyiri yi, mebɔɔ sukuu panyin no amanneɛ sɛ yenhia adesua nhoma foforo ankasa na mema ohuu ntease pa nti a ɛte saa no bi. Ɔne me yɛɛ adwene. Obiara ani gyee gyinaesi yi ho bere a asram kakraa bi pɛ akyi no, wosii gyinae sɛ wobegyae wiase abakɔsɛm sua wɔ ntoaso sukuu mu no. Wɔde adesua foforo a wɔfrɛ no asetra mu nsɛm ho adesua sii ɛno ananmu wɔ sukuu 14 a ɛwɔ hɔ no nyinaa mu. Sɛ sukuu no tɔɔ abakɔsɛm nhoma afoforo a, hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ sikasɛe kɛse!

Minyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii bere a mekyerɛɛ ade wɔ sukuu no, na na mentoto asotwe a wɔde ma ase. Eyi ho baa mfaso efisɛ ama manya nnamfo bi me nkwa nna nyinaa mu. Minyaa hokwan ahorow pii de dii bɔnnɔ so adanse. Nanso akyiri yi no, bere ne nsɛm tebea ma meyɛɛ bere nyinaa som adwuma no.

Amanaman Ntam Nhyiam Horow

Mekyerɛɛ ade mfe 20 akyi no, m’ani fii ase furae. Bio nso, m’awofo tee nka sɛ wohia me, enti me papa ka kyerɛɛ me sɛ memmra fie, na ɔkae sɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a ɛho hia kɛse wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na Yehowa remma minni kɔm. Migyaee adekyerɛ wɔ 1955 mu, na ɛno akyi no, nhyira a midii kan nyae no mu biako ne “Ahenni Nkonimdi” nhyiam a mekɔe wɔ Europa no. Hwɛ sɛnea mede aseda mae, sɛ mihyiaa yɛn Europa anuanom a wɔn mu pii huu amane bebree wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no! Na ɛyɛ nhyira ma me titiriw, sɛ na meka nnipa 107,000 a wɔkɔhyɛɛ Zeppelinwiese, anaa Zappelin Meadow, a ɛwɔ Nuremberg hɔ ma, baabi a Hitler yɛɛ nhyehyɛe sɛ obetu ne nkonimdi aprenten wɔ Wiase Nyinaa Ko II akyi no.

Na ɛno yɛ wiase nyinaa mu akwan pii a manya hokwan atu no mu nea edi kan kɛkɛ. Wɔ 1963 mu no, na me ne me maame ka nhyiamfo 583 a wotuu kwan kyin wiase nyinaa kɔyɛɛ “Daa Asɛmpa” Nhyiam horow no ho. Akwantu no de yɛn fi New York kɔɔ Europa, na yefi hɔ kɔɔ Asia ne Pacific nsupɔw no so, ansa na yebewiee wɔ Pasadena, California. Ɛyɛ saa akwantu no mu na yenyaa osuahu huhuuhu a maka ho asɛm wɔ nnianim no mu hɔ no. Akyiri yi, akwantu ahorow de yɛn kɔɔ nhyiam horow ase wɔ Amerika Kesee Fam, Pasifik Kesee Fam, ne Afrika. Nokwarem no, akwantu ahorow yi maa m’asetra yɛɛ anigye kɛse, na nnwom a mitumi ne nhyiam ase nnwontofo akuw horow bɔe wɔ mmeae pii no yɛ hokwan foforo bi a obi a ɔpɛ nnwom sɛ me nyae.

Mebɛyɛ ɔkwampaefo

Wɔ 1955 mu a yefi Europa san bae no, me ne me maame yɛɛ akwampae adwuma no afe biako, na afei Asafo ti no kyerɛɛ me sɛ me ne asafo ketewaa bi a ɛwɔ Apalachicola wɔ Florida atɔe fam nkɔyɛ adwuma. Me ne onuawa foforo bi boaa adwuma no yɛ wɔ hɔ mfe ason, na ankyɛ na asafo no tumi sii Ahenni Asa na ama nnipa a wɔredɔɔso no atumi akɔ mu. Nkɔanim no kɔɔ so, na ankyɛ na wɔhyehyɛɛ asafo foforo wɔ Port Saint Joe. Mede mfe 11 ne asafo ahorow abiɛsa yɛɛ adwuma wɔ Florida atɔe fam.

Bere bi ɔmansin sohwɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ menhwehwɛ baabi ma wɔnyɛ ɔmansin nhyiam wɔ hɔ. Me nsa kaa Centennial Building a wobu no yiye wɔ Port Saint Joe no na wogyee yɛn $10 pɛ. Nanso na yehia adididan nso, na yesusuw ho sɛ yɛde sukuu bi bedi dwuma. Nanso, mihui sɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sukuu ahorow so no sɔre tia, na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ me ne sukuu baguafo no hyia ansa. Esiane sɛ na odikuro no pɛ sɛ yɛde adididan no di dwuma nti, ɔno nso baa saa nhyiam no. Obisaa nea nti a wɔmpɛ sɛ wɔde ma yɛn no, sukuu baguafo no panyin kae sɛ nyamesom kuw biara mfaa sukuudan nnii dwuma da. Odikuro no bisaa me sɛ mmuae bɛn na mewɔ. Wiɛ, na mikura nsaano krataa ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ yɛde sukuudan ahorow ayɛ nhyiam pɛn wɔ nkurow afoforo so, na afei metwee wɔn adwene sii Asomafo no Nnwuma 19:9, a ɛka sɛ Paulo kaa asɛm wɔ suadan bi mu no so. Ɛno de asɛm no baa awiei. Baguafo no ne odikuro no yɛɛ adwene sɛ wɔmfa adididan no mma yɛn​—na wogyee $36.

Bere a na madi mfe 13 pɛ a wɔbɔɔ me asu no, mebɔɔ mpae sɛ: “O Onyankopɔn, ma memfa onipa biako pɛ mmra nokware no mu.” Na afei ɔrema saa mpaebɔ no ho mmuae mpɛn pii bere a mitumi boaa nnipa a wɔdɔɔso yiye ma wogyinaa Yehowa ne n’Ahenni afa no. Nanso mpɛn pii no, na sɛ Bible osuani bi du nea ɔrebehyira ne ho so na wabɔ asu pɛ na wɔayi me kɔ asafo foforo mu. Ne nyinaa mu no, minyaa hokwan duae na miguguu so nsu, na asuafo yi pii ayɛ me nnamfo me nkwa nna nyinaa. Dwumadi ahorow a ɛsow aba yi mu kyɛfa a minyae no ma minyaa nneɛma pii a megyina so de aseda ama ampa.

Nsɛm ho Amanneɛbɔfo Mmoa

Ɛwom sɛ mmere pii no, nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔwɔ mmeae pii aka Yehowa Adansefo dwumadi ho asɛmmɔne de, nanso ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔwɔ De Land, Florida, mpɔtam hɔ​—baabi a mesom mprempren no​—aboa me ma madi adanse. Sɛ nhwɛso no, bere a na yetu kwan kɔ nhyiam horow ase wɔ wiase nyinaa no, me ne me maame kyerɛw amanneɛbɔ atenten manaa yɛn mpɔtam hɔ atesɛm krataa tintimfo no, na wotintimii eyinom ntɛm ara a mfonini ahorow ka ho. Na amanneɛbɔ ahorow no yɛ akwantu ho amanneɛbɔ a wɔde mfonini na ayɛ, nanso yetumi de dii Yehowa din ne Ahenni ho adanse bere nyinaa.

Saa ara na m’adansedi wɔ mmorɔn so te. Mewɔ kwankyɛn baabi a mede nkongua abien asisi, metra biako so na mede yɛn nhoma ahorow no gu biako nso so. Da koro bi asɛm bi a mfonini ka ho puei wɔ yɛn hɔnom atesɛm krataa bi mu a asɛmti a edi hɔ yi wɔ atifi: “Deland Lottie Toa n’Awofo Adwuma sɛ Yehowa Adansefo no So.” Nnansa yi ara wɔ 1987 mu no, atesɛm krataa foforo tintimii asɛm foforo bi a mfonini kɛse bi ka ho, na wɔakyerɛw atifi sɛ: “Lottie Hall Apaw Baabi a Ɔpɛ Ama Kristo.” Afe a edi hɔ no, atesɛm krataa foforo de me mfonini kɛse too krataa no akyi a nsɛm a ɛte sɛ nea edidi so yi ka ho sɛ, “Ɔwɔ hɔ mmere nyinaa,” ne, “Obi a na anka ɔyɛ sukuu kyerɛkyerɛfo no yɛ Yehowa Adansefo asɛmpatrɛw adwuma wɔ kwankyɛn a ɔte akongua mu.” Afei nso yɛn hɔnom T.V. dwumadibea no ayi m’adansedi no ho mfonini ahorow mpɛn anan. Mekɔ so nya Ahenni som no afa horow nyinaa mu kyɛfa kakra: afie afie asɛnka, sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua ahorow. Nanso, esiane me mfe a ɛrekɔ anim ne ɔhonam fam ɔyare nti, mprempren mede bere pii na ɛyɛ mmorɔn so adwuma no.

Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, ɛsɛ sɛ meka sɛ mewɔ nneɛma pii a megyina so de aseda ama ampa. Nea ɛka nhyira horow a Yehowa nkurɔfo nyinaa nya ho no, sɛ sukuu kyerɛkyerɛfo no, manya hokwan anya mmofra pii so nkɛntɛnso; manya anigye wɔ nhyiam horow ase a mekɔe wɔ wiase nyinaa; mayɛ akwampae adwuma a asow aba yiye; na manya nhyira nso wɔ nnwonto mu. Bio nso, adanse a menam nsɛm ho amanneɛbɔ so dii no nso wɔ hɔ. Nokwarem no, metumi ne odwontofo Dawid aka sɛ: “Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ, na mede aseda makamfo no.”​—Dwom 69:30.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena