Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/1 kr. 16-21
  • Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nisan 14!
  • Ahobrɛase ne Ɔdɔ a Wɔbɛhyɛ
  • “Ɔkwan ne Nokware ne Nkwa”
  • Ɔtaa Ano a Wogyina
  • Wɔda Apam Foforo Adi
  • “Mfa Nyɛ Me Nkae”
  • “M’Agya Ahenni Mu”
  • Mpaebɔ a Emu Yɛ Den Kɛse
  • Nisan 14​—Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Wɔkae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Biakoyɛ a Yɛde Betiw Nkwa Botae No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Fa Yesu Mpae no Bɔ Wo Bra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/1 kr. 16-21

Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae

“Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”​—YOHANE 16:33.

1, 2. Da bɛn na ɛda nsow wɔ nna nyinaa mu wɔ abakɔsɛm mu, na dɛn ntia?

WIASE no wɔ pii ka wɔ asomdwoe ho nnɛ. Wiase Ko II baa awiei no, wɔde asomdwoe bataa V-E Da ne V-J Da ho.a Afe biara, Buronya ma nkurɔfo dwen ‘asomdwoe wɔ asase so’ ho. (Luka 2:14) Nanso adesamma abakɔsɛm mu da bi wɔ hɔ a ɛda nsow wɔ nna afoforo nyinaa ho. Ɛno ne da a Yesu kaa nsɛm a ɛwɔ atifĩ hɔ no. Wɔ nna ɔpepem abien ne akyi a adesamma de atra asase so no mu nyinaa no, ɛne da koro a ɛde nsakrae koraa a adesamma benya mu mfaso daa baa wɔn asetra mu.

2 Saa da kɛse no ne Nisan 14 wɔ Yudafo kalenda so. Wɔ Yɛn Bere yi so afe 33 mu no, Nisan 14 fii ase wɔ April 1, bere a owia akɔtɔ. Momma yensusuw nsɛm a esisii wɔ saa da kɛse no mu no ho.

Nisan 14!

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu de nnɔnhwerew a etwa to yi di dwuma?

3 Bere a anim rebiribiri no, ebia ɔsram a atwa puruw fɛfɛ apae de bɔ nkae sɛ Yehowa na ɔkyerɛ nna ne mmere. (Asomafo no Nnwuma 1:7) Na dɛn na ɛrekɔ so wɔ abansoro dan a Yesu ne n’asomafo 12 no ahyiam wɔ hɔ rebedi Yudafo afe afe Twam no mu? Bere a Yesu resiesie ne ho ‘afi wi yi ase akɔ Agya no nkyɛn no, oyi ɔdɔ adi kyerɛ nea ɛyɛ ne de kosi ase.’ (Yohane 13:1) Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ eyi? Ɛdenam nea ɔka ne nhwɛso a ɔyɛ so no, Yesu kɔ so de su horow a ɛbɛboa n’asuafo no ma wɔadi wiase no so nkonim hyɛ wɔn mu.

Ahobrɛase ne Ɔdɔ a Wɔbɛhyɛ

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa su titiriw bi adi kyerɛɛ n’asuafo no? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Petro huu sɛnea ahobrɛase ho hia no?

4 Na ahoɔyaw ne ahomaso kakra da so ara wɔ asomafo no mu a ɛsɛ sɛ woyi fi wɔn mu. Enti Yesu de mpopaho bɔ n’asen na ɔhohoro wɔn nan ho. Eyi nyɛ atoro ahobrɛase a ɔda no adi, te sɛ nea Kristoman paapa no yɛ afe biara wɔ Rome no. Dabida! Nokware ahobrɛase yɛ ahofama a efi ‘ahobrɛase adwene a ebu afoforo sɛ wɔkorɔn’ mu. (Filipifo 2:2-5) Mfiase no, Petro nte ase, na ɔpow sɛ ɔbɛma Yesu ahohoro ne nan ho. Bere a wɔteɛɛ no so no, ɔsrɛ Yesu sɛ ɔnhohoro ne ho nyinaa. (Yohane 13:1-10) Nanso, ebetumi aba sɛ Petro suaa biribi fii mu. Mfe bi akyi no, yehu sɛ ɔde afotu a ɛfata ma afoforo (1 Petro 3:8, 9; 5:5) Hwɛ sɛnea ɛho hia nnɛ sɛ yɛn nyinaa de ahobrɛase bɛsom Kristo!​—Hwɛ Mmebusɛm 22:4; Mateo 23:8-12 nso.

5. Yesu ahyɛde bɛn na ɛkyerɛɛ sɛnea su titiriw foforo bi ho hia?

5 Dumien no mu biako annya Yesu afotu no mu mfaso. Ɔne Yuda Iskariot. Bere a Twam adidi no kɔ so no, Yesu haw wɔ honhom mu, ɔkyerɛ Yuda akyi kwan sɛ ne yimafo, na ɔma ofi hɔ. Eyi akyi nkutoo ansa na Yesu ka kyerɛ n’asuafo anokwafo 11 no sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Eyi yɛ ahyɛde foforo ampa, a Yesu ankasa nhwɛso a ɛkyɛn so no yɛ ho nhwɛso! Bere a n’afɔrebɔ wu bere no bɛn no, Yesu da ɔdɔ a ɛda nsow adi. Ɔde simma biara a ɔwɔ no kyerɛkyerɛ saa asuafo no hyɛ wɔn nkuran. Akyiri yi, osi hia a ɔdɔ ho hia no so dua, ka sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.”​—Yohane 15:12, 13.

“Ɔkwan ne Nokware ne Nkwa”

6. Botae bɛn na Yesu de si n’asuafo a wɔbɛn no yiye no anim?

6 Yesu ka kyerɛ anokwafo 11 no sɛ: “Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni. Trabere pii wɔ m’Agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo.” (Yohane 14:1, 2) Beae yi bɛyɛ “ɔsoro Ahenni mu.” (Mateo 7:21) Yesu kyerɛ ɔkwan a saa asuafo anokwafo kuw a wɔbɛn no yiye yi betumi afa so adu wɔn botae no ho. Ose: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Eyi fa adesamma ma wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso ho.​—Adiyisɛm 7:9, 10; 21:1-4.

7-9. Dɛn nti na Yesu kaa ne ho asɛm sɛ “kwan ne nokware ne nkwa” no?

7 Yesu ne “kwan” no. Yesu Kristo ne ɔkwan biako pɛ a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Yesu ankasa ma n’asuafo no awerɛhyem sɛ Agya no bɛma wɔn biribiara a wobisa wɔ Yesu din mu no. (Yohane 15:16) Mpae a wɔbɔ kyerɛ ahoni anaa nyamesom mu “ahotefo” anaa nea Maria Mo mpaebɔ wom pii ne nsɛm a wotĩ mu ka​—emu biara nni hɔ a Agya no tie na ɔpene so. (Mateo 6:5-8) Bio nso, yɛkenkan Yesu ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 4:12 sɛ: “Na nso din foforo nni ɔsoro a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”

8 Yesu ne “nokware” no. Ɔsomafo Yohane kaa ne ho asɛm sɛ: “Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma.” (Yohane 1:14) Yesu maa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ ɔhaha pii yɛɛ nokware denam sɛnea ɛbaam wɔ ne so no so. (2 Korintofo 1:20; Adiyisɛm 19:10) Ɔmaa wohuu nokware no bere a ɔkasa kyerɛɛ n’asuafo ne nkurɔfokuw a wotiee no no, ne bere a ɔne asɔfo nyaatwomfo no dii anobaabae, ne wɔ nhwɛso a ɔyɛe no mu.

9 Yesu ne “nkwa” no. Sɛ Onyankopɔn Ba no, Yesu kae sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.” (Yohane 3:36) Yesu afɔrebɔ no mu gyidi ma wonya daa nkwa​—asetra a owu nnim wɔ soro ma Kristofo a wɔasra wɔn “kuw ketewaa” bi ne daa nkwa wɔ paradise asase so ma “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse bi.​—Luka 12:32; 23:43; Yohane 10:16.

Ɔtaa Ano a Wogyina

10. Dɛn nti na ehia sɛ ‘yedi wiase so nkonim,’ na eyi ho nkuranhyɛ bɛn na Yesu de ma?

10 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra Yehowa nhyehyɛe foforo no mu no ko tia wiase bi a ‘ɛda ɔbɔne a ɔne Satan Ɔbonsam tumi mu.’ (1 Yohane 5:19) Ɛnde, hwɛ sɛnea Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 15:17-19 no hyɛ nkuran! Ose: “Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.” Wɔatan nokware Kristofo de abesi afe 1992 yi mu, na hwɛ sɛnea yedi wɔn a wɔkɔ so gyina pintinn, fi ahobrɛase mu nya ahoɔden wɔ Onyankopɔn nsa a ɛyɛ den ase no nhwɛso fɛfɛ no mu ahurusi! (1 Petro 5: 6-10) Yɛn nyinaa betumi agyina sɔhwɛ ahorow ano denam gyidi a yɛbɛkyerɛ wɔ Yesu mu, nea ɔde anigye nsɛm yi wie ne nkɔmmɔbɔ no sɛ: “Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”​—Yohane 16:33.

Wɔda Apam Foforo Adi

11. Dɛn na Yeremia hyɛɛ ho nkɔm wɔ apam foforo bi ho?

11 Saa anwummere no mu, bere a wɔawie Twam afahyɛ no di akyi no, Yesu ka apam foforo bi ho asɛm. Odiyifo Yeremia dii kan kaa eyi ho asɛm siei mfehaha pii, sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa] asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo . . . Mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. . . . Mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yeremia 31:31-34) Ná Nisan 14, 33 Y.B. mu na wɔbɛbɔ afɔre a ɛbɛma apam foforo yi afi ase ayɛ adwuma no!

12. Ɔkwan bɛn so na Yesu de apam foforo no sii hɔ, na dɛn na etumi yɛ?

12 Yesu ka kyerɛ anokwafo 11 no sɛ na ɔpɛ yiye sɛ ɔne wɔn bedi Twam yi. Afei ɔfa abodoo, da ase, obubu mu, na ɔde ma wɔn ka sɛ: “Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; [monkɔ so nyɛ] eyi mfa nyɛ me nkae.” Saara na ɔde bobesa kɔkɔɔ a ɛwɔ kuruwa mu ma wɔn, na ɔka sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:15, 19, 20) Yesu “mogya a ne bo yɛ den” na ɛsom bo koraa sen mmoa mogya a wɔpetee ma Israel Mmara apam no tumi yɛɛ adwuma no na ɛma apam foforo no fi ase yɛ adwuma! (1 Petro 1:19; Hebrifo 9:13, 14) Wɔn a wɔde wɔn ba apam foforo no mu no nya bɔne fafiri koraa. Enti, wobetumi afata sɛ wɔbɛyɛ 144,000 a wɔn nsa ka daa apagyade sɛ honhom mu Israel no mufo.​—Galatifo 6:16; Hebrifo 9:15-18; 13:20; Adiyisɛm 14:1.

“Mfa Nyɛ Me Nkae”

13. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho wɔ Nkaedi bere mu? (b) Henanom nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi abodoo no na wɔnom bobesa no bi, na dɛn ntia?

13 Yesu wu no afe afe Nkaedi a ɛto so 1,960 no besi April 17, 1992. Bere a saa da no bɛn no, eye sɛ yebesusuw nea Yesu afɔrebɔ a edi mũ no tumi yɛ nyinaa ho. Saa nhyehyɛe yi kamfo Yehowa nyansa ne ne dɔ kɛse ma adesamma no. Yesu mudi mu kura a asɛm nni ho a ekosii owu yayaw mu mpo no bu Yehowa bem wɔ Satan mpoatwa a ɛne sɛ asɛm wɔ N’abɔde a wɔyɛ nnipa no ho na wɔrentumi nnyina sɔhwɛ ano no ho. (Hiob 1:8-11; Mmebusɛm 27:11) Yesu de ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no yɛ ntamgyinafo ma apam foforo no, nea Yehowa nam so paw “abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de” no. Bere a eyinom da so ara wɔ asase so no, wɔka wɔn Nyankopɔn, Yehowa, a ‘wafrɛ wɔn afi esum mu aba ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ kyerɛ.’ (1 Petro 2:9; fa toto Exodus 19:5, 6 ho.) Sɛnea ɛfata no, wɔn nkutoo na wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom bobesa no bi afe biara.

14. Ɔkwan bɛn so na bɛhwɛadefo ɔpepem pii no nya mfaso?

14 Nnipa 10,650,158 na ɛkɔɔ afe a etwaam Nkaedi no ase wɔ asase so nyinaa, nanso wɔn mu 8,850 pɛ​—wonnu ɔha mu nkyem 1 a wɔakyem du mu biako​—na wodii abodoo no na wɔnom bobesã no. Ɛnde, mfaso bɛn na bɛhwɛadefo ɔpepem pii no nya fi afahyɛ yi mu? Mfaso kɛse! Ɛwom sɛ wonni bi de, nanso wonya honhom fam nhyira denam wiase nyinaa onuayɛ kuw kɛse a wɔne emufo bɔ no so, bere a wɔte nneɛma akɛse a Yehowa nam ne Ba no afɔrebɔ no so tumi yɛ ho asɛm no.

15. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no akyi no, afoforo nya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso?

15 Bio nso, ɔsomafo no bɔ yɛn amanneɛ wɔ 1 Yohane 2:1, 2 sɛ: “Yɛwɔ okyigyinafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” Yiw, bere a Yohane kuw a wɔde wɔn kɔ apam foforo no mu no nya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso no, ɛma “wiase nyinaa” nso nya bɔne fafiri. Ɛyɛ “mpata” ma wiase nnipa afoforo nyinaa a wɔkyerɛ gyidi wɔ Yesu mogya a wohwie gui, a ɛma wonya daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso a ɛyɛ anigye no mu no.​—Mateo 20:28.

“M’Agya Ahenni Mu”

16. (a) Ɛte sɛ nea Yesu ne ne mfɛfo adedifo no renya dɛn mu kyɛfã mprempren? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ nkaefo a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no nyinaa ho nnɛ?

16 Yesu rekɔ so ahyɛ n’asomafo no nkuran no, ɔtwe wɔn adwene si bere bi a ɔne n’asuafo no bɛnom bobe aba no bi bio wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ n’Agya Ahenni mu no so. (Mateo 26:29) Ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Na mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’Agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” (Luka 22:28-30) Efi bere a Yesu faa Ahenni tumi wɔ soro wɔ 1914 mu no, yebetumi aka sɛ wɔanyan Yesu mfɛfo adedifo a wɔaboaboa wɔn ano wɔ mfehaha no mu no mu dodow no ara dedaw ma wɔne no ‘akɔtra nhengua so.’ (1 Tesalonikafo 4:15, 16) Da a abɔfo no begyaa “ahohiahia kɛse” no “mframa anan” no mu no rebɛn ntɛmntɛm! Ebedu saa bere no, na wɔasɔ honhom fam lsraelfo 144,000 no ano aboaboa nnipakuw kɛse ɔpepem pii no ano awie. Ɛsɛ sɛ eyinom nyinaa kura wɔn mudi mu, sɛnea Yesu yɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nsa aka daa nkwa nkonim bo no.​—Adiyisɛm 2:10; 7:1-4, 9.

17. ne adaka no. (a) Sɛ wɔpow obi a wɔasra no sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo a, hena na ntease wom sɛ wobetumi de no asi n’anan mu? (b) Ɔwɛn-Aban mu nsɛm ahorow a epuei wɔ 1938 mu no de teokrase ahyehyɛde no hyehyɛ ne akyiri yi trɛw a emu trɛwee wɔ asase so no ho nimdeɛ a ɛyɛ anigye bɛn na ɛmae?

17 Na sɛ wɔn a wɔasra wɔn no binom anyɛ mudi mu kurafo nso ɛ? Bere a awiei no abɛn pɛɛ yi, wɔn a wɔrenni nokware sɛɛ no rennɔɔso. Ntease wom sɛ wɔrempaw wɔn a wɔde wɔn besi wɔn anan mu no mfi nnipa a wɔbɔɔ wɔn asu nkyɛe mu, na mmom wɔbɛpaw wɔn afi wɔn a wɔakɔ so aka Yesu ho wɔ ne sɔhwɛ ahorow mu denam nokwaredi a wɔde asom mfe pii mu so no mu. Honhom mu hann a ɛhyerɛn a ɛnam Ɔwɛn-Aban no so bae wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no ma wohu sɛ wowiee wɔn a wɔasra wɔn no mu nkaefo no anoboaboa koraa wɔ saa bere no mu. Efi saa bere no, wɔn a ‘wɔhoro wɔn ntade ma ɛhoa wɔ oguammaa no mogya mu’ no wɔ anidaso a ɛyɛ anigye soronko bi. Yehowa honhom no nam Kristo so kyerɛ wɔn kwan kɔ “nkwa asuti ho” wɔ Paradise asase no so.​—Adiyisɛm 7:10, 14, 17.

Mpaebɔ a Emu Yɛ Den Kɛse

18. Asuade akɛse bɛn na yenya fi Yesu mpaebɔ a ɛwɔ Yohane ti 17 no mu?

18 Yesu de Nkaedi nhyiam a ɔne n’asuafo yɛe no ba awiei bere a ɔbɔ mpae a emu yɛ den a ɛwɔ Yohane 17:1-26 no. Odi kan bɔ mpae sɛ n’Agya bɛhyɛ no anuonyam bere a okura ne mudi mu kodu awiei no. Saa kwan no so no, wɔbɛhyɛ Yehowa nso anuonyam, atew ne din ho​—atew ho afi ahohora nyinaa ho. Efisɛ, nokwarem no, onipa Yesu a ɔyɛ pɛ no di adanse ampa sɛ Onyankopɔn abɔde a wɔyɛ nnipa no betumi ayɛ nea ɛteɛ wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara mpo mu. (Deuteronomium 32:4, 5; Hebrifo 4:15) Bio nso, Yesu afɔrebɔ wu no ma Adam asefo nya hokwan kɛse bi. Yesu se: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no. Yesu Kristo no.” Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ wobenya Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Onyankopɔn Guammaa a ɔde ne nkwa mae de buu Yehowa bem ne adesamma nkwagye no ho nokware nimdeɛ! (Yohane 1:29; 1 Petro 2:22-25) So wowɔ saa ɔdɔ afɔrebɔ a ɛsen biara no ho anisɔ araa ma enti wuhyira nea wowɔ nyinaa so ma Yehowa ne ne som a ɛsom bo no?

19. Ɔkwan bɛn so na nkaefo no ne nnipakuw kɛse no betumi anya biakoyɛ a ɛsom bo?

19 Bio nso, Yesu bɔ n’Agya a ɔyɛ Kronkron no mpae sɛ ɔnhwɛ asuafo no so bere a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔnyɛ wiase no fã, wodi N’asɛm so sɛ ɛne nokware, na wɔkɔ so kura wɔne Agya no ne Ɔba no ntam biakoyɛ a ɛsom bo no mu no. So wɔmmaa mpaebɔ yi ho mmuae ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so de besi nnɛ, bere a nkaefo a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse no de biakoyɛ bom som wɔ ɔdɔ mu, a wɔtwe wɔn ho fi wiase no, emu basabasayɛ, ne emu amumɔyɛ ho no? Hwɛ sɛnea nsɛm a etwa to a Yesu ka kyerɛɛ n’Agya, Yehowa no som bo fa! Yesu kae sɛ: “Mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atra wɔn mu, na matra wɔn mu.”​—Yohane 17:14, 16, 26.

20. Dɛn nti na nokwarem no, Nisan 14, 33 Y.B. yɛ da a ɛsɛ sɛ wɔkae?

20 Bere a wopue kɔ Getsemane turom no, Yesu ne n’asuafo no san bɔ fekuw a ɛhyɛ nkuran bere tiaa bi. Afei n’atamfo bɛtow hyɛ no so! Wontumi mfa nsɛm nkyerɛ honam mu yaw a Yesu tee nka, sɛnea ne werɛ howee wɔ ahohorabɔ a wɔde baa Yehowa din so no ho, ne ne mudi mu kura wɔ ne nyinaa mu a ɛyɛ nhwɛso no mu. Yesu gyina mu kosi awiei, wɔ anadwo no mu ne n’adekyee so da no mu nyinaa. Ɔkyerɛ pefee sɛ n’Ahenni no nyɛ wiase no fã. Na ɔde n’ahome a etwa to teɛm sɛɛ “Wɔawie!” (Yohane 18:36, 37; 19:30) Wawie wiase no so nkonimdi Nokwarem no, Nisan 14, 33 Y.B. yɛ da a ɛsɛ sɛ wɔkae!

[Ase hɔ asɛm]

a Nkonimdi wɔ Europa Da ne Japan so Nkonimdi Da.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛ fa ahobrɛase ne ɔdɔ ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ “kwan ne nokware ne nkwa”?

◻ Apam foforo no atirimpɔw ne dɛn?

◻ Biakoyɛ ne ɔdɔ bɛn na nkaefo a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse no wɔ?

[Adaka wɔ kratafa 20]

Salomo Ɔkɛseɛ no Nyansa

June 1 ne June 15, 1938 The Watchtower mu nsɛm a ekura nsɛmti a ɛne “Ahyehyɛde” no kyerɛkyerɛɛ teokrase nhyehyɛe titiriw a Yehowa Adansefo de di dwuma de besi nnɛ no mu. Ɛno na ɛde ɔkyerɛkyerɛ ne ahyehyɛde mu nsakrae ahorow bere titiriw bi a efii ase wɔ 1919 mu no baa awiei. (Yesaia 60:17) Bere a The Watchtower no de saa mfe 20 no retoto mfe 20 a emu na Salomo sii asɔrefi no ne ahemfie no wɔ Yerusalem no ho no, ɛkae sɛ: “Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Salomo mfe aduonu ɔdansi dwumadi no akyi no . . ., ɔyɛɛ ɔman no mu nyinaa adansi adwuma bi. (1 Ahe. 9:10, 17-23; 2 Be. 8:1-10) Afei Seba hemmaa ‘fi asase ano nohɔ ba betiee Salomo nyansa’. (Mat. 12:42; 1 Ahe. 10:1-10; 2 Be. 9:1-9, 12) Eyi ma asemmisa yi sɔre sɛ: Dɛn na ɛwɔ hɔ ma Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so no wɔ daakye a enni akyiri no mu? Yɛde ahotoso kɛse bɛtwɛn, na yebehu.” Saa ahotoso no anyɛ ɔkwa. Wɔ teokrase nhyehyɛe ase no, wɔnam wiase nyinaa honhom fam ɔdansi dwumadi kɛse bi so aboaboa nnipakuw kɛse no bɛboro ɔpepem anan ano. Te sɛ Seba hemmaa no, eyinom fi asase ano nohɔ aba rebetie Salomo Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo nyansa​—a wɔde fa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma wɔn no.​—Mateo 24:45-47.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena