Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/1 kr. 23
  • ‘Onyankopɔn Ne Yesu Ho Nimdeɛ A Wonya’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Onyankopɔn Ne Yesu Ho Nimdeɛ A Wonya’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “New World Translation” No​—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • So Apam Dedaw No Bere Atwam?
    Nyan!—1988
  • Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/1 kr. 23

‘Onyankopɔn Ne Yesu Ho Nimdeɛ A Wonya’

“EYI kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3, New World Translation) Saa na Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ ne soro Agya no mu, na ɔnam saa kwan yi so kyerɛɛ biribi a ehia na ama obi anya daa nkwa. Nanso, dɛn nti na New World Translation no kyerɛ nkyekyem no ase “sɛ wobenya Nyankopɔn . . . ho nimdeɛ” na ɛnyɛ “sɛ wobehu . . . Nyankopɔn,” sɛnea Bible nkyerɛase afoforo pii kyerɛ ase no?​—Hwɛ Yohane 17:3 ase hɔ asɛm no nso wɔ New World Translation Reference Bible no mu.

Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘nya ho nimdeɛ’ anaa “hu” no yɛ adeyɛsɛm gi·noʹsko a wɔaka no ɔkwan bi so. Na nkyerɛase a ɛwɔ New World Translation no mu no yɛ nea ɛbɛma saa asɛmfua no asekyerɛ apue yiye sɛnea ebetumi. Nea gi·noʹsko kyerɛ ankasa ne, sɛ “wobehu,” nanso Hela asɛmfua no ntease gu ahorow. Hyɛ nkyerɛkyerɛmu a edidi so yi nsow:

“GINŌSKŌ (γινώσκω) kyerɛ sɛ wobenya nimdeɛ, sɛ wobehu, wɔbɛhyɛ no nsow, wɔbɛte ase, anaasɛ wɔbɛte ase koraa.” (Expository Dictionary of New Testament Words, W. E. Vine) Enti, gi·noʹsko a wɔakyerɛ ase sɛ ‘nya ho nimdeɛ’ no nyɛ ‘Bible no a wɔresakra no,’ sɛnea New World Translation no akasatiafo aka no. James Hope Moulton a ɔyɛ nsɛm asekyerɛfo a wagye din yiye no reka sɛnea asɛmfua no nkyerɛase betumi ayɛ nea egu ahorow ho asɛm no, ose: “Asɛmfua no mprempren kabea, γινώσκειν, yɛ adeyɛ a ɛrekɔ so, ‘sɛ wobenya nimdeɛ.’” (A Grammar of New Testament Greek.

A Grammatical Analysis of the Greek New Testament kyerɛkyerɛ gi·noʹsko mu sɛnea epue wɔ Yohane 17:3 no mu sɛ “ɛkyerɛ adeyɛ bi a ɛrekɔ so.” Hela asɛmfua yi ho asɛm foforo bi a wɔaka pue wɔ nhoma Word Studies in the New Testament, a Marvin R. Vincent yɛe no nso mu. Eyi ka sɛ: “Nimdeɛ na ɛma wonya daa nkwa, anaasɛ nimdeɛ akyi kwan a wɔhwehwɛ, efisɛ mprempren kabea no kyerɛ kɔ a wɔkɔ so hu biribi mu.” (Ɔno ankasa na ɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Word Pictures in The New Testament a A. T. Robertson yɛe no de nyansahyɛ ma sɛ wɔnkyerɛ asɛmfua no ase sɛ “ɛsɛ sɛ wɔkɔ so hu.”

Enti, wɔ mfitiase Hela kasa mu no, Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 17:3 no kyerɛ mmɔden a wɔkɔ so bɔ sɛ wobehu nokware Nyankopɔn no ne ne Ba, Yesu Kristo, na sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ New World Translation no mu no ma eyi da adi pefee. Yɛnam Onyankopɔn Asɛm no a yɛde nsiyɛ sua ne osetie a yɛde ma yɛn asetra ne mu gyinapɛn ahorow hyia so na enya saa nimdeɛ yi. (Fa toto Hosea 4:1, 2; 8:2; 2 Timoteo 3:16, 17 ho.) Akatua bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wonya Onyankopɔn ne ne Ba no nipasu ho nimdeɛ na afei wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua wɔn no? Daa nkwa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena