Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 24-25
  • Gerase​—Faako A Yudani Ne Helani Hyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gerase​—Faako A Yudani Ne Helani Hyia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bra Bɛhwehwɛ Galilea Po no So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • B10 Sɛnea Na Israel Te Wɔ Yesu Bere So
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Yordan Bi A Ebia Wunnim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Gilead—Akokodurufo Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 24-25

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

Gerase​—Faako A Yudani Ne Helani Hyia

ƆSOMAFO Paulo kyerɛw sɛ Abraham nokware asefo mu no, “Yudani anaa Helani nni hɔ.” (Galatifo 3:26-29) Yiw, ɔman a obi fi so ne mu amanne ho nhia na ama Onyankopɔn agye no atom.

Ebia saa nsɛm no bɛyɛ nea ɛfata ma Kristofo a wɔtete Roma mansin mu, te sɛ Galatia mansin a na Yudafo, Helafo, Romafo, ne ɛhɔnomfo ankasa adi afra no mu. Na Israel ankasa mmeae afoforo bi te sɛ Gilead nso ɛ?

Saa ɔmansin no wɔ Yordan apuei fam, wɔ Nkyene Po (a Awu) ne Galilea Po no ntam. Saa asasebere tamaa yi mfinimfini hɔ baabi na Yabok Asubɔnten no sian kɔ Yordan no mu. Atifĩ hɔ mfonini no ma yehu Gerase a mprempren wɔfrɛ no Jerash a ɛbɛn atifĩ fam Yabok no amamfõ so nneɛma a ɛyɛ anigye no bi.

Na tete aguadifo kwan bi a efi kusuu fam kɔ kesee fam a wɔfrɛ no “ɔhene kwan” no kotwam wɔ Gilead. Ɛda di sɛ bere a Yakob ne n’abusua no fii Haran no, wɔkɔfaa saa kwan a ɛkɔ Yabok yi so. Ɔne ɔbɔfo bi tentamee, na ɔne Esau hyiae wɔ beae bi a ɛbɛn faako a na wɔbɛkyekye Gerase no. (Genesis 31:17-25, 45-47; 32:22-30; 33:1-17) Bere bi akyi no, Israelfo fi kesee fam bɛfaa ɔhene kwan no so bere a na wɔde wɔn ani akyerɛ Bɔhyɛ Asase no so no. Mmusuakuw abien ne fã kɔtraa Yabok kusuu fam ne kesee fam wɔ aguadifo kwan no nkyɛn.​—Numeri 20:17; Deuteronomium 2:26, 27.

So Helafo baa saa beae yi, na sɛ ɛte saa a, ɛyɛɛ dɛn na wɔbae? Yiw, wɔbaa hɔ bere a Aleksanda Ɔkɛseɛ dii saa beae no so nkonim no. Atetesɛm kyerɛ sɛ ɔkyekyee Gerase maa n’asraafo mu wɔn a onyin nti wɔagyae sraadi no. Helafo nkɛntɛnso de nkakrankakra gyee ntini. Atubrafo nkurow a ɛwɔ Yordan ne Galilea Po no apuei fam no mu du hyehyɛɛ apam bi a na wɔfrɛ no Dekapolis. Ebia woahu saa din no wɔ Bible no mu, faako a wɔbɔ amanneɛ sɛ “nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapolis no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii [Yesu] akyi” no. Na Gerase yɛ Dekapolis nkurow no mu biako.​—Mateo 4:25.

‘Na Aleksanda nhyehyɛe no fã bi ne sɛ ɔde Helafo bɛkɔ ahemman no fã biara. Wɔde Helafo pii kɔɔ Siria anafo [a Dekapolis no ka ho] no mu titiriw, esiane sɛ ɛyɛ beae titiriw nti. Ɛde besi nnɛ, baabiara nni apuei fam wiase no mu a wohu Helafo amamfõ so nneɛma pii a ɛyɛ anigye pii sen asase a ɛwɔ Yordan apuei fam no so. Helafo nkurow no ma ɛdaa adi wɔ aniani sɛ Helafo ahyehyɛde ne amanne ahorow agye ntini wom yiye​—asɔredan akɛse a ɛyɛ fɛ a wosisi maa Hela anyame ne anyamewa, agumadi adan, amansan aguaree, afe afe agumadi afahyɛ ahorow, ne wɔ mmeae pii no, nyansapɛ sukuu ahorow.’​—Hellenism, a Norman Bentwich yɛe.

Sɛ wokɔhwɛ Gerase amamfõ so a, wubehu ɛno ho adanse a ɛdɔɔso. Aguabɔbea anaa ɔmanfo aguadibea kurukuruwa bi a wuhu wɔ mfonini no mu no, bɛn beae a wɔfa hyɛn kurow no mu wɔ kesee fam. Ebia aguaree ahorow, asɔrefi ahorow, agodibea ahorow, ne ɔmanfo adan a ɛwɔ mmɔnten a wɔasiesie so na adum sesa so wɔ ne nkyɛnmu no bɛyɛ wo nwonwa. Wɔ kurow no akyi no, wutumi hu akwansin dodow a obi twa ho agyiraehyɛde ahorow wɔ tete ɔkwan a ɛka Gerase ne Dekapolis nkurow afoforo ne Mediteranea hyɛn gyinabea ahorow bom no nkyɛn.

Bere a Roma ko faa Gerase wɔ 63 A.Y.B. mu akyi mpo no, Helafo nkɛntɛnso no kɔɔ so traa hɔ. Wubetumi ayɛ sɛnea na eyi betumi anya Yudafo a na wɔte Gerase ne ɔmansin no mu hɔ no so nkɛntɛnso no ho mfonini wɔ w’adwenem. Nhoma Hellenism ka sɛ: “Yudafo no de nkakrankakra faa nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyamesom mu nsusuwii no koraa, na saa nsusuwii no nyaa sɛnea wɔte Kyerɛwnsɛm no ase no so nkɛntɛnso.”

Ɛwom sɛ ebia Yesu anka asɛm wɔ kurow no mu de, nanso ɔhyɛn Gerase mansin a ebia na ekodu Galilea Po no ho no mu. Otuu adaemone fii ɔbarima bi mu wɔ saa ɔmansin no mu, na ɔmaa wɔn kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako bi mu. (Marko 5:1-17) Ebia n’asuafo a wodi kan no kaa asɛm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Dekapolis nkurow no mu no, na wɔ 36 Y.B. akyi no, na wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ Helafo a wɔwɔ Gerase no. Sɛ́ obi a ɔregye Kristosom atom no de ne ho hyɛɛ Yudasom mu, ɔyɛ Yudani a wayɛ ne ho Helani, anaasɛ Helani no, na nokware Nyankopɔn no betumi agye no atom sɛ Abraham honhom mu asefo no muni.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Dion

Gerasa (Jarash)

Philadelphia (Rabbah)

King’s Road

Salt Sea

Jerusalem

Jordan

Jabbok

Pella

Scythopolis (Beth-shean)

Gadara

Sea of Galilee

[Mfonini Fibea]

Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Wɔayɛ atifĩ hɔ mfonini yi kɛse wɔ 1992 Calendar of Jehovah’s Witnesses no mu.

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena