Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow
Yordan Bi A Ebia Wunnim
YORDAN asubɔnten no din a wɔbɛbɔ kɛkɛ no betumi ama woakae mmeae bi a wunim: Israelfo no a wɔretwa ne asubɔnka a emu nsu ayow a ɛbɛn Yeriko no wɔ Yosua ase; Naaman a ɔreguare emu nsu mpɛn ason na ne ho kwata afi; Yudafo pii, ne afei Yesu, a wɔreba hɔ ma Yohane abɔ wɔn asu.—Yosua 3:5-17; 2 Ahene 5:10-14; Mateo 3:3-5, 13.
Ɛda adi sɛ saa nsɛm a wonim yiye yi nyinaa sisii wɔ Yordan no fã a ɛware na wonim kyɛn biara no mu, ɔfã a ɛwɔ Galilea Po no kesee fam na esian kɔ Po a Awu no mu no. Nanso, ebetumi aba sɛ wɔn a wɔde nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm no bebu wɔn ani agu Yordan no fã bi so—asubɔnten no fã a ɛwɔ kusuu fam no ne mmeae a atwa ho ahyia no. Hwɛ asase mfonini no.a Beae a ɛkɔ fam a ɛwɔ mfinimfini hɔ no yɛ The Great Rift Valley (Obon Kɛse) no fã bi, a ɛyɛ asase no fã bi a emu apae fi Siria kosi Afrika no.
Yordan Asubɔnten no nsuti atitiriw abiɛsa yɛ nsuten a efi Bepɔw tenten Hermon so sukyerɛma a ɛnan no mu. Nsuten a ɛwɔ apuei fam (kratafa 17, a ɛwɔ atifi hɔ) no pue fi ɔbotan bi a ɛyɛ akadobo a ɛbɛn bepɔw no ase no mu. Ɛha na na Kaesarea Filipi wɔ; wobɛkae sɛ Yesu kɔɔ hɔ bere tiaa bi ansa na ɔresakra wɔ “bepɔw tenten bi so.” (Mateo 16:13-17:2) Asuten foforo pue fi koko a ɛwɔ faako a wɔkyekyee Dan kurow, a Israelfo a wɔwɔ kusuu fam ahenni no mu no yɛɛ sika nantwi ba de sii hɔ no mu. (Atemmufo 18:27-31; 1 Ahene 12:25-30) Nsu a efi asuten a ɛto so abiɛsa no mu no ne abien yi bɛbom yɛ Yordan Asubɔnten no, a esian gu fam bɛboro anammɔn apem na ne tenten bɛyɛ akwansin 7 no.
Afei obon no mu yɛ tratra bɛyɛ nea wɔfrɛ no Hula Basin no, na ɛma Yordan no mu nsu no trɛw, ma ɛdan beae bi a emu bae na atɛkyɛ wɔ hɔ. Tete mmere mu no, na nsu no pii ano boa wɔ nea wɔfrɛ no Hula (anaa Huleh) Ɔtare a emu nnɔ no mu. Nanso Hula Ɔtare no nni hɔ bio, efisɛ nnansa yi mmere mu no, wɔateɛteɛ Yordan no atifi, atutu nsuka de atwe asase a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ no mu nsu, na wɔatutu nsuwansuwa a efi ɔtare no mu no mu ma emu adɔ. Ne saa nti, sɛ wohwɛ saa beae no ho asase mfonini, na sɛ wuhu (Hula) ɔtare bi wɔ Galilea Po no kusuu fam a, wubehu sɛ ɛyɛ sɛnea na mpɔtam hɔ te wɔ tete mmere mu no ho asase mfonini, na ɛnyɛ sɛnea wubehu no nnɛ no.
Nanso sɛ wokɔsra hɔ a, wubehu baabi a wɔahyɛ da akora hɔ abɔde mu nneɛma so a ɛbɛma wɔanya sɛnea na ɛhɔnom te wɔ Bible mmere so no ho adwene bi, mmere a na afifide atitiriw horow bi te sɛ nkyɛkyerɛ ne mmɛw wɔ hɔ pii na ehinhim wɔ hɔnom no.—Hiob 8:11.
Na nnomaa ahorow ahorow de hɔ ayɛ wɔn fie. Na asukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahorow, pokupoku, aturukuku, ne nnomaa afoforo wɔ hɔ pii, a nea enti a ɛte saa no bi ne sɛ atɛkyɛ ne ɔtare no maa ɛhɔ yɛɛ baabi a wotumi gye ahome bere a wɔretu kwan afi Europa akɔ Afrika no. (Deuteronomium 14:18; Dwom 102:6; Yeremia 8:7) Anka ɛbɛyɛ nea wontumi nhu mmoa afoforo a wɔwɔ hɔnom no yiye, nanso wɔ a wɔwɔ hɔ no bɛma Hula Basin no mu fa ayɛ nea ɛnyɛ akɔnnɔ. Ebetumi aba sɛ na mmoa a wɔka eyinom ho ne gyata, susono, pataku, ne kɔkɔte. (Hiob 40:15-24; Yeremia 49:19; 50:44; Habakuk 1:8) Mmere bi mu no, na atiridii a ntontom de ba wɔ hɔ, na ɛda adi sɛ ɛyɛ atiridii a wɔbɔ din wɔ Bible no mu no biako.
Enti ɛyɛ nea ntease wom sɛ na akwantufo mmiako mmiako ne akwantufo kuw akɛse man fa saa beae a atɛkyɛ wɔ hɔ yi nkyɛn. Ɛnde na ɛhefa na wobetumi atwa Yordan Asubɔnten no wɔ obon a ɛwɔ Galilea Po no kusuu fam no mu?
Na basalt abo tuntum bi a ama ne ho so wɔ asase no ani bɛn Galilea Po no; saa ɔbo a ayɛ sɛ nea esiw nsu no kwan no, na ɛma nsu no ano boaboaa bɛyɛɛ Hula Ɔtare no. Wubetumi ahu saa ɔbo a ama ne ho so yi fã bi wɔ kratafa 16. Sɛ Yordan no sen fa mu wɔ Galilea Po no kesee fam (a wohu wɔ akyirikyiri no) a, ɛde ahoɔhare sen araa ma ɛma nsu no yɛ fitaa. Ɛda adi pefee sɛ na tete akwantufo no behu sɛ ɛyɛ nea asiane wom sɛ wobesian akɔ saa obon a emu dɔ yi mu akotwa Yordan nsu a ɛde ahoɔhare resen no.
Asase tɛtrɛɛ a emu nware bi da Hula Basin a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ no ne obon no ntam, a ɛhɔ de na nsu no sen bɔkɔɔ. Ɛha na na tete akwantufo tumi twa asubɔnten no dwoodwoo, na ɛhɔ bɛyɛɛ Bɔhyɛ Asase no so ɔkwan titiriw a akwantufo fa so no fã. Mprempren de, wɔayɛ twene ato nsu no so wɔ saa beae yi a ɛda so ara yɛ beae titiriw a wotwa Yordan no.
Ɛnnɛ de, Hula Basin no yɛ beae a ɛhɔ asase no ye ma afuwyɛ; wɔayɛ ɔtare ahorow a mpataa wom mpo wɔ hɔ. Eyinom nyinaa a wotumi yɛ no fi nsu bebrebe a ɛsen fa Yordan Asubɔnten no fa a ɛwɔ ha yi no.
[Ase hɔ asɛm]
a Fa toto asase mfonini ne mfonini kɛse a ɛwɔ 1990 Calendar of Jehovah’s Witnesses so no ho.
[Asase mfonini wɔ kratafa 17]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Hula
Sea of Galilee
[Mfonini Fibea]
Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 17]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
Animal photos: Safari-Zoo of Ramat-Gan, Tel Aviv