Aware Abusuabɔ a Ɛreyɛ Mmerɛw
NÁ ƐNA bi a onnyinii returu ne ba a wadi asram abien. Afei, ɔde abufuw gyaee no hwee fam. Abofra no wui nnɔnhwerew kakraa bi akyi. Ne maame no kae sɛ: “Mehyɛɛ da na migyaee no hwee fam. Efisɛ me kunu nnwen n’abusua ho.” Sɛ́ anka ɔne ne kunu besusuw asɛm no ho no, ɔdaa n’abufuw adi wɔ akokoaa a ne ho nni asɛm no so.
Ɛnanom kakraa bi na wɔyɛ ade tra so wɔ ɔkwan a ɛte saa so, nanso pii wɔ nkate horow a ɛte saa ara. Yɛ ara na ɛreyɛ den sɛ awarefo bɛma wɔn aware asi yiye. Journal of Marriage and the Family ka sɛ: “Sɛ aware ntaa nsi yiye sɛnea ɛte wɔ United States nnɛ no a, ahofama a emu yɛ den a obi benya wɔ aware mu no . . . yɛ nea asiane wom araa ma obi a n’adwenem da hɔ biara renyɛ saa.”
Wɔ mmere bɔne yi mu no, ɔbrasɛe, nipasu a enhyia, aka, nsenom ntam nsɛnnennen, ne pɛsɛmenkominya nyinaa de ofie akameakame, a ɛtaa kowie awaregyae mu ba. Tebea no yɛ anibere wɔ Japan araa ma na ɛsɛ sɛ Katolek Asɔre a wonim no yiye sɛ wotia awaregyae denneeennen no mpo paw boayikuw titiriw bi na wɔde agow nsɛm mu ama asɔremma a wɔagyaa aware na wɔasan aware no. Asɔrekɔfo a wɔredɔɔso rehyia nsɛnnennen a ɛfa awaregyae ho.
Nanso, aware dodow a egu no da asɛnnennen kɛse bi fã ketewaa bi adi. Nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ United States kyerɛ sɛ aware asetra ankasa a ɛresɛe no na ama awaregyae akɔ anim, na ɛnyɛ asetra mu nsakrae ahorow a ɛma awaregyae yɛ mmerɛw no ara kɛkɛ. Sɛ aware asetra ho mmɔdenbɔ ne ahofama sua a, ɛhwere ne fɛ a ɛyɛ no. Bebree yɛ wɔn ho awarefo wɔ nnipa ani so, nanso wontua aware aboade no mma wɔn ho wɔn ho, na ɛyɛ den sɛ wɔne wɔn ho bɛkasa. Ebinom te nka te sɛ Apuei Fam ɔbea bi a ɔtɔɔ n’ankasa asase soronko sɛ wɔmfa nsie no a ɔkae sɛ, ‘Mempɛ sɛ wosie me ne me kunu wɔ faako’ no. Bere a ontumi nnyae ne kunu mprempren no, ɔde n’ani asi owu akyi awaregyae so. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɛmfa ho sɛ saafo no nnyaee aware no, aware asetra nyɛ anigye mma wɔn.
Saa ara na na ɛte wɔ Isao fam. Nkate a ɛkanyan no prɛko pɛ na ogyinaa so de waree ne yere, enti ná biribiara nkanyan no mma ɔnsakra n’ahopɛ asetra kwan no. Ɛwom sɛ na onya sika sɛ lɔre kafo de, nanso ɔsɛee ne nyinaa wɔ adidi ne ɔnom ho, na wanhwɛ n’abusua. Enti ná ɔne ne yere nya akasakasa bere nyinaa. Isao ka sɛ: “Bere biara a nneɛma ankɔ yiye amma me no, na mekɔ fie de m’anibere kɔsoɛ m’abusua so.” Te sɛ ogya bepɔw a ennwo no, awaregyae ho asɛm sɔree da biara da.
Mmarima ne mmea pii wɔ aware bɔne mu. Sɛ́ wobegyae aware anaa wɔnyɛ saa no, wonnya anigye. Ɔkwan bi wɔ hɔ a wobetumi afa so ama wɔn aware asi yiye anaa? Dɛn na wobetumi ayɛ de ahyɛ wɔn aware abusuabɔ no mu den?