Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/15 kr. 4-7
  • Ɔkwan a Wɔfa so Hyɛ Aware Abusuabɔ mu Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan a Wɔfa so Hyɛ Aware Abusuabɔ mu Den
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Mose Mmara no Maa Kwan
  • Ade Biako Pɛ a Wotumi Gyina so Gyae Aware
  • Nea Abusua mu Ɔhaw Fi
  • Munsusuw Nsɛm Ho
  • Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ma W’aware Nyɛ Abusuabɔ a Ɛtra hɔ Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Aware Asetra​—Sɛnea Wɔma Ɛyɛ Anigye Kɛse
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/15 kr. 4-7

Ɔkwan a Wɔfa so Hyɛ Aware Abusuabɔ mu Den

FARISIFO a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesum Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo, afiri no bisae sɛ: “Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?” Ɔnam nnipa aware a edi kan a ɔdan adwene kɔɔ so no so buaa wɔn, na ɔde asɛm no ho gyinapɛn bi sii hɔ sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”

Farisifo no kae sɛ Mose nam “awaregyae nhoma” a ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma so yɛɛ awaregyae ho nhyehyɛe. Yesu buaa wɔn sɛ: “Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, ɛnte sa. Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.”​—Mateo 19:3-9.

Wɔyɛɛ aware sɛ abusuabɔ a ɛbɛtra hɔ daa. Ná owu mpo ntumi ntetew awarefo a wodi kan no mu, efisɛ wɔbɔɔ wɔn sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ a anka wɔbɛtra ase daa. Nanso, wɔyɛɛ bɔne. Wɔn bɔne no sɛee nnipa aware. Ɔtamfo a ɔne owu fii ase tetew awarefo mu. Onyankopɔn bu owu sɛ aware awiei, efisɛ yɛkenkan wɔ Bible no mu sɛ: “Ɔbea kunu te ase no, mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho wɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ. Awurade mu nko na ɔnyɛ.” (1 Korintofo 7:39) Eyi yɛ soronko koraa wɔ nyamesom mu adwenhorow te sɛ ɔbea ɔwarefo a ɔhyew ne ho, a sɛ ɔbea bi kunu wu a, wɔdaadaa no anaa wɔhyɛ no ma ɔhyew ne ho kum ne ho, a wogye di sɛ aware abusuabɔ no kɔ so wɔ owu akyi asetra bi mu no mu.

Nea Mose Mmara no Maa Kwan

Bere a wɔde Mose Mmara no mae no, na aware abusuabɔ ahorow asɛe araa ma, Israelfo no komaden nti Yehowa yɛɛ awaregyae ho nhyehyɛe. (Deuteronomium 24:1) Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ Israelfo no de mmara yi bedi dwuma ɔkwan a ɛnsɛ so de agyae wɔn yerenom wɔ mfomso nketenkete ho sɛnea ɛda adi wɔ ne mmara a ese ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho no mu no. (Leviticus 19:18) Ná awaregyae krataa a wɔde ma no mpo yɛ awaregyae ho akwanside, efisɛ nea na ɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ okunu a ɔpɛ sɛ ogyae ne yere yɛ na ama ne nsa aka krataa no ho ne sɛ ɔbɛkɔ akohu mmarima a wɔfata a wɔde tumi ahyɛ wɔn nsa, a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ka wɔn bom bio. Dabi, Onyankopɔn amfa saa mmara yi ansi hɔ sɛ hokwan a “asɛm biara nti” obi de begyaa ne yere.​—Mateo 19:3.

Nanso akyiri yi, Israelfo no buu wɔn ani guu nea mmara no kyerɛ ankasa so, na wɔde mmara yi dii dwuma ɔkwammɔne so de gyaee aware wɔ asɛm biara a ɛne wɔn nsusuwii hyia ho. Eduu afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no, na wotwa wɔn mmerantebere mu yerenom nkontompo, na asɛm biara nti wogyaee wɔn. (Malaki 2:14-16) Eyi nti na Yesu kasa tiaa ɔkwan a Israelfo no faa so gyaee aware wɔ ne bere so no.

Ade Biako Pɛ a Wotumi Gyina so Gyae Aware

Nanso, Yesu kaa ade biako a wotumi gyina so gyae aware ho asɛm: aguamammɔ. (Mateo 5:31, 32; 19:8, 9) Asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha “aguamammɔ” no fa nna mu ɔbrasɛe a ɛkɔ so wɔ aware a Kyerɛwnsɛm pene so akyi nyinaa ho, sɛ́ ɛyɛ nnipa baanu a wokura bɔbeasu koro anaa wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu, anaa onipa ne aboa.

Ɛno mu mpo no, na ɛnyɛ sɛ Yesu rekamfo akyerɛ sɛ wonnyae aware mu ahokafo a wonni nokware. Ɛyɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no asɛm sɛ obesusuw nea ebefi mu aba no ho, na wasi gyinae sɛ ebia obegyae aware anaa ɔrenyɛ saa. Ɔyerenom a wɔresusuw awaregyae a egyina Kyerɛwnsɛm so yi ho no betumi asusuw asɛm a Onyankopɔn kae bere a ɔde atemmu maa ɔbea a odi kan no wɔ ne bɔne ho no nso ho. Onyankopɔn ka kaa owu afobu no ho kyerɛɛ Hawa pefee sɛ: “W’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Commentary on the Old Testament, a C. F. Keil ne F. Delitzsch kyerɛwee no kyerɛkyerɛ saa ‘anigyina’ yi mu sɛ “nkate bi a ɛreyɛ ayɛ te sɛ ɔyare.” Nokwarem no, saa anigyina yi mu nyɛ den pii saa wɔ mmea nyinaa mu, nanso sɛ ɔyere a ne ho nni asɛm resusuw awaregyae ho a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ obesusuw nkate mu ahiade a mmea anya afi Hawa hɔ no ho. Nanso, esiane sɛ aware akyi nna a ɔhokafo a odi fɔ de ne ho hyem betumi ama ɔhokafo a ne ho nni asɛm anya nna mu nyarewa, a AIDS ka ho nti, ebinom asi gyinae sɛ wobegyae aware wɔ ɔkwan a Yesu kyerɛkyerɛɛ mu no so.

Nea Abusua mu Ɔhaw Fi

Nnipa komaden nyaa n’asefi wɔ bɔne a nnipa baanu a wodi kan no yɛ tiaa Onyankopɔn no mu. (Romafo 5:12) Abusua mu ɔhaw fii ase bere a nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ bɔne tiaa wɔn soro Agya no. Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Bere a ɔwɔ daadaa ɔbea a odi kan, Hawa, sɛ onni dua a wɔabara no aba no, ɛhɔ ara na odii aduaba no. Osii saa gyinae kɛse no akyi ansa na ɔreka nea ɔwɔ no ka kyerɛɛ no no akyerɛ ne kunu. (Genesis 3:6) Yiw, ná wafi ne kunu akyi ayɛ ade. Eyi sɛso ne nsɛnnennen a nnɛyi mmusua pii hyia​—nkitahodi a efi komam a enni ho.

Akyiri yi, bere a wɔkaa nea ebefi wɔn bɔne no mu aba kyerɛɛ wɔn no, Adam ne Hawa nyinaa faa ɔkwan koro a awarefo pii fa so nnɛ bere a wɔn ho aka mu, a ɛne asodi a wɔde to afoforo so no so. Ɔbarima a odi kan no, Adam, de nea ɔyɛe no ho asodi too ne yere ne Yehowa so, kae sɛ: “Ɔbea a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.” Ɔbea no nso kae sɛ: “Ɔwɔ na ɔdaadaa me na midii.”​—Genesis 3:12, 13.

Atemmu a Yehowa paee mu ka kyerɛɛ Adam ne Hawa no hyɛɛ ade foforo a ɛbɛkanyan ɔhaw ahorow a na ɛbɛba no ho nkɔm. Ɛdefa ɔne ne kunu ntam abusuabɔ ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɔno na obedi wo so.” Ɛnnɛ, okununom pii, a wɔte sɛ Isao a yɛkaa ne ho asɛm wɔ yɛn asɛm a edi kan mu no, di wɔn yerenom so atirimɔden so a wonsusuw wɔn yerenom nkate horow ho. Ɔyerenom pii ani da so ara gyina bere a wɔn kununom benya ama wɔn. Sɛ ɔyerenom nsa anka nea wɔn ani gyina no a, ebia wɔbɛhyɛ sɛ wonnya bere a ɛte saa mma wɔn, na wɔbɛyɛ ade pɛsɛmenkominya mu. Esiane sɛ okununom pii di wɔn yerenom so na ɔyerenom pii ani gyina bere a wɔn kununom benya ama wɔn no nti, pɛsɛmenkominya kɔ so, na asomdwoe yera. Shunsuke Serizawa kyerɛw wɔ atesɛm krataa bi a wɔato din sɛ “Ɔkwan a Wɔfa so Hwehwɛ Ɛnnɛ Awaregyae Mu” mu sɛ: “Sɛ yebu yɛn ani gu ade titiriw a ɛde ɔhaw yi ba, a ɛne sɛ nkurɔfo de wɔn ankasa ahiade di kan, no so a, ɛbɛyɛ den mpofirim sɛ yɛbɛhwehwɛ nnɛyi awaregyae ahorow mu.”

Nanso, Yehowa de akwankyerɛ ama wɔ n’Asɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a awarefo a wɔyɛ ɔsetie betumi anya aware mu anigye akodu baabi wɔ wɔn sintɔ no mu mpo. Isao dii Onyankopɔn akwankyerɛ akyi, na mprempren onya anigye wɔ abusua asetra mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm ahorow boa nkurɔfo ma wɔhyɛ aware abusuabɔ no mu den.

Munsusuw Nsɛm Ho

Wɔ aware pii mu no, nkitahodi a enni hɔ, su a wɔwɔ sɛ wɔde asodi bɛtɔ afoforo so, ne pɛsɛmenkominya su horow ma ɛyɛ den sɛ okunu ne ɔyere bɛte wɔn nkate horow ase. Nhwehwɛmufo Caryl S. Avery ka sɛ: “Esiane sɛ abusuabɔ a emu yɛ den gyina nkate a wɔda no adi so nti, ɛhwehwɛ ahotoso a edi mu. Na ɛnnɛ, ahotoso ho ayɛ den.” Komam nkate horow a wɔtaa da no adi no hyɛ ahotoso a ɛte sɛɛ mu den. Eyi hwehwɛ sɛ okunu ne ɔyere fi wɔn komam di nkitaho.

Mmebusɛm de mfatoho bi di dwuma de kamfo nsusuwii a ɛmu dɔ a wɔda no adi kyerɛ, bere a ɛka sɛ: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” (Mmebusɛm 20:5) Ɛsɛ sɛ awarefo de nhumu di dwuma de du nsusuwii a ɛwɔ wɔn hokafo komam tɔnn no ho. Fa no sɛ wo hokafo ayɛ basaa. Sɛ́ anka wobɛka sɛ: “M’ankasa nso mahyia nsɛnnennen nnɛ” no, dɛn nti na wummisa sɛ: “So wuhyiaa nsɛnnennen nnɛ? Dɛn na esii?” Ebia ebegye bere ne mmɔdenbɔ na wode atie wo hokafo, nanso sɛ wosɛe bere wɔ saa kwan no so sen sɛ wubebu w’ani agu wo hokafo so na woadi nkate horow a emu yɛ den a ɛda adi akyiri yi ho dwuma a, ɛtaa yɛ anigye ne akomatɔyam, na ɛmma bere nsɛe.

Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di nokware na ɔbɔ mmɔden da ne nkate adi wɔ ɔkwan a ne hokafo no betumi ate ase so na ama wɔanya wɔn ho mu ahotoso. Onyankopɔn Asɛm hyɛ sɛ: ‘Obiara nni nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Efesofo 4:25) Nokwaredi gye nhumu. Fa no sɛ ɔyere te nka sɛ ne kunu ntie no. Ansa na ɔbɛkasa no, ɛsɛ sɛ osusuw abebusɛm yi ho: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” (Mmebusɛm 17:27) Sɛ́ anka ɔbɛbɔ ne kunu sobo sɛ, “Womfa m’asɛm nyɛ hwee!” no, ɛbɛyɛ papa koraa sɛ ɔbɛda ne nkate adi wɔ ɔdwo mu ansa na abasamtu ne huammɔdi ahyɛ ne so. Obetumi ada ne nkate adi denam biribi te sɛ eyi a ɔbɛka so, “Minim sɛ wunni adagyew, nanso sɛ wo ne me bɔ nkɔmmɔ kakra ka ho a, ɛbɛma m’ani agye yiye.”

Nokwarem no, “wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Wo yere dɔ wo, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔbetumi ahu nea ɛwɔ w’adwene mu. Ɛsɛ sɛ wofa ɔkwampa so ma wo hokafo hu sɛnea wote nka. Eyi bɛboa mo sɛ Kristofo awarefo, ma moayɛ nsakrae a ɔdɔ wom, na ama ‘moatumi de asomdwoe hama akura honhom biakoyɛ mu.’​—Efesofo 4:2, 3.

Sɛ́ nhwɛso no, susuw Kazuo a na ɔwɔ ɔyere onwiinwiifo bi, a na kyakyatow aka no hɔ no ho hwɛ. Ná ɔde ka dɔla ɔpepem ɔhaha pii ma amene no. Esiane sɛ na ɔbɔ bosea de tua ne ho aka nti, n’ahokyere no yɛɛ kɛse. Afei ofii ase suaa Bible no na awiei koraa no onyaa akokoduru kaa ne haw nyinaa kyerɛɛ ne yere. Ná wasiesie ne ho sɛ obegyina ne yere sobo ahorow no nyinaa ano. Nanso ɛyɛɛ no nwonwa bere a ne yere, a na wasua Bible no akyɛ sen no no fi odwo mu buae sɛ: “Ma yɛnhwehwɛ ɔkwan a yebetumi afa so atua aka no” no.

Efi da a edi hɔ no, wɔkɔɔ wɔn a wɔde wɔn ka no nkyɛn, na wofii ase tuaa wɔn ho aka, na wɔtɔn wɔn fie mpo. Egyee bɛyɛ afe na wɔde tuaa aka no. Dɛn na ɛmaa ne yere Kimie sakrae? Ose: “Nsem a ɛwɔ Filipifo ti 4, nkyekyem 6 ne 7 no yɛ nokware ampa. ‘Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.’” Ɔde kaa ho sɛ: “M’adamfo bi huu sɛnea me nsɛnnennen nyinaa akyi no m’ani gye no, ɛyɛɛ no nwonwa na ofii ase ne me boom suaa Bible no.” Wɔabɔ Kazuo ne ne yere asu fi saa bere no ma mprempren wonya abusua asetra mu anigye.

Nea ɛka nokware a wɔka de daa wɔn ho mu ahotoso adi ho no, okununom ne ɔyerenom a wonyaa atifi hɔ suahu no yɛɛ biribi a ɛboa awarefo ma wotumi di wɔn aware mu nsɛnnennen ho dwuma. Wɔne aware nhyehyɛe no Yɛfo, Yehowa Nyankopɔn dii nkitaho. Ɛmfa ho ɔhaw ne nsɛnnennen ahorow a awarefo hyia no, sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara de ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma na wogyaae nea aka no ma no a, ɔde Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no behyira wɔn. Mpae a wobebom abɔ boa kɛse. Ɛsɛ sɛ okunu no di anim na ‘oyi ne yam’ kyerɛ Onyankopɔn, hwehwɛ n’akwankyerɛ wɔ asɛnnennen biara a ɔne ne yere rehyia ho. (Dwom 62:8) Sɛnea ɛte biara no, Yehowa Nyankopɔn betie mpae a ɛtete saa.

Yiw, wobetumi ahyɛ aware abusuabɔ no mu den. Ɛnnɛ, bere a yɛte wiase bɔne yi mu wɔ yɛn sintɔ mu nyinaa akyi mpo no, awarefo betumi anya anigye a ɛsɛ wɔ wɔn abusuabɔ no mu. Wubetumi anya nyansahyɛ a mfaso wɔ so ne Kyerɛwnsɛm mu afotu afoforo wɔ nhoma Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii mu. Afei nso, awarefo a wofi komam yere wɔn ho de Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma no wɔ anidaso sɛ wobebom atra wɔ ɔdɔ mu wɔ wiase foforo a ɛnkyɛ Onyankopɔn de bɛba no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena