Nhyiam Horow a Ɛyɛ Anigye Kanyan Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ
NKYERƐKYERƐ abu so wɔ wiase nnɛ. Ɛkame ayɛ sɛ biribiara ho nimdeɛ a enni ano wɔ television ne radio so, nhoma ahorow anaa kɔmputa mu. Nanso, nnipa yare na wowuwu. Amumɔyɛ, ɔkɔm, ne ohia wɔ asase nyinaa so, na nkate mu nyarewa haw nnipa pii sen biara. Nimdeɛ a ɛwɔ hɔ no nyinaa ntumi nyɛɛ tebea no yiye. Dɛn ntia? Efisɛ adesamma apow Onyankopɔn nyansa.
Ɛnde asɛmti a wɔpaw maa ɔmantam nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛɛ no nnansa yi a ɛne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ,” no fata dɛn ara! Dwumadi no kaee wɔn a wohyiae no sɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu nkyerɛkyerɛ nkutoo na ebetumi agye nkwa ankasa.
Nhyiam a edi kan no fii ase Yawda, June 3, wɔ Uniondale, New York, U.S.A. Efi saa bere no, wɔyɛɛ dwumadi no wɔ aman pii mu nkurow ahorow so, na ɛba awiei wɔ Afrika ne Amerika Kesee Fam nsasepɔn no so.
Da a Edi Kan no Awia
Ná da biara wɔ n’asɛmti a esi ɔsoro nkyerɛkyerɛ fã bi so dua. Sɛ́ nhwɛso no, na da a edi kan dwumadi no asɛmti ne “Nkyerɛkyerɛ a Efi Onyankopɔn Nkyɛn a Yebehu.” (Yohane 7:17) Wɔkyerɛkyerɛɛ saa asɛm no mu yiye saa da no.
Bere a wɔtoo dwom bɔɔ mpae akyi no, nhyiam no titrani de ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Ka Yɛn Bom” fii dwumadi no ase. Ɔkyerɛe sɛ Yehowa nkurɔfo nam N’akwan a wosua na wɔnantew so no so yɛ biako. (Mika 4:1-5) Ɔsoro nkyerɛkyerɛ hyɛ wɔn biakoyɛ no mu den. Ɔhyɛɛ nhyiamfo no nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nnye wɔ wɔn fekuw a biakoyɛ wom no mu.—Dwom 133:1-3.
Bere a awia dwumadi no kɔɔ so kakra no, wɔkaa asafo adesua horow a yɛkɔ no bere nyinaa no ho asɛm wɔ ɔkasa a wɔakyekyem a n’asɛmti ne “Adesua Horow a Ɛkyerɛkyerɛ Yɛn Yehowa Akwan” no mu. Ɔkasafo a odi kan no bɔɔ wɔn a wohyiaam no nkae sɛ, sɛ yehyiam a, yedi Yehowa ni na yɛnam so nya Ne nhyira. Ɔkasafo a odi hɔ no sii hia a ehia sɛ yenya adesua horow mu kyɛfa no so dua. Yɛnam saayɛ so yi Yehowa ayɛ baguam, da yɛn gyidi adi, na yɛhyɛ afoforo gyidi den. Ɔkasafo a ɔto so abiɛsa no kyerɛɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde nea yesua wɔ adesua horow ase no di dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ atiefo nko.’—Yakobo 1:22.
Ɛno akyi no, wɔkaa asɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa ayeyi nnwom a yɛbɛto ama Yehowa ho. Dwom a efi komam yɛ yɛn som no fã titiriw. Ɔkasa yi akyi na wɔmaa ɔkasa titiriw a n’asɛmti ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Di Nkonim” no. Asɛmti a ɛfata bɛn ara ni! Ɔkasafo no kae sɛ: “Yehowa ne nkyerɛkyerɛ a eye sen biara a obi betumi anya no Fibea.” Afei, bere a ɔde bere tiaa bi kaa sɛnea onipa amemene yɛ nwonwa ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Dwuma titiriw a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene di ne sɛ yɛde benya ɔsoro nkyerɛkyerɛ. Ɛno nkutoo na ɛma yenya nokware nyansa.” Ɛyɛ nokware dɛn ara!
Da a Ɛto so Abien no Anɔpa
Nhyiam no da a ɛto so abien no asɛmti ne “Kɔ So Ma W’ani Nkũ Yɛn Awurade Nyankopɔn Nkyerɛkyerɛ No Ho.” (Tito 2:10) Saa nnyinasosɛm yi daa adi kɛse wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ ne Adaemone Nkyerɛkyerɛ Di Asi” no mu. Yiw, adaemone wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ. (1 Timoteo 4:1) Sɛnea ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu no, ɔsoro nkyerɛkyerɛ di Satan “nyansa” so nkonim denam atoro nkyerɛkyerɛ ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe akwan a ɛpa ho ntama no so. Esiane eyi nti, Kristofo komapafo bɛyɛ 4,500,000 nna so nyɛ nkoa bio wɔ Satan sum no mu.—Yohane 8:32.
Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia Satan. Wosii eyi so dua wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “So Woreko Tia Wiase Honhom?” no mu. Wiase yi honhom di awu. Ɛkamfo ɔbrasɛe, atuatew adwene a wonya wɔ tumidi ho, ne honam fam nneɛma ho anibere. Ɛsɛ sɛ Kristoni hwehwɛ ne ho mu daa. So ɔda so ara kura gyinapɛn a ɛkorɔn mu wɔ nea ɔhwɛ, otie, anaa nea ɔkenkan ho? Ɔkasafo no kaa eyi de hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Anuanom mmarima, mmea, ne mmofra, yɛkamfo mo wɔ mmɔden kɛse a morebɔ wɔ eyi mu dedaw no ho.”—1 Yohane 2:15-17.
Ade bi wɔ hɔ a ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛpow wiase honhom no. Ɛno ne dɛn? Yɛn nyinaa nyɛ pɛ. Ampa, Yesu wu maa yɛn bɔne de, nanso ɛda so ara hia sɛ yɛko tia akɔnnɔ a ɛbɛma yɛayɛ bɔne. Wosusuw eyi ho wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Tumi a Bɔne Wɔ wɔ Nipadua a Ɛyɛ Mmerɛw so a Wɔko Tia” no mu. Nsɛm ahorow a ɔkasafo no kae no mu biako ne sɛ, sɛ yɛhyɛ onipa foforo no na yɛkwati biribiara a ɛbɛkanyan akɔnnɔ bɔne wɔ yɛn mu a, yebetumi adi bɔne so nkonim.
Ɔkasa a edii hɔ no asɛmti ne “Ma Nkyerɛkyerɛ a Ɛfata Nyɛ W’asetra Kwan.” Ebinom dwen wɔn honam fam akwahosan ho kɛse. Nanso, nokwarem no, honhom fam akwahosan ho hia sen ɛno koraa. Ɔkasafo no sii hia a ɛho hia sɛ yebu eyi ho asɛyɛde aniberesɛm no so dua, na ɔkaa nkuranhyɛ nsɛm kyerɛɛ Kristofo mmea titiriw. Ɔkae sɛ: “Yɛn ani sɔ yɛn nuanom mmea mpanyimfo ne mmabaa nyinaa a wɔkari pɛ no yiye wɔ nsi a wɔde yɛ asɛnka adwuma ne wɔn ankasa asɛyɛde ahorow a wodi ho dwuma no ho.” Yiw, yɛn nyinaa yɛda Yehowa ase wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛma yɛtwe yɛn ho fi wiase ho no ho.
Ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Da Asetra Atirimpɔw Adi” na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Ɔkasafo no kae sɛ: “Mpɛn pii no, ɛkame ayɛ sɛ obiara bisa sɛ, ‘Dɛn ne asetra atirimpɔw?’” Ɔde nsɛm a etwa akyinnye to daa no adi sɛ Bible no nkutoo na ɛde saa asemmisa no ho mmuae ankasa ma. Afei, ɔkasafo no kyerɛe sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa no boa yɛn yiye ma yenya atirimpɔw wɔ asetra mu. Ebia na atiefo no mu pii resusuw ho sɛ, ‘Eyi ara ne nsɛm a ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ m’asasesin mu te.’ Ná Sodikuw no wɔ adwene a ɛte saa ara. Woyii nhomawa foforo a wɔato din Dɛn ne Asetra Atirimpɔw? adi wɔ ɔkasa yi akyi. Hwɛ sɛnea obiara ani gyei! Bere a wowiee anɔpa dwumadi no, wonyaa hokwan hwehwɛɛ nhomawa foforo no mu.
Da a Ɛto So Abien no Awia
Ná ɔkasa a edi kan awia no kura asɛmti a ɛma awerɛkyekye a ɛne sɛ “Fa Wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So.” Nneɛma pii de dadwen ba; nanso, Onyankopɔn Asɛm se yɛmfa yɛn dadwen nyinaa nto no so. (1 Petro 5:6, 7) Ampa, nsɛnnennen bi tumi kyɛ, na ɔkasafo no de afotu yi mae sɛ: ‘Tɔ wo bo ase. Twɛn Yehowa. Nya gyidi a emu yɛ den sɛ Bible no akyi a yebedi bere nyinaa no ye sen biara. Sɛ yɛkɔ so de yɛn koma bata Yehowa ho a, yebenya “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛboro adwene nyinaa so no.’—Filipifo 4:6, 7.
Ɔkasa ahorow anan a edii so no kyerɛe sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ fa abusua asetra ho. Nea edi kan a n’asɛmti ne “Aware a Wɔbɛma Ayɛ Abusuabɔ a Ɛtra hɔ Daa,” no bɔɔ nhyiamfo no nkae sɛ, wɔ Yehowa ani so no, aware nyɛ nhyehyɛe a wotumi gu no sɛnea wiasefo pii bu no no. Nanso, sɛ yɛn aware besi yiye a, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi. Ɔno na ɔyɛɛ yɛn. Enti, n’Asɛm a wɔde honhom kyerɛwee no kura aware ho afotu a eye sen biara a yebetumi anya.
Ɔkasa a n’asɛmti ne “Yɛ Wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen” no kaa nsɛnnennen a ɛwɔ abusua hwɛ mu wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu ho asɛm. (2 Timoteo 3:1) Awofo kyerɛ wɔn mma honam fam ahotew, su pa, sɛnea wɔyɛ adwuma, ne sɛnea woyi ayamye adi kyerɛ afoforo na wɔboa wɔn. Nea ehia titiriw no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ ahofama.—Mmebusɛm 22:6.
Wɔ ɔkasa a edi hɔ a n’asɛmti ne “Awofo—Mo Mma Hia Ɔhwɛ Soronko” mu no, ɔkasafo no bɔɔ nhyiamfo no nkae wɔ hia a ehia sɛ wɔkamfo mmofra, na bere koro no ara wommu wɔn ani ngu wɔn mmerɛwyɛ ahorow so no ho. ‘Ɛsɛ sɛ awofo ani da hɔ titiriw wɔ atosɛm, honam fam ade dodowpɛ, anaa pɛsɛmenkominya su a wɔda no adi ho.’
Mmofra a wɔwɔ nhyiam no ase titiriw na wotiee ɔkasa a n’asɛmti ne “Mmofra—Hena Nkyerɛkyerɛ na Mutie?” no yiye. Kristofo nkumaa hyia tebea a ɛyɛ den nnɛ. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔne wiase no bɛbɔ, nanso eyi kowie owu mu. Ɛwom sɛ paw a abofra paw sɛ ɔbɛbata ɔsoro nkyerɛkyerɛ ho no gye akokoduru de, nanso ɛde nhyira kɛse ba nnɛ na ɛde daa nkwa bɛba daakye.—1 Timoteo 4:8.
Drama a ɛma akomatɔyam a wɔato din Mmofra a Wɔkae Wɔn Bɔfo Nnɛ na ɛde da a ɛto so abien dwumadi no baa awiei. Nea ɔhwɛɛ so no kaa wɔ ne nnianim nsɛm mu sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu mmofra yɛ “teokrase dɔm a wodi nokware wɔ ahofama a wɔde som Yehowa Nyankopɔn ne ne soro Hene a wapaw no, Yesu Kristo no mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nokwarem no, yɛn mmofra no retwa aba pa!” Drama no kyerɛe pefee sɛ, sɛ ɔwofo tete abofra yiye a, ɛso bɛba abofra no mfaso bere a wanyin na n’ankasa som Yehowa no.
Da a Ɛto so Abiɛsa Anɔpa
Ná da a ɛto so abiɛsa no asɛmti ne sɛ “Monkɔ so Nkyerɛkyerɛ Nnipa a Wɔwɔ Aman Nyinaa Mu.” (Mateo 28:19, 20) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobehyiae no hwɛɛ kwan sɛ wobenya asɛnka adwuma no ho afotu a ɛfata, na wonyae. Ɔkasa a wɔakyekyem a wɔato din “Anigye a Yɛde Bɛyɛ Yɛn Asɛnka ne Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma No,” hyɛɛ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so anya adansedi adwuma no mu kyɛfa no mu den. Ɔkasa a edi kan no kaa nsrahwɛ a edi kan ho asɛm; nea ɛto so abien no kaa sankɔhwɛ ho asɛm; na nea ɛto so abiɛsa no kaa Bible adesua ho asɛm. Ná wɔato nsa afrɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ wiase nyinaa sɛ wɔnsan mmra fie na wɔne wɔn mmusua ne wɔn nnamfo mmom nkɔ nhyiam no. Wɔ mmeae bi no, asɛmpatrɛwfo nyaa saa dwumadi yi mu kyɛfa. Atiefo no ani gyei sɛ wɔtee sɛnea wɔn dwumadi no redi yiye no ho asɛm. Ɔkasa a edi hɔ a wɔato din sɛ “Asɛmpa no a Wɔde Kɔ Obiara Nkyɛn” no kaa mfaso a ɛwɔ bɔnnɔ so adansedi mu no ho asɛm.
Asubɔ kasa a bere nyinaa ɛyɛ ɔkasa titiriw wɔ Yehowa Adansefo nhyiam nyinaa ase no na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Wɔ nhyiam ahorow ase no, wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo bebree sɔre gyinaa nnipadɔm a wɔahyiam no anim, na wɔde ahotoso yii nsemmisa abien a wobisaa wɔn no ano sɛ yiw. Afei wɔbɔɔ wɔn asu baguam. Ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso ho adanse a emu yɛ den bɛn ara ni!
Da a Ɛto so Abiɛsa Awia
Wɔde Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a emu dɔ na efii awia dwumadi no ase. Yehowa Adansefo nim nsɛm a ɛwɔ Mateo ti 24 ne Luka ti 21 no yiye. So na ebinom susuw sɛ wontumi nka Bible atiri yi ho nsɛm a ɛyɛ foforo biara? Hwɛ mfomso ara a wodii! Ɔkasa ahorow a wɔato din sɛ, “Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba a Woaba ho Sɛnkyerɛnne?” ne “Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba?” no kaa saa atiri abien no afã bi ho asɛm ma ɛyɛɛ anigye na ɛde ne nkyekyem bi mu nkyerɛkyerɛmu foforo maa atiefo no. Bere a dwumadi no baa awiei no, nhyiamfo no de nneɛma a wɔakyerɛwkyerɛw no totoo nea afoforo akyerɛw ho hwɛe sɛ wɔate nsɛm no ase a, na na ɛyɛ nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ wobebua nsemmisa pii bere a wobetintim saa nsɛm no wɔ Ɔwɛn-Aban mu no.
Wɔtoaa Bible adesua asɛmti no so wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Wo Bible Nsemmisa Ho Mmuae a Emu Da Hɔ,” no mu. Afei dwumadi no dan adwene kɔɔ asɛm foforo so. Ná 1993 yɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no mfirihyia 50. Ɔkasa a wɔato din sɛ “Gilead Ntetee ne ne Dwumadi wɔ Mfirihyia Aduonum Mu” no kyerɛɛ atiefo no nea wɔayɛ wɔ saa bere no mu. Bere a na wɔrema ɔkasa a n’asɛmti ne “Aba a Asɛmpaka Asow wɔ Wiase Nyinaa Asasesin no Mu” no, wɔtoo nsa frɛɛ asɛmpatrɛwfo a ebia na wɔwɔ hɔ ma wɔbɛkaa wɔn suahu ahorow no bi kyerɛɛ atiefo no. Asɛmpatrɛwfo no nsɛm a wotiee no yɛɛ anigye!
Ɔkasa a edi hɔ a n’asɛmti ne “Nea Enti a Yehowa Adansefo Kɔ So Wɛn” no nso kaa abakɔsɛm ho asɛm. Ɛkyerɛe sɛ Kristofo akɔ so awɛn fi afeha a edi kan Y.B. abesi nnɛ. Ɛno akyi no, wonyaa biribi foforo. Wɔ ɔkasa a edi hɔ a wɔato din sɛ, “Ahenni Adawurubɔfo Yɛ Adwuma wɔ Asase Nyinaa So” mfiase no, ɔkasafo no maa nhoma kɛse bi so na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ nnɛ yɛrebɔ mo amanneɛ wɔ ha sɛ yɛreyi nhoma foforo yi a wɔato din sɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom no adi. Nhoma no kura Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm ho nsɛm a ɛkɔ akyiri. Ɛka anigyesɛm a ɛfa boasetɔ, nnamyɛ, ne nkonimdi a edi adanse kɛse sɛ Yehowa honhom reyɛ adwuma wɔ ne nkurɔfo so ho asɛm.
Da a Ɛto So Anan Anɔpa
Nhyiam no da a etwa to no ankyɛ ba. Ɛda no asɛmti a ɛne sɛ, “Mfaso a Yenya Fi Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Mu,” no maa ɛdaa adi sɛ dwumadi no awiei bɛyɛ anigye. (Yesaia 48:17) Anɔpa no, wɔdan atiefo adwene kɔɔ ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa a emu yɛ hyew so. Ná ɔkasa a wɔakyekyem a wɔato din sɛ “Yeremia Kɔkɔbɔ Asɛm a Efi Honhom Mu—Ma Tete ne Nnɛ” no kura Yeremia atiri 23, 24, ne 25 mu nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ ne nkyekyem biara mu. Hwɛ nkrasɛm a ano yɛ den ara a saa atiri no kura! Ɛbɛyɛ sɛ Israelfo a na wonni nokware wɔ Yeremia bere so no ho dwiriw wɔn wɔ ne kɔkɔbɔ pefee a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔde mae no ho. Wiase mũ no nyinaa ho dwiriw no sen saa mpo bere a saa kɔkɔbɔ ahorow no nyaa ne mmamu no. So tebea no yɛ soronko nnɛ? Ɛnte saa koraa. Yehowa Adansefo de akokoduru ka Onyankopɔn atemmusɛm. Awiei koraa no, ebehia sɛ Yehowa de atemmu ba saa nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa so. Ɛno bɛkyerɛ ɔsɛe korakora a ɛba Satan wiase no so.
Drama a ɛto so abien a wɔato din sɛ, Ɛnsɛ Sɛ Modaadaa Mo Ho Anaasɛ Munnsi Onyankopɔn Atwetwe na ɛde Kwasida anɔpa dwumadi no baa awiei. Ɛkyerɛkyerɛɛ sɛnea ɔsoro nkyerɛkyerɛ betumi abɔ yɛn ho ban afi video ne nnwom a ɛmfata a ebenya yɛn so nkɛntɛnso, ne kunsunkunsun a yebetumi akanyan wɔ mfɛfo Kristofo mu no ho. Wɔ drama no awiei no, nea ɔhwɛɛ so no faa drama no mu nipa bi nsɛm a ɛkanyan adwene yi kae sɛ: “Ɛnyɛ nea wiase no nkɛntɛnso rentumi yɛn. Sɛ yɛanko antia a, wiase no betumi de nnɛɛdɛe asɛe yɛn adwene. Sɛ́ yɛbɛkɔ so adi nokware anaa ɛnte saa no begyina nea yɛregu no so.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware!
Da a Etwa To Awia
Bere a ɔkasafo no kɔɔ asɛnka agua no so sɛ ɔrekɔma baguam ɔkasa a wɔato din sɛ, “Nkyerɛkyerɛ a Mfaso Wɔ So Ma Yɛn Mmere a Emu Yɛ Den Yi” no, na aka kakraa bi ma nhyiam no aba awiei. Ɔnam ɔkwan a emu da hɔ na edidi so so kaa nsɛnnennen atitiriw a ɛka yɛn nnɛ ho asɛm na ɔkyerɛɛ akwan ahorow a ɔsoro nkyerɛkyerɛ betumi aboa yɛn ma yɛanya asetra a ɛyɛ anigye. Ɔkae sɛ, sɛ yɛredi nkyerɛkyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so no so nnɛ a, ɛnde yebetumi adi so daa wɔ Yehowa wiase foforo no mu.
Wɔbɔɔ Ɔwɛn-Aban adesua no mua akyi no, ɔkasa a etwa to no duu so. Ɔkasafo no tĩĩ nnanan dwumadi no mu nsɛntitiriw no mu, na ɔkaee nhyiamfo no nhoma afoforo a wɔayi no adi no. Ɔkae nso sɛ ɛnkyɛ wobeyi video kasɛt a edidi so a wɔato din sɛ, The Bible—A Book of Fact and Prophecy no fã a ɛto so abien no adi. Nokwarem no, yɛwɔ saa video kasɛt a wɔato din sɛ The Bible—Mankind’s Oldest Modern Book no wɔ Engiresi kasa mu mprempren. Wɔkenkan amanneɛbɔ ahorow a ɛka koma a efi mmeae a ɔhaw kɛse wɔ hɔ te sɛ Bosnia ne Herzegovina kyerɛe. Ɔkasafo no kenkan nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:13 no de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”
Nkaesɛm a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Momma yɛntra ase mma ɛda a adesamma nyinaa beyi yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa ayɛ na wɔatie ne soro nkyerɛkyerɛ no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]
“Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” nhyiam a wɔyɛe wɔ Moscow ne Kiev no de anigye kɛse bae
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26, 27]
1. Nnipa pii nam asubɔ a wogyee no so yɛɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne
2. Nhyiamni bi a wadi mfe 100 ani gyei sɛ ne nsa kaa nhoma foforo
3, 4. Atiefo ani sɔɔ drama abien a na ɛkanyan adwene no yiye
5. Asɛmpatrɛwfo a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhyiam ahorow ase no sii ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso horow so dua