Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 4/1 kr. 3
  • Wiase a Eye—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Eye—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase a Eye—Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Adaeso Betumi Ama Wɔahu Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Dɛn Na Na Saa Daeso No Kyerɛ?
    Nyan!—1981
  • So Adaeso Fi Onyankopɔn?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 4/1 kr. 3

Wiase a Eye—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?

SƐ NA woyɛ obi a ogye Mazdaism (obi a wɔkyerɛ sɛ ɔne papayɛ nyame wɔ Zoroasterfo som mu) a Iranni diyifo Zoroaster kyerɛkyerɛe no di a, anka wobɛhwɛ ɛda a asase bɛsan ayɛ fɛ bio sɛnea na ɛte mfiase no kwan. Sɛ na wote tete Hela a, ebia anka ɛbɛyɛ wo pɛ sɛ wotra Fortunate Isles, a wɔkyerɛ sɛ asomdwoe ne akomatɔyam wɔ so no so anaa wosan hu Golden Age (Mmere Pa) a anwensɛm kyerɛwfo Hesiod a ɔtraa ase afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu kaa ho asɛm sɛ ɛbɛsan aba no. Ebia Guaraní Indiani bi a ɔte South America da so ara rehwehwɛ Land Without Evil (Asase a Bɔne Biara Nni So) no akyi kwan. Mprempren, ebia esiane amammui adwene bi anaa nkurɔfo ani a aba wɔn ho so wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye nnɛ ho nti woanya anidaso sɛ wiase no bɛyɛ yiye.

Golden Age, Fortunate Isles, Land Without Evil—eyinom ka din ahorow a wɔde ka faako a nkurɔfo ani agyina sɛ wɔbɛkɔ, wiase a eye ho anidaso ho asɛm.

Nokwarem no, yɛn wiase yi nyɛ beae a asomdwoe wɔ. Amumɔyɛ a ɛredɔɔso, anuanom anaa ɔmanfo a wɔnam akodi so kunkum wɔn ho a ebi mmaa da, okunkɛse, afoforo a wohu amane a wɔmmoa wɔn, ohia buruburoo ne ɔkɔm, adwuma a wonnya nyɛ ne biakoyɛ a enni hɔ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛresɛe, nyarewa a wonni ano aduru a ɛhaw nnipa ɔpepem pii—ɛkame ayɛ sɛ mprempren amanehunu nni ano. Bere a Italiani sɛnkyerɛwfo bi resusuw akodi a ɛrekɔ so ho no, ɔkae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ asɛm a obiara bɛka ara ne sɛ ɛbɛyɛ sɛ akodi ne ade a agye obiara adwene wɔ yɛn bere yi mu.” Sɛ wususuw tebea no ho a, so ɛfata sɛ obi bɛhwɛ biribi soronko bi, biribi a eye kwan? Anaasɛ akwanhwɛ a ɛte saa no yɛ adaeso ara kwa, anidaso hunu a ɛremma da? So yɛte wiase a eye sen biara mu?

Eyinom nyɛ nsɛm foforo. Nnipa de mfe mpempem pii ahwɛ wiase a asomdwoe, atɛntrenee, yiyedi, ne ɔdɔ wom kwan. Bere a bere kɔɔ so no, anyansapɛfo dodow bi daa adwenhorow a wɔwɔ wɔ aman papa, wiase a eye ho adi. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, wontumi nkyerɛkyerɛɛ sɛnea wobetumi de wɔn adwenhorow no adi dwuma ma ayɛ yiye no mu.

So wiase a adesamma pɛ a wɔn yam a anka wɔn nsa aka, na wɔde mfehaha pii ahwɛ kwan no kyerɛ yɛn biribi?

[Kratafa 3 mfonini]

So eyi ne wiase a eye sen biara?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena