Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 5/1 kr. 3-4
  • So Nyamesom ma Wunya Nea Wuhia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nyamesom ma Wunya Nea Wuhia?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
  • Ɔkwan Bɛn So Na Na Yesu Kristo Yɛ Odiyifo Te Sɛ Mose?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Sɛnea Wosom no fa Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 5/1 kr. 3-4

So Nyamesom ma Wunya Nea Wuhia?

MFRAMA, nsu, aduan, dabere—saa nneɛma yi yɛ nea wogye tom wɔ baabiara sɛ ɛyɛ nnipa ahiade. Sɛ wunni bi a wubetumi akɔ ahokyere mu na woawu. Nanso, mfe pii a atwam no, Mose, Israel kannifo no twee adwene sii nnipa ahiade foforo a ɛho hia sen aduan anaa nsu mpo so. Mose kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa] anom so na nnipa nam tra ase.”—Deuteronomium 8:3.

Mose nam nsɛm a emu dɔ yi so kyerɛɛ hia a ehia sɛ yedi yɛn som anaa yɛn honhom mu ahiade ho dwuma. Ɔkyerɛe sɛ yɛn nkwa gyina ɛho dwuma a yebedi so! Israelfo nam ‘Yehowa anom nsɛm so’ traa ase wɔ wɔn sare so akwantu a edii mfe 40 no mu. Wofii asiane ahorow a anka ebetumi adi wɔn awu mu fii. Onyankopɔn hyɛ maa aduan a wɔtoo din mana no tɔ fii soro anwonwa kwan so. Wonyaa nsu fii abotan mu de kum wɔn sukɔm. Nanso Onyankopɔn yɛɛ nea ɛsen wɔn honam fam ahiade a odii ho dwuma maa wɔn no. Mose kae sɛ: “Sɛnea onipa teɛ ne ba so no, saa ara na [Yehowa] wo Nyankopɔn teɛ wo so.”—Deuteronomium 8:4, 5; Exodus 16:31, 32; 17:5, 6.

Wɔannyaw Israelfo no sɛ wɔn ankasa mmɔ wɔn bra nsisi gyinae wɔ nea ɛteɛ anaa nea ɛnteɛ wɔ abrabɔ anaa ɔsom mu mma wɔn ho. Wonyaa akwankyerɛ fii Onyankopɔn ankasa hɔ. Ɔde Mose Mmara no maa wɔn, mmara soronko a ɛkyerɛɛ wɔn aduan pa a ɛsɛ sɛ wodi, ahotew mmara a emu yɛ den, ne abrabɔ ne ɔsom mu nnyinasosɛm a mfaso wɔ so no. Enti Onyankopɔn maa Israelfo akwahosan ne wɔn honhom mu yiyedi nyaa nkɔso. Wɔnam ‘Yehowa anom asɛm so’ traa ase.

Enti Israelfo daa nsow koraa wɔ aman afoforo no ho. Wɔ Mose nna no mu no, Misraim dii tumi sɛ wiase tumidi a edi kan. Ná ɛyɛ asase a ɛsotefo no pɛ nyamesom. World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ná tete Misrifo wɔ gyidi sɛ anyame (anyame ne anyamewa) ahorow pii wɔ onipa asetra ne ne nneyɛe biara so tumi. Enti na wɔsom anyame pii. . . . Ná Misrifo no wowɔ wɔn ankasa anyame soronko bi a na wɔsom wɔn wɔ wɔn nkurow akɛse ne nketewa no biara mu ka wɔn anyame akɛse no ho.”

So anyame pii a Misrifo no som wɔn sɛɛ no maa wonyaa wɔn honhom mu ahiade? Dabi. Misraim bɛyɛɛ asase a ɛsotefo no de wɔn ho hyɛɛ gyidihunu ne nna mu nneyɛe bɔne koraa mu. Sɛ́ anka wobenya asetra ne akwahosan mu nkɔso no, Misrifo asetra kwan no de “yare bɔne” pii baa wɔn so. (Deuteronomium 7:15) Enti, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ Bible no kaa Misraim anyame ho asɛm animtiaabu so, frɛɛ wɔn “abosonhuhuw” no.—Hesekiel 20:7, 8.

Tebea a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ. Nnipa pii na anyɛ yiye koraa no wɔwɔ nyamesom mu gyidi bi; nnipa kakraa bi na wɔbɛka sɛ wonnye onyame biara nni. Nanso, ɛda adi pefee sɛ nyamesom nnii adesamma honhom mu ahiade ho dwuma. Sɛ nnipa nam “ade biara a efi [Yehowa] anom so” traa ase nokwarem a, so anka nsɛnnennen a ɛwɔ hɔ nnɛ te sɛ ɔko, nnipa mu nyiyimu, ɔkɔm, ne ohia a emu kɔ so yɛ den no bɛba? Dabida! Eyinom nyinaa akyi mpo no, nnipa kakraa bi pɛ na wobesusuw ho sɛ wɔbɛsakra wɔn som. Ebinom nni ɔpɛ mpo sɛ wɔbɛka nyamesom ho asɛm anaasɛ wobetie ɔsom foforo bi ho nsɛm!

Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ɔwɔ Ghana, Afrika Atɔe Fam, ka kyerɛɛ Kristoni somfo bi sɛ: “Migye di sɛ Onyankopɔn nam yɛn akɔmfo so ada ne ho adi akyerɛ yɛn Afrikafo, sɛnea ɔnam Yudafo adiyifo so daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn no. Ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛn Afrikafo binom nnye yɛn ankasa akɔmfo ntom na mmom yɛka Yesu, Muhammad, ne afoforo ho asɛm.”

Wɔ Afrika aman pii mu no, wobu Kristosom sɛ aborɔfo som—nhyehyɛe bi a wɔde baa Afrika a mfaso biara amma so amma wɔn. Nanso so w’adwene mu a wobɛto a wunsusuw nea afoforo ka ho yi bɛboa wo anaasɛ ebesiw mmɔden a wobɔ sɛ wubenya wo honhom mu ahiade no ho kwan? Afrikafo bu bɛ bi sɛ: “Sɛ ɔkɔm de wo a, womfa wo nsa abien nnidi.” Adidi su a ɛte saa nkyerɛ obu na asiane wom—titiriw sɛ wunnim dekode a ɛwɔ ayowa no mu a! Nanso nnipa pii paw wɔn som a ɛnyɛ sɛ wosusuw ho yiye nti, na mmom wogyina nkate anaa nea abusuafo gye di so.

Ɛsɛ sɛ ɔsom a ɛbɛma woanya wo honhom mu ahiade no yɛ “nyamesom a adwene wɔ mu.” (Romafo 12:1) Ɛsɛ sɛ ɛyɛ biribi a wufi nimdeɛ ne nyansa mu paw. Enti afei momma yɛnhwehwɛ nea Afrikafo susuw sɛ ɛyɛ nea ɛfata sɛ obi gyina so paw ne som no ho. Nanso akenkanfo a wɔwɔ maa nyinaa ani begye nea edi so yi ho.

[Kratafa 3 mfonini]

Mose kyerɛɛ hia a ehia sɛ yedi yɛn honhom mu ahiade ho dwuma

[Kratafa 4 mfonini]

Nea Afrikafo ahu wɔ Kristoman mu asɛmpatrɛwfo ho ama ebinom ato wɔn adwenem wɔ Bible no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena