So Sɛnea Wosom no fa Ho?
OWIGYINAE awia a ɛrebɔ no ama wim ayɛ hyew yiye wɔ Afrika akuraa no ase. Wotumi te akyene nnyigyei a ano yɛ den, nnwonto, ne nsambɔ wɔ obon bi a ɛbɛn hɔ mu. Nanso eyi nyɛ biribi a wɔde gye wɔn ani ara kwa. Ɛyɛ Abibifo amammerɛ kwan so som. Nanso, saa bere no ara, na honhonsɔrefo bi a wɔbɛn hɔ nso reworo nsɛm denneenen. Ɛhɔ na asomfo a ayɛ te sɛ nea biribi atɔ wɔn so “sa nyarewa” anwonwa kwan so na wɔka kasa foforo. Ɔsom foforo koraa nso wɔ kurow no fã foforo. Wɔte Kramoni a ɔteɛm frɛ ne mfɛfo asomfo ma wɔkɔbɔ mpae nne.
Yiw, wubetumi ahu ɔsom ahorow pii wɔ Afrika nkurow akɛse ne nketewa mu. Mfe pii mu no, ná Abibifo ani gye wɔn ankasa som ho. Afei Kristoman mu asɛmpatrɛwfo no dii Europa aman bi asraafo akyi bae, na wɔbɔɔ mmɔden atirimɔden so sɛ wɔbɛma obiara ayɛ “Kristoni”—maa wɔsesaa wɔn din mpo faa nea wɔfrɛ no Kristofo din no.
Dɛn na ɛde aba? Ɛde ɔsom a ɛyɛ Abibifo gyidi ne nneyɛe ne nea wɔde fi aman afoforo so aba a adi afra aba. Besi nnɛ no “Kristofo” pii de asuman ne nsɛbɛ di dwuma. Nanso, Kristoman mu asɛmpatrɛwfo guu nokware Kristosom ho fĩ, na wɔma wonyaa Kristosom ho adwemmɔne. Wɔn na Bible no a Abibifo binom ato wɔn adwenem wɔ ho nnɛ no ho asodi kɛse da wɔn so.
Nanso, wɔda so ara di “Kristosom” a egu ahorow akyi. Honhonsɔre akuw horow titiriw na abegye din nnansa yi; gyidi ayaresa asɔre ahorow abu so. Sɛnkyerɛwfo bi kyerɛkyerɛɛ nea enti a nkurɔfo ani gye saa asɔre ahorow yi ho no mu sɛ, ‘ɔsom ho adwene a Abibifo wɔ ne sɛ wobenya mfaso afi mu. Sɛnea Abibifo adwene kyerɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ ɔsom tumi boa tẽẽ ma nnipa nya ahotɔ wɔ wɔn asetra mu. Enti, Obibini a ɔwɔ gyidi sɛ ɛkame ayɛ sɛ ahonhonsɛm ho hia wɔ biribiara mu fam no, honhonsɔre [gyidi ayaresakuw] ahorow no akwan a wɔnam so di dwuma no ne n’asetra kwan hyia.’ Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛda adi pefee sɛ honhonsɔrefo pii de asɔre no ayɛ sikapɛ.
Ɛnnɛ, nyamesom akuw bɛboro 6,000 na ɛwɔ Afrika. Ebia woate nka sɛ ɔsom ne esum ase akuw ahorow yi nyinaa betumi ama onipa anya nkwagye. Nanso, asɛm no ankasa ne sɛ, Onyankopɔn te nka dɛn?
So Ɔsom Biara Betumi Asɔ Onyankopɔn Ani?
Nokwarem no, amansan Bɔfo no mfa eyi ho akwankyerɛ nkame yɛn. (Amos 3:7; Asomafo no Nnwuma 17:26, 27) Adanse a ɛdɔɔso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yebetumi anya ɔsoro akwankyerɛ wɔ Bible no mu. Dabi, Bible no nyɛ aborɔfo nhoma, sɛnea Abibifo binom frɛ no no. Nokwarem no, onipa biara—sɛ́ ɔyɛ tuntum anaa fitaa—ntumi nka sɛ ɔno na ɔkyerɛw Bible no. 2 Timoteo 3:16 ka sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu.” Bible no nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ na ɛyɛ nokware, sɛnea akyɛ, sɛnea akɔ so atra hɔ ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe no, ne ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛbam pɛpɛɛpɛ ne sɛnea wɔakyekyɛ wɔ wiase nyinaa a nhoma biara ne no nsɛ no—eyinom nyinaa yɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ emu nsɛm fi soro.
Saa nhoma no kyerɛ yɛn dɛn? Ade biako a ɛkyerɛ yɛn ne sɛ, “nokware Nyankopɔn” koro pɛ na ɔwɔ hɔ. (Yohane 17:3) Sɛ saa na asɛm no te a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔsom ahorow nyinaa atumi ayɛ nokware? So ɔsom ahorow no mmɔ wɔn ho abira, sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛnea Onyankopɔn te ankasa mpo ho asɛm a? Bible kyerɛwfo Yakobo kaa “ɔsom a ɛho tew na ɛyɛ nokware” ho asɛm. (Yakobo 1:27, Today’s English Version) Sɛ ɛho hia sɛ wohu ɔsom a ɛyɛ nokware a, ɛnde na atoro som nso bɛwɔ hɔ. Eyi ne adwene a ɛne sɛ ɔsom nyinaa yɛ akwan ahorow a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn ara kwa no nhyia.
Nea Ɔbɔadeɛ No Hwehwɛ wɔ Ɔsom Ho
Dɛn ne ɔkwampa a wɔfa so som Onyankopɔn? Bible no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ ɔsom a ɛyɛ nokware gyina nokware nimdeɛ so. Bere bi Yesu Kristo, odiyifo kɛse no, ka kyerɛɛ Samariani bea bi sɛ: “Mosɔre nea munnim.” (Yohane 4:22) So eyi betumi ayɛ nokware wɔ wo nso wo fam? So wɔakyerɛkyerɛ wo sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn wɔ n’ankasa din a ɛne Yehowa? (Dwom 83:18) So wunim n’atirimpɔw ahorow ma onipa ne asase? (Mateo 6:9, 10; Efesofo 1:9, 10; 3:11) So wo som ma wunya wiase a eye a ɛbɛba daakye ho anidaso ankasa? Na sɛ wubu wo ho sɛ Kristoni a, so wubetumi afi Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛkyerɛ wo gyidi mu, anaasɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ bi a woanya afi afoforo hɔ a wonhyɛɛ da nhwehwɛɛ mu?
Sɛ wuhu sɛ wunni nokware nimdeɛ a, wubetumi anya denam Onyankopɔn Asɛm Bible no a wubesua so. Yehowa Nyankopɔn hwɛ kwan sɛ ne nokware asomfo behu nea saa Nhoma Kronkron no kyerɛkyerɛ. Nea ɛsen saa no, ɔhwehwɛ sɛ wɔde nea wosua no bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Ɛsɛ sɛ yenya odwontofo a ɔkaa nea edi so yi su no bi: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Ɛhe na wo som aboa wo ma woahu Bible no na woate ase akodu?
Nokware som mu ade foforo a ɛho hia ne gyidi a wobenya wɔ Yesu Kristo mu, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ odiyifo kɛse nko, na mmom sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro nso. Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ Yesu yɛ “nkwa Hene.” (Asomafo no Nnwuma 3:15; 4:12) Nnipa pii kyerɛ sɛ wɔwɔ Yesu mu gyidi, nanso wɔn gyidi no di mũ dɛn? Yesu Kristo mu nokware gyidi hwehwɛ sɛ wotie n’akwankyerɛ. Onyankopɔn ankasa hyɛɛ eyi ho nkuran bere a ɔkae sɛ: “Oyi ne me dɔba, muntie no” no. (Marko 9:7) Enti nokware asomfo bɔ mmɔden di Yesu anammɔn akyi pɛɛ sɛnea wobetumi biara. (1 Petro 2:21) Ɔkwan biako a wɔnam so yɛ saa ne wɔn ho a wɔde hyɛ asɛmpa a wɔka no baguam a ofii ase yɛe no mu no. (Mateo 4:17; 10:5-7) So wo som hyɛ wo nkuran ma wunya saa adwuma yi mu kyɛfa?
Ɔdɔ nso yɛ nokware som ahwehwɛde. Wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ɔne ɔdɔ nhwɛso ankasa, na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ɔdɔ a wɔbɛda no adi wɔ wɔn mu no so na wɔnam behu wɔn. (Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 4:8) Sɛ yɛhwɛ nnipa ɔpepem pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ no a, so ɛnsɛ sɛ anka ɔdɔ abu so wɔ wiase nyinaa? Nanso, nokwarem no, ɛda adi sɛ ɔdɔ nni yɛn wiase yi mu koraa. Akodi ahyew nnipa ɔpepem pii ase wɔ afeha yi nkutoo mu. Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ kɔ so trɛw. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ obiara wɔ me som mu a, anka wiase no bɛyɛ beae a ɔdɔ wɔ kɛse?’
Nea etwa to no, Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nokware asomfo twe wɔn ho fi wiase a ennim Onyankopɔn no ho. Bere a Onyankopɔn paw tete Israel man no sɛ nkurɔfo a wɔde ɔsom kronn ahyɛ wɔn nsa no, ɔbɔɔ ne nkurɔfo kɔkɔ sɛ wɔnkwati aman a atwa wɔn ho ahyia a wɔn bra asɛe no fekubɔ. (Deuteronomium 7:1-6) Yesu Kristo nso kaa n’akyidifo ho asɛm wɔ Yohane 17:16 sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Onyankopɔn nokware asomfo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm, ɔbrasɛe, adifudepɛ aguadi, anaa nyansapɛ ahorow a ɛmfa nnidi mmrɛ Onyankopɔn biara mu. (Yohane 18:36; 1 Yohane 2:15-17) Wodi ahyɛde a ɛwɔ Romafo 12:2 no so: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi.” So ɛno ne nea wo som hyɛ wo nkuran sɛ yɛ?
Mmoa Wɔ Hɔ
Yiw, ɔkwan a wonam so som ho hia Onyankopɔn ankasa. Ne fam no, nokware som biako pɛ na ɛwɔ hɔ. (Efesofo 4:4-6) Yɛaka Bible mu nkyerɛkyerɛ atitiriw bi ho asɛm wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ tiawa yi mu. Dɛn nti na wommɔ mmɔden nsua pii?
Ɛmfa ho ɔsom a wɔtetee wo wɔ mu no, Yehowa Adansefo betumi aboa wo ma woayɛ eyi. Wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ wɔyɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma denneennen. Wɔte nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔboa nnipa a wofi mmusua ne ɔsom ahorow nyinaa mu ma wonya Bible no mu ntease a emu dɔ. (Mmebusɛm 2:1-6) Wotintim Bible nhoma a wɔnam nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri so kyerɛw.a Nokwarem no, wɔbɛba wo fie mpo abɛkyerɛkyerɛ wo Bible no a wuntua hwee. Nnipa ɔpepem pii na wɔrenya saa Bible nkyerɛkyerɛ yi mu mfaso wɔ wiase nyinaa nnɛ. Dɛn nti na w’ankasa wonyɛ saa? Nokwarem no, ɛho hia sɛ woyɛ saa efisɛ sɛnea wosom no fa ho ankasa.
[Ase hɔ asɛm]
a Nhoma a ɛtete saa no mu biako ne Mankind’s Search for God, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii wɔ 1990 mu no. Nnipa pii akyerɛ nyansa ne nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a wɔnam so akyerɛkyerɛ wiase nyamesom atitiriw mu no ho anisɔ.
[Kratafa 5 mfonini]
Kristoman mu asɛmpatrɛwfo guu nokware Kristosom ho fĩ Koraa
[Kratafa 5 mfonini]
Honhonsɔrefo pii de asɔre no ayɛ sikapɛ
[Kratafa 6 mfonini]
Yesu mu gyidi yɛ nokware som fã titiriw
[Kratafa 7 mfonini]
Yehowa Adansefo nam ofie Bible adesua so boa nnipa ɔpepem pii ma wonya nokware nimdeɛ a wontua hwee