Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
‘Wɔkɔɔ so a Wɔannyae’
EFI Yesu Kristo ne n’asomafo no bere so no, nyamesom akannifo afa akwan biara a wobetumi so abɔ mmɔden sɛ wobesiw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no ano. Mpɛn pii na Yerusalem tumidifo hyɛɛ asomafo no ‘baraa’ wɔn katee sɛ ‘wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu.’ (Asomafo no Nnwuma 5:27, 28, 40) Nanso, Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ “Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem.”—Asomafo no Nnwuma 6:7.
Mfirihyia mpem abien akyi no, yɛda so hu nyamesom akannifo wɔ Israel a wɔhyɛ kurow mu tumidifo nkuran ma wosiw nokware Kristofo adwuma kwan wɔ saa man no mu. Ɛdenam nyamesomfo a wɔyɛ katee nhyɛso a wɔde baa Tel Aviv, Israel, kurow mu tumidifo so nti, wɔ November 1987 mu no, wɔhyɛɛ mmara sɛ Adansefo no nnyae Kristofo nhyiam horow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea hɔ no so. Wɔmaa mmara no fii ase yɛɛ adwuma October 1989 mu. Wɔ mmara no sodi mu no, Adansefo no yɛɛ wɔn nhyiam wɔ ɔdan bi mu tuaa ka mfe abiɛsa bere a ɛkame ayɛ sɛ na wɔn Ahenni Asa no da hɔ kwa.
Saa bere no mu no, wɔde asɛm no kɔɔ Israel Asennibea Kunini no anim. Ɔman no mmaranimfo dwumadibea no susuw asɛm a Adansefo no de too wɔn anim no ho, na wɔkae sɛ esiane nyamesom ho adwemmɔne a ɛda adi pefee wɔ mmara a wɔhyɛe no mu nti wontumi mmɔ wɔn asɛm no ngu. Enti, na kurow no mu tumidifo no ntumi nyɛ biribi foforo biara sɛ wɔbɛsesa wɔn gyinaesi no, na Yehowa Adansefo de anigye san kɔɔ wɔn Ahenni Asa no so.
Bible mu nokware ahorow no ho asɛnka adwuma no annya nkɔso wɔ saa mfe no mu? Ɛnte saa koraa! Bere a wɔtoo Ahenni Asa no mu no, na asafo ahorow abien na ɛwɔ Tel Aviv ne Bible adesua kuw bi a ɛwɔ kurow Lod a ɛbɛn hɔ no mu. Mfirihyia abiɛsa akyi, bere a wɔsan buee Ahenni Asa no, na Yehowa Adansefo dodow abu abɔ ho abɛyɛ asafo ahorow anan, na na Bible adesua kuw foforo hyiam wɔ Beersheba.
Ɛnyɛ nnipakuw a wɔka kasa atitiriw, Arabic ne Hebri kasa no mu nko na nkɔso aba wɔ Israel. Atubrafo pii afi kan Soviet Union abɛtra hɔ, enti Yehowa Adansefo a wɔka Russia kasa reka asɛmpa no kyerɛ wɔn seesei a adagyew nnim koraa. Wɔyɛ nhyiam horow wɔ Russia kasa mu wɔ asafo ahorow abiɛsa mu; nnipa a wɔboro ɔha hyiaam nnansa yi yɛɛ ɔmansin nhyiam wɔ Russia kasa mu.
Akyinnye biara nni ho sɛ nyamesomfo a wokura adwemmɔne bɛkɔ so atu nokware som so sa. Nanso Ahenni adawurubɔfo kɔ so suasua afeha a edi kan no mu Kristofo a “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ” ɛmfa ho ɔsɔretia a ɛbaa wɔn so no.—Asomafo no Nnwuma 5:42.