Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Nokware Nyankopɔn no Nnɛ?
“Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—ƆSƐNKAFO 12:13.
1, 2. Dɛn nti na Onyankopɔn ho suro pa fata?
OSURO pa a nidi wom ma Onyankopɔn ye ma onipa. Yiw, ɛwom sɛ osuro a nnipa wɔ no pii tumi ma yenya nkate fam ɔhaw, na ɛde yɛn yiyedi mpo to asiane mu de, nanso eye sɛ yebesuro Yehowa Nyankopɔn.—Dwom 112:1; Ɔsɛnkafo 8:12.
2 Ɔbɔadeɛ no nim eyi. Ɔdɔ a ɔwɔ ma n’abɔde nti, ɔhyɛ yɛn nyinaa sɛ yensuro no na yɛnsom no. Yɛkenkan sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase.”—Adiyisɛm 14:6, 7.
3. Dɛn na Ɔbɔadeɛ no yɛ maa yɛn awofo a wodi kan no?
3 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma nyinaa Bɔfo, nkwa Fibea, no so efisɛ yɛne okyinnsoromma yi wɔ no. (Dwom 24:1) Yehowa daa ɔdɔ kɛse a ɔwɔ adi, maa n’asase so mma nkwa, na ɔmaa wɔn atrae kama—paradise fɛfɛ bi. Nanso, wamfa akyɛde nwonwaso yi amma wɔn kwa. Sɛnea yɛbɛka no no, ɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ so. Ná ɛsɛ sɛ yɛn awofo a wodi kan no hwɛ wɔn fie no so na wɔtrɛw mu kosi sɛ wɔbɛyɛ asase nyinaa so ma na wɔadi so. Ná wɔwɔ hokwan ne asɛyɛde ahorow wɔ asase so mmoadoma, nnomaa, ne mpataa no ho—abɔde afoforo a wɔtete ase a na wɔne wɔn mma bɛbom ne wɔn atra asase no so no nyinaa. Ná onipa bebu ade kɛse a wɔde hyɛɛ ne nsa yi ho akontaa.
4. Dɛn na onipa ayɛ Onyankopɔn abɔde?
4 Hwɛ nea onipa ayɛ de agu n’asase so fie fɛfɛ no ho fĩ ɛmfa ho sɛ mfiase no na ɛyɛ anika kɛse! Nnipa ayɛ asase no so fĩ de abu wɔn ani agu Onyankopɔn agyapade fɛfɛ yi so wɔ animtiaabu mu. Efĩ no adu baabi a ɛde mmoadoma, nnomaa, ne mpataa ahorow pii nkwa reto asiane mu. Yɛn atɛntrenee Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no remma eyi nkɔ so daa. Sɛe a wɔresɛe asase no ama akontaabu bi ho abehia, na ɛyɛ biribi a ɛma nnipa pii bɔ hu. Nanso, wɔ wɔn a wobu Onyankopɔn na wɔde wɔn ho to ne so no fam no, sɛ wohu nea ebesi no a, wɔn werɛ kyekye. Yehowa bɛma wɔabu ho akontaa, na wɔbɛsan asiesie asase no. Nokwarem no, eyi yɛ asɛmpa ma komapafo a wɔte asase so nyinaa.
5, 6. Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ nea onipa ayɛ N’abɔde no ho?
5 Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so abu atɛn? Ɔnam Yesu Kristo a seesei wɔde no asi ahengua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no Hene so. Yehowa nam saa Ɔba a ɔwɔ soro no so bɛsɛe mprempren nhyehyɛe a ɛho ntew na atew atua yi. (2 Tesalonikafo 1:6-9; Adiyisɛm 19:11) Ɔbɛfa saa kwan yi so de ahotɔ abrɛ wɔn a wosuro no no, na bere koro no ara, wabɔ yɛn asase so fie no ho ban akora so.
6 Ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ eyi? Bible ka ahohiahia kɛse bi a ɛreba a ɛbɛkɔ akowie Harmagedon ko no mu ho asɛm. (Adiyisɛm 7:14; 16:16) Eyi bɛyɛ Onyankopɔn atemmu a etia nneɛma nhyehyɛe a ɛho agu fĩ yi ne wɔn a wɔregu ho fĩ no. Nnipa bi benya wɔn ti adidi mu anaa? Yiw! Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ osuro a ɛmfata ma Nyankopɔn te sɛ ahude bi, na mmom wɔn a wɔwɔ osuro a obu ne nidi wom ma no. Wɔn na wobegye wɔn nkwa.—Mmebusɛm 2:21, 22.
Tumi a Ano Yɛ Den a Woyi no Adi
7. Dɛn nti na Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm mu maa Israel wɔ Mose bere so?
7 Saa ade titiriw yi a Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ no yɛ nea ɔnam ade kɛse bi a ɔyɛ maa n’asomfo bɛyɛ mfe 1,500 ansa na Yɛn Bere yi reba no so yɛɛ ho mfonini. Misraim a na ɛwɔ sraadi tumi kɛse no de Israelfo adwumayɛfo a wɔbɛtraa hɔ no yɛɛ nkoa, na wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛtɔre wɔn mu binom ase bere a wɔn sodifo Farao hyɛe sɛ wonkunkum Israelfo mmabarima a wɔawo wɔn foforo nyinaa no. Onyankopɔn dii Misraim so nkonim na ɔde agye Israelfo afi saa amammui nhyehyɛe a na ɛhyɛ wɔn so no ase, yiw, na wɔanya ahofadi afi ɔman a wɔde anyame pii som agu ho fĩ mu.
8, 9. Dɛn na Mose ne Israelfo no yɛe wɔ nsɛm mu a Onyankopɔn de ne ho gyee no ho?
8 Wɔakyerɛw nea Israelfo yɛe wɔ ogye a wonya fii Misraim no ho wɔ Exodus ti 15. Saa kyerɛwtohɔ yi a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea wobetumi agye Kristofo afi mprempren nhyehyɛe a ɛho agu fĩ honhom ne honam mu no mu. Momma yenyiyi nkyekyem ahorow bi mfi Exodus ti 15 nsusuw ho, na yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yesuro Yehowa, nokware Nyankopɔn no. Yemfi ase mfi nkyekyem 1 ne 2:
9 “Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa [Yehowa] kae sɛ: Mɛto [Yehowa] dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu. M’ahoɔden ne me dwonto ne Yah, na wayɛ me nkwagye.”
10. Nsɛm bɛn na esisii a ɛkowiee ɔsɛe a Onyankopɔn de baa Misraim asraafo so no mu?
10 Nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa nim kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Yehowa gyee Israel fii Misraim ho no. Ɔde ɔhaw baa saa wiase tumidi kɛse no so kosii sɛ awiei koraa, Farao maa Israelfo kwan sɛ wɔnkɔ. Nanso Farao asraafo dɔm no tiw nkurɔfo a wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban yi, na ɛyɛɛ te sɛ nea wɔaka wɔn ahyem wɔ Po Kɔkɔɔ no ano. Ɛwom sɛ na ɛte sɛ nea ɛnkyɛ Israel mma bɛhwere wɔn ahofadi a wɔanya no foforo no de, nanso na biribi foforo wɔ hɔ a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Ɔnam anwonwakwan so paee kwan too po no mu de ne nkurɔfo no twae dwoodwoo. Bere a Misrifo no dii wɔn akyi no, ɔkaa Po Kɔkɔɔ no kataa wɔn so ma ɛfaa Farao ne n’asraafo dɔm no.—Exodus 14:1-31.
11. Dɛn na efii nea Onyankopɔn yɛ tiaa Misraim no mu bae?
11 Sɛe a Yehowa sɛee Misraim asraafo dɔm no maa n’asomfo huu ne kɛseyɛ, na ɛmaa ne din hyetaa yiye. (Yosua 2:9, 10; 4:23, 24) Yiw, ɔkyerɛe sɛ ne din korɔn sen Misraim atoro anyame a wɔmfra, a wɔantumi annye wɔn asomfo nkwa no. Misrifo ho a wɔde too wɔn anyame ne onipa desani ne sraadi tumi so no dii wɔn huammɔ kɛse. (Dwom 146:3) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛkaa Israelfo no ma wɔtoo ayeyi nnwom de kyerɛe sɛ wɔwɔ ɔteasefo Nyankopɔn a ɔde tumi kɛse gye ne nkurɔfo no ho osuro pa!
12, 13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nkonim a Onyankopɔn dii wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no mu?
12 Saa ara na ɛsɛ sɛ yehu sɛ wontumi mfa yɛn bere yi so atoro anyame biara ne aman a wɔwɔ tumi a ɛkyɛn so biara a wɔwɔ nuklea akode mpo, ntoto Yehowa ho mma ɛnyɛ yiye. Obetumi, na obegye ne nkurɔfo nso. “Ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?” (Daniel 4:35) Sɛ yɛte nsɛm yi ase yiye a, ɛka yɛn nso ma yɛde anigye to n’ayeyi nnwom.
13 Nkonim dwom a wɔtoo no Po Kɔkɔɔ no ho no toa so sɛ: “[Yehowa] yɛ dɔmmarima, [Yehowa] ne ne din.” Enti, saa Ɔkofo a obiara ntumi no yi nyɛ nipa a onni din a onipa susuw wɔ ne tirim sɛ ɔwɔ hɔ. Ɔwɔ din! Ɔne ‘Nea ɔma ɛbam,’ Ɔyɛfo Kɛse no, Nea ne “din de [“Yehowa,” NW] no, . . . ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Exodus 3:14; 15:3-5; Dwom 83:18) Wunnye ntom sɛ anka ɛsɛ sɛ saa tete Misrifo no hu nyansa nya osuro a ɛfata a obu wom ma Ade Nyinaa so Tumfoɔ no sen sɛ wobebu no animtiaa?
14. Ɔkwan bɛn so na wɔdaa Onyankopɔn suro so mfaso adi wɔ Po Kɔkɔɔ no ho?
14 Sɛ́ asase no Nwemfo no, ɛpo Yɛfo no wɔ nsu so tumi korakora. (Exodus 15:8) Ɔde tumi a ɔwɔ wɔ mframa so no nso dii dwuma de yɛɛ biribi a na ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye. Ɔpaee ɛpo bun no mu wɔ ɔfã bi, piaa ɔfã biara kɔɔ n’akyi de maa ɔkwan bɛdaa nsu no mfinimfini maa ne nkurɔfo faa mu. Fa w’adwene yɛ tebea no ho mfonini: ɛpo nsu tɔn ɔpepem pii a aboa ano wɔ benkum ne nifa, a ɔkwan bi da ntam a Israelfo bɛfa so aguan dwoodwoo. Yiw, wɔn a wonyaa osuro pa maa Onyankopɔn no nyaa ahobammɔ. Afei Yehowa gyaa nsu no mu, maa ɛsan n’akyi te sɛ nsuyiri kɛse bɛfaa Farao dɔm ne wɔn akode nyinaa. Hwɛ tumi ara a Onyankopɔn yii no adi wɔ anyame huhuw ne nnipa sraadi tumi so! Ɛda adi sɛ Yehowa na ɛsɛ sɛ yesuro no, ɛnte saa?—Exodus 14:21, 22, 28; 15:8.
Onyankopɔn Suro a Yɛwɔ a Yɛbɛda no Adi
15. Ɛsɛ sɛ ogye nnwuma a tumi wom a Onyankopɔn yɛ no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?
15 Sɛ na yegyina Mose nkyɛn a hwee anyɛ yɛn a, anka ɛda adi sɛ ɛbɛka yɛn ma yɛato dwom sɛ: “Hena na ɔte sɛ wo, [Yehowa], wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.” (Exodus 15:11) Wɔaka nsɛm a ɛte saa ara wɔ ɛno akyi mfehaha pii. Ɔsomafo Yohane ka Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔasra wɔn kuw bi ho asɛm wɔ Bible nhoma a etwa to no mu sɛ: “Wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne oguammaa no dwom.” Dɛn ne dwom titiriw yi? “[Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. [Yehowa], hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam?”—Adiyisɛm 15:2-4.
16, 17. Anwonwade bɛn na yehu sɛ ɛrekɔ so nnɛ?
16 Enti ɛnnɛ nso yɛwɔ asomfo a wɔanya ahofadi a ɛnyɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma nko na wɔn ani sɔ na mmom n’ahyɛde ahorow nso. Wɔama nnipa a wofi aman nyinaa mu honhom mu ahofadi, na wɔatew wɔn afi wiase a ɛho agu fĩ yi ho efisɛ wogye Onyankopɔn ahyɛde ahorow a ɛteɛ no tom de di dwuma. Afe biara nnipa ɔpehaha pii guan fi wiase a aporɔw yi mu kɔ Yehowa asomfo ahyehyɛde a ɛho tew na ɛfata no mu. Ɛrenkyɛ, bere a Onyankopɔn de atemmu a emu yɛ den aba atoro som ne nhyehyɛe bɔne yi nkae so no, wɔbɛtra ase daa wɔ trenee wiase foforo bi mu.
17 Sɛnea ɛne Adiyisɛm 14:6, 7 hyia no, seesei adesamma rete kɔkɔbɔ nsɛm bi a ɛfa atemmu ho a Yehowa Adansefo reka wɔ abɔfo akwankyerɛ ase. Adansefo bɛyɛ ɔpepem anum bɔɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa ne n’atemmu dɔn no dawuru wɔ nsase bɛboro 230 so afe a etwaam no. Nea ɛbɛyɛ na Adansefo no atumi akyerɛkyerɛ wɔn mfɛfo nnipa ma wɔanya nkwa no, wɔkɔɔ nkurɔfo afie mu daa ne wɔn kɔyɛɛ Bible adesua ahorow a wɔannye hwee. Afe biara nnipa ɔpehaha pii nam saa kwan yi so sua nneɛma pii ma wofi nyansa mu suro nokware Nyankopɔn no hyira wɔn nkwa so ma no, na wɔbɔ wɔn asu. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ saafo no abenya osuro ama nokware Nyankopɔn no!—Luka 1:49-51; Asomafo no Nnwuma 9:31; fa toto Hebrifo 11:7 ho.
18. Dɛn na ɛma yehu sɛ abɔfo renya yɛn asɛnka no mu kyɛfa?
18 Ɛyɛ ampa sɛ abɔfo renya asɛnka adwuma yi mu kyɛfa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛda adi pefee sɛ mpɛn pii no, abɔfo akwankyerɛ ma Yehowa Adansefo kopue fie bi a obi a wahaw rehwehwɛ honhom mu mmoa anaa ɔrebɔ ho mpae mpo mu! Sɛ nhwɛso no, na Yehowa Adansefo baanu ne abofra ketewa bi reka asɛmpa no wɔ Caribbean supɔw bi so. Bere a owigyinae rebɛn no, mpanyimfo baanu no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛpɔn. Nanso na abofra no asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ fie a edi hɔ no mu ma ɛyɛ nwonwa. Bere a ohui sɛ mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔkɔ hɔ saa bere no, ne nkutoo kɔbɔɔ pon no mu. Ababaa bi buee pon no. Bere a mpanyimfo no huu eyi no, wɔkɔɔ hɔ ne ababaa no kɔkasae. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra dan mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a ɔtee sɛ obi rebɔ pon no mu no, saa bere no ara na ɔrebɔ mpae sɛ Onyankopɔn nsoma Adansefo mmra ne nkyɛn mmɛkyerɛkyerɛ no Bible mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ne no yɛɛ Bible adesua.
19. Dɛn na yebetumi aka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn suro so mfaso?
19 Bere a yɛde nokwaredi ka Onyankopɔn atemmusɛm no, yɛde ne trenee ahyɛde ahorow nso kyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ nkurɔfo de eyinom di dwuma wɔ wɔn asetra mu a, ɛde honam ne honhom fam nhyira horow ba. Sɛ nhwɛso no, Bible no kasa tia nna mu ɔbrasɛe nyinaa pefee. (Romafo 1:26, 27, 32) Ɛnnɛ wobu ani gu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so wɔ wiase nyinaa. Dɛn na afi mu aba? Awaregu rekɔ so. Mmofrabɔnesɛm renya nkɔanim. Nna mu nyarewa a etumi di dɛm, a abu so kɛse wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu retrɛw. Nokwarem no, ɔkwan titiriw a AIDS ɔyare a ɛyɛ hu no nam so trɛw ne nna mu ɔbrasɛe. Nanso Onyankopɔn suro a obu wom a n’asomfo wɔ no mmɔɔ wɔn ho ban kɛse? —2 Korintofo 7:1; Filipifo 2:12; hwɛ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 nso.
Onyankopɔn a Yebesuro No Nnɛ so Mfaso Horow
20. Dɛn na ɛma yehu sɛ afoforo nim din pa a Yehowa Adansefo wɔ no?
20 Wɔn a wosuro Onyankopɔn na wodi n’ahyɛde so no nya nhyira pii. Susuw asɛm bi a esii a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo pii rehu sɛ Yehowa Adansefo ka bom yɛ asomdwoe onuayɛ kuw a Kristofo a wɔn bra fata na wɔwom ho. Adansefo dodow bi a na wɔrekɔ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Amerika Kesee Fam kɔtraa ahɔhodan bi a anadwo bi nnipa bi nso a wɔnyɛ Adansefo hyiaam wɔ hɔ maa ɔmampanyin no kasa kyerɛɛ wɔn mu. Bere a awɛnfo bi yɛɛ ntɛm de ɔmampanyin no kowuraa afiri a wɔde foro abansoro mu no, Ɔdansefo bi a onnim nnipa a wɔwɔ afiri no mu kowuraa mu maa awɛnfo no ho dwiriw wɔn! Bere a Ɔdansefo bea no huu mfomso a wadi no, ɔpaa kyɛw sɛ ɔbɔ wuraa mu saa. Ɔde ne nhyiam badge a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔdansefo kyerɛe na ɔkae sɛ ontumi nyɛ ɔmampanyin no biribiara. Ɔwɛnfo biako serewee na ɔkae sɛ: “Sɛ nnipa nyinaa te sɛ Yehowa Adansefo a, anka yɛrenhia ahobammɔ a ɛte sɛɛ.”—Yesaia 2:2-4.
21. Akwan bɛn na abue a nnipa betumi afa so ayɛ wɔn ade nnɛ?
21 Eyinom ne nkurɔfo a seesei Yehowa reboaboa wɔn ano asiesie wɔn ma ‘wɔatwa ahohiahia kɛse’ a ɛde nhyehyɛe yi awiei bɛba no. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Ogye a ɛte saa remma kwa. Sɛ obi benya ne ti adidi mu a, ɛsɛ sɛ osuro Yehowa, gye no tom sɛ Sodifo a ɔfata, na ohyira ne ho so ma no. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, nnipa dodow no ara rennya osuro a ɛbɛma wɔafata ahobammɔ. (Dwom 2:1-6) Sɛnea adanse a ɛwɔ hɔ nyinaa kyerɛ no, Yehowa Sodifo a wapaw no, Yesu Kristo, redi ade sɛ Ɔhene fi ɔhaw afe 1914. Eyi kyerɛ sɛ bere a aka ma ankorankoro de anya Yehowa ho osuro pa na wɔada no adi no resa ntɛmntɛm. Nanso, yɛn Bɔfo no rema ankorankoro kwan ma wɔasi gyinae, a wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn mpo ka ho: “Afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. Monsom [Yehowa], osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu. Mumfew ɔba no ano, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.”—Dwom 2:7-12.
22. Dɛn na wɔn a wosuro Onyankopɔn nnɛ no benya daakye?
22 Ɛmmra sɛ yɛbɛka wɔn a wobeyi yɛn Bɔfo no ayɛ sɛ Nea ogyee yɛn no ho. Nanso, eyi hwehwɛ sɛ yesuro nokware Nyankopɔn no nnɛ! (Fa toto Dwom 2:11; Hebrifo 12:28; 1 Petro 1:17 ho.) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua n’ahyɛde a ɛteɛ no na yedi so. Mose ne Oguammaa no dwom a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 15:3, 4 no bedu ne pɔmpɔn so bere a Yehowa popa asase so amumɔyɛ nyinaa na ofi ase tew onipa ne n’asase so fie no fi bɔne a egu nneɛma ho fĩ ho no. Afei yɛde yɛn koma nyinaa bɛto dwom sɛ: “[Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. [Yehowa], hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam?”
Wokae?
◻ Dɛn nti na osuro pa a yɛde bɛma Yehowa no fata no?
◻ Dɛn na nneɛma a Onyankopɔn yɛɛ no Po Kɔkɔɔ no mu no daa no adi?
◻ Mfaso horow bɛn na yenya fi osuro a obu wom a yɛde ma Yehowa no mu?
◻ Dɛn na wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn nnɛ no benya daakye?