Nnipa Ahorow Nyinaa Nkyɛn a Wodu Wɔ Nnɛyi Atene
BERE a ɔsomafo Paulo kɔɔ Atene bɛyɛ 50 Y.B. mu no, na kurow no da so ara yɛ aguadibea titiriw, ɛwom sɛ na enni ne tete anibue anuonyam no mu bio de. Tete nhoma bi ka sɛ: “[Atene] kɔɔ so yɛɛ Greece honhom fam ne adwinni kuropɔn, ne baabi a na nhomanimfo ne atumfoɔ a na wɔwɔ hɔ saa bere no ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔsra.”
Bere a na Paulo wɔ hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ onyaa hokwan kaa asɛm kyerɛɛ Yudafo, Atenefo abosonsomfo, ne nnipa a wofi mmeae ahorow. Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo a na n’ani da hɔ na ne ho akokwaw no, ɔkae wɔ ɔkasa biako mu sɛ Onyankopɔn na ɔmaa “nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome,” na “ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu” ne sɛ ‘wɔn nyinaa nsakra wɔn adwene’ efisɛ Obebu “wiase ntɛn.”—Asomafo no Nnwuma 17:25-31.
Asasesin a Emu Nnipa Gu Ahorow
Nnansa yi mfe mu no, Atene asan abɛyɛ kurow a nnipa a wofi mmaa nyinaa reba mu. Aban ananmusifo ne asraafo adwumayɛfo akɔ hɔ sɛ wɔn amannɔne adwumayɛ no fã. Mmerante ne mmabaa a wofi Afrika ne Mfinimfini Apuei abɛtra hɔ sɛ sukuupɔn adesuafo. Adwumayɛfo a wɔyɛ atubrafo a wofi Afrika, Asia, ne Europa Apuei Fam aman mu aba hɔ pii. Philippinesfo ne afoforo a wofi Asia Kesee Fam Apuei nso ba hɔ bɛhwehwɛ adwuma sɛ wɔn a wosiesie afie mu. Na aguanfo a wofi aman a ɛbemmɛn ne mmeae a basabasayɛ rekɔ so wɔ hɔ wɔ wiase nyinaa kɔ so ba hɔ bere nyinaa.
Saa tebea yi yɛ asɛnnennen ma ɛhɔnom Ahenni ho asɛmpakafo no. Ahɔho a wɔabɛtra hɔ no mu dodow no ara ka Engiresi kasa, nanso wɔn mu bi ka wɔn kurom kasa nkutoo. Saa nkurɔfo yi wɔ aman ne ɔsom ahorow mu. Wɔ ahɔho no mu no, wubetumi ahu nkurɔfo a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo, Nkramofo, Hindufo, Buddhafo, abosonsomfo, wɔn a wonnim Onyankopɔn na wɔkyerɛ sɛ wontumi nhu no, ne wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo sua sɛnea wɔbɛyɛ nsakrae wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ no mu ma ɛfata saa nkurɔfo yi a wɔn nsɛm tebea gu ahorow no.
Esiane sɛ wɔn a wɔaba hɔ foforo yi mu bebree afa mmere a emu yɛ den mu nti, wɔtaa wɔ nsemmisa a ɛfa nea enti a nkwa wɔ hɔ, ne daakye ho anidaso ho. Ebinom bu Bible no kɛse, na ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobegye nea ɛka no atom. Nkurɔfo a wɔte saa asasesin a emu nnipa gu ahorow yi mu no mu dodow no ara wɔ ahobrɛase, wodwo, na nokware no ho kɔm de wɔn. Esiane sɛ wonni wɔn abusuafo mu ne wɔn kurom nti, wonya hokwan de hwehwɛ nokware no.
Wɔtew Engiresi kasa mu asafo a edi kan wɔ Atene wɔ 1986 mu na ama wɔayɛ saa asasesin yi mu adwuma. Nkɔso a aba no yɛ nwonwa. Wɔabɔ afoforo bɛyɛ 80 asu wɔ mfe anum a atwam no mu. Nea afi mu aba ne Arabic kasa ne Poland kasa mu asafo ahorow a wɔatew, ne bere kakra ni no, Franse kasa mu adesuakuw a wɔahyehyɛ wɔ Atene. Ebinom a wɔwɔ Engiresi asafo no mu atu akɔboa asafo ahorow ne akuw foforo te sɛ nea ɛwɔ Tesalonika a ɛwɔ kusuu fam, Heraklion, Kreta, ne Piraeus, Atene po so hyɛn gyinabea no. Wobɛpɛ sɛ wuhu ahɔho a wɔasua nokware no wɔ Atene no mu bi?
Amanaman mu Ade a Wɔpɛ no Reba Mu
Wɔwoo Thomas wɔ Asmara, Eritrea, na onyin bɛyɛɛ Katolekni amapa. Bere a odii mfe 15 no, ɔkɔɔ nkokorafie. Obisaa ɔsɔfo hotuafo panyin no sɛ: “Ɛyɛ dɛn na Onyankopɔn biako tumi yɛ Anyame baasa?” Ɔsɔfo no buae sɛ: “Efisɛ yegye nea pope ka wɔ honhom fam nneɛma ho no tom. Nea ɛsen biara no, eyi yɛ ahintasɛm, na wusua koraa sɛ wubetumi ate ase.” Bere a Thomas dii mfe anum wɔ nkokorafie hɔ no, ofii hɔ a na asɔre no nneyɛe ne nkyerɛkyerɛ no ama wayɛ basaa na n’abam abu. Nanso, wannyae hwehwɛ a na ɔrehwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan no.
Otu kɔɔ Atene akyi bere tiaa bi no, da koro ohuu Ɔwɛn-Aban bi wɔ ne pon ano a na anim asɛm ka sɛ “Wubetumi Anya Akwahosan ne Anigye.” Ɔkenkan no mpɛn pii. Ɔkenkanee wɔ saa nsɛmma nhoma koro no ara mu sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan. (Mateo 6:33) Thomas buu nkotodwe srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ eyi, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Sɛ wokyerɛ me ɔkwan a mɛfa so ahwehwɛ w’Ahenni no a, metu me nkwa nna mu asram asia asi hɔ de asua sɛnea wɔsom wo.” Wɔ ɛno akyi adapɛn anan no, Adansefo baanu kɔbɔɔ ne pon mu. Ntɛm ara na Thomas penee Bible adesua so, na wɔbɔɔ no asu asram du akyi. Ɔka sɛ: “Yehowa buaa me mpaebɔ ankasa, na ɔma minyaa hokwan bɛyɛɛ n’Adansefo no mu biako. Seesei ne dɔ ma mehwehwɛ n’Ahenni ne ne trenee kan wɔ m’asetra mu.”
Bere a na Adansefo foforo baanu reka asɛm wɔ apon ano no, wohuu ananafo din bi a wɔakyerɛw wɔ ɔpon ano dɔn bi ho.
Ɔbea bi kasae wɔ ofie no telefon so sɛ: “Mopɛ dɛn?”
Adansefo no biako kae sɛ wɔrehwehwɛ nkurɔfo a wɔka Engiresi kasa a wɔn ani gye Bible no ho.
Ɔbea no bisae sɛ: “Moyɛ ɔsom bɛn mufo?”
“Yɛyɛ Yehowa Adansefo.”
“Oo, asɛmpa! Mommra abansoro no soro paa.”
Wɔkɔɔ hɔ, na bere a afiri a wɔde foro abansoro no ano pon buee no, wohuu ɔbarima kɛse bi a na n’anim ntew sɛ ogyina hɔ. Nanso ɔbea no kasa fii ɔdan no mu denneennen.
“Ma wɔmmra. Mepɛ sɛ me ne wɔn kasa.”
Ɛbɛdaa adi sɛ na ɔne ne kunu agumadikuw atutu akwan akɔ wiase mmeae pii, na ɛda a etwaam no ara na na ɔrebɔ mpae sɛ obehu Yehowa Adansefo. Enti wofii Bible adesua ase amonom hɔ ara. Esiane sɛ na bere a wobedi wɔ Greece hɔ sua nti, wɔyɛɛ nhyehyɛe suaa ade mprɛnsa dapɛn biara, na wosuaa Tra Ase Daa nhoma no wiei wɔ adapɛn du pɛ mu.
Wɔsan baa Greece agumadi afe a edi hɔ no. Ɔyere no toaa n’adesua no so, na onyaa nkɔso pii. Asram kakra akyi no, ofii ase ne Adansefo no yɛɛ asɛnka adwuma sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu, na ofii ase yɛɛ ne Bible adesua a edi kan ntɛm ara. Ɔne hena? Ne kunu a na n’ani abegye Adansefo no ne nsakrae a na aba wɔ ne yere no fam ho no.
Allan, a ɔyɛ Protestantfo sɔfo bi ba, nyinii wɔ South Africa. Na ogye di fi ne mmofraase sɛ Bible yɛ adiyisɛm a efi Onyankopɔn hɔ. Bere a wannya abotɔyam wɔ ne som mu no, ɔdan kɔɔ nyansapɛ ne amammuisɛm so, nanso eyi ma ɔbɛtee nka sɛ n’asetra yɛ hunu sen bere biara a na abɛsen. Bere a otu kɔɔ Greece no, te a na ɔte nka sɛ n’asetra yɛ hunu no mu yɛɛ den. Ɔtee nka sɛ n’asetra nni atirimpɔw, na ɔnam ɔkwan bi a enkosi baabiara so.
Asɛm bi sii da koro anadwo. Allan ka sɛ: “Mibuu nkotodwe kaa me komam asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Bere a mede awerɛhow tee m’asetra kwan no ho nusu no, mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ me kwan nkɔ ne nokware akyidifo nkyɛn. Mehyɛɛ bɔ sɛ mɛnantew n’akwankyerɛ a ɛma hann no mu.” Ɔkɔɔ aguadidan bi mu dapɛn no ara mu, na ɔne aguadidan no wura a ɔyɛ ɔbea, na akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ ɔyɛ Ɔdansefo, bɔɔ nkɔmmɔ. Saa nkɔmmɔbɔ no de nsakrae ankasa baa Allan asetra mu. “Mibehui wɔ nna a edii hɔ no mu sɛ na minnye gyidi ahorow a na m’ani gye ho no ntom bio: Baasakoro, hellgya, ɔkra a enwu—ɛdaa adi pefee sɛ ne nyinaa nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ.” Wɔ Ahenni Asa so no, Adansefo awarefo bi yɛe sɛ wɔne no besua Bible. Ɔpenee so na onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Allan ka sɛ: “Nokware no maa mede anigye tew nusu, na ɛma medee me ho.” Wɔbɔɔ no asu afe biako akyi. Ɛnnɛ ɛyɛ no anigye sɛ ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ ɛhɔnom asafo no mu.
Elizabeth fi Nigeria, baabi a na wahwehwɛ Onyankopɔn wɔ asɔreasɔre mu nanso wannya abotɔyam no. Ade a na ɛbɔ no hu sen biara ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa ayayade a wɔbɛyɛ nkurɔfo wɔ hellgya mu daa no. Bere a ɔne n’abusua baa Atene no, Adansefo baanu baa ne fie, na wofii Bible adesua ase. Elizabeth ani gyei sɛ obehui sɛ Onyankopɔn nyɛ nkurɔfo ayayade, na mmom ɔma wɔn daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso. Na ɔnyem ne ba a ɔto so anan, na na ɔpɛ sɛ otu gu. Osuaa Yehowa adwene wɔ kronkron a nkwa yɛ ho wɔ Bible mu saa bere no. Ɛnnɛ ɔwɔ ɔbabea a ne ho yɛ fɛ. Elizabeth nyaa nkɔso ntɛmntɛm, na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu. Ɛwom sɛ ɔwɔ mma baanan, na ɔyɛ adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ de, nanso ɛkame ayɛ sɛ otumi yɛ akwampaefo boafo ɔsram biara. Wanya nhyira sɛ ohu sɛ ne kunu afi Bible adesua ase. Ɔka sɛ: “Awiei koraa no, mahu nokware Nyankopɔn ne nokware som, aseda nka Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɔdɔ wom no.”
Wɔne nnipa a wɔwɔ saa asasesin yi a emu nnipa gu ahorow no bebree kasa wɔ mmɔnten so adansedi mu, nanso egye animia na ama wɔatumi ama wɔn anigye ayɛ kɛse. Na eyi te saa wɔ ababaa bi a ne din de Sallay, a ofi Sierra Leone no fam. Ɔdansefo bi maa no kratawa, gyee ne fie nɔma, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ akɔsra no. Sallay ani gyee ho penee Bible adesua so, nanso adwumam nhyɛso ne nsɛnnennen foforo nti, wɔanyɛ no daa. Afei otuu mpofirim a wamfa ne fie foforo no nɔma amma. Ɔdansefo no amma n’abam ammu kɔɔ ne fie dedaw hɔ, na awiei koraa no, Sallay de nkra mae sɛ Ɔdansefo no mmra ne fie foforo hɔ.
Afei na wɔntoto adesua no mu pii bio, ɛwom mpo sɛ na Sallay nyem a na aka kakra ma wawo. Sallay bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu wɔ akokoaa no awo akyi. Ɛte sɛ nea eyinom nyinaa yɛ yɛ mmerɛw, nanso ɛnte saa. Ɛbɛbɔ anɔpa 6:30 no, na ɛsɛ sɛ wasiesie ne ho awie a ɔrekɔfa bɔs de dɔnhwerew fã atwa kwan de ne ba no akɔ nkokoaa sukuu, na ɔforo bɔs foforo de dɔnhwerew biako twa kwan kɔ adwuma. Sɛ ɔpɔn n’adwuma a ɛyɛ afisiesie adwuma no a, otwa kwan no bio kɔ ne fie. Anwummere a ɔkɔ asafo nhyiam, anaa asɛnka no, ɔforo bɔs de dɔnhwerew biako twa kwan kɔ san de dɔnhwerew biako foforo san ba, ɛmfa ho sɛ ne kunu sɔre tia no. Bere a oyii ɔdɔ ne boasetɔ adi kyerɛɛ ɔbarima no, onyaa nkɔso kosii baabi a ohyiraa ne ho so gyee asubɔ. Ne kunu no nso ɛ? Ɔkɔɔ Kristo wu Nkaedi ase, na ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua.
Wɔde Nnepa Ahyira Wɔn
Saa nkurɔfo yi mu dodow no ara ntra Atene nkyɛ. Wɔn mu bebree san kɔ wɔn man mu kɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom. Afoforo tu kɔ Atɔe Fam aman foforo mu, na wɔkɔ so som Yehowa. Wɔn a wɔtra Greece nya adanse a wodi wɔn kuromfo a wɔn nso wɔatu kwan aba hɔ no mu nnepa. Wɔ nsɛm foforo bi mu no, nokware no sow aba bere a ahɔho no tu kɔ aman foforo mu na Adansefo no kohu wɔn no.
Eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim. Ogye nnipa a wofi ɔman biara mu a wosuro no na wɔdɔ trenee no. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nnipa a wɔwɔ nguanten su a wɔte saa fam no, tu a wotu kɔtraa ɔman foforo mu kɔhwehwɛɛ honam fam nneɛma no kowiee nhyira horow a ɛsen nea na wɔhwɛ kwan no koraa—nokware Nyankopɔn, Yehowa, ne daa nkwa wɔ trenee wiase foforo no mu ho bɔhyɛ no ho nimdeɛ. Yiw, Yehowa ahyira mmɔden a wɔabɔ sɛ wobedu nnipa a wɔka ananafo kasa wɔ nnɛyi Atene nkyɛn no so kɛse ampa!
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Nnipa a wofi nsase pii so retie asɛmpa no wɔ Atene