Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/1 kr. 29
  • Adaka mu Aduan Di Adanse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adaka mu Aduan Di Adanse
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Japan Asiane a Ɛbaa Mpofirim—Sɛnea Nkurɔfo Gyinaa Ano
    Nyan!—1995
  • Nkyerɛkyerɛmu a Ɛwɔ Nnaka Mu
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Ɔdɔ a Wɔdaa no Adi no Kaa Yɛn Koma Paa”
    Nyan!—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/1 kr. 29

Adaka mu Aduan Di Adanse

WƆ NNA a edii asasewosow a ɛbaa Kobe, Japan, nnaano January no akyi no, na aduan ho ayɛ den ama nnipa a wɔtete baabi a ɛhɔ sɛee no. Nanso, Yehowa Adansefo no mfɛfo a wofi ayamye mu boaa wɔn no adaworoma, wɔn ano aduan ammɔ wɔn. Asasewosow no akyi nnanu anaa nnansa no, asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ de ɛmo tuo brɛɛ wɔn. Ankyɛ na wɔn mfɛfo a wodwen wɔn ho no de nnuan a ɛwɔ nnaka mu bae. Wɔn mu pii kyerɛkyerɛw nsɛm bobɔɔ nnuan a ɛwɔ adaka mu no ho de kyerɛɛ atenka a wɔwɔ ma wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no. Wɔn a wɔn nsa kaa nnuan no kae sɛ wɔde “nkyene” guu aduan biara so bere a wɔkenkan nsɛm no na wɔtee nusu no.

Yehowa Adansefo ne afoforo a na wɔwɔ ahokyere mu kyɛɛ wɔn aduan. Ɛbae sɛ bere a Ɔdansefo bi ne ne yɔnko dwumayɛni bi a na ɔnyɛ Ɔdansefo te kar mu retu kwan no, na ɔredi n’awia aduan. Enti ɔne no kyɛɛ nnaka mu aduan a onyae no biako.

Ne yɔnko no bisaa no sɛ: “Ɛhe na wotɔɔ adaka mu aduan yi a wodi no awiabere yi?” Onua no kyerɛkyerɛɛ adwuma a Adansefo no reyɛ de wɔn ahiade ama wɔn no mu. Ɔbarima no de anisɔ kae sɛ: “Minyaa nhabamma dii akyɛ. Megya bi na mede akɔ fie akɔma m’abusua.”

Eyi sii ne mprɛnsa so no, Ɔdansefo no yɔnko no maa no yen 3,000 (bɛyɛ U.S. dɔla 35) na ɔkae sɛ: “Minim sɛnea mo adwuma no te, enti ma minnyi ntoboa mfa mmoa mo adwuma no. M’ani sɔ sɛ wo ne me akyɛ w’awia aduan no. Nokwarem no, wo nkurɔfo no nyinaa yɛ nnipa ankasa.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena