Nhyira Ne Nnome—Nhwɛso Ahorow Ma Yɛn Nnɛ
“Eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.”—1 KORINTOFO 10:11.
1. Sɛnea obi hwehwɛ adwinnade bi ho no, nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
NKANNARE a aduru a wɔde ka nneɛma ho akata so a wonhu betumi asɛe adwinnade bi a wɔde dade ayɛ. Ebetumi akyɛ kakra ansa na nkannare no ayi ne ho adi. Saa ara na nneyɛe ne akɔnnɔ a ɛwɔ obi komam betumi afi ase asɛe bere tenten ansa na eyi de ɔhaw ahorow a anibere wom aba anaasɛ afoforo mpo ahu. Sɛnea yebefi nyansam ahwehwɛ adwinnade bi ho ahwɛ sɛ ebia ɛrewe nkannare no, saa ara na yɛn koma mu a yɛbɛhwehwɛ no yiye na yɛasiesie wɔ bere a ɛfata mu no betumi ama yɛakɔ so akura yɛn Kristofo nokwaredi mu. Ɔkwan foforo so no, yebetumi anya Onyankopɔn nhyira na yɛakwati Onyankopɔn nnome. Ebia ebinom besusuw sɛ nhyira ne nnome a wɔka guu tete Israelfo so no mfa wɔn a wɔrehyia nneɛma nhyehyɛe yi awiei no ho. (Yosua 8:34, 35; Mateo 13:49, 50; 24:3) Nanso, ɛnte saa. Yebetumi anya mfaso kɛse afi nhwɛso ahorow a ɛyɛ kɔkɔbɔ a ɛfa Israel ho, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ 1 Korintofo ti 10 no mu.
2. Dɛn na 1 Korintofo 10:5, 6 ka wɔ osuahu ahorow a Israel nyae wɔ sare so no ho?
2 Ɔsomafo Paulo de Kristofo a wɔhyɛ Kristo ase no toto Israelfo a na wɔhyɛ Mose ase no ho. (1 Korintofo 10:1-4) Ɛwom sɛ na Israelfo no betumi adu Bɔhyɛ Asase no so de, nanso “wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ.” Enti Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Na wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no.” (1 Korintofo 10:5, 6; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛyɛ koma mu na akɔnnɔ ahorow nyin, enti ehia sɛ yetie Paulo nhwɛso a ɛyɛ kɔkɔbɔ a ɔka ho asɛm no.
Abosonsom Ho Kɔkɔbɔ
3. Ɔkwan bɛn so na Israelfo yɛɛ bɔne wɔ sika nantwi ba no ho?
3 Paulo kɔkɔbɔ a edi kan ne sɛ: “Nso monnyɛ abosonsomfo sɛ wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no traa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui.” (1 Korintofo 10:7; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Saa nhwɛso a ɛyɛ kɔkɔbɔ yi fa Israelfo a wɔsan kɔfaa Misrifo akwan so, na wɔyɛɛ sika nantwi ba honi no ho. (Exodus ti 32) Osuani Stefano kyerɛɛ ade titiriw a ɛde ɔhaw no bae: “Yɛn agyanom . . . ampɛ sɛ wotie [Onyankopɔn ananmusini, Mose], na wosum no kyenee, na wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim, na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn fi Misraim bae yi de, yennim nea ayɛ no. Ɛnna wɔyɛɛ nantwi ba nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho.” (Asomafo no Nnwuma 7:39-41) Hyɛ no nsow sɛ akɔnnɔ bɔne a na ɛwɔ Israelfo nnebɔneyɛfo no ‘koma mu’ no na ɛmaa wɔkɔsom abosom. “Wɔyɛɛ nantwi ba . . . na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no.” Afei nso, “wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho.” Wɔbɔɔ asanku too nnwom, sawee, didii, na wɔnomee. Ɛda adi sɛ na abosonsom no yɛ akɔnnɔ ne anigye.
4, 5. Abosonsom nneyɛe bɛn na ehia sɛ yɛkwati?
4 Ɛkame ayɛ sɛ Misraim nsusuwso—Satan wiase—no som anigyede. (1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 11:8) Wɔsom guasodeyɛfo, nnwontofo, ne agumadi mu akunini, ɛne wɔn asaw, wɔn nnwom, wɔn nsusuwii wɔ anigyede ho. Atwetwe nnipa pii ma wɔde wɔn ho ahyɛ anigyede mu fee bere a wɔda so ara kyerɛ sɛ wɔsom Yehowa. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Kristoni bi anim wɔ nnebɔne bi ho a, mpɛn pii na wotumi hu sɛ mmerɛw a wayɛ wɔ honhom fam no fi asanom, asaw, ne anigyede bi a ebia ɛbɛn abosonsom mu a ɔde ne ho hyɛe. (Exodus 32:5, 6, 17, 18) Anigyede bi ho tew na ɛyɛ anigye. Nanso, ɛnnɛ wiase nnwom, asaw, sini, ne video dodow no ara hyɛ honam akɔnnɔ bɔne ahorow ho nkuran.
5 Nokware Kristofo nnyae wɔn ho mu mma abosonsom. (2 Korintofo 6:16; 1 Yohane 5:21) Ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛhwɛ yiye na n’ani ammegye anigyede a ɛfa abosonsom ho ho, na ammɛyɛ ne su ma wamfa ne ho ankɔhyɛ wiase akwan so anigyede mu ma ampira no. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ wiase nkɛntɛnso mu a, akɔnnɔ ne nneyɛe a edi awu betumi de nkakrankakra ahyɛn adwene ne koma no mu a yɛrenhu. Sɛ wɔanteɛ no a, bere bi akyi no, eyinom betumi ama ‘wɔadwerɛw obi’ wɔ Satan nhyehyɛe yi “sare so.”
6. Ade pa bɛn na ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ wɔ anigyede ho?
6 Nokwarem no, sɛnea Mose yɛe wɔ sika nantwi ba asɛm no mu no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no reka sɛ: ‘Nea ɔwɔ Yehowa afã mmra me nkyɛn.’ Ade pa a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegyina nokware som afã pintinn no betumi agye yɛn nkwa. Mose abusua a ɛne Lewi no yɛɛ ade ntɛm so de yii aniwude ho nkɛntɛnso no fii hɔ. (Mateo 24:45-47; Exodus 32:26-28) Enti, afei, hwehwɛ anigyede, nnwom, video, ne nea ɛtete saa a wopaw no mu yiye. Sɛ ɛyɛ nea aporɔw wɔ ɔkwan bi so a, gyina Yehowa afã. Bere a wode wo ho to Nyankopɔn so wɔ mpaebɔ mu no, yɛ nsakrae wɔ anigyede ne nnwom a wopaw no mu, na sɛe nneɛma a edi awu wɔ honhom fam no, sɛnea Mose sɛee sika nantwi ba no.—Exodus 32:20; Deuteronomium 9:21.
7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban?
7 Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ako atia koma a ɛrewe nkannare no? Yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yɛde nsi besua, yɛama emu nokware ahorow no asian akɔ yɛn adwene ne yɛn komam so. (Romafo 12:1, 2) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow daa. (Hebrifo 10:24, 25) Yebetumi de asafo nhyiam a obi bɛkɔ no bi ne bi no atoto beae bi a awe nkannare a wɔka so aduru ho. Eyi betumi ama yɛahyerɛn bere tiaa bi, nanso enni ɔhaw titiriw no ho dwuma. Mmom no, yɛnam ahosiesie a yebedi kan ayɛ, nsɛm ho a yebesusuw, ne mmuae a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam horow ase so betumi de namyɛ ayi nkannare a ebia ɛhyehyɛ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu tɔnn no afi hɔ. Eyi bɛboa yɛn ma yɛatumi abata Onyankopɔn Asɛm ho, na ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano na ‘yɛayɛ pɛ ade nyinaa mu.’—Yakobo 1:3, 4; Mmebusɛm 15:28.
Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ
8-10. (a) Nhwɛso a ɛyɛ kɔkɔbɔ bɛn na wɔka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 10:8? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:27, 28 no adi dwuma ma mfaso aba so?
8 Wotu yɛn fo wɔ Paulo nhwɛso a edi hɔ no mu sɛ: “Nso mommma yɛmmmɔ aguaman sɛ wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no.”a (1 Korintofo 10:8) Ná ɔsomafo no reka bere a Israelfo no kotow atoro anyame na wɔne “Moab mmabaa bɔɔ aguaman” no ho asɛm. (Numeri 25:1-9) Nna mu ɔbrasɛe de owu asotwe ba! Sɛ́ yɛbɛma ɔbrasɛe ho adwene ne akɔnnɔ horow ahyɛ yɛn so no te sɛ nea yɛrema yɛn koma awe “nkannare.” Yesu kae sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”—Mateo 5:27, 28.
9 Ade a edi asiane a ɛwɔ ‘ɔbea a obi bɛhwɛ no ma ne kɔn adɔ no’ mu ho adanse ne nsusuwii a ɛnteɛ a abɔfo asoɔdenfo no nyae ansa na Noa nna no mu Nsuyiri no reba no. (Genesis 6:1, 2) Kae nso sɛ, ade a ɛde Ɔhene Dawid asetra mu awerɛhosɛm a ɛsen biara no biako bae ne hwɛ a ɔkɔɔ so hwɛɛ ɔbea bi wɔ ɔkwan a ɛmfata so no. (2 Samuel 11:1-4) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔbarima warefo treneeni Hiob ne ‘n’aniwa yɛɛ apam na wamfa n’ani ankari ɔbabaa,’ na ɔnam saayɛ so kwatii ɔbrasɛe daa ne ho adi sɛ ɔnokwafo. (Hiob 31:1-3, 6-11) Yebetumi de aniwa atoto koma mfɛnsere ho. Na ɛyɛ koma a asɛe mu na nneɛma bɔne pii fi ba.—Marko 7:20-23.
10 Sɛ yɛde Yesu nsɛm no di dwuma a, yɛremma nsusuwii bɔne kwan denam nguamansɛm ho mfonini a yɛbɛhwɛ anaasɛ ɔyɔnko Kristoni, odwumayɛni, anaa onipa foforo biara ho adwene a ɛnteɛ a yɛbɛkɔ so akura mu so. Wɔmprapra dade ho mporoporowa ngu kɛkɛ mfa nyi ho nkannare. Enti, mmu ɔbrasɛe ho adwenhorow ne nneyɛe adewa te sɛ nea ɛho nhia ahe biara. Yɛ ade anibere so fa yi ɔbrasɛe ho adwenhorow fi wo tirim. (Fa toto Mateo 5:29, 30 ho.) Paulo tu mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom. Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba.” Yiw, nneyɛe te sɛ nna mu ɔbrasɛe nti na “Onyankopɔn abufuw ba,” te sɛ ne nnome a oyi no adi no. Enti ehia sɛ ‘yekum’ yɛn akwaa wɔ saa nneɛma yi ho.—Kolosefo 3:5, 6.
Ɔkasatia Ahorow a Ɛkyerɛ Atuatew Ho Kɔkɔbɔ
11, 12. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na wɔde ma wɔ 1 Korintofo 10:9, na asɛm bɛn na wɔtwee adwene sii so? (b) Ɛsɛ sɛ yɛma Paulo kɔkɔbɔ no ka yɛn dɛn?
11 Nea edi hɔ no, Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Nso mommma yɛnnsɔ Awurade nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no.” (1 Korintofo 10:9) Bere a Israelfo no nam sare so akwantu mu na wɔbɛnee Edom hye so no, wɔkɔɔ so “kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Ɛdɛn nti na muyii yɛn fii Misraim sɛ yemmewuwu sare so? Aduan biara nni hɔ, a nsu nso nni hɔ, na aduan hunu yi,” mana a wɔnam anwonwakwan so de mae no “afono yɛn.” (Numeri 21:4, 5) Wo de susuw ho hwɛ! Saa Israelfo no “kasa tiaa Onyankopɔn,” kae sɛ ne nsiesiei ahorow yɛ ade hunu!
12 Israelfo no nam wɔn kasatia no so sɔɔ Yehowa boasetɔ hwɛe. Yehowa antwentwɛn wɔn asotwe ase, efisɛ ɔmaa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre baa wɔn mu, na awɔ no kekaa wɔn mu pii ma wowuwui. Bere a nkurɔfo no nuu wɔn ho na Mose srɛ maa wɔn no, ɔhaw no gyaee. (Numeri 21:6-9) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ asɛm yi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn na yɛantew atua, na ne titiriw no, yɛankasa antia Onyankopɔn ne ne teokrase nhyehyɛe ahorow.
Anwiinwii Ho Kɔkɔbɔ
13. Dɛn ho kɔkɔbɔ na 1 Korintofo 10:10 de ma, na atuatew bɛn na na ɛwɔ Paulo adwene mu?
13 Paulo reka ne nhwɛso a edi akyiri a ɛfa Israelfo a na wɔwɔ sare so ho no ho asɛm no, ɔkyerɛw sɛ: “Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no.” (1 Korintofo 10:10) Atuatew sɔree bere a Kora, Datan, Abiram, ne wɔn mfɛfo no anyɛ ade teokrase akwan so, na wɔsɔre tiaa Mose ne Aaron tumidi no. (Numeri 16:1-3) Bere a wɔsɛee asɔretiafo no akyi no, Israelfo no fii ase nwiinwii. Wɔyɛɛ saa efisɛ wofii ase tee nka sɛ ɛmfata sɛ wɔsɛee atuatewfo no. Numeri 16:41 ka sɛ: “N’adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum Awurade man.” Esiane sɛ wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔfaa so buu atɛntrenee saa bere no ho mfomso nti, asotwe a Onyankopɔn de baa wɔn so no kunkum Israelfo 14,700.—Numeri 16:49.
14, 15. (a) Bɔne ahorow a “amumɔyɛfo” a wowiawiaa wɔn ho baa asafo no mu yɛe no biako ne dɛn? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Koranom asɛm no mu?
14 Wɔ afeha a edi kan Y.B. no, “amumɔyɛfo” a wowiawiaa wɔn ho baa Kristofo asafo no mu no bɛyɛɛ atoro akyerɛkyerɛfo ne anwiinwiifo. Na saa mmarima yi yɛ wɔn a “wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo,” mmarima a wɔasra wɔn a saa bere no na wɔde asafo no honhom fam ɔhwɛ ahyɛ wɔn nsa no ho “asɛmmɔne.” Osuani Yuda ka faa amumɔyɛfo awaefo no ho nso sɛ: “Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔfo a hwee nsɔ wɔn ani, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi.” (Yuda 3, 4, 8, 16) Ɛnnɛ, ankorankoro bi bɛyɛ anwiinwiifo esiane sɛ wɔma honhom fam nneyɛe a ɛte sɛ nkannare ba wɔn koma mu nti. Mpɛn pii no wɔde wɔn adwene si wɔn a wɔde dwumadi ahyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no sintɔ ahorow so, na wofi ase nwiinwii tia wɔn. Ebia wɔn anwiinwii ne wɔn kasatia no bɛtrɛw akodu sɛ wɔbɛkasa atia “akoa nokwafo” no nhoma ahorow mpo.
15 Ɛyɛ ne kwan so sɛ wubefi nokwaredi mu abisa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ho nsɛm. Na sɛ ɛkɔba sɛ yebenya adwene a ɛnteɛ a ɛda adi wɔ yɛne yɛn nnamfo paa nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ ɔkasatia mu nso ɛ? Ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛhe na eyi betumi akowie? Ɛrenyɛ papa koraa sɛ yebegyae anwiinwii, na yɛafi ahobrɛase mu abɔ mpae de ahwehwɛ nyansa?’ (Yakobo 1:5-8; Yuda 17-21) Ebia na Kora ne n’akyitaafo a wɔsɔre tiaa Mose ne Aaron tumidi no gye di ankasa sɛ wɔn asɛm yɛ dɛ araa ma wɔanhwehwɛ wɔn nsusuwii no mu. Nanso, na wɔn asɛm nyɛ dɛ koraa. Saa ara na na Israelfo a wonwiinwii wɔ Kora ne atuatewfo foforo no sɛe ho no asɛm no nso te. Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛma nhwɛso a ɛtete saa yi akanyan yɛn ma yɛahwehwɛ adwene a yekura mu, na yɛagyae anwiinwii anaa ɔkasatia, na yɛama Yehowa ayiyi yɛn mu!—Dwom 17:1-3.
Sua Biribi, na Nya Nhyira Horow No
16. Aba bɛn na ɛwɔ afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 10:11, 12 no mu?
16 Bere a Onyankopɔn honhom kaa Paulo no, ɔde afotu yi wiee kɔkɔbɔ nsɛm a ɔbobɔɔ din no sɛ: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu. Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Korintofo 10:11, 12) Ɛmmra sɛ yɛremmu yɛn gyinabea wɔ Kristofo asafo no mu no adewa.
17. Sɛ yehu sɛ nsusuwii a ɛnteɛ bi wɔ yɛn komam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
17 Sɛnea dade tumi we nkannare no, saa ara na yɛn a yɛyɛ Adam ɔdebɔneyɛfo no asefo no anya nnebɔneyɛ su afi awo mu. (Genesis 8:21; Romafo 5:12) Enti, sɛ yehu sɛ nsusuwii bi a ɛnteɛ wɔ yɛn komam a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Mmom no, momma yɛnyɛ ho biribi ntɛm. Sɛ dade kɔda baabi a mframa a emu fɔw wɔ anaa baabi a nneɛma a ɛma biribi we nkannare wɔ a, ɛsɛe ntɛmntɛm. Ehia sɛ yɛtwe yɛn ho fi Satan wiase yi “mframa” a anigyede bɔne, ɔbrasɛe a abu so, ne adwemmɔne ahyɛ mu ma no mu.—Efesofo 2:1, 2, NW.
18. Dɛn na Yehowa ayɛ wɔ nsusuwii bɔne a adesamma wɔ no ho?
18 Yehowa ama adesamma biribi a yɛde bɛko atia nsusuwii bɔne a yenya fii awo mu no. Ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae na wɔn a wobegye no adi no anya daa nkwa. (Yohane 3:16) Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ, na yɛda su a ɛte sɛ Kristo de no adi a, yɛbɛyɛ nhyira ama afoforo. (1 Petro 2:21) Yɛn nso yebenya Onyankopɔn nhyira, na ɛnyɛ nnome.
19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso afi Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow ho a yebesusuw no mu?
19 Ɛwom sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso betumi ayɛ bɔne te sɛ tete Israelfo no ara pɛ de, nanso yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw awie no wɔ hɔ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan. Yesua sɛnea Yehowa ne adesamma di nsɛm ne ne su ahorow a Yesu, ‘Onyankopɔn haran ne ne su sɛso,’ no daa no adi no fi mu. (Hebrifo 1:1-3; Yohane 14:9, 10) Yɛnam mpaebɔ ne Kyerɛwnsɛm no a yɛde nsi besua so betumi anya “Kristo adwene.” (1 Korintofo 2:16) Sɛ yehyia ɔhaw ne yɛn gyidi ho sɔhwɛ foforo a, yebetumi anya mfaso wɔ tete Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow ne ne titiriw no, Yesu Kristo de a ɛkyɛn so no ho a yebesusuw mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrennya Onyankopɔn nnome. Mmom no, yebenya Yehowa anim dom nnɛ, ne ne nhyira daa.
[Ase hɔ asɛm]
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Paulo afotu a ese yɛmmmɛyɛ abosonsomfo no adi dwuma?
◻ Dɛn na yebetumi ayɛ de adi ɔsomafo no kɔkɔbɔ a ɛfa aguamammɔ ho no so?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati anwiinwii ne ɔkasatia?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Onyankopɔn nhyira mmom sen nnome?
[Kratafa 18 mfonini]
Sɛ yɛpɛ Onyankopɔn nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛkwati abosonsom
[Kratafa 20 mfonini]
Sɛnea ehia sɛ yeyi nkannare fi hɔ no, momma yɛnyɛ ade pa nyi akɔnnɔ horow a ɛnteɛ mfi yɛn koma mu