Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/15 kr. 23-28
  • Adansefo De Kɔpem Asase Ano Nohoa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adansefo De Kɔpem Asase Ano Nohoa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • ‘Bere Bɛn na Yebetumi Akɔ Thule?’
  • Yɛrekɔ Thule
  • Dwumadi a Ɛyɛ Hu
  • Sɛnea Wogyee Yɛn
  • Yewiee Akwantu No
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/15 kr. 23-28

Adansefo De Kɔpem Asase Ano Nohoa

ETAH

THULE

GODHAVN

GODTHÅB

JULIANEHÅB

ANGMAGSSALIK

THULE yɛ edin bi fã a wɔde adi dwuma fi teteete de akyerɛ botae bi awiei, sɛ ɛyɛ asase so beae bi anaa baabi foforo. Ɛnnɛ, Thule yɛ akuraa bi a ɛwɔ Greenland, supɔw a ɛso sen biara wɔ wiase no kusuu fam akyiri baabi din. Bere a Denmarkni a otu kwan hwehwɛ nkurow so, Knud Rasmussen de hɔ dii dwuma sɛ asoɛe bere a ɔkɔhwehwɛɛ asase atifi no, na ɔtoo hɔ din saa wɔ 1910 mu. Seesei mpo, Thule kɔ yɛ akwantu a ekura atirimpɔw sen nsrahwɛ a ɛyɛ anigye ara kwa.

Ɛho da so ara hia denneennen sɛ wɔkɔhwehwɛ Thule. Ɔpɛ a Yehowa Adansefo wɔ sɛ wobedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ: ‘Monyɛ m’adansefo nkɔpem asase ano nohoa,’ so no nti, wɔde Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akɔ nnipa atrae a ɛwɔ kusuu fam tɔnn no biako yi so.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Mateo 24:14.

‘Bere Bɛn na Yebetumi Akɔ Thule?’

Wɔ 1955 mu no, Denmarkfo Adansefo baanu a wɔpɛe sɛ wonya kyɛfa wɔ asɛm a wɔbɛka “de akɔpem asase ano nohoa” mu no, duu Greenland. Afoforo bae akyiri yi, na nkakrankakra wɔn asɛnka no trɛw faa kesee fam ne atɔe fam mpoano kosii Melville Bay de foro kɔɔ apuei fam mpoano fã bi. Nanso wɔnam krataa anaa telefon nkutoo so na etumi duu mmeae a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ Thule.

Da bi, wɔ 1991 mu no, na bere nyinaa asomfo baanu, Bo ne ne yere Helen gyina ɔbotan bi so rehwɛ Melville Bay. Bere a wɔrehwɛ kusuu fam no, wosusuwii sɛ ‘Bere bɛn na yebetumi akɔ Thule de Ahenni asɛmpa no akɔma nnipa a wɔwɔ hɔ no?’

Wɔ 1993 mu no, Werner, bere nyinaa somfo foforo bɔɔ mmɔden sɛ ɔde n’ahyɛmma Qaamaneq (Hann) a ne tenten yɛ mita 5.5 no betwa Melville Bay. Ná wadi kan de hyɛn no atwa kwan kilomita 1,200 fi Godthåb akosi Upernavik mpɔtam hɔ dedaw. Nanso Melville Bay—Arctic asukɛse a ne trɛw yɛ kilomita 400 no—twa yɛ asɛm foforo. Mpɛn pii wɔ afe no mu no, asukyenee siw ɛpo faka no kwan. Werner tumi twaa ɛpo faka no ɛmfa ho sɛ n’ahyɛmma no engine biako gyaee adwumayɛ esiane asukyenee no nti no. Na otumi yɛɛ asɛnka adwuma kakra ansa na ɔresan n’akyi.

Yɛrekɔ Thule

Saa akwantu no akyi no, Werner fii ase yɛɛ nhyehyɛe foforo. Ɔne Arne ne Karin—a na wɔn nso wɔwɔ ahyɛmma a ne tenten yɛ mita 7 a dabere anan wom na ne nyinaa akyi no, ɛwɔ nnɛyi nnwinnade a wɔde kyerɛ ahyɛmma kwan wɔ po so no—kaa akwantu a wɔbɛbom atu akɔ Thule ho asɛm. Ná wobenya dabere wɔ ahyɛmma no mu, na bere a wɔde ahyɛmma abien rebom atu kwan no, na Melville Bay twa renyɛ hu pii. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi kurow a emu nnipa yɛ 600 ne nkuraa asia a ɛwɔ mpɔtam hɔ no adanse no, na wohia mmoa pii. Enti wɔtoo nsa frɛɛ Bo ne Helen ne Jørgen ne Inge—a wɔn nyinaa yɛ asomfo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ ɔman yi mu akwantu ho suahu—sɛ wɔmmɛka wɔn ho ne wɔn nkɔ. Kuw yi mufo baanum nso ka Greenland kasa.

Wodii kan de Bible ho nhoma ahorow menae. Wɔde nhoma ahorow, ne nneɛma a ɛho behia wɔn te sɛ aduan ne nsu, pɛtro, engine a sɛ nea ɛhyɛ ahyɛmma no mu sɛe a wɔde bɛhyɛ ananmu, ne ahyɛmma nketewa a wɔde rɔba ayɛ, guu ahyɛmma no mu. Afei wɔ August 5, 1994 mu, bere a wɔde asram pii aboaboa wɔn ho awie no, kuw no boaa wɔn ho ano na na wɔahyehyɛ ahyɛmma abien no nyinaa mu nneɛma ma ayɛ krado wɔ Ilulissat hyɛn gyinabea hɔ. Wofii kusuu fam akwantu no ase. Werner, Bo, ne Helen de ahyɛmma abien no mu nea esua no na etuu kwan no. Bo kyerɛw sɛ: “Nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wobɛtra ase anaa wobɛda wo dabere na wukura biribi mu.” Momma yenni po so hyɛn akwantu ho kyerɛwtohɔ no akyi.

“Ná ɛpo a ayɛ komm no trɛw kɔ akyirikyiri. Yɛkɔɔ so huu afɛfɛde akɛse—ɛpo a ani di adaneadane, ɛbɔ kusuu, owia a ɛhyerɛn ne wim a ɛyɛ bruu, asukyenee a ne kɔla yɛ fɛ a egu ahorow, sukraman bi a ne kɔla yɛ nnodowee a ɔreto awia wɔ asukyenee a ɛtɛn ɛpo ani no so, mpoano mmepɔw a ɛho biri ne asasetaw nketewa—nneɛma ahorow ahorow a enni ano.

“Nokwarem no, ɔfã a ɛyɛ anigye sen biara ne, nkuraa a ɛwɔ kwan ho a na yɛkɔsra hɔ no. Ná nkurɔfo, titiriw mmofra, taa sian ba nnyinaso no so bere nyinaa bɛhwɛ ahɔho ko a aba bɛma wɔn akwaaba. Yɛkyekyɛɛ Bible ho nhoma na yɛde ahyehyɛde no ho video fɛmee wɔn. Nnipa pii tumi hwɛe ansa na yɛrefi hɔ. Wɔ South Upernavik no, nnipa pii de hyɛn behyiaa yɛn ahyɛmma no mpo ansa na yɛredu hɔ. Enti anwummere mũ no nyinaa na ahɔho wɔ yɛn hyɛn no mu, na yɛmaa Bible nsɛmmisa pii ho mmuae.”

Afei bere a yetwaa kilomita 700 a edi kan wɔ akwantu no mu wiei no, na nhyɛmma abien no ayɛ krado sɛ ebetwa Melville Bay.

Dwumadi a Ɛyɛ Hu

“Yebuu eyi sɛ akwantu no fã a ɛyɛ hu sen biara. Na na ɛsɛ sɛ yetwa prɛko pɛ a yennyina, efisɛ na asukyenee da so ara asiw Savissivik akuraa (beae a asasesin no hyɛ ase a anka yebetumi anya asoɛe) no kwan.

“Enti yesii mu. Esiane sɛ na asukyenee pii wɔ hɔ nti, yɛkɔɔ yɛn anim kakra wɔ po tɛtrɛtɛ no so. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, na ɛpo no ayɛ komm. Biribiara ansi nnɔnhwerew a edi kan no mu—yetwaa po so kwan akwansin pii. Eduu anwummere no, yehuu Cape York na yɛde brɛoo danee yɛn ani kyerɛɛ kusuu fam, bɛnee asase. Afei yehuu asukyenee bio—asukyenee dedaw a ɛtɛn ɛpo ani a ɛyɛ den a ɛreporepore wɔ akyirikyiri. Yɛfaa asukyenee no ano ano kɔɔ akyiri, a ɛtɔ mmere bi a yɛfa akwan hiahia a ɛdeda ntam no mu. Ná ɛbɔ kumɔnn a ɛte sɛ nsu a amuna, na owia a ɛrekɔtɔ hann ama ayɛ fɛ yiye no nso wɔ hɔ. Ɛne asorɔkye nso! Ɛbɔ, asorɔkye ne asukyenee nyinaa a esi wɔ bere koro mu—eyinom mu biara nna fam.”

Sɛnea Wogyee Yɛn

“Bere a yɛbɛnee Pituffik no, yeduu beae bi a nsu no ayɛ komm. Abɔde a atwa yɛn ho ahyia maa yɛn akwaaba kɛse: owia a ɛwɔ soro a ayɛ bruu; yɛn anim nso, nsuka a apete ne mmepɔw a asukyenee wowɔ atifi; na Dundas ɔbotan no wɔ anim nohoa—Thule amanfo so!” Bɛyɛ kilomita 100 de rekɔ kusuu fam nohoa no, akwantufo no duu beae a wɔrekɔ hɔ afei.

Afei na wɔn ho pere wɔn sɛ wobefi afie afie asɛnka ase. Wɔpamoo wɔn mu baanu wɔ fie a edi kan a wɔkɔɔ mu no mu. Wɔkae sɛ: “Wɔpamoo yɛn te sɛ nea yɛwɔ Denmark ara pɛ. Nanso wɔn mu dodow no ara gyee yɛn fɛw so. Ná nkurɔfo no ho dwo, na na wɔwɔ nimdeɛ nso. Ebinom kae sɛ na wɔate yɛn nkã, na na wɔn ani agye sɛ afei yɛaba. Yehyiaa nkurɔfo a wɔn ho yɛ anika pii, te sɛ wɔn a wokum sukraman a wɔrebɛhwehwɛ bi wɔ North Pole hɔ, ne ɛhɔfo a wɔn ani gye wɔn tebea a wɔwom ho, na wɔmmɔ ka pii, a ɛte sɛ nea wonni nnɛyi anibue ho adwempa biara no.”

Yɛn nyinaa nyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii nna kakra a edi hɔ no. Wɔde anisɔ kɛse gyee Bible ho nhoma wɔ baabiara. Adansefo no fii Bible adesua ase amonom hɔ ara wɔ afie pii mu. Inge ka fie bi a onyaa onigyefo wom ho asɛm sɛ: “Ná ɛyɛ fie a ɔdan no yɛ biako a ɛhɔ tew na emu yɛ ahomeka. Yɛkɔɔ hɔ toatoa so nnansa, na yɛkɔsraa ɔbarima a ɔte hɔ no, na yɛn ani gyee ne ho yiye. Ná ɔyɛ obi a waben wɔ sukraman ahayɔ mu yiye a ne korow si n’aboboano. Ná wakum asisi, sukraman akɛse, ne nketewa nyinaa. Wɔ yɛn nsrahwɛ a edi akyiri mu no, yɛne no bɔɔ mpae, na n’ani taataa nusu. Afei na ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ Yehowa nsa, na yɛhwɛ kwan sɛ bere a hokwan bɛba bio no yɛbɛsan aba hɔ.”

Canada Eskimofo taa kɔsrasra Thule. Inge bɔ amanneɛ sɛ: “Me ne Helen hyiaa Eskimofo pii a wofi Canada. Ɛyɛ anigye sɛ wotumi ne Greenlandfo no kasa; ɛte sɛ nea nnipa a wɔwɔ Artic mpɔtam hɔ no kasa di nsɛ. Ɛwom sɛ Canada Eskimofo no wɔ wɔn ankasa kasa a wɔakyerɛw de, nanso wotumi kenkan yɛn nhoma a yɛakyerɛw no wɔ Greenlandfo kasa mu no. Ebia eyi bebue hokwan ahorow a ɛyɛ anigye ama wɔn.”

Yɛde nhyɛmma kɔsrasraa nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri kilomita 50-60 no nso. “Bere a yɛrekɔ Qeqertat akuraa no, yɛfaa mpoano pɛɛ, a na yɛhwɛ kwan sɛ yebehu nkurɔfo a wɔreyɛ ha hwehwɛ bonsu no. Sɛnea yesusuwii ara pɛ no, yehuu ɔsese bi a mmusua a wɔn dodow bɛyɛ baasa anaa baanan a wɔhyehyɛ ntade a wɔde aboa nhwi fukufuku ayɛ, ne wɔn ntamadan ne akorow wɔ hɔ. Bere a wɔn peaw kurakura wɔn nsam no, mmarima no di nsesa tra ɔbotan so tɛw abonsu a wɔhwehwɛ wɔn no denneennen. Bere a na wɔatwɛn nna pii a wonnyaa bi no, anyɛ wɔn dɛ koraa sɛ wohuu yɛn, esiane sɛ ebia yɛbɛma bonsu no aguan! Na ɛte sɛ nea na wɔn adwuma no agye wɔn adwene koraa. Mmea no gyee nhoma no bi nanso na ɛnyɛ bere pa mma nkɔmmɔbɔ foforo biara. Awiei koraa no, yeduu Qeqertat anadwo nnɔn 11, na yewiee ofie a etwa to wɔ akuraa no ase mu adwumayɛ anɔpa nnɔn 2!”

“Awiei koraa no, yeduu Siorapaluk, akuraa a etwa to koraa wɔ Greenland kusuu fam no. Ɛwɔ mpoano bi a anhwea dɔɔso wɔ hɔ a ɛwɔ abotan bi a sare afuw so a esi asasenini bi so ase.” Ná Adansefo no adu asase ano nohoa, anyɛ yiye koraa no wɔ kusuu fam, wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu.

Yewiee Akwantu No

Adansefo no awie wɔn adwuma no. Wɔaka asɛm no wɔ afie afie ne ntamadan mu, wɔama nhoma, wɔama wɔakra nsɛmma nhoma, wɔayi video akyerɛ, wɔakasa akyerɛ Greenlandfo pii, na wɔayɛ Bible adesua horow. Afei bere aso sɛ wɔkɔ fie. “Bere a yɛtraa yɛn ahyɛmma nketewa no mu de yɛn ani kyerɛɛ Moriusaq akuraa no, nnipa kakra baa mpoano hɔ de nhoma anaa nhomawa a wogyee no nyam yɛn de gyaa yɛn kwan.”

Akyiri yi, wɔ mpoano baabi a obiara nni hɔ no, Adansefo no ho dwiriw wɔn sɛ wohuu ɔbarima bi a ogyina ɔbotan bi so renyam wɔn—wɔ beae bi a atew ne ho koraa! “Sɛnea ɛte no, yɛkɔɔ mpoano kohyiaa no. Ná ɔyɛ aberante bi a ofi Berlin, Germany, a na ɔde ɔkorow retu kwan po so, na na wadi ɔsram biako wɔ kwan mu. Ná Yehowa Adansefo taa ba ne nkyɛn wɔ Germany, na na ɔwɔ wɔn nhoma pii. Yedii bɛyɛ nnɔnhwerew abien bi wɔ ne nkyɛn, na n’ani gyee yiye sɛ ohyiaa Adansefo wɔ beae a ɛte saa.”

Wɔ Savissivik, akuraa bi a yesian ho bere a na yɛrekɔ no, wogyee asomfo akwantufo yi atuu fɛw so. Ná wɔn a wɔwɔ hɔ no agye nhoma afe a etwaam no mu, na wɔhwehwɛɛ honhom fam aduan pii akyi kwan.

Egyee yɛn nnɔnhwerew 14 na yɛde twaa Melville Bay kwan no, bere a yɛresan aba no. “Yehuu owiatɔe a ɛwɔ atifi fam ha no, egye nnɔnhwerew pii, na ne kɔla kɔ so sakra ma ɛyɛ nwonwa. Owiapue a edi akyi ntɛm ara no nso gyee bere tenten. Bere a owiatɔe a ne kɔla atu apete wim te sɛ papa wɔ kusuu fam no, na owia apue kakraa bi wɔ kesee fam. Ɛyɛ ade a wontumi nkyerɛkyerɛ mu—anaa wontumi ntwa no mfonini—yiye ankasa.” Anadwo mũ no nyinaa nhyɛmma no mufo nyinaa anna.

“Bere a yeduu Kullorsuaq no, na yɛabrɛ yiye. Nanso na yɛn ani agye ma yɛn koma atɔ yɛn yam. Yɛawie akwantu no nkonim mu! Akwantu no fã foforo a aka no, yenyaa anigyefo pii wɔ nkurow ne nkuraa a ɛwowɔ mpoano hɔ no mu. Ná wɔtaa tĩ asɛmmisa yi mu, ‘Dɛn nti na mo mu bi ntumi ne yɛn mmɛtra? Yɛn werɛ ahow sɛ mugyaw yɛn ntɛm saa!’”

Wɔ Qaarsut no, abusua bi a wɔpɛ nnipa asɛm too nsa frɛɛ ahɔho no mu baanum sɛ wɔne wɔn mmedidi. “Abusua no pɛe sɛ anka yɛda ma ade kye. Nanso esiane sɛ na yebenya beae pa abɔ sɛkyɛ wɔ yɛn anim kilomita 40 nti no, yɛpowee, na yɛtoaa yɛn akwantu no so. Akyiri yi yɛtee sɛ ade kyee anɔpatutuutu no, asukyenee kɛse bi besii kwan ma asorɔkye butuw nhyɛmma nketewa 14 wɔ beae a na yɛwɔ no!”

Awiei koraa no, kuw no san beduu Ilulissat, bere a na wɔawie kwan a wotu kɔhwehwɛɛ Thule no. Bɛyɛ saa bere koro no ara mu no, na adawurubɔfo baanu atu kwan kɔ mmeae a atew ne ho hɔ wɔ apuei fam wɔ Greenland mpoano. Wɔ akwantu baanu yi nyinaa mu no, adawurubɔfo no kyekyɛɛ nhoma a ne dodow si 1,200, nhomawa 2,199 ne nsɛmma nhoma 4,224, na wɔmaa wɔkraa nsɛmma nhoma 152. Seesei, wɔnam telefon ne nkrataakyerɛw so ne anigyefo foforo no di nkitaho.

Ɛmfa ho bere, ahoɔden ne sika a egye no, Yehowa Adansefo nya anigye kɛse wɔ wɔn Wura no ahyɛde a ɛne sɛ ‘monyɛ m’adansefo . . . nkɔpem asase ano nohoa’ a wodi so no mu.—Asomafo no Nnwuma 1:8.

[Kratafa 28 adaka]

Wɔ Greenland Apuei Fam Mpoano

BƐYƐ bere koro no ara a adawurubɔfo kuw no duu Thule no, Adansefo awarefo, Viggo ne Sonja, tuu kwan kɔɔ asasesin a wɔnyɛɛ mu adwuma foforo bi—Ittoqqortoormiit (Scoresbysund) wɔ Greenland apuei fam mpoano. Ansa na wobedu hɔ no, na ɛsɛ sɛ wotu kwan kɔ Iceland, san fa wimhyɛn ba Constable Point wɔ Greenland mpoano, na afei wɔde helikopta kɔ.

Adansefo baanu a wɔka Greenland kasa yi ka sɛ: “Na eyi ne bere a edi kan a Yehowa Adansefo aba ha. Ɛmfa ho sɛ na wɔatew wɔn ho no, na ɛyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo no wɔ nimdeɛ yiye. Nanso na wɔn ani da so ara gye ho sɛ wobesua nneɛma foforo. Sɛ nkurɔfo a wonim anansesɛm to no, wofi wɔn pɛ mu kaa sɛnea wɔyɛ ha pɛ sukraman ne abɔde mu nneɛma ho suahu pii kyerɛɛ yɛn.” Wogyee asɛnka adwuma no so dɛn?

“Bere a yɛreka asɛm wɔ afie afie no, yehyiaa J——, a ɔyɛ ɔsɔfo. ɔkae sɛ: ‘Meda mo ase sɛ mode me kaa wɔn a moresra wɔn no ho.’ Yɛde yɛn nhoma kyerɛɛ no na yɛkyerɛɛ no sɛnea yɛde di dwuma. Da a edi hɔ no, ɔbaa yɛn nkyɛn a na ɔpɛ sɛ osua pii fa edin Yehowa no ho. Yɛde nkyerɛkyerɛmu bi a ɛwɔ n’ankasa Greenland kasa mu Bible ase hɔ asɛm mu no kyerɛɛ no. Bere a yɛkɔe no, ɔne yɛn nnamfo a wɔwɔ Nuuk kasae wɔ telefon so daa wɔn ase wɔ yɛn nsrahwɛ no ho. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ so boa ɔbarima yi.

“Yehyiaa O——, ɔkyerɛkyerɛfo bi a na onim Yehowa Adansefo ho nsɛm nso. Ɔmaa yɛn nnɔnhwerew abien sɛ yɛne ne sukuu mmofra a wɔadi fi mfe 14 kosi 16 no nkasa. Enti yeyii yɛn video no kyerɛɛ wɔn na yɛmaa wɔn nsɛmmisa ho mmuae. Wɔde ahopere gyee Questions Young People Ask—Answers That Worka ne nhoma afoforo no. Akyiri yi yehyiaa mmeawa no mu baasa. Ná wɔwɔ nsɛmmisa pii, wɔn mu biako kyerɛɛ anigye kɛse. Obisae sɛ, ‘Ɛyɛ dɛn na obi bɛyɛ Ɔdansefo? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ obi bɛyɛ te sɛ mo. Me papa nso wɔ mo afã.’ Yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛkyerɛw no.

“Wɔ akuraa no mu biako ase no, yehyiaa ɔsɔfo foforo, M——, na yɛne no bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Ɔkae sɛ ɔbɛhwɛ sɛ sɛ wɔn a wɔkɔ ahayɔ no nyinaa ba pɛ a wɔn nsa bɛka yɛn nhoma no bi. Enti seesei, ɔno ne yɛn ‘dawurubɔfo’ wɔ saa beae a atew ne ho hɔ.”

Ɛwom sɛ na ɛyɛ akwantu a wotwaa wɔn ho besii wɔn ananmu na ɛyɛ den de, nanso akwampaefo no tee nka sɛ wonyaa wɔn mmɔdenbɔ no so akatua pa.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena